Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma November: Yɛbɛkyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto So 36. Asafo ahorow a wotumi kyekyɛɛ Ahenni Asɛm a Ɛto So 36 no wɔ wɔn asasesin mu maa afiewuranom nyinaa wiei no betumi de Ahwehwɛde nhomawa anaa Nimdeɛ nhoma no ama. Sɛ nkurɔfo wɔ eyi bi dedaw a, wobetumi de Tra Ase Daa anaa Creation nhoma no ama. December: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ne New World Translation. January: Nhoma dedaw biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1986 reba a mo asafo no wɔ bi. Asafo ahorow a wɔwɔ Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ nso betumi de ama. February: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation?, Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!, anaa nhoma biara a ɛwɔ nkratafa 192 a mo asafo no wɔ bi.
◼ Sɛ yewie Ahenni Asɛm a Ɛto So 36 ɔsatu no a, asafo ahorow a wɔda so wɔ bi no betumi ahyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔmfa mma te sɛ nea wɔde nkratawa ma no ara—wɔ afie afie ne baabi foforo biara. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, adawurubɔfo betumi de biako ahyɛ baabi ama wɔn a wɔankɔto wɔn wɔ fie no, a wɔremma wɔn a wɔretwam no nhu. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden kyekyɛ saa asɛm a ɛsom bo yi nkae nyinaa.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu December 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔhwehwɛ mu wie a, mommɔ asafo no amanneɛ, bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no kra 2001 Yearbook of Jehovah’s Witnesses wɔ krataa a wɔde bɛkra nhoma wɔ November mu no so. Yearbook no wɔ Engiresi kasa mu. Ansa na yɛn nsa bɛka Yearbook no de amena mo no, ebepue wɔ krataa a nneɛma a wɔde brɛ mo din wɔ so no so sɛ “Pending.” Yearbook no yɛ nhoma a wɔkra ma wɔn a wobisa.
◼ Efi February 5, 2001 dapɛn no mu no, asafo biara a wɔka ɔman yi mu kasa no besua Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba wɔ Asafo Nhoma Adesua ase. Asafo ahorow no betumi akra nhoma yi bi wɔ krataa a wɔde bɛkra nhoma ɔsram a edi hɔ no so.
◼ Wɔ “Onyankopɔn Asɛm Yɛfo” Ɔmantam Nhyiam a ebefi ase November awiei akosi January mu no biara ase no, wɔne wɔn a wɔn ani gye Betel som ho nyinaa behyiam. Sɛ w’ani gye Betel som ho na wonwaree anaasɛ woaware na wunni ba a, bɔ mmɔden kɔ nhyiam yi bi.
◼ Asafo ahorow no ne adawurubɔfo nyinaa nhyɛ eyi nsow: Address a ɛsɛ sɛ mobɔ gu krataa biara a mokyerɛw brɛ Asafo ti no so ne Watch Tower Society, P. O. Box GP 760, Accra. Monnkyerɛw krataa biara akyi sɛ nea mode rekɔma Baa Boayikuw no anaa wɔn kyerɛwfo no. Ɛno ma krataa no ho adwuma a yɛbɛyɛ no ka akyi.