Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/00 kr. 2
  • So Ɛsɛ sɛ Mehwehwɛ Mmoa Fi Amannɔne?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ sɛ Mehwehwɛ Mmoa Fi Amannɔne?
  • Yɛn Ahenni Som—2000
Yɛn Ahenni Som—2000
km 9/00 kr. 2

So Ɛsɛ sɛ Mehwehwɛ Mmoa Fi Amannɔne?

Ɛtɔ da bi a, adawurubɔfo bi kyerɛw Asafo ti no baa dwumadibea a ɛwɔ amannɔne de srɛ nneɛma pii. Sɛ nhwɛso no, ebinom ka sɛ wɔpɛ nnamfo a wɔne wɔn bedi nkrataa-kyerɛw, aware mu ahokafo, video ne kasɛt, anaa bosea mpo.

Yɛpɛ sɛ obiara hu sɛ Asafo ti no baa dwumadibea ahorow ntumi nni abisade a ɛtete saa ho dwuma. Ɔwɛn Aban Asafo no yɛ ahyehyɛde a ɛde ntoboa a wofi wɔn pɛ mu yi na ɛyɛ adwuma na ɛnhwehwɛ mfaso. Wɔde ntoboa a ankorankoro a wofi wiase nyinaa fi wɔn pɛ mu yi sɛ wɔmfa nni atirimpɔw biako pɛ a ɛne Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpaka wɔ wiase nyinaa ho dwuma na ɛyɛ adwuma. (Mat. 24:14) Ne saa nti, wɔde ntoboa biara a woyi no tua asɛnka adwuma no ho ka ma enti wontumi mfa mmɔ ankorankoro bosea.

Ebinom kyerɛw wɔn nnamfo ne nnipa foforo a wɔwɔ amannɔne de hwehwɛ honam fam mmoa. So yebetumi aka sɛ yɛn nkutoo na ‘mmere no mu ayɛ den’ ama yɛn na ɛnyɛ afoforo a yɛn honhom fam anuanom a wɔwɔ amannɔne ka ho?—2 Tim. 3:1.

Kristofo asafo no wɔ nhyehyɛe sɛ ɛbɛboa ahiafo ne wɔn a asiane ato wɔn wɔ yɛn mu no. Wɔakyerɛkyerɛ nhyehyɛe yi mu wɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 122 ne 123. Enti, ɛmfata sɛ obi bɛkyerɛw krataa akɔma amannɔne asafo ne baa dwumadibea ahorow de akɔhwehwɛ mmoa.

Afei nso, asafo ahorow ne wɔn a wɔkra nsɛmma nhoma address a ɛwɔ Asafo ti no nneɛma mu no yɛ kokoam nneɛma ma enti wontumi mfa mma ankorankoro a wɔrepɛ nnamfo anaa aware mu ahokafo ne wɔn adi nkrataa-kyerɛw no. Sɛ woretu kwan akɔ ɔman bi mu a, wubetumi akyerɛw Asafo ti no adwumayɛbea a ɛwɔ saa ɔman no mu de abisa Ahenni Asa a ɛbɛn wo no address ne bere a wɔde hyiam.

Sɛ yedi akwankyerɛ yi akyi a, ɛrensɛe Asafo ti no bere ne adwuma a wɔyɛ no.—Fa toto 1 Korintofo 14:20 ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena