Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/13 kr. 3-6
  • Abrabɔ a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam
  • Yɛn Ahenni Som—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Munkura Abrabɔ Pa Mu wɔ Amanaman no Mu”
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nhyiam Nkaebɔ
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Yɛn Amantam Nhyiam​—Edi Nokware no Ho Adanse Kɛse
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Bere a Ɛsɛ sɛ Yedidi wɔ Honhom Fam na Yedi Ahurusi
    Yɛn Ahenni Som—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2013
km 4/13 kr. 3-6

Abrabɔ a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam

1. Dɛn na ɛma nkurɔfo hu sɛ Yehowa Adansefo reyɛ ɔmantam nhyiam?

1 Sɛ yɛrekɔ ɔmantam nhyiam a, ɛnyɛ den koraa sɛ nkurɔfo behu yɛn. Wɔ nkurow a yɛyɛ nhyiam wom mu no, wɔtaa de ho amanneɛbɔ ma wɔ atesɛm krataa mu ne radio ne TV so. Nhyiamfo no taa hyɛ ahɔhodan ne adidibea ahorow ma, na wɔn a wɔte mpɔtam hɔ no hu sɛ ahɔho pii bobɔ nhyiam baagye nenam kurow no mu. Nkaesɛm a edidi so yi bɛboa yɛn ma yɛahyɛ Onyankopɔn anuonyam denam ɔbra pa a yɛbɛbɔ bere a yɛwɔ nkurow a wɔbɛyɛ nhyiam wom mu no.—1 Pet. 2:12.

2. Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn ntadehyɛ ahyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ nkurow a yɛbɛyɛ nhyiam wom no mu?

2 Ntade a Ɛfata: Mpɛn pii no, sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata bere a yɛrekɔ nhyiam no a, ɛma wɔn a wɔhwɛ yɛn no ani gye. Nanso, sɛnea yesiesie yɛn ho wɔ mmere afoforo mu, te sɛ bere a yɛrekɔsoɛ ahɔhodan mu, bere a yɛkɔ adidibea, bere a yɛkɔtotɔ nneɛma, ne nea ɛkeka ho no betumi ama nkurɔfo anya yɛn ho adwempa. Ɛwom, ɛho nhia sɛ yesiesie yɛn ho te sɛ nea yɛrekɔ Ahenni Asa so bere a yɛrekɔ mmeae a ɛtete saa de, nanso ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho wɔ ɔkwan a ɛfata so, na nidi wom, na ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ ntade biara kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ yɛma wɔn a wɔhwɛ yɛn no hu sɛ nsonsonoe da yɛne wɔn a wɔnsom Yehowa no ntam. (Rom. 12:2) Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn nhyiam baagye no, efisɛ ɛbɔ nhyiam no ho dawuru, ɛma yenya hokwan di adanse, na ɛma nhyiamfo afoforo nso hu yɛn.

3. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ abotare ne suban pa?

3 Abotare ne Suban Pa: Wɔ wiase a nnipa pii yɛ ahopɛ ne bonniayɛfo yi mu no, hwɛ sɛnea yɛn abotare ne yɛn suban pa no bɛka wɔn a wɔhwɛ yɛn te sɛ ahɔhodan ne adidibea adwumayɛfo! (2 Tim. 3:1-5) Sɛ yɛrepɛ akongua ato hɔ ama obi anaasɛ yedi santen mu rekogye nhoma a, ɛnsɛ sɛ yedwen yɛn nkutoo ho, na mmom ɛsɛ sɛ yedwen afoforo nso ho. (1 Kor. 10:23, 24) Da a edi kan a ɔbarima bi kɔɔ ɔmantam nhyiam no, ɔkae sɛ, “menkae ɔkasa a wɔmae no mu biako mpo, nanso me werɛ mfii suban pa a Adansefo no daa no adi no da.”

4. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetu yɛn ho ma yɛ adwuma wɔ ɔmantam nhyiam no ase?

4 Wohia Atuhoamafo: Nokware Kristofo wɔ atuhoama su. (Dw. 110:3) So wubetumi atu wo ho ama ayɛ adwuma wɔ nhyiam no ase? Anuanom mmarima ne mmea bɛyɛ 600 tuu wɔn ho mae kosiesiee beae bi a na wɔrebɛyɛ nhyiam wɔ hɔ. Adwumayɛfo a na wɔwɔ hɔ no kae sɛ: “Yenhuu biribi a ɛte saa da! Ɛyɛ nwonwa paa sɛ nnipa a ɛte saa nyinaa atu wɔn ho ama.” Yɛde anigye rehwɛ afe 2013 ɔmantam nhyiam no kwan. Ɛbɛma yɛanya hokwan atie na yɛasua Onyankopɔn ho ade na yɛahyɛ no anuonyam.

[Adaka wɔ kratafa 3-6]

Afe 2013 Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ

◼ Dwumadi Mmere: Nnansa no nyinaa, wobefi dwumadi no ase anɔpa 9:20. Sɛ wofi ase sɛ wɔrebɔ Ahenni nnwom a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa pɛ baabi tena na ama wɔafi nhyiam no ase wɔ ɔkwan a ɛfata so. Yɛbɛpɔn Fida ne Memeneda dwumadi no anwummere 4:50, na Kwasida nso yɛbɛpɔn anwummere 3:35.

◼ Baabi a Wɔde Kar Besisi: Sɛ obi nyare anaa tebea a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm nsɔree a, ɛyɛ papa bere nyinaa sɛ yɛbɛtena baabi a yebetumi atie dwumadi no. Ɛnsɛ sɛ yɛkɔtena yɛn kar mu, efisɛ nneɛma betumi atwetwe yɛn adwene anaasɛ yɛada mpo. Sɛ yɛne yɛn nuanom bom tena tie ɔkasa ahorow no a, ɛyɛ ɔkwan a yɛfa so kyerɛ honhom fam nsiesiei pa a Yehowa ayɛ ama yɛn no ho anisɔ. Mpɛn pii no, esiane sɛ baabi a wɔde kar sisi no sua nti, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ anuanom bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbom afa kar biako.

◼ Akongua a Wɔpɛ To Hɔ Ma Obi: Wɔn a wo ne wɔn faa kar biako anaa wo ne wɔn te fie anaa wo Bible asuafo nkutoo na wubetumi agyaw kwan ato hɔ ama wɔn.—1 Kor. 13:5.

◼ Awia Aduan: Yɛsrɛ sɛ fa aduan a wubedi awia bra sen sɛ edu awia ahomegye bere a wubefi nhyiam no ase akɔtɔ aduan adi. Fa aduan gu ade ketewa mu bra na woatumi de ahyɛ w’akongua ase. Wɔmma kwan sɛ obi de ade kɛse a wɔde nnipa pii aduan gu mu ne ade a etumi bɔ a wɔde nneɛma gu mu bɛba nhyiambea hɔ.

◼ Nhoma Horow a Wobeyi no Adi: Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ ‘yɛnyɛ biribiara ɔdɔ mu.’ (1 Kor. 16:14) Sɛ woyi nhoma bi adi wɔ nhyiam no ase a, ɔdɔ ne afoforo ho a yebesusuw no remma yentutu mmirika mpiapia afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi kan wɔ santen mu akogye nhoma no bi. Sɛ yɛda abotare a ɛte saa adi a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ho akokwaw sɛ Kristofo, na ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no da adi.—Yoh. 13:35.

◼ Ntoboa: Yebetumi afi yɛn pɛ mu ayi ntoboa de aboa wiase nyinaa adwuma no wɔ nhyiam no ase de akyerɛ ɔmantam nhyiam nhyehyɛe no ho anisɔ. Sɛ kyɛk na wɔde beyi ntoboa a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw so sɛ wontua mma “Watch Tower.”

◼ Akwanhyia ne Tebea a Egye Ntɛmpɛ: Sɛ ɔyare bi a emu yɛ den kyere wo mpofirim wɔ nhyiam no ase a, yɛsrɛ wo, frɛ obi a ogye ahɔho a ɔbɛn wo, na ɔno nso bɛfrɛ wɔn a wɔwɔ First Aid no ntɛm ara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛba abɛhwɛ tebea no de ho mmoa ama.

◼ Ahotew: Ɛyɛ obiara a ɔwɔ nhyiam no ase asɛde sɛ osiesie baabi a ɔbɛtena adidi no. Esiane sɛ wɔde nneɛma a wɔde nwura gu mu besisi nhyiam biara ase nti, hwɛ sɛ wode nkrataa, nnuan ase, rɔba a wɔde kyekyere nsu, ne nwura biara begu mu. Saa a yɛbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yɛn ho tew.

◼ Mfonini a Wotwa: Esiane sɛ yɛmpɛ sɛ yedi gua biara wɔ baabi a yehyiam som Onyankopɔn no nti, yɛrentwitwa mfonini nnye ho sika. Saa ara nso na yɛremfrɛ wɔn a wotwa mfonini gye ho sika mma wommetwa mfonini wɔ nhyiam no ase mfa mpɛ sika.—w84-E 7/1 kr. 25; afei hwɛ Nhyehyɛe nhoma no kratafa 143, nkyekyɛm 1.

◼ Mmusua a Wɔbɛbom Atena Faako: Ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma tena faako bere a dwumadi no rekɔ so no sen sɛ wɔbɛma wɔn mma nkumaa ne wɔn a wonnya nnii mfe aduonu ne mmabun afoforo bɛbom atena baabi. Sɛ awofo ne wɔn mma bom tena faako a, wobetumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔayɛ kyerɛwtohɔ bere a nhyiam no rekɔ so no.

◼ Nnuru: Sɛ ɛsɛ sɛ wofa nnuru pɔtee bi a, yɛsrɛ sɛ hwɛ sɛ wode dodow a wubehia bɛba, efisɛ wɔremfa nnuru a ɛte saa mma nhyiam no ase.

◼ Mpaboa: Afe biara, mpaboa a ebinom hyɛ no ma wopira, titiriw nea ase ware. Ɛbɛyɛ papa sɛ anuanom hyɛ mpaboa a ɛfata a ɛbɛma wɔatumi aforo ntrapoe anaa wobetumi de anantew mmeae afoforo a ɛrenyi wɔn nhwe fam.

◼ Nkokoaa Nkentengua Ahorow: Ɛnsɛ sɛ obiara de nkokoaa nkentengua a wopia ba nhyiambea hɔ. Nanso, wobetumi de mmofra nkongua a wobetumi de abɔ akongua a ɛbɛn wɔn awofo de ho aba.

◼ Please Follow Up (S-43) Nkratasin: Sɛ yɛreyɛ nhyiam a, ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ wɔn a yedi wɔn adanse bɔnnɔ so a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no ho nsɛm wɔ Please Follow Up kratasin no so. Wubetumi de kratasin a woahyehyɛ no ama Book Room adwumayɛbea no anaa wubetumi de ama w’asafo mu kyerɛwfo bere a woasan akɔ w’asafo mu no.

◼ Dabere: (1) Sɛ wokɔda baabi a wubetua ho ka a, yɛsrɛ sɛ mma nnipa pii mmɛtena dan no mu mmoro dodow a wɔma ho kwan. (2) Sɛ wokɔsoɛ obi fie a, di wo ho ni na yɛ w’ade pɛpɛɛpɛ, na kyerɛ nea wɔayɛ ama wo no ho anisɔ. (3) Ɛnsɛ sɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔnyɛ abusua biako mufo da dan koro mu. (4) Nnoa aduan wɔ beae a wɔmma kwan. (5) Nea ɛbɛyɛ na wɔahu sɛ yebu bra pa no, ɛnsɛ sɛ obiara guare wɔ petee mu. Baabi a ɛho behia no, wobetumi de kɛtɛ anaa ntama ayɛ aguaree. (6) Sɛ́ Kristofo no, ɛnsɛ sɛ yɛfa nneɛma afoforo a wɔde hokwan ama ahɔho sɛ wɔmfa bi no ma ɛtra so. (7) Da honhom aba no adi bere a wo ne ahɔhodan mu adwumayɛfo anaa abusua a wo ne wɔn bɛtena redi nkitaho no. (8) Sɛ wuhyia nsɛnnennen bi wɔ ahɔhodan a woagye no ho a, hwɛ sɛ wobɛka akyerɛ Rooming Department no bere a wowɔ nhyiam no ase.

◼ Atuhoamafo: Ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ otu ne ho ma no kohu Volunteer Service Department wɔ nhyiam no ase. Mmofra a wonnya nnii mfe 16 nso betumi ne wɔn awofo anaa ɔpanyin bi abom ayɛ adwuma bere a n’awofo pene so. Ne nyinaa mu no, wɔhwɛ kwan sɛ dwumadibea so ahwɛfo no bɛfa ɔmansin no nhyehyɛe so apɛ atuhoamafo pii ansa na nhyiam no afi ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena