Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase November 16
DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 16
Dwom 62
□ Asafo Bible Adesua:
lv ti 12 ¶15-22, adaka a ɛwɔ kr. 140
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Deuteronomium 23-27
No. 1: Deuteronomium 25:1-16
No. 2: Mmofra a Wɔma Onyankopɔn Ani Gye (lr ti 41)
No. 3: Nneɛma Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yebu no Kronkron?
□ Ɔsom Nhyiam:
Dwom 206
5 min: Nkaebɔ.
5 min: “Fa Nkratawa Di Dwuma wɔ Mmere Yi Mu.” Adaka a ɛwɔ kratafa 5. Hyɛ anuanom nkuran ma wonsiesie wɔn ho sɛ wɔde nkratawa bɛma bere biara a hokwan bebue no.
25 min: “So Woasiesie Wo Ho Ama Honhom Fam Apontow?” Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo di ho dwuma. Ka nhyiam a mo asafo no bɛkɔ bi no ho asɛm. Munsusuw “Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ” no ho. Sɛ mudu nkyekyɛm 7 a, momfa bere kakra nsusuw krataa a wɔkyerɛw no March 25, 2009, ne Dress and Grooming For Visitors Touring Bethel nhomawa no ho. Nhomawa no mu nnyinasosɛm fa ahosiesie a yɛde kɔ nhyiam nso ho. Kanyan anuanom na wɔmfa wɔn ho nhyɛ ɔmantam nhyiam nsaano krataa ɔsatu no mu.
Dwom 165