Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/00 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2000
Yɛn Ahenni Som—2000
km 9/00 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma September: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Sɛ obi kyerɛ ho anigye wɔ sankɔhwɛ mu a, wubetumi ama wakra bi. Sɛ ɛrekɔ ɔsram no awiei a, yɛbɛkyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 36. November: Yɛbɛkɔ so akyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 36 no. Asafo ahorow a wotumi kyekyɛɛ Ahenni Asɛm no wɔ wɔn asasesin mu maa afiewuranom wɔ ofie biara mu wiei no betumi de Ahwehwɛde nhomawa anaa Nimdeɛ nhoma no ama. Sɛ nkurɔfo wɔ eyi bi dedaw a, wobetumi de Tra Ase Daa anaa Creation nhoma no ama. December: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ne New World Translation.

◼ Wɔrekae mpanyimfo sɛ wonni akwankyerɛ a wɔde mae wɔ April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 21-3, a ɛfa obi a watu no anaa obi a watwe ne ho a ɔpɛ sɛ wɔsan gye no ho no akyi.

◼ Ɛsɛ sɛ asafo no mufo de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔma nkurɔfo kra anaa nea asa a wɔresan akra bio no nyinaa fa wɔn asafo no so.

◼ Asafo ti no nni nhoma a adawurubɔfo mmiako mmiako kra ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma wɔde nhoma a wɔkra ho nkaebɔ ma ɔsram biara ansa na wɔde krataa a wɔde kra nhoma ma asafo no ɔsram biara no amena Asafo ti no sɛnea ɛbɛyɛ na obiara a ɔpɛ sɛ ne nsa ka n’ankasa nhoma no atumi aka ho asɛm akyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no. Yɛsrɛ sɛ momma nhoma a wɔkra ma wɔn a wobisa ntra mo adwene mu.

◼ Efi September 1, 2000 no, wobetintim Ɔwɛn-Aban no wɔ Assamese, Azerbaijani, ne Tumbuka kasa mu ɔsram biara.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu September 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ muwie a, mommɔ asafo no amanneɛ bere a mode sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ ama akyi no.

◼ Nhoma Foforo a Aba:

Watch Tower Publications Index 1999—Engiresi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena