Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/09 kr. 2-5
  • So Woasiesie Wo Ho Ama Honhom Fam Apontow?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Woasiesie Wo Ho Ama Honhom Fam Apontow?
  • Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Ɛsɛ sɛ Yedidi wɔ Honhom Fam na Yedi Ahurusi
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Da Nidi Adi Fa Di Kristo Akyi
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Yɛn Amantam Nhyiam​—Edi Nokware no Ho Adanse Kɛse
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Montwɛn Yehowa
    Yɛn Ahenni Som—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2009
km 11/09 kr. 2-5

So Woasiesie Wo Ho Ama Honhom Fam Apontow?

1. Sɛ wɔbɛtow pon a, nhyehyɛe bɛn na ɛho hia sɛ wɔyɛ?

1 Egye ahosiesie kɛse ansa na wɔatumi atow pon. Ɛsɛ sɛ wonya nnuan na wosiesie ma ɛyɛ dɛ ansa na wɔatumi de ama wɔn a wɔbɛba apontow no ase no. Egye nhyehyɛe na wɔatumi akyekyɛ aduan no. Bio nso, ɛsɛ sɛ wosiesie beae a wobedidi no. Ehia sɛ wɔn a wɔbɛba no nso siesie wɔn ho, titiriw sɛ ɛsɛ sɛ wotu kwan tenten a. Ɛwom sɛ egye adwumaden de, nanso sɛ wo ne nnamfonom ne abusuafo bom di aduan a ahoɔden wom na ɛyɛ dɛ a, munya so mfaso pii. Efi May wɔ afe yi mu, Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa ahyiam adidi wɔ kuw akɛse ne nketewa mu wɔ “Monkɔ so Nwɛn!” Ɔmantam Nhyiam a wofi bere tenten ahwɛ kwan no ase. Wɔadi kan asiesie nneɛma pii de ayɛ nhyiam no ho nhyehyɛe. Wɔato nsa afrɛ yɛn nyinaa. Nea ɛbɛyɛ na yɛakɔ nhyiam no bi na yɛanya so mfaso no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yesiesie yɛn ho.—Mmeb. 21:5.

2. Dɛn na ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi akɔ yɛn honhom fam apontow no nyinaa ase?

2 Nya so Mfaso Kosi Ase: So woatoto wo nneɛma nyinaa yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi akɔ honhom fam apontow no nyinaa ase? Sɛ ɛho behia a, ka kyerɛ w’adwumawura sɛ wobɛkɔ nhyiam no afã nyinaa, a da a edi kan no nso ka ho. So woayɛ kar a wode bɛkɔ ne dabere ho nhyehyɛe awie? Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo hwɛ hu sɛ wɔadi wɔn a wɔn mfe akɔ anim, ayarefo, ne afoforo a ebia wobehia mmoa no ahiade ho dwuma ama wɔn.—Yer. 23:4; Gal. 6:10.

3. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛkɔ amanaman ntam nhyiam a wɔntoo nsa mfrɛɛ yɛn no ase?

3 Wɔbɛyɛ amanaman ntam nhyiam wɔ mmeae ahorow bi. Ma ɛntena w’adwenem sɛ wɔahyɛ da ato nsa afrɛ asafo ahorow ne anuanom a wofi amannɔne sɛ wɔnkɔ nhyiam yi bi. Betel adwumayɛbea no ahwɛ nkongua dodow a wobenya so atɔ wɔn bo ase abu nnipa dodow a ɛsɛ sɛ wɔto nsa frɛ wɔn no ano. Sɛ adawurubɔfo kɔ amanaman ntam nhyiam a wɔntoo nsa mfrɛɛ wɔn no ase a, wɔbɛma nnipa akyere so wɔ hɔ.

4. Nkaesɛm bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama dwumadi no da biara?

4 Siesie wo ho sɛ da biara wubedu nhyiam no ase ntɛm apɛ baabi atena ansa na wɔafi dwumadi no ase. Ansa na wobefi nhyiam no ase no, fa bere tiaa bi hwɛ dwumadi ho nhyehyɛe a wɔatintim no mu. Eyi bɛboa ma woasiesie wo koma ama nsɛm a wobɛte no. (Esra 7:10) Sɛ oguamtenani no ma wofi ase bɔ kasɛt so dwom a, fa anigye tie na siesie wo ho sɛ wobɛto dwom a wɔde fi ase no bi, na woatie mpaebɔ no.

5. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛn abusua anya dwumadi no so mfaso akosi ase?

5 Sɛ mmusua bom tena faako bere a nhyiam no rekɔ so a, ɛbɛma awofo atumi ahu sɛ wɔn mma reyɛ aso atie dwumadi no anaa. (Deut. 31:12) Wɔhyɛ obiara nkuran sɛ sɛ wɔrekenkan kyerɛw nsɛm bi a, wɔnhwɛ wɔn Bible mu nni akyi. Sɛ wokyerɛw nsɛm ntiantiaa to hɔ a, ebetumi aboa wo ma woatie asɛm no yiye. Akyiri yi, nsɛm a wokyerɛwee no bɛboa wo ma woakae ɔkasa no mu nsɛntitiriw. Hwɛ yiye na sɛ dwumadi no rekɔ so a, wo ne afoforo ammɔ nkɔmmɔ hunu anaa woansɔresɔre. Sɛ wowɔ telefon a wokura kyin a, hwɛ sɛ woremma ɛntwetwe wo anaa afoforo adwene bere a dwumadi no rekɔ so no. Sɛ wɔpɔn nhyiam no da biara a, dɛn nti na wo ne afoforo nsusuw nhyiam no dwumadi a w’ani gyee ho no ho?

6. Hokwan soronko bɛn na ɔmantam nhyiam ahorow ma yenya, na yɛbɛyɛ dɛn anya mu anigye akosi ase?

6 Sɛ yɛkɔ nhyiam ase a, yenya hokwan ne yɛn nuanom bɔ fekuw a ɛso bi nni wiase. (Dw. 133:1-3; Mar. 10:29, 30) Dɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ wobɛda wo ho adi akyerɛ wɔn a wɔte bɛn wo no na wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ wɔ awia ahomegye bere no mu? Eyi yɛ mfaso biako a yenya bere a yɛde awia aduan a emu nyɛ duru pii ba nhyiam no ase na yɛtena hɔ didi sen sɛ yɛbɛkɔ adidibea akɔtɔ aduan adi no. Hwɛ sɛ woremma hokwan a wubenya ne afoforo ahyɛ mo ho mo ho nkuran no mpa wo ti so.—Rom. 1:11, 12.

7. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ntade a yɛbɛhyɛ no ho?

7 Ntadehyɛ: Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Yehowa hyɛɛ Israelfo no sɛ wɔmfa hama bruu nwɔw mmɛsã wɔ wɔn ntade ano. (Num. 15:37-41) Ná ɛyɛ ade a wohu a ɛkae wɔn sɛ wɔyɛ nnipa a wɔayi wɔn asi hɔ ama Yehowa som. Ɛnnɛ, sɛ yɛkɔ ɔmantam nhyiam ase na yɛhyɛ ntade a ɛfata na anim wɔ nyam a, ɛma yɛda nsow wɔ wiase no mu. Na sɛ yɛkɔ adidibea kɔtɔ aduan bere a wɔapɔn nhyiam no mpo na nkurɔfo hu yɛn a, edi wɔn adanse. Enti, di kan susuw atade a wobɛhyɛ no ho yiye.

8, 9. Yɛn som no afã bɛn na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so wɔ yɛn nhyiam ase, na yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ obu wɔ eyi ho?

8 Mpaebɔ ne Nnwom: Ade biako a ɛsom bo paa wɔ yɛn som mu ne sɛ yɛbɛto dwom ayi Yehowa Nyankopɔn ayɛ. Ná nnwonto yɛ ade titiriw wɔ afeha a edi kan nokware Kristofo som mu. (1 Kor. 14:15) Nanso seesei anuanom binom nkyerɛ obu mma ɔsom mu ade titiriw yi. Dɛn na wɔyɛ de kyerɛ saa? Ebinom mmɔ mmɔden sɛ wɔbɛba abedu nhyiam no ase ntɛm ansa na wɔde nnwom ne mpaebɔ afi ase. Sɛ yɛrebɛpɔn nso a, ebinom fi nhyiam no ase na afoforo nso fi ase kasa yɛ dede ansa na yɛato dwom abɔ mpae. Dɛn ntia?

9 Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a ntease pa bi nti na anuanom bi yɛ saa. Nanso ebinom hyɛ da fi nhyiam no ase ansa na yɛato dwom abɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔbɔ nkɔmmɔ anaa wɔatu wɔn kar ntɛm. Afoforo nso esiane sɛ wɔn ho pere wɔn sɛ wɔn nsa bɛka nhoma a wɔayi no adi nti, wofi nhyiam no ase kɔto santen. Yɛmpɛ sɛ yɛn ho bɛkyere yɛn de, nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye na yɛamma wiase subammɔne te sɛ adifudepɛ ne pɛsɛmenkominya ansɛe yɛn honhom mu nkɔso. Sɛ́ nnipa a yɛntoto yɛn som ase no, yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya mpaebɔ ne nnwonto a yɛde yi Yehowa ayɛ no mu kyɛfa; eyi yɛ yɛn som mu ade titiriw.

10, 11. Dɛn na ɛnsɛ sɛ awofo yɛ, na dɛn na wobetumi ayɛ de aboa wɔn mma ma wɔanya nhyiam no so mfaso pii?

10 Awofo ne Wɔn Mma: Mmabun a wɔwɔ wiase no mu pii bra asɛe, nanso yɛn mmabun no bɔ bra pa na ɛde ayeyi brɛ Yehowa ne n’ahyehyɛde no. Nanso ɛtɔ mmere bi na sɛ awofo amma wɔn ani anku wɔn mma ho a, ɛde ɔhaw ba. (Mmeb. 29:15) Ɛnsɛ sɛ awofo gyaw wɔn mma no nkutoo wɔ faako a wɔakɔsoɛ anaa wɔ nhyiam no ase.

11 Awofo binom ahu sɛ sɛ wɔne wɔn mma susuw suban a ɛsɛ sɛ wɔda no adi wɔ nhyiam no ase ho ansa na wɔakɔ a, ɛboa wɔn. (Efe. 6:4) Wɔboa wɔn mma no ma wohu sɛ Kristofo dɔ ‘nyɛ ade a ɛnsɛ’ na “ɛnhwehwɛ nea n’ankasa hia.” (1 Kor. 13:5) Ɔmantam nhyiam yɛ bere a Yehowa de kyerɛkyerɛ yɛn, enti ɛsɛ sɛ mmofra ne mpanyimfo nyinaa bɔ bra pa wɔ nhyiam no ase ne mmeae foforo de kyerɛ sɛ wɔn ani sɔ nhyehyɛe yi.—Yes. 54:13.

12. Yɛbɛyɛ dɛn adi nnipa a wɔwɔ kurow a yɛreyɛ ɔmantam nhyiam wom no adanse?

12 Di Adanse: Sɛ yɛtoto yɛn nneɛma yiye a, yebetumi adi nnipa a wɔwɔ kurow a wɔreyɛ ɔmantam nhyiam wom no adanse. Onua bi a ɔne ne yere kɔɔ adidibea bere a wɔapɔn nhyiam no de ne nsa kyerɛɛ ne baagye so, na obisaa nea ogye ahɔho no sɛ: “So woahu sɛ nnipa pii bɔ saa baagye yi bi?” Nea ogye ahɔho no kae sɛ wahu sɛ nnipa binom bobɔ bi na na onhu nea enti a obiara bɔ bi no. Eyi buee nkɔmmɔbɔ ho kwan, na onua no too nsa frɛɛ nea ogye ahɔho no baa nhyiam no ase.

13. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa, Nea ɔtoo nsa frɛɛ yɛn no?

13 Ɛwom sɛ yɛn nuanom na wɔbɛma ɔkasa ahorow, abua nsɛm a wobebisabisa, na wɔayɛ ɔyɛkyerɛ ahorow no de, nanso ɛyɛ Yehowa, yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no na honhom fam apontow a wɔyɛ no afe afe yi nyinaa fi no. (Yes. 65:13, 14) Sɛ yɛkɔ nhyiam no da biara na yedi honhom fam aduan a wɔde bɛma yɛn no nyinaa a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Nea ɔtoo nsa frɛɛ yɛn no. So woayɛ wo nhyehyɛe nyinaa awie?

[Kratafa 4 adaka]

Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ

◼ Dwumadi Mmere: Nnansa no nyinaa, wobefi dwumadi no ase anɔpa 9:20. Sɛ wofi ase sɛ wɔrebɔ Ahenni nnwom a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa pɛ baabi tena na ama wɔafi nhyiam no ase wɔ ɔkwan a ɛfata so. Yɛbɛpɔn Fida ne Memeneda dwumadi no anwummere 4:55, na Kwasida nso yɛbɛpɔn anwummere 4:00. Mmeae a wɔbɛyɛ amanaman ntam nhyiam no, wobefi dwumadi no ase Yawda awia 1:20 na wɔapɔn anwummere 4:45. Wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛmfa yɛn ho nhyɛ nnwonto no mu, a nnwom a yɛde pɔn da biara da nso ka ho.

◼ Baabi a Wɔde Kar Besisi: Sɛ obi nyare anaa tebea a egye ntɛmpɛ nsɔree a, ɛyɛ papa bere nyinaa sɛ yɛbɛtena baabi a yebetumi atie dwumadi no. Ɛnsɛ sɛ yɛkɔtena yɛn kar mu, efisɛ nneɛma betumi atwetwe yɛn adwene anaasɛ yɛada mpo. Sɛ yɛne yɛn nuanom bom tena tie ɔkasa ahorow no, a biribiara ntwetwe yɛn adwene a, ɛyɛ ɔkwan a yɛfa so kyerɛ honhom fam nsiesie pa a Yehowa ayɛ ama yɛn no ho anisɔ. Mpɛn pii no, esiane sɛ baabi a wɔde kar sisi no sua nti, sɛ ɛbɛyɛ yiye a ɛsɛ sɛ anuanom bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbom afa kar biako.

◼ Akongua a Wɔpɛ To Hɔ Ma Obi: Wɔn a wo ne wɔn faa kar biako anaa wo ne wɔn te fie no nkutoo na wubetumi agyaw kwan ato hɔ ama wɔn.

◼ Awia Aduan: Yɛsrɛ sɛ fa aduan a wubedi no awia bra sen sɛ edu awia ahomegye bere a wubefi nhyiam no ase akɔtɔ aduan adi. Wɔmma kwan sɛ obi de ade kɛse a wɔde nnipa pii aduan gu mu ne ade a etumi bɔ a wɔde nneɛma gu mu bɛba nhyiambea hɔ. Anuanom a wɔbɛkɔ nhyiam wɔ stadium ahorow mu no rentumi mfa aduan nngu nneɛma akɛse mu nkɔ efisɛ wɔrennya baabi mfa nsisi.

◼ Nhoma Horow a Wobeyi no Adi: Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ ‘yɛnyɛ biribiara ɔdɔ mu.’ (1 Kor. 16:14) Sɛ woyi nhoma bi adi wɔ nhyiam no ase a, ɔdɔ ne afoforo ho a yebesusuw no remma yentutu mmirika mpiapia afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi kan wɔ santen mu akogye nhoma no bi. Sɛ yɛntoo dwom a etwa to no mmɔɔ mpae nwiei a, ɛnsɛ sɛ obiara sɔre fi n’akongua so kɔto santen. Sɛ wɔbɔ mpae a wɔde pɔn nhyiam no wie a, ɛsɛ sɛ obiara tɔ ne bo ase nantew kɔ beae a wogye nhoma no. Sɛ yɛda abotare a ɛte saa adi a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ho akokwaw sɛ Kristofo, na ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no da adi.—Yoh. 13:35.

◼ Ntoboa: Yebetumi afi yɛn pɛ mu ayi ntoboa de aboa wiase nyinaa adwuma no wɔ yɛn Ahenni Asa so anaa wɔ nhyiam no ase de akyerɛ ɔmantam nhyiam nhyehyɛe no ho anisɔ. Sɛ kyɛk na wɔde beyi ntoboa a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw so sɛ wontua mma “Watch Tower.”

◼ Akwanhyia ne Tebea a Egye Ntɛmpɛ: Sɛ yare bi a emu yɛ den kyere wo mpofirim wɔ nhyiam no ase a, yɛsrɛ wo, frɛ obi a ogye ahɔho a ɔbɛn wo, na ɔno nso bɛfrɛ wɔn a wɔwɔ First Aid no ntɛm ara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛba abɛhwɛ tebea no de ho mmoa ama.

◼ Ahotew: Ɛyɛ obiara a ɔwɔ nhyiam no ase asɛde sɛ osiesie baabi a ɔbɛtena adidi no. Esiane sɛ wɔde nneɛma a wɔde nwura gu mu besisi nhyiam biara ase nti, hwɛ sɛ wode nkrataa, nnuan ase, rɔba a wɔde kyekyere nsu, ne nwura biara begu mu. Saa a yɛbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yɛn ho tew.

◼ Mfonini a Wotwa: Sɛ wutwa mfonini bere a nhyiam no rekɔ so a, ɛnsɛ sɛ wode mfoninitwa afiri a ɛpa gya di dwuma. Esiane sɛ yɛmpɛ sɛ yedi gua biara wɔ baabi a yehyiam som Onyankopɔn no nti, yɛrentwitwa mfonini nnye ho sika. Saa ara nso na yɛremfrɛ wɔn a wotwa mfonini gye ho sika mma wommetwa mfonini wɔ nhyiam no ase mfa mpɛ sika.—w84-E 7/1 kr. 25; afei hwɛ Nhyehyɛe nhoma no kratafa 142, nkyekyɛm 3.

◼ Mmusua a Wɔbɛbom Atena Faako: Ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma tena faako bere a dwumadi no rekɔ so no sen sɛ wɔbɛma wɔn mma nkumaa ne wɔn a wonnya nnii mfe aduonu ne mmabun afoforo bɛbom atena baabi. Sɛ awofo ne wɔn mma bom tena faako a, wobetumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔayɛ kyerɛwtohɔ bere a nhyiam no rekɔ so no.

◼ Mpaboa: Afe biara, mpaboa a ebinom hyɛ no ma wopira. Ɛbɛyɛ papa sɛ anuanom hyɛ mpaboa a ɛfata a ɛbɛma wɔatumi aforo ntrapoe anaa wobetumi de anantew mmeae afoforo a ɛrenyi wɔn nhwe fam.

◼ Dwumadi a Wɔkyere Gu Afiri So: Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyere dwumadi gu afiri so no hwɛ sɛ wɔrenhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase no adwene, na ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden ne akasam nhama no nso.

◼ Please Follow Up Nkratasin: Sɛ yɛreyɛ nhyiam a, ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ wɔn a yedi wɔn adanse bɔnnɔ so a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no ho nsɛm wɔ Please Follow Up (S-43) kratasin no so. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo de Please Follow Up kratasin no biako anaa abien hyɛ wɔn ho ba nhyiam no ase. Wubetumi de kratasin a woahyehyɛ no ama Book Room adwumayɛbea no anaa wubetumi de ama w’asafo mu kyerɛwfo bere a woasan akɔ w’asafo mu no.—Hwɛ March 2005 Yɛn Ahenni Som, kr. 4.

◼ Dabere: (1) Sɛ wokɔda baabi a wubetua ho ka a, yɛsrɛ sɛ mma nnipa pii mmɛtena dan no mu mmoro dodow a wɔma ho kwan. (2) Sɛ wokɔsoɛ obi fie a, di wo ho ni na yɛ w’ade pɛpɛɛpɛ, na kyerɛ nea wɔayɛ ama wo no ho anisɔ. (3) Ɛnsɛ sɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔnyɛ abusua biako mufo da dan koro mu. (4) Nnoa aduan wɔ beae a wɔmma kwan. (5) Nea ɛbɛyɛ na wɔahu sɛ yebu bra pa no, ɛnsɛ sɛ obiara guare wɔ petee mu. Baabi a ɛho behia no, wobetumi de kɛtɛ anaa ntama ayɛ aguaree. (6) Sɛ́ Kristofo no, ɛnsɛ sɛ yɛfa nneɛma afoforo a wɔde hokwan ama ahɔho sɛ wɔmfa bi bere a wɔwɔ ahɔhodan mu hɔ no ma ɛtra so. (7) Da honhom aba no adi bere a wo ne ahɔhodan mu adwumayɛfo anaa abusua a wo ne wɔn bɛtena redi nkitaho no. (8) Sɛ wuhyia nsɛnnennen bi wɔ ahɔhodan a woagye no ho a, hwɛ sɛ wobɛka akyerɛ Rooming Department no bere a wowɔ nhyiam no ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena