Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2001
Akwankyerɛ
Wɔ 2001 mu no, nhyehyɛe a yebedi akyi de ayɛ Teokrase Ɔsom Sukuu na edidi so yi.
NHOMA A EBEGYINA SO: Twi Bible Foforo no, Ɔwɛn-Aban [w-TW], “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” (1990 De) [si-E], ne Reasoning From the Scriptures [rs-E] na dwumadi ahorow no begyina so.
Ɛsɛ sɛ wɔde dwom, mpaebɔ, ne nnianim nsɛm tiawa fi sukuu no ase wɔ BERE ANO. Ɛho nhia sɛ wodi kan ka dwumadi no mu nsɛm. Sɛ sukuu sohwɛfo no de dwumadi no biara reto gua a, ɔbɛkyerɛ asɛmti a wobedi ho dwuma no. Yɛ no sɛnea edidi so yi:
DWUMADI 1: Simma 15. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu somfo di eyi ho dwuma, na ebegyina Ɔwɛn-Aban anaa “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” so. Sɛ dwumadi yi gyina Ɔwɛn-Aban so a, ɛsɛ sɛ wɔde simma 15 ma no sɛ afotu kasa a wɔrenyɛ ntimu; sɛ egyina “All Scripture” nhoma no so a, ɛsɛ sɛ wɔde simma 10 kosi 12 ma no sɛ afotu kasa, na wɔde nsɛmmisa a wɔatintim wɔ nhoma no mu no yɛ simma 3 kosi 5 ntimu. Ɛnyɛ botae no ne sɛ wɔbɛka mu nsɛm kɛkɛ, na mmom sɛ wɔde adwene besi mfaso a ɛwɔ asɛm a wɔresusuw ho no mu so, na wɔasi nea ɛbɛboa asafo no paa so dua. Ɛsɛ sɛ wɔde asɛmti a wɔde ama no di dwuma.
Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔde ɔkasa yi ma wɔn no hwɛ di wɔn bere so. Sɛ ɛho hia anaasɛ ɔkasafo no bisa a, wobetumi ama no kokoam afotu.
BIBLE AKENKAN NO MU NSƐNTITIRIW: Simma 6. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu somfo di eyi ho dwuma na ɔma ɛfa mo ahiade ho yiye. Asɛmti biara ho nhia. Ɛnsɛ sɛ ɔbɔ asɛm a wɔde ama sɛ yɛnkenkan no mua kɛkɛ. Obetumi de anibu 30 kosi 60 abɔ ti dodow a wɔde ama no no nyinaa mua. Nanso, nea ɔde bɛyɛ ne botae titiriw ne sɛ ɔbɛboa atiefo ma wɔahu nea enti ne sɛnea asɛm no ho wɔ mfaso ma yɛn. Afei sukuu sohwɛfo no bɛma asuafo no akɔ wɔn adesua adan mu.
DWUMADI 2: Simma 5. Eyi yɛ Bible no fã bi akenkan a wɔde ma onuabarima, sɛ ebia ɔbɛyɛ wɔ asa kɛse no so anaa ketewa no so. Akenkan no taa yɛ ntiantiaa sɛnea ɛsɛ na ama asuafo no atumi de nkyerɛkyerɛmu tiawa ama wɔ ɔkasa no mfiase ne n’awiei. Wobetumi de asɛm no ho abakɔsɛm, emu nkɔmhyɛ, anaa nkyerɛkyerɛ a ɛho hia ne sɛnea wɔde emu nnyinasosɛm bedi dwuma aka ho. Ɛsɛ sɛ wɔkenkan nkyekyem no nyinaa wie ansa na wɔakyerɛkyerɛ mu. Nanso sɛ nkyekyem a osuani no rekenkan no ntoam a, obetumi aka baabi a akenkan no ntoaso wɔ.
DWUMADI 3: Simma 5. Wɔde eyi bɛma onuawa. Dwumadi yi begyina Reasoning From the Scriptures no so. Wobetumi ayɛ no bɔnnɔ so adansedi, sankɔhwɛ, anaa ofie Bible adesua, na wɔn a wɔyɛ no betumi atra ase anaasɛ wɔagyina hɔ. Ade a sukuu sohwɛfo no bɛpɛ sɛ ohu paa ne sɛnea osuani no kyerɛkyerɛ asɛmti a wɔde ama no mu na ɔboa ofiewura no ma odwen kyerɛw nsɛm no ho. Ɛsɛ sɛ osuani a wɔde dwumadi yi ma no no yɛ obi a onim akenkan. Sukuu sohwɛfo no bɛma no ɔhokafo biako, nanso obetumi de obi foforo aka ho. Ɛnyɛ sɛnea wɔyɛ dwumadi no na ɛsɛ sɛ wɔma ehia wɔn kɛse, na mmom sɛnea wɔde Bible no di dwuma yiye.
DWUMADI 4: Simma 5. Wɔde dwumadi yi begyina Reasoning From the Scriptures so. Wobetumi de Dwumadi 4 no ama onuabarima anaa onuawa. Sɛ wɔde ma onuabarima a, ɛsɛ sɛ ɔma no sɛ ɔkasa bere nyinaa. Sɛ wɔde ma onuawa a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ no sɛnea wɔakyerɛ sɛ wɔnyɛ Dwumadi 3 no.
BIBLE AKENKAN NHYEHYƐE: Wɔhyɛ asafo no muni biara nkuran sɛ onni dapɛn biara Bible akenkan nhyehyɛe, a ɛhwehwɛ sɛ ɔkenkan kratafa biako da biara no akyi.
MONHYƐ NO NSOW: Sɛ mopɛ afotu, bere sodi, sukuu sɔhwɛ, ne sɛnea wosiesie dwumadi ahorow no ho nsɛm ne akwankyerɛ foforo a, yɛsrɛ mo, monhwɛ October 1996 Yɛn Ahenni Som no kratafa 3.
DWUMADI NHYEHYƐE
Jan. 1 Bible akenkan: 2 Ahene 13-16
No. 1: Bɔne Fafiri Bue Kwan Ma Nkwagye
No. 2: 2 Ahene 14:1-14
No. 3: Nyinsɛn a Wotu Gu—Dɛn Nti na Wɔbara? (rs-E nkr. 25-6 nky. 4)
No. 4: Mmuae a Yɛde Bɛma Obi a Ɔka Sɛ: ‘Mewɔ Hokwan sɛ Misi Nneɛma a Ɛka M’ankasa Nipadua Ho Gyinae’
(rs-E kr. 26 nky. 5)
Jan. 8 Bible akenkan: 2 Ahene 17-20
No. 1: Afotu a Ɛyɛ Mmerɛw sɛ Wobegye Atom (w99-TW 1/15 nkr. 21-4)
No. 2: 2 Ahene 18:1-16
No. 3: Adam ne Hawa—So Wɔyɛ Nnipa a Wɔtraa Ase Ankasa?
(rs-E nkr. 27-8 nky. 5)
No. 4: Mmuae a Yɛde Bɛma Obi a Ɔka Sɛ: ‘Na Adam Bɔne no Yɛ Onyankopɔn Apɛde, Onyankopɔn Nhyehyɛe’ (rs-E kr. 29 nky. 1-2)
Jan. 15 Bible akenkan: 2 Ahene 21-25
No. 1: 2 Ahene—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 74 nky. 33-6)
No. 2: 2 Ahene 21:1-16
No. 3: Dɛn Nti na Mfaso Nni Nananom a Wɔawuwu Som So? (rs-E nkr. 29-31 nky. 3)
No. 4: Nea Enti a Nananom a Wɔawuwu Som Nsɔ Yehowa Nyankopɔn Ani (rs-E kr. 31 nky. 4–kr. 32 nky. 1)
Jan. 22 Bible akenkan: 1 Beresosɛm 1-5
No. 1: 1 Beresosɛm Nnianim Asɛm (si-E nkr. 75-6 nky. 1-7)
No. 2: 1 Beresosɛm 1:1-27
No. 3: Henanom Ne Antikristo? (rs-E nkr. 32-3)
No. 4: Awaefo a Yebehu Wɔn (rs-E nkr. 34-6 nky. 1)
Jan. 29 Bible akenkan: 1 Beresosɛm 6-10
No. 1: Sɛnea Wubetumi Ada Nokware Ahobrɛase Adi (w99-TW 2/1 nkr. 6-7)
No. 2: 1 Beresosɛm 9:1-21
No. 3: Su Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yenya Wɔ Awaefo Ho?
(rs-E kr. 36 nky. 2–kr. 37 nky. 2)
No. 4: Kristo Anhyehyɛ Asɔre no Ansi Petro So (rs-E nkr. 37-9 nky. 3)
Feb. 5 Bible akenkan: 1 Beresosɛm 11-16
No. 1: Yɛ Obi a Ɔhyɛ Afoforo Nkuran (w99-TW 2/15 nkr. 26-9)
No. 2: 1 Beresosɛm 11:1-19
No. 3: Dɛn Ne Nsafe a Petro De Dii Dwuma No?
(rs-E kr. 39 nky. 4-kr. 41 nky. 5)
No. 4: “Asomafo no Adedifo” Nyɛ Nokware Kristofo
(rs-E kr. 42 nky. 1-kr. 44 nky. 3)
Feb. 12 Bible akenkan: 1 Beresosɛm 17-23
No. 1: Mumfura Ahobrɛase Adwene (w99-TW 3/1 nkr. 30-1)
No. 2: 1 Beresosɛm 18:1-17
No. 3: Ɛhe na Wɔbɛko Harmagedon Ko No? (rs-E nkr. 44-6 nky. 3)
No. 4: Henanom ne Nneɛma Bɛn na Wɔbɛsɛe no Wɔ Harmagedon? (rs-E kr. 46 nky. 4–kr. 47 nky. 2)
Feb. 19 Bible akenkan: 1 Beresosɛm 24-29
No. 1: 1 Beresosɛm—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 78-9 nky. 22-5)
No. 2: 1 Beresosɛm 29:1-13
No. 3: Henanom na Wobenya Nkwa Wɔ Harmagedon? (rs-E kr. 47 nky. 3-8)
No. 4: Harmagedon—Emmu Onyankopɔn Dɔ So (rs-E kr. 48 nky. 1-3)
Feb. 26 Bible akenkan: 2 Beresosɛm 1-5
Dwom 168
No. 1: 2 Beresosɛm Nnianim Asɛm (si–E nkr. 79-80 nky. 1-6)
No. 2: 2 Beresosɛm 1:1-17
No. 3: Wuntumi Nka sɛ Wunni Afã Biara Wɔ Harmagedon
(rs-E kr. 48 nky. 4-7)
No. 4: Henanom Nkɛntɛnso na Ɛrepiapia Amanaman no Akɔ Harmagedon? (rs-E kr. 48 nky. 8–kr. 49 nky. 1)
Mar. 5 Bible akenkan: 2 Beresosɛm 6-9
No. 1: Mma Dadwen Nnhyɛ Wo So (w99-TW 3/15 nkr. 21-3)
No. 2: 2 Beresosɛm 8:1-16
No. 3: Adiyisɛm Mu Babilon a Yebehu (rs–E kr. 49 nky. 2-3)
No. 4: Dɛn na Ɛmaa Tete Babilon Gyee Din? (rs–E kr. 50 nky. 1–kr. 51 nky. 5)
Mar. 12 Bible akenkan: 2 Beresosɛm 10-15
No. 1: Hena na Ɔkyerɛ Wo Nea Ɛsɛ sɛ Woyɛ? (w99-TW 4/1 nkr. 20-2)
No. 2: 2 Beresosɛm 10:1-16
No. 3: Nea Enti a Asɔre Ahorow a Wɔkyerɛ sɛ Wɔyɛ Kristofo no Yɛ Babilon Kɛse no Fã (rs–E kr. 52 nky. 1–kr. 53 nky. 1)
No. 4: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wufi Babilon Kɛse no Mu Ntɛm
(rs–E kr. 53 nky. 2-7)
Mar. 19 Bible akenkan: 2 Beresosɛm 16-20
No. 1: Bɔ Wo Koma Ho Ban Fi Baalsom Honhom Ho
No. 2: 2 Beresosɛm 16:1-14
No. 3: Nea Asubɔ Kyerɛ, ne Nea Enti a Wɔbɔ Gyidifo Asu
(rs–E kr. 54 nky. 1-4)
No. 4: Kristofo Asubɔ—Ɛnyɛ Nsu a Wɔde Petepete Nnipa So, Ɛnyɛ Mmofra Asubɔ (rs-E kr. 54 nky. 5–kr. 55 nky. 4)
Mar. 26 Bible akenkan: 2 Beresosɛm 21-25
Dwom 212
No. 1: Nyɛ Bonniayɛ (w99-TW 4/15 nkr. 15-17)
No. 2: 2 Beresosɛm 22:1-12
No. 3: Nsu Mu Asubɔ Nhohoro Bɔne
(rs–E kr. 55 nky. 5–kr. 56 nky. 1)
No. 4: Henanom na Wɔde Honhom Kronkron Bɔ Wɔn Asu? (rs–E kr. 56 nky. 2–kr. 57 nky. 3)
Apr. 2 Bible akenkan: 2 Beresosɛm 26-29
No. 1: So Onyankopɔn Akwan Yɛ ‘Akyewakyew’? (w99-TW 5/1 nkr. 28-9)
No. 2: 2 Beresosɛm 28:1-15
No. 3: Ogya a Wɔde Bɔ Asu Nyɛ Honhom Kronkron a Wɔde Bɔ Asu (rs–E kr. 57 nky. 4–kr. 58 nky. 2)
No. 4: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yesusuw Bible no Ho (rs–E nkr. 58-60 nky. 2)
Apr. 9 Bible akenkan: 2 Beresosɛm 30-33
No. 1: Ɔkwan Bɛn so na Nnipa Betumi Ahyira Yehowa Nyankopɔn? (w99-TW 5/15 nkr. 21-4)
No. 2: 2 Beresosɛm 33:1-13
No. 3: Adanse a Yesaia ne Yeremia De Ma sɛ Bible no Fi Honhom Mu (rs-E kr. 60 nky. 3–kr. 61 nky. 3)
No. 4: Yesu Nkɔmhyɛ Ahorow a Enya Mmamu no Kyerɛ sɛ Bible no Fi Honhom Mu (rs-E kr. 61 nky. 4–kr. 62 nky. 1)
Apr. 16 Bible akenkan: 2 Beresosɛm 34-36
No. 1: 2 Beresosɛm—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si–E kr. 84 nky. 34-6)
No. 2: 2 Beresosɛm 36:1-16
No. 3: Bible no Ne Nyansahu Hyia (rs–E kr. 62 nky. 2–kr. 64 nky. 3)
No. 4: Anoyi a Yɛde Bɛma Wɔ Nsɛm a Wɔka Tia Bible no Ho (rs–E kr. 64 nky. 4–kr. 68 nky. 1)
Apr. 23 Bible akenkan: Esra 1-6
No. 1: Esra Nnianim Asɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si–E kr. 85 nky. 1-7; kr. 87 nky. 14-18)
No. 2: Esra 4:1-16
No. 3: Dɛn Nti na Kristofo Nni Awoda? (rs–E nkr. 68-70 nky. 2)
No. 4: Dɛn Nti na Kristofo Twe Wɔn Ho Fi Mogya Ho? (rs–E nkr. 70-2 nky. 3)
Apr. 30 Sɔhwɛ. Bible akenkan: Esra 7-10
Dwom 203
May 7 Bible akenkan: Nehemia 1-5
No. 1: Nehemia Nnianim Asɛm (si–E kr. 88 nky. 1-5)
No. 2: Nehemia 1:1-11
No. 3: Dɛn Nti na Kristofo Nnye Mogya? (rs–E kr. 72 nky. 4–kr. 73 nky. 4)
No. 4: Mmuae a Yɛde Bɛma Wɔ Nsɛm a Wɔka Fa Mogya Ho Ho (rs–E kr. 74 nky. 1–kr. 76 nky. 2)
May 14 Bible akenkan: Nehemia 6-9
Dwom 155
No. 1: Kristofo Asafo no Yɛ Baabi a Yenya Denhyɛ (w99-TW 5/15 nkr. 25-8)
No. 2: Nehemia 9:1-15
No. 3: Dɛn na Wo a Wɔwo Obi Foforo no Kyerɛ? (rs–E nkr. 76-7 nky. 7)
No. 4: Nkwagye Nnyina ‘Wo a Wɔwo Obi Foforo no So’ (rs–E kr. 77 nky. 8–kr. 79 nky. 1)
May 21 Bible akenkan: Nehemia 10-13
No. 1: Nehemia—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si–E nkr. 90-1 nky. 16-19)
No. 2: Nehemia 12:27-43
No. 3: Mmuae a Yɛde Bɛma Wɔ Adwenhorow a Wɔda no Adi Wɔ Wo a Wɔwo Obi Foforo Ho (rs–E kr. 79 nky. 3–kr. 80 nky. 2)
No. 4: Bɔne a Wɔka Kyerɛ Asɔfo—Dɛn Nti na Ennyina Kyerɛwnsɛm So? (rs–E nkr. 80-1 nky. 9)
May 28 Bible akenkan: Ester 1-4
No. 1: Ester Nnianim Asɛm (si–E nkr. 91-2 nky. 1-6)
No. 2: Ester 1:1-15
No. 3: Bɔne a Wɔyɛ Tia Onyankopɔn ne Onipa a Wɔka Kyerɛ (rs–E kr. 83 nky. 2-8)
No. 4: Dɛn nti na Ɛsɛ sɛ Wɔka Bɔne a Anibere Wom Kyerɛ Mpanyimfo? (rs–E kr. 83 nky. 9–kr. 84 nky. 4)
June 4 Bible akenkan: Ester 5-10
No. 1: Ester—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si–E kr. 94 nky. 16-18)
No. 2: Ester 5:1-14
No. 3: Dɛn Nti na Ntease Wom sɛ Yebegye Adebɔ Adi? (rs–E nkr. 84-6 nky. 2)
No. 4: Bible Kyerɛwtohɔ a Ɛfa Adebɔ Ho a Yɛbɛte Ase (rs–E kr. 86 nky. 3–kr. 88 nky. 4)
June 11 Bible akenkan: Hiob 1-7
No. 1: Hiob Nnianim Asɛm (si-E nkr. 95-6 nky. 1-6)
No. 2: Hiob 1:6-22
No. 3: Dɛn Nti na Mmeamudua Som no Nnyina Kyerɛwnsɛm So? (rs–E kr. 92 nky. 1–kr. 93 nky. 1)
No. 4: Dɛn Nti na Nnipa Wu? (rs-E nkr. 98-9 nky. 6)
June 18 Bible akenkan: Hiob 8-14
Dwom 192
No. 1: Saul—Anwenne a Awurade Paw No (w99-TW 5/15 nkr. 29-31)
No. 2: Hiob 8:1-22
No. 3: Ɛhe na Awufo Wɔ, na Tebea Bɛn Mu na Wɔwɔ? (rs–E kr. 99 nky. 7–kr. 101 nky. 4)
No. 4: Dɛn Nti na Yehowa Adansefo Mfa Wɔn Ho Nhyɛ Tete Ayi Ho Amanne Mu? (rs–E kr. 102 nky. 1–kr. 103 nky. 2)
June 25 Bible akenkan: Hiob 15-21
No. 1: Onyankopɔn Nkyɛ Ne Bɔhyɛ Ho (w99-TW 6/1 nkr. 4-7)
No. 2: Hiob 17:1-16
No. 3: Mmuae a Yɛde Bɛma Wɔ Owu Ho Adwene a Ɛnteɛ Ho (rs–E kr. 103 nky. 3–kr. 104 nky. 1)
No. 4: Adaeso: Nea Efi Honhom Mu ne Afoforo (rs–E nkr. 104-6 nky. 3)
July 2 Bible akenkan: Hiob 22-29
Dwom 173
No. 1: So Ɛsɛ sɛ Wunya Nneɛma Ho Adwene Kɔ Akyiri? (w99-TW 6/15 nkr. 10-13)
No. 2: Hiob 27:1-23
No. 3: Nnuru—Bere a Ɛnsɛ sɛ Kristofo Nom (rs–E nkr. 106-8 nky. 1)
No. 4: Nea Enti a Kristofo Nnom Wii (rs–E kr. 108 nky. 2–kr. 109 nky. 2)
July 9 Bible akenkan: Hiob 30-35
No. 1: Nea Enti a Wubetumi De Wo Ho Ato Bible Nkɔmhyɛ So (w99-TW 7/15 nkr. 4-8)
No. 2: Hiob 31:1-22
No. 3: Dɛn Nti na Kristofo Nnom Tawa? (rs–E kr. 109 nky. 3–kr. 111 nky. 3)
No. 4: Subammɔne so a Yebedi—Ɔkwan Bɛn So? (rs–E kr. 111 nky. 4–kr. 112 nky. 3)
July 16 Bible akenkan: Hiob 36-42
Dwom 160
No. 1: Hiob—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 100 nky. 39-43)
No. 2: Hiob 36:1-22
No. 3: Amanaman Ntumi Nsɛe Onyankopɔn Atirimpɔw Ma Asase No (rs–E nkr. 112-13 nky. 5)
No. 4: So Yehowa De Ogya Bɛsɛe Asase No? (rs-E kr. 113 nky. 6–kr. 115 nky. 1)
July 23 Bible akenkan: Dwom 1-10
No. 1: Nnwom Nnianim Asɛm—Ɔfã 1 (si–E kr. 101 nky. 1-5)
No. 2: Dwom 3:1–4:8
No. 3: Yerusalem Foforo no Mufo Rensan Mma Asase so Bere a Wɔasɛe Abɔnefo No (rs–E kr. 115 nky. 2–kr. 116 nky. 1)
No. 4: So Onyankopɔn Mfitiase Atirimpɔw Ma Asase no Asakra? (rs–E kr. 116 nky. 2–kr. 117 nky. 2)
July 30 Bible akenkan: Dwom 11-18
No. 1: Nnwom Nnianim Asɛm—Ɔfã 2 (si–E kr. 102 nky. 6-11)
No. 2: Dwom 11:1–13:6
No. 3: Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Ahyɛ Ayarefo Nkuran? (rs–E nkr. 117-18 nky. 1)
No. 4: Sɛnea Yebetumi Ahyɛ Wɔn a Wɔn Biribi Awu no Nkuran (rs–E kr. 118 nky. 2-6)
Aug. 6 Bible akenkan: Dwom 19-26
No. 1: Nkitahodi Pa—Ade a Ɛma Wonya Aware Pa (w99-TW 7/15 nkr. 21-3)
No. 2: Dwom 20:1–21:13
No. 3: Nkuranhyɛ Ma Wɔn a Onyankopɔn Apɛde a Wɔyɛ Nti Wɔtaa Wɔn (rs–E kr. 118 nky. 7–kr 119. nky. 4)
No. 4: Ɔkwan Bɛn so na Wubetumi Ahyɛ Wɔn a Atɛnkyea Ama Wɔahaw no Nkuran? (rs–E kr. 119 nky. 5–kr. 120 nky. 2)
Aug. 13 Bible akenkan: Dwom 27-34
No. 1: Filipo—Ɔsɛmpakafo a Ɔyɛ Nsi (w99-TW 7/15 nkr. 24-5)
No. 2: Dwom 28:1–29:11
No. 3: Nkuranhyɛ Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Wɔn a Sikasɛm Ama Wɔn Ho Akyere Wɔn No? (rs–E kr. 120 nky. 3-7)
No. 4: Nkuranhyɛ Ma Wɔn a Sintɔ Ahorow Bi Ama Wɔn Abam Abu (rs–E kr. 120 nky. 8–kr. 121 nky. 3)
Aug. 20 Bible akenkan: Dwom 35-39
No. 1: Atipɛnfo Nhyɛso—So Ɛso Betumi Aba Wo Mfaso? (w99-TW 8/1 nkr. 22-5)
No. 2: Dwom 38:1-22
No. 3: Adannandi—Adwennwen Ma Nyansahufo (rs–E nkr. 121-3 nky. 1)
No. 4: Adannandi, Tete Mmoa Afunu Ho Kyerɛwtohɔ, ne Ntease (rs–E kr. 123 nky. 2–kr. 126 nky. 2)
Aug. 27 Sɔhwɛ. Bible akenkan: Dwom 40-47
Sept. 3 Bible akenkan: Dwom 48-55
No. 1: Mma Abufuw Nnni Wo So (w99-TW 8/15 nkr. 8-9)
No. 2: Dwom 49:1-20
No. 3: Mmuae a Yɛde Bɛma Wɔ Nsɛm a Adannandifo Ka Ho. (rs–E kr. 126 nky. 3–kr. 128 nky. 3)
No. 4: Dɛn Nti na Nnipa Pii Nni Gyidi? (rs–E nkr. 129-30 nky. 2)
Sept. 10 Bible akenkan: Dwom 56-65
No. 1: So Ɔbonsam na Ɔma Yɛyare? (w99-TW 9/1 nkr. 4-7)
No. 2: Dwom 59:1-17
No. 3: Ɔkwan Bɛn so na Obi Betumi Anya Gyidi? (rs–E kr. 130 nky. 3–kr. 131 nky. 3)
No. 4: Nnwuma Da Gyidi a Obi Wɔ Wɔ Trenee Nhyehyɛe Foforo Ho Anidaso Mu no Adi (rs–E kr. 131 nky. 5–kr. 132 nky. 2)
Sept. 17 Bible akenkan: Dwom 66-71
Dwom 210
No. 1: Paw “Nea Eye No” (w99-TW 9/1 nkr. 30-1)
No. 2: Dwom 69:1-19
No. 3: Ɔkwan Bɛn na Yebetumi Afa so Ahu Atoro Adiyifo? (rs-E nkr. 132-4 nky. 2)
No. 4: Ɛnyɛ Bere Nyinaa na Nokware Adiyifo Tee Sɛnea Nneɛma a Wɔhyɛɛ Ho Nkɔm no Bɛba ne Bere a Ɛbɛba no Ase (rs–E kr. 134 nky. 3-8)
Sept. 24 Bible akenkan: Dwom 72-77
Dwom 217
No. 1: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wudi Wo Bɔhyɛ So? (w99-TW 9/15 nkr. 8-11)
No. 2: Dwom 73:1-24
No. 3: Nsɛm a Nokware Diyifo Ka Hyɛ Nokware Som Ho Nkuran (rs–E kr. 135 nky. 1-2)
No. 4: Wɔde Nokware Adiyifo Aba na Ehu Wɔn (rs–E kr. 135 nky. 3–kr. 137 nky. 1)
Oct. 1 Bible akenkan: Dwom 78-81
No. 1: Hu Nyansa, na Gye Nteɛso Tom (w99-TW 9/15 nkr. 12-15)
No. 2: Dwom 78:1-22
No. 3: Mmuae a Yɛde Bɛma Wɔn a Wɔfrɛ Yɛn Atoro Adiyifo No (rs–E kr. 137 nky. 2-4)
No. 4: Onyankopɔn Nhyɛ Da a Obiara Bewu Nto Hɔ (rs–E kr. 138 nky. 1-3)
Oct. 8 Bible akenkan: Dwom 82-89
Dwom 221
No. 1: Timoteo—‘Gyidi Mu Ɔba Nokwafo’ (w99-TW 9/15 nkr. 29-31)
No. 2: Dwom 88:1-18
No. 3: Ɛnyɛ Biribiara a Esi na Ɛyɛ Onyankopɔn Pɛ (rs–E kr. 139 nky. 1–kr. 140 nky. 2)
No. 4: Ɛnyɛ Biribiara na Onyankopɔn Di Kan Hu na Ɔhyɛ To Hɔ (rs-E kr. 140 nky. 3-5)
Oct. 15 Bible akenkan: Dwom 90-98
No. 1: Wɔahyɛ Yɛn Den sɛ Yɛnko Ntia Bɔneyɛ (w99-TW 10/1 nkr. 28-31)
No. 2: Dwom 90:1-17
No. 3: Tumi a Onyankopɔn Tumi Di Kan Hu Nsɛm a Ebesisi na Ɔhyɛ To Hɔ (rs–E kr. 141 nky. 1-4)
No. 4: Nea Enti a Onyankopɔn Amfa Ne Tumi a Ɛma Odi Kan Hu Nea Ɛbɛba no Anni Dwuma Wɔ Adam Ho (rs–E kr. 142 nky. 1-3)
Oct. 22 Bible akenkan: Dwom 99-105
No. 1: Ɔdɔ Kwan a Ɛkyɛn So a Yebesua (w99-TW 10/15 nkr. 8-11)
No. 2: Dwom 103:1-22
No. 3: Onyankopɔn Anhyɛ Nea Yakob, Esau, Anaasɛ Yuda Bɛyɛ Anto Hɔ (rs–E kr. 142 nky. 4–kr. 143 nky. 2)
No. 4: Ɔkwan Bɛn so na Wodii Kan Kaa Kristofo Asafo no Ho Asɛm Too Hɔ? (rs–E kr. 143 nky. 3–kr. 144 nky. 1)
Oct. 29 Bible akenkan: Dwom 106-109
Dwom 214
No. 1: ‘Yehowa na Ɔma Nyansa’ (w99-TW 11/15 nkr. 24-7)
No. 2: Dwom 107:1-19
No. 3: Dɛn na Kyerɛwnsɛm no Ka Wɔ Nsoromma Mu Hwɛ Ho? (rs-E kr. 144 nky. 2–kr. 145 nky. 2)
No. 4: Ntease Pa Bɛn na Ɛma Yegye Onyankopɔn Di? (rs–E nkr. 145-6 nky. 5)
Nov. 5 Bible akenkan: Dwom 110-118
No. 1: Adiyisɛm No—So Ɛsɛ sɛ Yesuro Anaasɛ Yɛhwɛ Kwan? (w99-TW 12/1 nkr. 5-8)
No. 2: Dwom 112:1–113:9
No. 3: Nsɛmmɔnedi ne Amanehunu Nkyerɛ sɛ Onyankopɔn Nni Hɔ (rs–E kr. 146 nky. 6–kr. 147 nky. 1)
No. 4: Onyankopɔn Yɛ Ɔteasefo Ankasa a Otumi Da Nkate Adi (rs–E kr. 147 nky. 2–kr. 148 nky. 3)
Nov. 12 Bible akenkan: Dwom 119
No. 1: Mma Wo Mmɔdenbɔ Mmmɛyɛ Wo Mmerɛwyɛ (w99-TW 12/1 nkr. 26-9)
No. 2: Dwom 119:1-24
No. 3: Onyankopɔn Nni Mfiase (rs–E kr. 148 nky. 4-7)
No. 4: Onyankopɔn Din a Yɛde Bedi Dwuma Ho Hia Ma Nkwagye (rs–E kr. 149 nky. 1-4)
Nov. 19 Bible akenkan: Dwom 120-137
Dwom 175
No. 1: Nnwom—Nea Enti a Mfaso Wɔ So—Ɔfã 1 (si–E nkr. 104-5 nky. 23-7)
No. 2: Dwom 120:1–122:9
No. 3: So Ɔsom Nyinaa Ye? (rs–E kr. 149 nky. 5-8)
No. 4: “Onyankopɔn” Bɛn na Yesu Yɛ? (rs–E kr. 150 nky. 1-2)
Nov. 26 Bible akenkan: Dwom 138-150
No. 1: Nnwom—Nea Enti a Mfaso Wɔ So—Ɔfã 2 (si–E nkr. 105-6 nky. 28-32)
No. 2: Dwom 139:1-24
No. 3: Mmuae a Yɛde Bɛma Wɔ Onyankopɔn Mu Gyidi Ho Nsɛm a Ɛmfata a Wɔka Ho (rs–E kr. 150 nky. 3–kr. 151 nky. 3)
No. 4: Nea Enti a Nnipa Ntumi Nhyehyɛ Nniso a Ɛfata (rs–E kr. 152-3 nky. 1)
Dec. 3 Bible akenkan: Mmebusɛm 1-7
No. 1: Mmebusɛm Nnianim Asɛm—Ɔfã 1 (si–E nkr. 106-7 nky. 1-5)
No. 2: Mmebusɛm 4:1-27
No. 3: Nea Enti a Mmɔden a Nnipa Bɔ sɛ Wɔbɛma Yɛn Ho Atɔ Yɛn no Ntumi Nyɛ Yiye (rs–E kr. 153 nky. 2–kr. 154 nky. 2)
No. 4: Onyankopɔn Ahenni Nkutoo na Ebedi Adesamma Ahiade Ankasa Ho Dwuma (rs–E kr. 154 nky. 3–kr. 155 nky. 1)
Dec. 10 Bible akenkan: Mmebusɛm 8-13
No. 1: Mmebusɛm Nnianim Asɛm—Ɔfã 2 (si–E nkr. 107-8 nky. 6-11)
No. 2: Mmebusɛm 13:1-25
No. 3: Ada Adi sɛ Yebetumi De Yɛn Ho Ato Bible Nkɔmhyɛ So Koraa (rs-E kr. 155 nky. 2-5)
No. 4: Ɛnyɛ Onyankopɔn Honhom na Wɔde Sa Nyarewa Wɔ Anwonwakwan So Nnɛ (rs–E nkr. 156-7 nky. 3)
Dec. 17 Bible akenkan: Mmebusɛm 14-19
No. 1: Mmebusɛm—Nea Enti a Mfaso Wɔ So—Ɔfã 1 (si–E nkr. 109-10 nky. 19-28)
No. 2: Mmebusɛm 16:1-25
No. 3: Nsonsonoe a Ɛda Yesu ne N’asomafo no Ayaresa ne Nea Wɔyɛ Nnɛ Ntam (rs–E kr. 157 nky. 4–kr. 158 nky. 2)
No. 4: Ɔkwan a Wɔfa so Hu Nokware Kristofo Nnɛ (rs–E kr. 158 nky. 3–kr. 159 nky. 1)
Dec. 24 Bible akenkan: Mmebusɛm 20-25
No. 1: Mmebusɛm—Nea Enti a Mfaso Wɔ So—Ɔfã 2 (si–E nkr. 110-11 nky. 29-38)
No. 2: Mmebusɛm 20:1-30
No. 3: Nea Enti a Wɔde Ayaresa Akyɛde no Mae Wɔ Afeha a Edi Kan no Mu (rs–E kr. 159 nky. 2–kr. 160 nky. 2)
No. 4: Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ sɛ Adesamma Benya Ayaresa Ankasa? (rs-E kr. 160 nky. 3-5)
Dec. 31 Sɔhwɛ. Bible Akenkan: Mmebusɛm 26-31
Dwom 180
[Ase hɔ nsɛm]
Munsusuw sɛnea mubedi nsɛm a wɔka, anoyi, ne nea ɛkeka ho ho dwuma yiye wɔ asasesin no mu ho sɛnea bere ma kwan.