Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/01 kr. 5-6
  • Telefon So Adansedi a Etu Mpɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Telefon So Adansedi a Etu Mpɔn
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Adesua a Yebefi Ase Wɔ Pon Ano Anaa Telefon So
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Ka Asɛmpa no Wɔ Baabiara
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Sɛnea Yɛbɛhwehwɛ Wɔn a Wɔsɛ
    Yɛn Ahenni Som—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 2/01 kr. 5-6

Telefon So Adansedi a Etu Mpɔn

1 Sɛ́ Yehowa Adansefo no, ɛnyɛ yɛn botae nko ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no ara kɛkɛ, na mmom sɛ́ yɛde Ahenni asɛm no bedu obiara nkyɛn sɛnea yebetumi nso. (Aso. 10:42; 20:24) Bere a afie-afie adwuma no da so ara yɛ ɔkwan titiriw a yɛfa so du nkurɔfo nkyɛn no, yehu sɛ yentumi mfa saa kwan yi nkutoo so nya obiara. Enti nea ɛbɛyɛ na ‘yɛawie yɛn som adwuma koraa no,’ yɛfa akwan foforo so—a telefon so adansedi ka ho—de hu ankorankoro a wɔte sɛ nguan no.—2 Tim. 4:5.

2 Wɔ mmeae ahorow bi no, nkurɔfo tete adan a wɔbɔ ho ban kɛse, adan a mmusua pii na wɔtete mu, anaa adan a nnade apon deda ano, mu, na ɛma ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ afie-afie asɛnka a yɛtaa yɛ no de anya wɔn. Wɔ nsasesin a yebetumi ayɛ afie-afie adwuma no mpo mu no, nnipa dodow no ara ntaa ntra fie. Nanso, adawurubɔfo pii tumi ne saafo yi bɔ nkɔmmɔ denam telefon so. Bere a awarefo bi rekɔ asɛnka wɔ afie-afie anɔpa bi no, nnipa baakron na wɔanto wɔn wɔ fie. Bere a wɔkɔɔ Ahenni Asa so no, wɔhwehwɛɛ eyinom telefon nɔma wɔ nhoma bi a telefon nɔma ne address ahorow wom mu. Bere a wɔfrɛɛ nɔma ahorow no, wonyaa saafo no baawɔtwe wɔ fie!

3 So wotwentwɛn wo nan ase sɛ wubedi nkurɔfo adanse wɔ telefon so? Onua bi ka sɛ: “M’ani nnye ho sɛ obi bɛfrɛ me telefon so atɔn biribi ama me, enti na minni ɔkwan a ɛte saa a yɛfa so di adanse no ho adwempa.” Nanso, bere a ɔfrɛɛ nkurɔfo abien wɔ telefon so akyi no, ɔkae sɛ: “M’ani gyee ho ankasa! Mansusuw sɛ saa na ɛbɛba, m’ani gyee ho ankasa! Nkurɔfo taa da su pa adi bere a wɔne obi rekasa wɔ telefon so no, na wutumi ka nea wopɛ sɛ woka nyinaa kyerɛ wɔn. Eyi tu mpɔn kɛse!” Na onuawa bi nso te nka saa ara: “Ná m’ani nnye telefon so adansedi ho ankasa. Nokwarem no, na mempɛ sɛ mefrɛ wɔ telefon so. Nanso mesɔ hwɛe na ɛsow aba yiye. Telefon so adansedi ama meyɛ nsrahwɛ 37 na mewɔ adesua bebree a mintumi nyɛ mpo!” Sɛ wo nso wosɔ telefon so adansedi hwɛ a, wubetumi adi nkonim.

4 Nhyehyɛe a Yɛbɛyɛ Ama Telefon So Adansedi: Ɔsom adwuma sohwɛfo na ɔhwɛ adansedi adwuma no so wɔ asafo no mu. Mpanyimfo kuw no betumi agyina sɛnea asafo no ahiade te so apaw ɔpanyin foforo anaa ɔsomfo a ɔfata ma ɔne no abom ayɛ nhyehyɛe ama telefon so adansedi. Ɛsɛ sɛ onua a ɔhwɛ asasesin so no nso ka wɔn ho, efisɛ ɔno na ɔbɛkyekyɛ asasesin no na wayɛ ho kyerɛwtohɔ pa. Saa ara na ɔmansin sohwɛfo no ani begye ho sɛ obehu sɛnea nhyehyɛe no rekɔ.

5 Sɛ mmeae bi wɔ mo asasesin mu a muntumi nyɛ afie-afie adwuma no wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe ma telefon so adansedi. Onua a wɔbɛpaw no no de ahwɛyiye bɛkyerɛw afie a ɛte saa no nyinaa address, na ɛsɛ sɛ moma nsasesin yi yɛ nketewa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ mu adwuma daa. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ saa mmeae no agyirae wɔ asasesin ho mfonini no so, na wɔkyerɛ sɛ wɔayi mmeae a wɔahyɛ no agyirae no asi hɔ ama telefon so adansedi.

6 Ɛhefa na mubetumi anya telefon nɔma ahorow no afi? Sɛ adan a wɔbɔ ho ban kɛse no ankasa wɔ nhoma a wɔn telefon nɔma wom a, ebia mubetumi akɔ hɔ akogye. Sɛ wonni bi a, mubetumi akyerɛw afiewuranom din na mode atoto nea ɛwɔ telefon nhoma mu ankasa no ho.

7 Mpanyimfo betumi ama wɔn ani aku adwuma yi ho kɛse denam wɔn a wɔwɔ telefon so adansedi mu suahu no a wɔbɛma wɔatete afoforo no so, na ebia wobetumi afa Akwampaefo Boa Afoforo nhyehyɛe no so ayɛ saa. Ɛtɔ da a, mubetumi de asafo mu ahiade afã a ɛwɔ Ɔsom Nhyiam mu no asi hɔ de asusuw ɔkwan a mubetumi afa so ama saa adansedi yi atu mpɔn ho.

8 Sɛ mpanyimfo kɔsra adawurubɔfo a yare ama wɔaka dan mu a, wobetumi ahyɛ saafo yi nkuran ma sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔadi adanse wɔ telefon so. Ebia ɔpanyin no betumi adi adanse kakra wɔ telefon so akyerɛ ɔdawurubɔfo no. Afei ɔdawurubɔfo no nso betumi ayɛ saa bere a hokwan no ba no. Adawurubɔfo pii a wɔafi ase reyɛ saa no de simma kakra di adanse da biara, na ɛma wonya anigye ankasa.

9 Nyansahyɛ a Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn: Bere a Yesu somaa n’asuafo no sɛ wɔnkɔka asɛm no, “ɔsomasomaa wɔn baanu baanu.” (Luka 10:1) Dɛn ntia? Ná onim sɛ sɛ wɔyɛ adwuma bom a, obiara besua biribi afi ne yɔnko hɔ na wɔahyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran. Saa na ɛte wɔ telefon so adansedi ho. Sɛ mobom yɛ adwuma a, obiara betumi asua biribi afi ne yɔnko hɔ, moasusuw nea mutumi yɛe ho, na mode nkɔmmɔ foforo a mobɛbɔ ho nyansahyɛ ama. Bere a telefon so adansedi no gu so mpo no, mubetumi aboa mo ho ma moanya nsɛm a ɛsɛ sɛ moka.

10 Nea ɛbɛyɛ na woatumi anya nsɛm a ɛfata aka no, tra bɛn baabi a wubetumi anya nnwinnade a wode di adanse—Bible, Reasoning nhoma, Ahwehwɛde nhomawa, nsɛmma nhoma, ne nea ɛkeka ho. Kyerɛw nsɛm bi a wobɛka wɔ baabi a wubetumi ahu. Hwɛ sɛ wobɛyɛ kyerɛwtohɔ a ɛfata na edi mu, a nea ɛka ho ne da ne bere a wofrɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu bere a ɛsɛ sɛ wosan frɛ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no.

11 Nkurɔfo taa yɛ ahwɛyiye bere a wɔte ɛnne bi a wonnim wɔ telefon so no. Enti da anigye ne adamfofa adi, na yɛ anifere. Wo nne nkutoo na ofiewura no betumi agyina so ahu wo su ne adwene a wukura ankasa. Mpere wo ho na fi komam kasa. Nteɛteɛm, na mmom kasa brɛoo na ma emu nna hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛte. Ma ofiewura no nkasa bi. Bɔ wo din, na kyerɛ no sɛ wote ne mpɔtam hɔ ara. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛma nkurɔfo asusuw sɛ yɛyɛ telefon so aguadifo. Sɛ́ anka wobɛka sɛ wopɛ sɛ wo ne wɔn a wɔte ofie hɔ nyinaa kasa no, kyerɛ no sɛ ɔno nkutoo na wuhia no.

12 Nsɛm a Wubetumi Aka Wɔ Telefon So: Wubetumi de nnianim nsɛm a ɛwɔ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no mu nkratafa 2-18 no biara adi adanse wɔ telefon so sɛnea ɛfata. Wubetumi aka sɛ: “Merefrɛ wo wɔ telefon so efisɛ mantumi annu wo nkyɛn. Nea enti a merefrɛ ne sɛ mepɛ sɛ mihu w’adwene fa asɛmmisa bi a ɛyɛ anigye yiye ho.” Afei ka asɛm ko.

13 Wubetumi adi kan de asɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ asɛmti “Nsɛmmɔnedi/Ahobammɔ” ase no adi dwuma saa kwan yi so: “Hɛloo. Me din de _____. Mete mpɔtam ha yi ara. Ɛnyɛ bɔne biara. Merefrɛ wo ne wo asusuw ahobammɔ a obiara benya ho. Nsɛmmɔnedi pii atwa yɛn ho ahyia, na ɛka yɛn asetra. So wususuw sɛ bere bi bɛba a nnipa nyinaa betumi anantew mmɔnten so anadwo a wonsuro? [Ma ommua.] Ma menkenkan nea Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no nkyerɛ wo.”

14 Biribi pa tumi fi Bible adesua ho asɛm a yɛka no tẽẽ wɔ telefon so mu ba. Wubetumi de simma kakraa bi akyerɛkyerɛ no sɛnea yɛyɛ adesua no mu. Kyerɛ onii no sɛ wobɛsan aba fie ne no abɛtoa adesua no so, na sɛ ɔmpene so a, kyerɛ no sɛ wo ne no bɛtoa so wɔ telefon so da foforo.

15 Sɛ nkɔmmɔbɔ bi ba awiei a, ka biribi foforo a ɛbɛma woasan akɔsra no wɔ ne fie anaasɛ ɛbɛma wode nhoma bi amena no ho asɛm. Sɛ wamfa n’address amma wo a, kyerɛ no sɛ wobɛsan afrɛ bio. Ebia ɛbɛhwehwɛ sɛ wofrɛ mpɛn pii ansa na wagye pene ato nsa afrɛ wo aba ne fie.

16 Yɛn Pɛ Mu a Yebefi Afrɛ: Onuawa kumaa bi a wadi mfe 15 de telefon so adansedi fii asɛnka ase anɔpa bi. Ɔne ɔbea bi kasae, na ɔbea no penee so sɛ obegye Nimdeɛ nhoma no. Bere a onuawa no de nhoma no kɔmaa ɔbea no wɔ fie no, ɔpɛe sɛ ohu nea ɛyɛe a onyaa ne telefon nɔma efisɛ na wɔnkyerɛw nguu baabiara. Onuawa no dii mfomso na ɛfrɛɛ saa nɔma no! Ɔbea no penee adesua so na seesei ɔyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu.

17 Onuawa bi gyee asasesin bi a telefon na wɔde yɛ mu adwuma, nanso adapɛn abiɛsa na ɔnyɛɛ mu adwuma esiane suro nti. Dɛn na ɛma onyaa akokoduru de fii ase? Ɔkaee February 8, 1997, Nyan! mu asɛm a ɛne “Meyɛ Mmerɛw A, Ɛno Ansa na Me Ho Yɛ Dɛn” no. Ná ɛfa Ɔdansefo bi a ɛmfa ho honam fam mmerɛwyɛ ahorow no, ɔka asɛm no wɔ telefon so ho. Onuawa no kae sɛ: “Mebɔɔ Yehowa mpae hwehwɛɛ ahoɔden. Mesrɛɛ no sɛ ɔmma minnya nsɛm a ɛfata a mɛka akyerɛ.” Dɛn na efii ne telefon so adansedi a edi kan mu bae? Ɔbɔ amanneɛ sɛ: “Yehowa tiee me mpaebɔ. Nkurɔfo no tiei, na meyɛɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe.” Akyiri yi, ne telefon so adansedi no kowiee Bible adesua mu. Ɔka sɛ: “Yehowa akyerɛ me bio sɛ ɛsɛ sɛ mede me ho to no so na ɛnsɛ sɛ mede me ho to me nhumu so.”—Mmeb. 3:5.

18 Nokware no a yɛka kyerɛ wɔ telefon so no abɛyɛ ɔkwampa a yɛfa so ka asɛmpa no. Siesie wo ho yiye na fi koma nyinaa mu nya mu kyɛfa. Sɛ wufi ase na sɛ obiara nkyerɛ anigye mfiase no a, mma w’abam mmmu. Bɔ mpae srɛ Yehowa akwankyerɛ, na wo ne afoforo a wɔn nso wɔnam saa kwan a ɛyɛ anigye yi so ka asɛm no mmɔ ho nkɔmmɔ. Bere a yɛpɛ sɛ obiara te asɛm no wɔ yɛn asasesin no mu no, momma yɛn nyinaa mfa ntɛmpɛ nyɛ yɛn som adwuma no yiye.—Rom. 10:13, 14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena