Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/03 kr. 1
  • Sɛnea Yɛbɛhwehwɛ Wɔn a Wɔsɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Yɛbɛhwehwɛ Wɔn a Wɔsɛ
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anwummere
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Telefon So Adansedi a Etu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Woasɔ Anwummere Adansedi Ahwɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • So Wubenya Asasesin a Wɔde Ama Wo no So Mfaso?
    Yɛn Ahenni Som—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 12/03 kr. 1

Sɛnea Yɛbɛhwehwɛ Wɔn a Wɔsɛ

1 Akwankyerɛ a Yesu de mae wɔ asɛnka adwuma a yɛbɛyɛ no ho no gye mmɔdenbɔ. Ɔkae sɛ: “Kurow anaa akuraa biara a mobɛhyɛn mu no, mummisa nea ɔsɛ wɔ hɔ.” (Mat. 10:11) Esiane sɛ nnɛ nnipa ntaa ntra fie nti, yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwehwɛ wɔn wɔ ɔkwan a etu mpɔn so?

2 Hwɛ Sɛnea W’asasesin no Te: Di kan hu sɛnea w’asasesin no te. Bere bɛn na wugye di sɛ nnipa dodow no ara wɔ fie? Ɛhe na wobɛto wɔn awia? So da anaa bere pɔtee bi wɔ hɔ a ebia wobetie wo kɛse? W’asɛnka adwuma no mu nsakrae a wobɛyɛ ma ɛne mo asasesin no mu nnipa no nhyehyɛe ne wɔn nsɛm tebea ahyia no bɛboa wo ma woasow aba pii.—1 Kor. 9:23, 26.

3 Adawurubɔfo pii to nnipa anwummere. Saa bere no na afiewuranom bi regye wɔn ahome na wɔbɛpɛ sɛ wotie wo. Sɛ wim tebea nyɛ papa a, telefon a yɛde bedi adanse (wɔ baabi a yebetumi de ayɛ saa) anwummere no betumi ama yɛanya nnipa atie yɛn. Adanse a yebedi wɔ nsasesin a sotɔɔ ahorow wom mu ne mmeae a nnipa taa hyia nso yɛ akwan a yɛfa so ma nkurɔfo te asɛmpa no.

4 Wɔ ɔsram bi a wɔyɛɛ asɛnka adwuma no kɛse wom mu no, asafo biako dii adanse Memeneda ne Kwasida anwummere ne Wukuda ne Fida anɔpatutuutu ne anwummere. Wɔde telefon nso dii adanse yɛɛ nhyehyɛe kɔyɛɛ asasesin a sotɔɔ ahorow wom mu adwuma. Nhyehyɛe yi kanyan asɛnka ho anigye araa ma asafo no sii gyinae sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ saa.

5 Fa Nsi Yɛ Sankɔhwɛ: Sɛ ɛyɛ den sɛ wobɛto nnipa wɔ fie bere a woyɛ sankɔhwɛ a, bɔ mmɔden sɛ wo ne nnipa no bɛyɛ nhyehyɛe pɔtee sɛ wobɛsan aba hɔ wɔ nsrahwɛ biara a nea edi kan no ka ho awiei. Afei hwɛ hu sɛ wubedi nhyehyɛe no so. (Mat. 5:37) Sɛ ɛfata a, wubetumi agye ofiewura no telefon nɔma. Eyi nso bɛboa ma wo ne onipa no asan akasa.

6 Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa behyira mmɔden kɛse a yɛbɔ sɛ yɛbɛkɔ akɔhwehwɛ wɔn a wɔsɛ no na yɛasan akɔsra anigyefo a yebenya wɔn no so.—Mmeb. 21:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena