Efi Kuropɔn Mu Adan Atenten So Kosi Sare So Asasetaw So—Monkɔ Nkurɔfo Nkyɛn
OSU anaa sukyerɛmma anaa amparuwbo anaa mpataku anaa bepɔw so agyata, anaa kuromafo sɔretia mu biara antumi ansɛe wɔn bo a wosii no. Ná wɔtra apɔnkɔ so de ahoɔhare soronko twa kilomita 3,000 fa sare so, twa nsubɔnten a ne hweam ano yɛ den, na wɔfa abon a emu yɛ donkudonku mu de amanade a egye ntɛmpɛ kɔ Atɔe fam Mpoano. Henanom ne saafo no?
Ɛyɛ apɔnkɔsotefo nkumaa a na wɔkyekyɛ nkurɔfo amanade ntɛmntɛm a na wɔn bo yɛ duru no.a Dɛn na ɛkanyan nsiyɛ a ɛte saa wɔ mmerante yi mu? Gyama akokoduru a na egye, abaninsɛm a na ɛwom, ne abotɔyam a ɛyɛ sɛ wɔde amanade no bɛkɔ nea ɛrekɔ no ntia. Anikasɛm a na ɛwom ne sɛ, na ɔpɔnkɔsotefo biara de Bible hyɛ ne bɔtɔwa a amanade a egye ntɛmpɛ wom no mu.
Bɛboro afeha biako akyi no, Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ ahofama bɛboro 113,000 a wɔwɔ Canada no ada nsiyɛ, nnamyɛ, ne ahofama a ɛsen saa adi. Dɛn na ɛkanyan wɔn? Ɔdɔ a wɔwɔ ma Nyankopɔn ne wɔn yɔnko na ɛka wɔn ma wɔde Ahenni nokware a wɔatintim ne nea wɔde ano ka kyerɛ kɔma nkurɔfo. Nokware a ɛma nkwa yi gye ntɛmpɛ sen amanade biara a apɔnkɔsotefo no de kɔmae. Yiw, ɛyɛ Ahenni asɛm a ɛsom bo a ɛwɔ Kyerɛw Kronkron Bible, nhoma a na ɛwɔ apɔnkɔsotefo a na wɔde amanade kɔma nkurɔfo no mmɔtɔwa mu no.—Mmebusɛm 2:21, 22; Yesaia 2:2-4; 61:2; Mateo 22:37-39; 24:14.
Yehowa ne Nnipa Ho Dɔ na Ɛkanyan Wɔn
Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Wubehu wɔn sɛ wɔreyɛ saa wɔ nkuropɔn mu adan atenten mu, sare so nkuraa a atew ne ho, wimhyɛn gyinabea ahorow, mmɔnten so ne mmeae foforo a nnipa wɔ, ɛne telefon so. Adɛn nti na wɔyɛ saa wɔ mmeaemmeae saa?
Nnipa asetra a sikasɛm ne nnipa dodow ama ɛresesa no ma ɛyɛ den yiye sɛ wɔbɛto nnipa wɔ fie. Mpɛn pii no, okunu ne ɔyere nyinaa yɛ adwuma de di abusua no honam fam ahiade atitiriw ho dwuma, na ɛma wɔtaa bu wɔn ani gu honhom fam ahiade so. Wɔ nhyɛso ne ahohia a ɛte saa mu no, wohia awerɛkyekyesɛm a ɛma akomatɔyam denneennen. Yehowa Adansefo de anigye boa. Bere a wɔde anifere ne ayamye di dwuma no, wobue hokwan no de ka asɛmpa no kyerɛ nnipa horow nyinaa wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye na ɛkanyan adwene so.—1 Timoteo 2:3, 4.
Kasa Afoforo Mu: Bere a Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ ‘wɔnkɔyɛ asuafo’ no, ɔmaa wɔn hokwan a wobetumi de afi wɔn pɛ mu ayɛ ade na wɔasi nketekrakye de awerɛkyekyesɛm no akɔma nnipa a wɔka kasa horow nyinaa. (Mateo 28:19) Sɛnea ɛte wɔ nsase pii so no, Canada abɛyɛ ɔman a aman pii mufo adi afra wom, na Ahenni adawurubɔfo pii ayɛ nsakrae ma ɛne tebea no ahyia denam kasa afoforo a wɔasua so.
Sɛ nhwɛso no, awarefo bi a wɔyɛ bere nyinaa asomfo wɔ Edmonton, Alberta, huu hia a ɛho hia sɛ wɔkasa kyerɛ nnipa a wɔka China Mandarin kasa. Nanso mfiase no, na ɛsɛ sɛ awarefo no sua kasa no, enti wokohuu sukuupɔn mu suani bi a na ɔka Mandarin kasa. Ɔpenee so sɛ ɔbɛkyerɛ wɔn kasa no na bere koro no ara wasua Bible mu nokware afi wɔn hɔ. Tebea a ɛfata bɛn ara ni! Wɔ asram 24 ntam no, Ahenni adawurubɔfo baanu a wɔwɔ ahofama yi bɛfatae sɛ wɔde Mandarin kyerɛkyerɛ. Bere koro no ara nso, na wɔn kyerɛkyerɛfo a ɔsan yɛ wɔn suani no afata ama wɔabɔ no asu sɛ Kristoni.
Nsɛm a ɛtete saa resisi wɔ nkurow foforo mu bere a Ahenni adawurubɔfo a ɔdɔ kanyan wɔn no sua kasa horow te sɛ Poland, Russia, ne Vietnam de no.
Ɔkwan Mu: Te sɛ apɔnkɔsotefo a na wɔkyekyɛ amanade ntɛmntɛm wɔ afeha a etwaam no mu, a na wɔn mu biara nkutoo na ɔkɔ ne kwan no, Ahenni adawurubɔfo binom a wɔwɔ British Columbia mmeae a ɛwɔ akyirikyiri no yɛ kwantekorofo. Wɔde wɔn bere fã kɛse yɛ wɔn honam fam adwuma a ɛne sɛ wɔde lɔre akɛse kɔfa nnua de fa wuram kwan mu wɔ nkuraase de kɔ nnwinnan a wɔyɛ ho adwuma mu no. Eyi hwehwɛ sɛ wɔtaa ne afoforo a wɔn nso wokura lɔre no di nkitaho wɔ CB (adwumayɛfo ntam nkitahodi) radio so, na wodi nkitaho wɔ baabi a ɛsɛ sɛ lɔre ahorow fa, ne kar kwan mu asiane ahorow ho.
Saa Ahenni adawurubɔfo yi fa nyansa kwan so de wɔn CB radio ahorow no di dwuma ɔkwan soronko so. Wofi nkɔmmɔbɔ ahorow ase wɔ CB no so denam nsɛm a ɛresisi a wɔka ho asɛm no so. Afei wɔfa anifere kwan so dan adwene kɔ Bible no so. Bere bi, obi a ɔno nso kura lɔre kyerɛɛ anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo no ho asɛm a Bible ka no ho anigye. (Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15) Wu a ne yɔnko a ɔno nso ka lɔre wui wɔ kar akwanhyia mu no haw no paa. Ɔde anisɔ penee Bible adesua so, na seesei wɔte ne nka sɛ ɔka asɛmpa no kyerɛ ne mfɛfo adwumayɛfo ne ne nnamfo. Nea ɛmaa n’anigye yɛɛ kɛse ne sɛ, wɔne n’adamfo a waka baabi no yere fii Bible adesua ase. Hwɛ nhyira ara a ayɛ sɛ obi fi ne pɛ mu kaa nokware a ɛma nkwa no wɔ ɔkwan soronko yi so!
Denam Wimhyɛn So: Sɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔyɛ nsi reka nokwasɛm a ɛsom bo no akyerɛ a, wɔkɔ baabi a nnipa wɔ, de wimhyɛn nketewa ‘hyɛn nkuraase.’ (Mateo 10:11, 12) Ɛnkyɛe pii na nsiyɛ kaa ebinom ma wɔbɔɔ wɔn ankasa ho ka de wimhyɛn abien kɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipa a wɔahwete wɔ sare so asasetaw a ɛtrɛw no so no. Wimhyɛn no mu biara twaa bɛyɛ kilomita 3,000, gyinaa mmeae ahorow 14, na ɛkaa kilomita 250 sɛ woduu Arctic Circle hɔ. Saa adawurubɔfo a wɔyɛ nnam yi de nnawɔtwe biako kɔɔ so hwehwɛɛ nkurɔfo a wɔne afoforo ntam kwan ware kɛse no.
Na so na eyi nyinaa ho hia? Wo de susuw nkɛntɛnso pa a Bible mu asɛm no nyae wɔ saa nkurɔfo yi so no ho hwɛ. Asomfo a wɔkɔɔ hɔ no dii honhom fam ahiade titiriw bi ho dwuma bere a wɔkaa paradise asase a Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔde bɛba nnansa yi ara ho asɛm no. (Mateo 5:3) Asɛnkafo no kɔe akyi bere tenten no, na ɛhɔfo no betumi akenkan Bible ne Bible adesua nhoma ahorow 542, ne nsɛmma nhoma 3,000 a wogyaw maa wɔn no.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 12:24 ho.
Denam Telefon So: Kuropɔn mufo mpempem pii tete adan atenten a wɔabɔ ho ban denneennen mu. Wɔ saa tebea no mpo mu no, Ahenni adawurubɔfo a wɔahyira wɔn ho so no de nsiyɛ ne anifere di dwuma. Wɔyɛ dɛn tumi kɔ baabi a saafo yi wɔ no? Ɛwom sɛ sɛ wonya nipa no ne no kasa anim ne anim a na wɔpɛ de, nanso mpɛn pii no wɔde akasam a ɛwɔ fie no abɔnten no di dwuma ma ɛsow aba. Sɛ eyi antumi anyɛ yiye a, wɔde wɔn nsateaa na ɛyɛ adwuma frɛ nkurɔfo wɔ telefon so.
Anɔpa bi, obi frɛɛ ɔbea panyin bi wɔ telefon so. Bere a nea ɔfrɛɛ no no de obu kyiaa no tiawa no, obisaa no sɛ ɔte nka sɛ bere bi bɛba a nnipa betumi anantew abɔnten anadwo a wonsuro anaa. Ɔkenkan Kyerɛwnsɛm de maa no awerɛhyem sɛ asomdwoe bebu so daakye. (Dwom 37:10, 11; Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10) Ɔpenee so sɛ ɔmfrɛ no wɔ telefon so bere koro no ara dapɛn a edi hɔ, na wɔmmɔ nea enti a yebetumi agye Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow adi ho nkɔmmɔ. Bere a Ahenni dawurubɔfo no de ɔsram biako ne no suaa Bible wɔ telefon so, kenkan Bible adesua nhoma mu nkyekyem kyerɛ no, bisabisa no nsɛm a ɛfata no, ɔbea no kamfoo no wɔ nsɛm foforo pii a na ɔkyerɛkyerɛ no dapɛn biara no ho. Afei ɔkaa adesua nhoma no ho asɛm kyerɛɛ no hyɛɛ no nyansa sɛ n’ankasa nnye bi. Ɛno akyi no, wɔn baanu yɛɛ nhyehyɛe sɛ wobehyiam. Nokwarem no, Yehowa Adansefo ada no adi sɛ wɔwɔ ɔdɔ ma nkurɔfo, na nkurɔfo rekyerɛ ho anigye, ma wɔrehu sɛ Yehowa ne saa Kristofo asɛnkafo yi na ɛte.—Fa toto 1 Korintofo 14:25 ho.
Denam Nhoma Ahorow So: Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ Quebec a Franse kasa titiriw na wɔka wɔ hɔ no nso rekɔ baabi a nnipa wɔ. Ɔsomfo kwantuni bi kae sɛ: “Mfe pii twaam a na anuanom no te nka sɛ wontumi nnya nkɔanim biara esiane ɔsɔretia a emu yɛ den a asɔre no de baa wɔn so nti. Nanso ɛdenam anuanom adwumaden ne sra a wɔsraa nkurɔfo mpɛn pii so no, Bible a nnipa pii nnim na nnipa kakraa bi pɛ na wɔkenkan no abɛyɛ nhoma a ɛwɔ afie dodow no ara mu nnɛ.”
Ɛresow aba a ɛyɛ anigye bere a Quebecfo asɛmpakafo a wɔyɛ afoforo a wɔn gyinabea gu ahorow, na wɔn mu bi yɛ nnuruyɛfo no bɛka wɔn ho no. Saa na ɛbae wɔ oduruyɛfo bi fam. Ná ne yere, a n’ankasa yɛ Ahenni dawurubɔfo no taa ne no bɔ Bible mu anidaso no ho nkɔmmɔ. Asafo mu panyin bi a n’ani da fam de anidahɔ yɛɛ adwuma too nsra frɛɛ oduruyɛfo no baa asafo nhyiam bere a na wɔresua How Can Blood Save Your Life? nhomawa no. Ɔbae, na onyaa mu kyɛfa mpo. Esiane sɛ na nsɛm no tu mpɔn na honhom fam nimdeɛ no mu dɔ nti, ɔpenee so sɛ wɔne no nyɛ Bible adesua. Seesei ɔno nso yɛ Ahenni dawurubɔfo.
Nsɛmma nhoma ahorow a wɔde adi dwuma yiye no aboa kɛse ma nkurɔfo ani abegye Bible no ho. Obi nnim emu asɛm a ebetumi atwe obi aba nokware no mu. Ahenni dawurubɔfo bi de Nyan! maa ne fipamfo bi a na ɔmpɛ sɛ otie asɛm no nanso na n’ani gye akoekoemmoa ho. Mfonini a ɛwɔ November 22, 1992, Engiresi Nyan! mu asɛm a ɛne “Chagas Ɔyare—Mfewano a Edi Awu” no kanyan no. Esiane sɛ n’ani gyee nea ɔkenkanee no ho nti, ɔkae sɛ ɔpɛ nsɛmma nhoma foforo. Wɔne no fii Bible adesua ase, na asram asia akyi no, na ɔredi afoforo adanse.
Mmeae a Nnipa Hyia: Canada mmara ma kasa mu ahofadi ho kwan wɔ mmeae a nnipa hyia, te sɛ wimhyɛn gyinabea. Wɔ Halifax Amanaman Ntam Wimhyɛn Gyinabea no, Ahenni adawurubɔfo fa anifere kwan so bɛn akwantufo a wɔrekɔ ne wɔn a wɔreba, ne wɔn bɔ nkɔmmɔ. Wɔde nsɛmmisa a ɛtwe adwene si nsɛm pɔtee so dan nkɔmmɔbɔ no kɔ Bible so. Esiane sɛ Bible ketewa ne nhoma ahorow hyehyɛ wɔn ho nti, wobetumi adi nkurɔfo honhom fam ahiade ahorow ho dwuma. Nnuruyɛfo, nyansahufo, mmaranimfo, wɔn a wɔka wimhyɛn, asɔfo, polisifo, wɔn a wɔka taksi, mfiri ho adwumayɛfo, akyerɛkyerɛfo, asraafo, ne amammuifo a wofi amannɔne, ka wɔn a wɔnam saa kwan yi so ate Ahenni asɛm no de nokware aba akɔ akyirikyiri no ho.—Kolosefo 1:6.
Anɔpatutuutu bi, ɔbarima bi gyee Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma wɔ wimhyɛn gyinabea. Afei ɔbrɛɛ ne nne ase kaa no bɔkɔɔ sɛ: “O, enti ɛyɛ Yehowa Adansefo!” Dɛn nti na ɔkaa saa? Ná ɔbarima no yɛ Kramoni amapa a bere tiaa bi a na atwam no ɔkɔbɔɔ mpae wɔ wimhyɛn gyinabea hɔ beae a wɔyɛ asɔre no. Ɔsrɛɛ Nyankopɔn sɛ ɔmma no nhu nyansa, nhumu, ne nokware. Adwene a ɛne sɛ ná Yehowa Adansefo no ne ne mpaebɔ ho mmuae prɛko pɛ no maa ne ho dwiriw no kɛkɛ.
Nokwarem no, Ahenni adawurubɔfo akokodurufo a wɔwɔ Canada no mma biribiara nsiw wɔn Ahenni asɛm a ɛsom bo no ka kwan. Wɔmma amannɔne kasa, mfutukwan a ɛso nye, mmeae a atew ne ho, anaa nkuropɔn mu adan a wɔabɔ ho ban denneennen, nsiw wɔn kwan. Wɔasi nketekrakye sɛ wɔbɛka Onyankopɔn nkwagye asɛm no akyerɛ komapafo a wɔhwehwɛ nokware no. Wɔne wɔn mfɛfo adwumayɛfo a wɔne wɔn yɛ wiase nyinaa onuayɛ no bom di Yesu ahyɛde a ese ‘wɔnkɔyɛ asuafo’ no so, a pɛsɛmenkominya nni mu.—Mateo 28:19.
[Ase hɔ asɛm]
a Adwuma a apɔnkɔsotefo a wɔkyekyɛɛ amanade ntɛmntɛm yɛe no kɔɔ so wɔ United States asram 18 pɛ fi 1860 kosi 1861.
[Kratafa 27 adaka]
Ahenni Adawurubɔfo a Wotu Mpɔn De Telefon Di Dwuma
Ebinom ka sɛ: “Helo. Wɔfrɛ me [bɔ wo din]. Me ne nnipa a wɔtete mo dan yi mu rebɔ ɔkwan a yebetumi afa so anya asomdwoe ho nkɔmmɔ tiawa. Wususuw sɛ asomdwoe betumi aba wiase nyinaa da bi? [Twɛn ma ommua.] Sɛnea ɛbɛyɛ na w’adwenem nyɛ wo nãã no, ɛnyɛ sɛ merepɛ nkurɔfo anom asɛm atie anaa meretɔn biribi. Mmom no, mereka biribi a ɛwɔ Kyerɛw Kronkron mu a ɛne sɛ Onyankopɔn de asomdwoe bɛba ankasa ho asɛm akyerɛ afoforo.” Afei Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ betumi atoa so.
Afoforo aka sɛ: “Mema wo adwo. Wɔfrɛ me [bɔ wo din]. Matu me ho asi hɔ reyɛ adwuma wɔ mo mpɔtam ha. Merebisa wɔn a wɔte mo dan yi mu nsɛm bi. Nnipa pii dwen sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ wɔn ho ban esiane basabasayɛ ne amumɔyɛ a ɛrekɔ soro wɔ yɛn mpɔtam ha nti. So eyi yɛ asɛnhia ma wo? [Twɛn ma ommua.] Wususuw sɛ bere bi bɛba a wiase nyinaa bɛte nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ?” Twɛn ma ommua, na fa Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi toa so.