Bible Adesua a Yebefi Ase Wɔ Pon Ano Anaa Telefon So
1, 2. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asakra yɛn Bible adesua nhyehyɛe mu de aboa nnipa a wonni adagyew no?
1 Nnipa nni adagyew nnɛ. Nanso wɔn mu pii ani gye honhom fam nneɛma ho. Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn ma wɔadi wɔn honhom fam ahiade ho dwuma? (Mat. 5:3) Adawurubɔfo pii tumi ne nkurɔfo sua Bible no wɔ wɔn pon ano anaa denam telefon so. Wubetumi afa saa kwan yi so atrɛw wo som adwuma mu?
2 Sɛ yebefi Bible adesua ase a, ehia sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛde hokwan biara a yebenya no bɛkyerɛ afoforo sɛnea yɛyɛ adesua no. Ɔkwan bɛn so ne hefa na yebetumi ayɛ eyi?
3. Dɛn nti na sɛ wokɔ obi hɔ bere a edi kan a, ɛsɛ sɛ woyɛ sɛnea wɔyɛ Bible adesua kyerɛ no, na ɔkwan bɛn na wubetumi afa so ayɛ eyi?
3 Wɔ Pon Ano: Sɛ wuhyia obi a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔne wo besusuw Bible ho a, nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wubebue nhoma a wukura no mu nkyekyɛm bi a woadi kan asua, te sɛ ebia adesua a edi kan wɔ Ahwehwɛde nhomawa no mu nkyekyɛm biako no, na fi ase. Kenkan nkyekyɛm no, na munsusuw asɛmmisa no ne kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni mu no biako anaa abien bi ho. Mpɛn pii no, wobetumi de simma anum kosi du ayɛ eyi wɔ pon ano. Sɛ onii no ani gye nkɔmmɔbɔ no ho a, yɛ nhyehyɛe ne no nkosusuw nkyekyɛm biako anaa abien ho bere foforo.—Wubetumi ahu ɔkwan tee a wɔfa so fi adesua ase no ho nyansahyɛ afoforo wɔ January 2002 Yɛn Ahenni Som, kratafa 6.
4. Ɔkwan bɛn so na yebetumi afi Bible adesua ase wɔ pon ano bere a yɛreyɛ sankɔhwɛ ahorow no?
4 Wubetumi afa ɔkwan a ɛte saa ara so afi Bible adesua ase bere a woreyɛ sankɔhwɛ ahorow no. Sɛ nhwɛso no, wubetumi de Ahwehwɛde nhomawa no akyerɛ na wode adesua 2, nkyekyɛm 1 kosi 2 no akyerɛ no Onyankopɔn din. Wɔ nsrahwɛ a edi hɔ mu no, wubetumi de nkyekyɛm 3 kosi 4 ne no asusuw nea Bible ka fa Yehowa su ahorow ho. Wɔ nsrahwɛ a edi hɔ mu no, mubetumi asusuw nkyekyɛm 5 kosi 6 ne mfonini a ɛwɔ kratafa 5 no ho de atwe adwene asi sɛnea Bible a yesua no boa yɛn ma yehu Yehowa so. Eyi nyinaa betumi akɔ so bere a wugyina pon ano no.
5, 6. (a) Dɛn nti na ebia nnipa bi ani begye ho sɛ yɛne wɔn besua ade wɔ telefon so? (b) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne obi sua ade wɔ telefon so a, ɔkwan bɛn na yebetumi afa so ayɛ?
5 Denam Telefon So: Ebia nnipa binom bɛpɛ sɛ wɔfa telefon so sua Bible no sen sɛ wɔne obi bɛtra ase asua. Susuw osuahu a edi so yi ho hwɛ: Bere a onuawa bi reka asɛm wɔ afie afie mu no, ohyiaa ɔbaatan bi a n’adwuma nti, na onni adagyew. Bere a onuawa no anto no wɔ fie bio no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛfrɛ no wɔ telefon so. Ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ onni adagyew a ɔde besusuw Bible ho. Onuawa no kae sɛ: “Wubetumi de simma 10 kosi 15 asua biribi foforo wɔ telefon so mpo.” Ɔbea no buae sɛ: “Sɛ ɛyɛ telefon so a, ɛnde mepene so!” Ankyɛ na wofii adesua a na wɔtaa yɛ ase wɔ telefon so.
6 So wɔn a wokɔ wɔn nkyɛn no bi bɛpɛ sɛ wosua ade wɔ telefon so? Wubetumi asɔ kwan a yɛasusuw ho seesei ara no ahwɛ, anaa wubetumi aka tiawa sɛ: “Sɛ wopɛ a, yebetumi abɔ Bible mu nkɔmmɔ wɔ telefon so. Ɛno beye ama wo?” Sɛ yɛyɛ yɛn Bible adesua mu nsakrae ma ɛne afoforo nsɛm tebea hyia a, ebia yebetumi aboa wɔn ma ‘wɔanya Onyankopɔn ho nimdeɛ.’—Mmeb. 2:5; 1 Kor. 9:23.