Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/15 kr. 5-7
  • Nhyiam Nkaebɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Nkaebɔ
  • Yɛn Ahenni Som—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Munkura Abrabɔ Pa Mu wɔ Amanaman no Mu”
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Abrabɔ a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Yɛn Amantam Nhyiam​—Edi Nokware no Ho Adanse Kɛse
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • So Woasiesie Wo Ho Ama Honhom Fam Apontow?
    Yɛn Ahenni Som—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2015
km 4/15 kr. 5-7

Nhyiam Nkaebɔ

  • Bere a Yɛbɛfi Ase ne Bere a Yɛbɛpɔn: Nnansa no nyinaa, wɔbɛfi dwumadi no ase anɔpa 9:20. Sɛ wɔfi ase sɛ wɔrebɔ dwom a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa pɛ baabi tena na ama wɔafi nhyiam no ase wɔ ɔkwan a ɛfata so. Fida ne Memeneda, ɛbɔ bɛyɛ anwummere 5: 00 a, yɛbɛto dwom abɔ mpae de apɔn dwumadi no. Kwasida deɛ, ɛbɔ bɛyɛ anwummere 4:00 a na yɛbɛto dwom abɔ mpae apɔn.

  • ‘To Dwom Kamfo Yehowa’: Tete no, na Onyankopɔn asomfo de dwom kamfo no. Ɛnnɛ nso, ade baako a ɛdi akoten wɔ yɛn som mu ne nnwonto. (Dw. 28:7) Sɛ yɛkɔ ɔmantam nhyiam a, ansa na yɛbɛfi dwumadi no ase anɔpa ne awia no, wɔde afidie bɔ dwom kakra. Wei nyɛ dwom a wɔde gyegye yɛn ani kɛkɛ, na mmom wɔasiesie sɛ ɛmmoa yɛn ma yɛnsua Yehowa ho ade pii na yɛnsom no. Enti sɛ dwamtenani no ka sɛ yɛrebɛfi ase abɔ dwom no a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛtwa nkɔmmɔbɔ so na yɛyɛ ntɛm pɛ baabi tena tie dwom no. Wei bɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ adwumaden a yɛn nuanom nnwontofo ayɛ de asiesie nnwom dɛdɛ ama yɛn no. Wonim, afe biara anuanom mmarima ne mmaa tu kwan tenten kɔhyiam wɔ Patterson, New York yɛ nnwom dɛdɛɛdɛ a wɔbɔ wɔ nhyiam ase no. Saa anuanom yi ara na wɔtua wɔn akwantuo no ho ka. Afei sɛ afidie no bɔ dwom no wie na bere so sɛ yɛn nyinaa bom to Ahenni dwom a, momma yɛnto bi nyi Yehowa ayɛ.

  • Baabi a Wɔde Kar Bɛsisi: Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛtena baabi a yɛbɛtumi atie dwumadi no yie. Enti sɛ ɛnyɛ yareɛ anaa tebea foforo bi a, ɛnsɛ sɛ yɛkɔtena yɛn kar mu, efisɛ nneɛma bɛtumi atwetwe yɛn adwene; wobɛhwɛ mpo na yɛada. Sɛ yɛne yɛn nuanom bom tena tie ɔkasa ahorow no a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ honhom fam nsiesiei a Yehowa ayɛ ama yɛn no. Esiane sɛ baabi a wɔde kar sisi no sua nti, sɛ ɛbɛyɛ yie a, anuanom nkeka wɔn ho mmom mfa kar sen sɛ obiara de ne kar bɛba.

  • Akongua a Wɔpɛ To Hɔ Ma Obi: Wɔn a wo ne wɔn tenaa kar mu kɔɔ nhyiam no anaa wo fiefo anaa wo Bible asuafo nkutoo na wobɛtumi agya kwan ato hɔ ama wɔn. Yɛsrɛ wo, sɛ wonim sɛ obiara mmɛtena akongua no so a, ɛnneɛ mfa hwee nto so. Wei bɛma afoforo ahu sɛ obiara nte hɔ, enti wɔbɛtumi abɛtena hɔ. Wɔbɛgya baabi ama nkwakoraa ne mmerewa ne ayarefo, nanso ɛhɔ sua. Enti onipa baako anaa mmienu a wɔhwɛ saafo yi nko ara na ɛsɛ sɛ wɔtena wɔn nkyɛn.

  • Ntade a Ɛfata: Sɛ yɛkɔ nhyiam a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata. Ɛnsɛ sɛ yɛhyehyɛ ntade huhuuhu a aba so biara. (1 Tim. 2:9) Sɛ hotel na yɛbɛkɔ akɔda a, yɛnhwɛ sɛ bere a yɛrekɔ hɔ, bere a yɛwɔ hɔ, ne bere a yɛrefi hɔ nyinaa, yɛn ahosiesie bɛyɛ papa. Ɛnsɛ sɛ yɛsiesie yɛn ho biarabiara anaa yɛhyehyɛ ntade basabasa nenam hɔ. Sɛ yɛsiesie yɛn ho yie a, yɛremfɛre sɛ yɛbɛbɔ yɛn baagye anaa yɛbɛdi adanse bere a yɛanya hokwan. Sɛ yɛsiesie yɛn ho yie kɔ nhyiam na yɛda suban pa adi a, ɛbɛtwetwe nkurɔfo ama wɔatie Bible mu nkwagye asɛm no na Yehowa koma atɔ ne yam.—Sef. 3:17.

  • Fa Wo Fon ne Mfidie Ahorow Di Dwuma Yie: Sɛ dwumadi no rekɔ so a, momma yɛnhwɛ sɛ yɛde yɛn fon ne nneɛma a ɛtete saa bɛto baabi a ɛrenyɛ dede. Yɛyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛdwene afoforo ho. Sɛ yɛretwa mfonini anaa yɛde mfidie bi redi dwuma biara a, momma yɛnhwɛ yie na yɛansi afoforo anim anaa yɛamfa antwetwe wɔn adwene. Bio nso, sɛ dwumadi no rekɔ so a, ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛw nsɛm wɔ fon so de amanemane kɛkɛ.

  • Awia Aduane: Yɛsrɛ sɛ fa aduane a wobɛdi no awiabere bra na woamfi nhyiam no ase ankɔtɔ aduane wɔ baabi. Fa w’aduane gu ade ketewa mu na woatumi de ahyɛ akongua ase. Yɛmpɛ sɛ mode aduane gu nneɛma akɛse anaa biribi a ɛtumi bɔ mu ba apata no ase.

  • Ntoboa: Ɔkwan baako a yɛbɛfa so akyerɛ anisɔ ne sɛ yɛbɛfi yɛn pɛ mu ayi ntoboa de aboa wiase nyinaa adwuma no. Yɛdu nhyiam no ase a, yɛwɔ hokwan a yɛde bɛyɛ saa. Sɛ “kyɛk” na wode bɛyi ntoboa a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw so sɛ wɔntua mma “Watch Tower.”

  • Nnuru: Sɛ dɔkota akyerɛw aduro bi ama wo a wonom a, yɛsrɛ sɛ fa dodow a wobɛhia bra, efisɛ wɔremfa nnuru yi bi mma nhyiam no ase.

  • Ahwɛyie a yɛbɛyɛ: Yɛsrɛ sɛ momma yɛnhwɛ yie na yɛanwatiriw anaa yɛampori ampira. Afe biara mpaboa ma ebinom pira, titiriw mpaboa tenten. Ɛbɛyɛ papa sɛ anuanom hyɛ mpaboa a wɔbɛtumi de aforo atrapoe anaa wɔde bɛnantenante nhyiam no ase a ɛrenyi wɔn nhwe fam.

  • Yareɛ Anaa Akwanhyia: Sɛ yareɛ bi a emu yɛ den kyere obi mpofirim wɔ nhyiam no ase a, yɛsrɛ wo, frɛ attendant a ɔbɛn wo. Ɔno nso bɛfrɛ wɔn a wɔwɔ First Aid no ntɛm ara na wɔahwɛ nea wɔbɛyɛ wɔ ho.

  • Ahotew: Obiara didi wie a, ɛsɛ sɛ ɔsiesie baabi a ɔtena didii no. Wɔde nneɛma a wɔde nwura gu mu bɛsisi nhyiam biara ase, enti hwɛ sɛ wode nkrataa, nnuan ase, nsuo rɔba, ne nwura biara bɛgu mu. Saa a yɛbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yɛn ho tew.

  • Agyananbea: Yɛsrɛ mo, sɛ dwumadi no rekɔ so a, mommma mo mma nni agyananbea hɔ akɔneaba. Sɛ wo ba kumaa rekɔ agyananbea hɔ a, ma obi a n’ani afi nka ne ho.

  • Nwoma a Wɔbɛyi no Adi: Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ ‘yɛnyɛ biribiara ɔdɔ mu.’ (1 Kor. 16:14) Enti sɛ wɔyi nwoma bi adi wɔ nhyiam no ase a, momma yɛnkyerɛ sɛ yɛdɔ afoforo na yɛdwene wɔn ho. Ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛtutu mmirika apiapia nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛdi kan wɔ santen no mu. Sɛ yɛda abotare adi a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ Kristofo a yɛn ho akokwaw, na ɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no ada adi.—Yoh. 13:35.

  • Please Follow Up (S-43) Kratasin: Sɛ yɛkɔ nhyiam na yɛnya hokwan di obi adanse bɔnnɔ so, na ɔkyerɛ ho anigye a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛw ne ho nsɛm gu Please Follow Up kratasin no so. Wobɛtumi de kratasin no akɔ Book Room anaa wobɛtumi de ama w’asafo mu kyerɛwfo bere a yɛawie nhyiam no.

  • Adidibea: Sɛ wokɔ restaurant bi kɔdidi a, da suban pa adi fa hyɛ Yehowa din anuonyam. Siesie wo ho sɛ nokware Kristoni. Adidibea bi wɔ hɔ a, amanneɛ a ɛwɔ hɔ ne sɛ wobɛkyɛ wɔn a wɔbɛsom wo no biribi. Sɛ saa na ɛte a, hwɛ sɛ wobɛyɛ saa.

  • Dabere:

    1. Sɛ wokɔda ahɔhodan mu a, hwɛ nnipa dodow a wɔma kwan ma wɔda dan no mu. Hwɛ na ammoro so.

    2. Sɛ wokɔsoɛ obi fie a di wo ho ni, nyɛ hɔ basabasa. Kyerɛ nea wayɛ ama wo no ho anisɔ.

    3. Ɛnsɛ sɛ anuanom mmarima ne mmea da dan koro mu, gye sɛ wɔyɛ abusuafo.

    4. Sɛ yɛkɔda baabi a, mommma yɛnnnoa aduane wɔ baabiara kɛkɛ.

    5. Ɛmfata sɛ yɛdware wɔ petee mu. Mmom, mobɛtumi de kɛtɛ anaa ntoma agye baabi a mobɛdware no.

    6. Yɛyɛ Kristofo, enti sɛ yɛkɔda baabi a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ no basabasa.

    7. Wokɔda hotel anaa wokɔsoɛ abusua bi a, bɔ mmɔden da honhom aba no adi na mo ne wɔn ntena fɛfɛɛfɛ.

    8. Sɛ awofo ne wɔn mma kɔsoɛ hotel anaa obi fie a, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani kɔ mmofra no ho bere nyinaa.

    9. Sɛ wokɔda hotel anaa baabi foforo bi na wohyia nsɛnnennen a, ka ho asɛm kyerɛ Rooming Department wɔ nhyiam no ase.

  • Atuhoamafo: Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ adwuma wɔ nhyiam no ase a, ɔnkɔ Volunteer Service Department. Mmofra a wonnya nnii mfe 16 mpo bɛtumi atu wɔn ho ama. Mmom, ɛsɛ sɛ wɔn awofo ka wɔn ho anaa wɔde wɔn hyɛ ɔpanin bi nsa ma wɔne no yɛ adwuma. Nanso wɔhwɛ kwan sɛ dwumadibea so ahwɛfo bɛhwɛ wɔn mansin mu apɛ atuhoamafo pii ansa na nhyiam no adu so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena