Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/00 kr. 6
  • Mommɔ Bra Pa a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mommɔ Bra Pa a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Munni Nea Eye Akyi Daa”
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • “Monyɛ Mo Ade Nyinaa Ɔdɔ Mu”
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Monyɛ Kronkron Abrabɔ Nyinaa Mu
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Yɛ Papa Ma Wɔnkamfo Wo!
    Yɛn Ahenni Som—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 11/00 kr. 6

Mommɔ Bra Pa a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam

1 Baabiara a yɛwɔ no, yɛn abrabɔ, yɛn ntadehyɛ, ne yɛn ahosiesie di yɛne Onyankopɔn a yɛsom no no ho adanse. Eyi bɛda adi kɛse wɔ nhyiam akɛse a Onyankopɔn nkurɔfo yɛ no ase bere a nkurɔfo pii hu yɛn no. Sɛ yɛda suban pa adi a, ɛma wɔhyɛ Yehowa din anuonyam. (1 Pet. 2:12) Nanso, subammɔne a nnipa kakraa bi bɛda no adi no betumi de ahohorabɔ aba Onyankopɔn din ne ne nkurɔfo so. (Ɔsɛnk. 9:18b) Kae a yɛbɛkae sɛ wɔn a wonni asafo no mu no gyina yɛn abrabɔ so nya yɛn ahyehyɛde no ne Onyankopɔn a yɛsom no no ho adwene bi no ma ɛho hia yɛn sɛ ‘yɛbɛyɛ biribiara de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.’—1 Kor. 10:31.

2 Suban Pa a Yɛbɛda no Adi Wɔ Ahɔhodan Ahorow Mu: Mpɛn pii no, afiewuranom kyerɛ anisɔ kɛse wɔ nneɛma a Yehowa Adansefo yɛ no wɔano wɔano, suban pa a wɔda no adi, ne wɔn ahotew no, ho. Ahɔhodan wura bi kaa Adansefo mmusua a wɔbɛtraa n’ahɔhodan mu ho asɛm sɛ: “Minhuu mmofra pa sɛɛ da sɛ Yehowa Adansefo mma! Wɔn ahosiesie ho twa; wobu ade, wɔn ani abue, na wɔda suban pa adi; na wɔnyɛ basabasa biara. Ɛsɛ sɛ yɛkamfo mo ankasa wɔ mo mmofra no ho. Yɛn ani agye sɛ mo mmofra no baa ha.” Nsɛm a ɛte saa no fata efisɛ wɔn a wɔne yɛn bɔ no tumi hu ɔdɔ ne obu a ɛwɔ Yehowa nkurɔfo mu no.

3 Nanso, nsɛm a afiewuranom bi aka no da no adi sɛ ebinom yɛ anibiannaso anaasɛ wɔyɛ fie hɔ nneɛma basabasa. Eyi de ɔhaw ba na ɛma wotumi kasa tia yɛn. Afiewuranom bi ka sɛ mmofra ne wɔn a wɔadu wɔn mpanyin afe so no yɛ dede na wommu ade, na wɔn awofo mma wɔn ani nku wɔn ho bere a wɔredi agoru wɔ fie hɔ no.

4 Ahɔhodan ne sukuu ahorow pii wɔ mmara a wɔhwɛ kwan sɛ ahɔho a wɔba hɔ no bedi so. Anuanom bi bu saa mmara yi so, na wɔyɛ dede noa nnuan wɔ wɔn adan mu. Ahɔhodan wuranom ka kyerɛ yɛn sɛ sɛ yɛnoa aduan bere a wɔmmaa kwan a, na yɛresɛe wɔn agyapade. Ɛnyɛ adan no mu nko na wɔsɛe no, na mmom, pampan a ɛka dan no mu bere tenten nso mma wontumi mfa adan no mma nnipa foforo nnafua anaa adapɛn pii. Sɛ wɔankyerɛ pɔtee sɛ yɛnnoa aduan wɔ dan no mu a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa.

5 Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kɛse ne afiewuranom yɛ biako koraa. Ɛda adi sɛ, yɛmpɛ sɛ wonya Yehowa nkurɔfo ho adwene a ɛmfata biara. Sɛ́ Kristofo no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade pɛpɛɛpɛ bere nyinaa. Ɛnsɛ sɛ yɛfa mpasotam anaa “biribi a ɛbɛma yɛakae hɔ” biara fi ahɔhodan mu hɔ, efisɛ eyi bɛkyerɛ korɔnbɔ; saa ara na ɛnsɛ sɛ yɛkata nnipa dodow a wɔbɛtra dan no mu so bere a yɛrebisa ho kwan no.

6 Ahosiesie a Ɛfata a Yebekura mu Wɔ Nhyiam Ase: Ɛmfa ho baabi ko a yɛreyɛ nhyiam no, ɛsɛ sɛ yebu hɔ sɛ Ahenni Asa kɛse bere a nhyiam no rekɔ so no. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata na yesiesie yɛn ho te sɛ nea yɛrekɔ nhyiam wɔ yɛn asafo mu no ara. Bere a yɛakɔ nhyiam ne bere a yɛapɔn nyinaa no, ɛnsɛ sɛ anuanom hyɛ ntade a ɛnsɛ anaa ntade a aba so, a ɛda wiase honhom adi na ɛmma wontumi nhu yɛn sɛ nkurɔfo a wɔda nsow no. Ɛsɛ sɛ anuanom mmea hwɛ hu sɛ sɛnea wɔpam wɔn ntade ne sɛnea ntade no tenten te no yɛ nea ɛsɛ. (1 Tim. 2:9, 10) Sɛ ebia yɛrekɔ nhyiam, anaa yɛte ahɔhodan bi mu, anaa yɛredidi wɔ adidibea, anaa yɛretɔ biribi wɔ sotɔɔ mu no, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho adi bere nyinaa sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo, na yɛanto obiara hintidua.—2 Kor. 6:3.

7 Wɔbɛbɔ afoforo asu Memeneda anɔpa wɔ nhyiam no ase. April 1, 1995, Ɔwɛn-Aban, no kratafa 30 kyerɛkyerɛ su a ɛsɛ sɛ yɛda no adi wɔ mmere a ɛtete saa no mu. Ɛka sɛ, ɛsɛ sɛ “yebu asubɔ aniberesɛm sɛnea ɛfata. Ɛnyɛ ahurusidi ntraso, apontow anaa osebɔ, bere. Saa ara nso na ɛnyɛ bere a yɛbɛyɛ yɛn anim mmɔbɔmmɔbɔ anaa yebekunkum yɛn anim.” Ɛremfata sɛ wɔn a wobegye asubɔ no bɛhyɛ asuguare ntade a ɛkyekyere wɔn papee anaasɛ ɛnkata wɔn ho yiye, sɛ wɔyɛ mmarima anaa mmea no. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bu Kristofo asubɔ aniberesɛm na yɛma yɛn ani gye.

8 Petro twe adwene si ‘nnipa ko a ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu’ no so. (2 Pet. 3:11) Ɛmmra sɛ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe wɔ “Onyankopɔn Asɛm Yɛfo” Ɔmantam Nhyiam no ase bɛma komapafo ahu yɛn Nyankopɔn kɛse a ɔfata nidi ne anuonyam no na wɔasom no.—1 Kor. 14:24, 25.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena