Yɛ Papa Ma Wɔnkamfo Wo!
1 “Mihu sɛ wodwo koraa sen nnipa biara a mahu wɔn pɛn.” “Ɛyɛ anigye sɛ yebenya nnipa a wɔte saa.” Eyi ka nsɛm a nkurɔfo ka faa afe a etwaam ɔmantam nhyiam a yɛyɛe ho no ho, na esi din pa a yɛwɔ sɛ ahyehyɛde no so dua. (Mmeb. 27:2; 1 Kor. 4:9) Ɛda adi pefee sɛ eyinom nyinaa hyɛ Yehowa anuonyam. (Mat. 5:16) Yɛwɔ hokwan kɛse foforo a yɛnam so beyi Onyankopɔn ayɛ afe yi wɔ “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” Ɔmantam Nhyiam no ase.
2 Afe biara yɛn nsa ka nkaesɛm a ɛfata a ɛma yɛda su pa adi wɔ nhyiam ase. Adɛn ntia? Efisɛ yɛmpɛ sɛ yebesuasua wiase no su, ahosiesie, ne abrabɔ, a ɛkɔ so sɛe no. Yɛmpɛ sɛ din pa a yɛwɔ no ho bɛba asɛm. (Efe. 2:2; 4:17) Mommma yɛn werɛ mmfi nyansahyɛ a edidi so yi.
3 Yɛ Papa—Wɔ Faako a Wobɛsoɛ No: Wonim yɛn sɛ yedi nokware. (Heb. 13:18) Enti, ɛsɛ sɛ yedi nokware wɔ nnipa dodow a yɛne wɔn bɛtra ahɔhodan mu no ho. Sɛ wɔmma hokwan sɛ yɛnoa aduan wɔ ɔdan bi mu a, enni sɛ yɛyɛ saa. Ahɔhodan wura bi kae sɛ otumi tew bo a ogye Yehowa Adansefo no so efisɛ mpopaho no bi anyera na wahyɛ ananmu. Onim sɛ wɔbɛhwɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ no so yiye. Enni sɛ yɛfa “nkae ade” biara fi ahɔhodan anaa ɔdan biara a yɛte mu no mu. Mmom no, sɛ mfomso biara nni ho a, kyɛ ade fa kyerɛ mmoa a wɔde ama wo no ho anisɔ. Yɛ anifere bere nyinaa na tɔ wo bo ase bere a wo ne ahɔhodan ne sukuu adwumayɛfo redi nsɛm no.
4 Sɛ nkurɔfo hu sɛ yɛn mma da su pa ne obu adi a, wɔn ani gye. (Efe. 6:1, 2) Awofo, yɛsrɛ sɛ monhwɛ mo mma na wɔanyɛ biribi anhaw nkurɔfo adwene, mpo bere a wɔredi agoru no. Enni sɛ obiara keka apon hwe mu anaasɛ wɔyɛ dede, ɛnkanka anadwo ne ahemadakye.
5 Yebetumi ayɛ papa denam wɔn a wɔnyɛ Adansefo a wɔn nso abɛsoɛ ahɔhodan no mu a yebesusuw wɔn ho no so. Ɛmfata sɛ yɛsesaw nnuan anaa kɔfe a akyiri yi yebedi anaa yɛbɛnom. Ɛnsɛ sɛ yɛte nka nso sɛ yɛnhyɛ ahɔhodan hɔ mmara ase.
6 Yɛ Papa—Wɔ Nhyiambea Hɔ: Yɛahyɛ no nsow sɛ nhyiamfo binom ntie nea anuanom a wogye ahɔho no ka no, na wɔtaa kasa kyerɛ wɔn ɔkwan a enye so. Ɛnam sɛ ebinom antie akwankyerɛ a anuanom yi de mae na wɔde wɔn kar sisii beae biara a wɔpɛ nti, ɛde nsɛnnennen bae. Nokwarem no, pɛsɛmenkominya a obi bɛyɛ no nkyerɛ sɛ ɔyɛ adepa, na saa nso na ɛmfa ayeyi mmrɛ Yehowa Nyankopɔn. Enti momma yɛnna ɔdɔ, boasetɔ, ne osetie, adi.—Gal. 5:22, 23, 25.
7 Yehu sɛ anuanom bi tu mmirika, piapia afoforo Kwasida anɔpa sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya baabi “pa” atra ahwɛ drama no. Nneyɛe a ɛte saa no ama ebinom apirapira. Yɛmpɛ nso sɛ yɛde abo anaa nneɛma foforo biara begu nkongua so na ade kye a yɛatra so. Ɛwom sɛ yɛaka sɛ yɛmfa aduan a emu nyɛ duru mmra mmedi awiabere ade, nanso ɛmfata sɛ yɛbɛto pon kɛse wɔ beae a kar gyinagyina no. Eyi bɛma afoforo anya adwene a ɛmfata na asiw wɔn kwan.
8 Yɛ Papa—Denam W’atadehyɛ ne W’ahosiesie So: Bere a afe a etwaam no nhyiam biako a wɔyɛɛ no U.S. no baa awiei no, kuropɔn kɛse bi mu atesɛm krataa samufo bi kyerɛwee sɛ: “Nea na ɛyɛ anigye kɛse ne su a Adansefo no ankasa daa no adi no. Hwɛ akomatɔyam a na ɛyɛ sɛ wohuu nnipa pii a wɔte saa a wɔda nidi ne obu adi. Mmusua ɔhaha pii a ɛsono baabi a obiara fi hyehyɛɛ wɔn ntade a ɛyɛ fɛ Kwasida too santen brɛoo kɔɔ agodibea hɔ. Na wɔn abrabɔ da nsow koraa wɔ kuw afoforo pii a wɔba agodibea hɔ no de ho. Ampa, Adansefo no da nsow koraa wɔ nnipakuw afoforo nyinaa ho. Ɛnyɛ na koraa sɛ yebehu nkurɔfo sɛ wɔda subammɔne adi wɔ baguam. . . . Nokwarem no, ɛyɛ ahomeka koraa sɛ wubehu sɛ Adansefo ahyiam.” Mommma ɛmmma sɛ yɛbɛma yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie anaa yɛn abrabɔ asɛe honhom fam atirimpɔw a nhyiam no kura no.—Fil. 1:10; 1 Tim. 2:9, 10.
9 Yɛ Papa—Bere a Worebɔ Asu No: Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛbɔ wɔn asu no da obu kɛse adi ma saa adeyɛ yi. Asuguare atade a ɛfata a obi bɛhyɛ no kyerɛ sɛ n’ani sɔ kronkron a saa adeyɛ yi yɛ no. Ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so kɛse sɛ wɔn a wɔne nkurɔfo yɛ Bible adesua no ne wɔn adesuafo no susuw “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ April 1, 1995, Ɔwɛn-Aban mu no ho ansa na wɔakɔ nhyiam no.
10 Yɛn ahosiesie ne yɛn abrabɔ pa di nea yegye di sɛ Kristofo no ho adanse na ɛma nnipa komapafo hu nokware no ntɛm. Enti momma ‘yɛnkɔ so nyɛ papa’ na wɔakamfo yɛn bere a yɛakɔ “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” Ɔmantam Nhyiam no.—Rom. 13:3.