Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/14 kr. 2-5
  • “Munkura Abrabɔ Pa Mu wɔ Amanaman no Mu”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Munkura Abrabɔ Pa Mu wɔ Amanaman no Mu”
  • Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhyiam Nkaebɔ
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Abrabɔ a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Yɛn Amantam Nhyiam​—Edi Nokware no Ho Adanse Kɛse
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Montwɛn Yehowa
    Yɛn Ahenni Som—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2014
km 4/14 kr. 2-5

“Munkura Abrabɔ Pa Mu wɔ Amanaman no Mu”

1. Sɛ yɛkɔ nhyiam no a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yekura abrabɔ pa mu?

1 Afe biara sɛ yɛreyɛ nhyiam akɛse a, ɛtwe nkurɔfo adwene ba yɛn so. Ɛno nti ɛho hia sɛ yɛbɔ bra pa ma afoforo hu sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo ampa. (Lev. 20:26) Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn suban, yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie da no adi pefee sɛ yɛyɛ nokware Kristofo. Ɔmantam anaa amanaman ntam nhyiam a yɛrebɛkɔ yi, yɛbɛyɛ dɛn akura “abrabɔ pa mu wɔ amanaman no mu,” na yɛahyɛ yɛn soro Agya no anuonyam?—1 Pet. 2:12.

2. Nhyiam a yɛrebɛkɔ yi, hokwan bɛn na yebenya de akyerɛ sɛ yɛyɛ Kristofo ampa?

2 Momma Yɛnyɛ Yɛn Ade sɛ Kristofo: Sɛnea yɛdodɔ yɛn ho ne sɛnea yɛne ‘wɔn a wɔnka yɛn ho’ di no ma ɛda adi sɛ yɛyɛ soronko koraa wɔ wiase no ho. (Kol. 3:10; 4:5; 2 Tim. 3:1-5) Sɛ yɛkɔda hotel anaa yɛkɔ adidibea bi na bibiri ankɔ yiye mpo a, ɛsɛ sɛ yenya adwumayɛfo no ho abotare na yɛne wɔn di no ayamye so. Sɛ nkurɔfo som yɛn na yɛkyɛ wɔn biribi a, ɛno nso kyerɛ sɛ yɛwɔ suban pa.

3. Dɛn na wɔrekae awofo sɛ wɔnyɛ, na dɛn ntia?

3 Sɛ awofo ne wɔn mma wɔ nhyiam no ase a ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani kɔ wɔn ho paa. Sɛ mowɔ hotel anaa mokodidi baabi a, ɛhɔ nso momma mo ani nkɔ wɔn ho. (Mmeb. 29:15) Bere a abusua bi kɔɔ adidibea bi kodidii no, ɔbea a ɔhwɛ hɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛn ani gye mo Yehowa Adansefo ho paa. Mo ne mo mma wɔ suban pa na mubu ade. Adwumayɛfo a wɔwɔ ha nyinaa ka mo ho asɛmpa, na yenyae a anka nnawɔtwe biara mo wɔ ha.”

4. Sɛ yɛkɔ nhyiam no a, adɛn nti na bere nyinaa ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ahosiesie yiye?

4 Ntade a Ɛfata: Bere a yɛreyɛ nhyiam no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata. Ɛnsɛ sɛ yɛhyehyɛ ntade huhuuhu a aba so biara. (1 Tim. 2:9) Sɛ yɛrekɔsoɛ hotel a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata; yɛrefi hɔ nso a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Sɛ yɛbɛkɔ baabi ansa na yɛakɔ nhyiam no anaa yɛrekɔpɛ baabi atena adwudwo yɛn ho bere a yɛapɔn no a, ɛnsɛ sɛ yesiesie yɛn ho biarabiara anaa yɛhyehyɛ ntade basabasa. Sɛ yesiesie yɛn ho yiye a yebetumi abɔ yɛn nhyiam baagye, na yenya hokwan nso a, yɛrenfɛre sɛ yebedi adanse. Sɛ yesiesie yɛn ho yiye kɔ nhyiam no, na yɛda suban pa adi a, ɛbɛtwetwe nkurɔfo ama wɔatie Bible mu nkwagye asɛm no, na ɛbɛma Yehowa ani agye.—Sef. 3:17.

Afe 2014 Nhyiam Nkaebɔ

◼ Dwumadi Mmere: Nnansa no nyinaa, wobefi dwumadi no ase anɔpa 9:20. Sɛ wofi ase sɛ wɔrebɔ Ahenni nnwom a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa pɛ baabi tena na ama wɔafi nhyiam no ase wɔ ɔkwan a ɛfata so. Fida ne Memeneda nyinaa sɛ ɛbɔ anwummere 4:55 a, yɛbɛto dwom abɔ mpae de apɔn dwumadi no. Kwasida de, ɛbɔ anwummere 3:50 a na yɛbɛto dwom abɔ mpae apɔn.

◼ Amanaman Ntam Nhyiam: Wɔbɛyɛ amanaman ntam nhyiam wɔ mmeae ahorow bi. Momma yɛnhyɛ no nsow sɛ, Betel adwumayɛbea no ahyɛ da ahwɛ nkongua dodow, baabi a wɔde kar besisi, ne hotel dodow a wobenya ho ato nsa afrɛ asafo ahorow bi ne anuanom a wofi amannɔne sɛ wɔnkɔ nhyiam no bi. Sɛ adawurubɔfo kɔ amanaman ntam nhyiam a wɔntoo nsa mfrɛɛ wɔn no bi a, ɛbɛma nnipa no akyere so wɔ hɔ. Sɛ biribi nti worentumi nkɔ ɔmantam nhyiam a mo asafo bɛkɔ no na sɛ wobɛkɔ nhyiam foforo a, ɛnde kɔ ɔmantam nhyiam mmom na ɛnyɛ amanaman ntam nhyiam.

◼ Baabi a Wɔde Kar Besisi: Sɛ ɛnyɛ yare anaa tebea a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm a, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛtena baabi a yebetumi atie dwumadi no bere nyinaa. Ɛnsɛ sɛ yɛkɔtena yɛn kar mu, efisɛ nneɛma betumi atwetwe yɛn adwene anaasɛ yɛada mpo. Sɛ yɛne yɛn nuanom bom tena faako tie ɔkasa ahorow no a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ honhom fam nsiesiei pa a Yehowa ayɛ ama yɛn no. Esiane sɛ baabi a wɔde kar sisi no sua nti, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ anuanom bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbom afa kar baako.

◼ Akongua a Wɔpɛ To Hɔ Ma Obi: Wɔn a wɔbetena wo kar mu anaa wo ne wɔn te fie anaa wo Bible asuafo nkutoo na wubetumi agyaw kwan ato hɔ ama wɔn. Wobegyaw baabi ama nkwakoraa ne mmerewa ne ayarefo. Onipa baako anaa mmienu a wɔhwɛ saafo yi nko ara na ɛsɛ sɛ wɔtena wɔn nkyɛn, efisɛ baabi a wobegyaw ama wɔn no sua.

◼ Awia Aduan: Sɛ́ anka wubefi nhyiam no ase akɔtɔ aduan no, yɛsrɛ sɛ fa aduan a wubedi no awia ahomegye bere bra. Fa w’aduan gu ade ketewa mu na woatumi de ahyɛ w’akongua ase. Wɔmma kwan sɛ obi de ade kɛse a wɔde nnipa pii aduan gu mu ne ade a etumi bɔ a wɔde nneɛma gu mu bɛba nhyiambea hɔ.

◼ Ntoboa: Yebetumi afi yɛn pɛ mu ayi ntoboa de aboa wiase nyinaa adwuma no wɔ nhyiam no ase de akyerɛ ɔmantam nhyiam nhyehyɛe no ho anisɔ. Sɛ kyɛk na wode beyi ntoboa a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw so sɛ wontua mma “Watch Tower.”

◼ Akwanhyia ne Tebea a Egye Ntɛmpɛ: Sɛ ɔyare bi a emu yɛ den kyere obi mpofirim wɔ nhyiam no ase a, yɛsrɛ wo, frɛ attendant a ɔbɛn wo, na ɔno nso bɛfrɛ wɔn a wɔwɔ First Aid no ntɛm ara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛba abɛhwɛ tebea no de ho mmoa ama.

◼ Ahotew: Sɛ obiara didi wie a, ɛsɛ sɛ osiesie baabi a ɔtena didii no. Wɔde nneɛma a wɔde nwura gu mu besisi nhyiam biara ase, enti hwɛ sɛ wode nkrataa, nnuan ase, nsu rɔba, ne nwura biara begu mu. Saa a yɛbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yɛn ho tew.

◼ Mfonini a Wotwa: Esiane sɛ yɛmpɛ sɛ yedi gua biara wɔ baabi a yehyiam som Onyankopɔn nti, yɛrentwitwa mfonini nnye ho sika. Saa ara nso na yɛremfrɛ wɔn a wotwa mfonini gye ho sika mma wommetwa mfonini anaa video wɔ nhyiam no ase.—w84-E 7/1 kr. 25; afei hwɛ Nhyehyɛe nhoma no kratafa 143, nkyekyɛm 1.

◼ Mmusua a Wɔbɛbom Atena Faako: Ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma nkumaa ne wɔn mma a wonnya nnii mfe aduonu tena faako bere a dwumadi no rekɔ so no sen sɛ wɔbɛma wɔne wɔn atipɛnfo akɔtena baabi. Sɛ awofo ne wɔn mma bom tena faako a, wobetumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔayɛ kyerɛwtohɔ bere a nhyiam no rekɔ so no.

◼ Nnuru: Sɛ dɔkota akyerɛw aduru bi ama wo a wonom a, yɛsrɛ sɛ fa dodow a wubehia bra, efisɛ wɔremfa nnuru a ɛte saa mma nhyiam no ase.

◼ Ahwɛyiye a yɛbɛyɛ: Yɛsrɛ sɛ momma yɛnyɛ ahwɛyiye na yɛanwatiriw anaa yɛanpori ampira. Afe biara, mpaboa a ebinom hyɛ no ma wopira, titiriw mpaboa tenten. Ɛbɛyɛ papa sɛ anuanom hyɛ mpaboa a ɛfata a ɛbɛma wɔatumi aforo ntrapoe anaa wobetumi de anantew mmeae afoforo a ɛrenyi wɔn nhwe fam.

◼ Nhoma Horow a Wobeyi no Adi: Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ ‘yɛnyɛ biribiara ɔdɔ mu.’ (1 Kor. 16:14) Sɛ yɛwɔ ɔdɔ na yesusuw afoforo ho a, bere a wɔayi nhoma bi adi wɔ nhyiam ase no, yɛrentutu mmirika mpiapia afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi kan wɔ santen mu akogye bi. Sɛ yɛda abotare adi a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ho akokwaw sɛ Kristofo, na ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no da adi.—Yoh. 13:35.

◼ Agyananbea: Yɛsrɛ mo, sɛ dwumadi no rekɔ so a, mommma mo mma nni agyananbea hɔ akɔneaba. Sɛ wo ba kumaa rekɔ agyananbea hɔ a, ma ɔpanyin bi nka ne ho.

◼ Please Follow Up (S-43) Fɔɔm: Sɛ yɛreyɛ nhyiam, na yedi obi adanse bɔnnɔ so na ɔkyerɛ ho anigye a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛw ne ho nsɛm gu Please Follow Up fɔɔm so. Wubetumi de fɔɔm a woahyehyɛ no ama anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ Book Room no anaa wubetumi de ama w’asafo mu kyerɛwfo bere a woasan akɔ w’asafo mu no.

◼ Adidibea: Sɛ wokɔ baabi kodidi a, fa wo nneyɛe pa hyɛ Yehowa din anuonyam. Siesie wo ho sɛ nokware Kristoni. Sɛ wɔhwɛ kwan sɛ wokyɛ wɔn a wɔbɛsom wo no biribi a, hwɛ sɛ wobɛyɛ saa.

◼ Dabere:

  1. Sɛ wokɔda baabi a wubetua ho ka a, yɛsrɛ sɛ mma nnipa pii mmɛtena dan no mu mmoro dodow a wɔma kwan.

  2. Sɛ wokɔsoɛ obi fie a, di wo ho ni na yɛ w’ade pɛpɛɛpɛ, na kyerɛ nea wɔayɛ ama wo no ho anisɔ.

  3. Ɛnsɛ sɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔnyɛ abusua baako mufo da dan koro mu.

  4. Ɛnsɛ sɛ wonoa aduan wɔ beae a wɔmma kwan.

  5. Nea ɛbɛyɛ na nkurɔfo ahu sɛ yebu bra pa no, ɛnsɛ sɛ obiara guare wɔ petee mu. Sɛ ɛho behia a, mubetumi de kɛtɛ anaa ntama ayɛ aguaree.

  6. Yɛyɛ Kristofo, enti sɛ yɛkɔda baabi a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ no basabasa anaa yɛfa ma ɛtra so.

  7. Da honhom aba no adi bere a wo ne hotel adwumayɛfo anaa abusua a wo ne wɔn bɛtena redi no.

  8. Sɛ awofo ne wɔn mma kɔsoɛ hotel anaa obi fie a, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani kɔ wɔn ho bere nyinaa.

  9. Sɛ wuhyia nsɛnnennen bi wɔ hotel a woakɔsoɛ hɔ no a, wokɔ nhyiam no ase a ka kyerɛ Rooming Department.

◼ Atuhoamafo: Ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ otu ne ho ma no kohu Volunteer Service Department wɔ nhyiam no ase. Mmofra a wonnya nnii mfe 16 nso betumi ne wɔn awofo anaa ɔpanyin bi abom ayɛ adwuma bere a wɔn awofo ama ho kwan. Ne nyinaa mu no, wɔhwɛ kwan sɛ dwumadibea so ahwɛfo no bɛfa ɔmansin no nhyehyɛe so apɛ atuhoamafo pii ansa na nhyiam no afi ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena