Da Nidi Adi Fa Di Kristo Akyi
1. Afe yi ɔmantam nhyiam no asɛmti no fa Onyankopɔn a yɛbɛhyɛ no anuonyam no ho dɛn?
1 Bible ka Amansan Hene Yehowa ho asɛm sɛ ɔhyɛ anuonyam. (Dw. 104:1) Bere nyinaa na nea Yesu ka na ɔyɛ no hyɛ n’Agya ne n’Agya nhyehyɛe a wayɛ no anuonyam. (Yoh. 17:4) Yɛn mu biara benya hokwan asuasua Yesu de ahyɛ Yehowa anuonyam wɔ “Munni Kristo Akyi!” Ɔmantam Nhyiam a ɛreba no ase.
2. Yɛn ho a yebesiesie akɔ anɔpa ne awia dwumadi biara no hyɛ Yehowa anuonyam dɛn?
2 Ɔsom a Nidi Wom: Sɛ yɛyɛ nhyehyɛe kɔ honhom fam apontow a Yehowa asiesie ama yɛn no ase a, yɛnam so betumi adi Yehowa ni. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ adawurubɔfo pii da so ara mma Fida dwumadi no. Woasrɛ kwan afi w’adwumawura hɔ, na woayɛ nhyehyɛe a ebetumi ama woakɔ nnansa no nyinaa, a Fida nso ka ho? So woayɛ nhyehyɛe a ebetumi ama woadu nhyiam no ase ntɛm apɛ baabi atra na wode wo ho ahyɛ nnwonto ne mpaebɔ a wɔde befi ase no mu? Woayɛ aduan a wubedi awia ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wo ne wo nuanom bɛbom adidi wɔ nhyiam no ase? Sɛ guamtrani no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmpɛ baabi ntra ansa na wɔahyɛ ase abɔ dwom a yɛde befi anɔpa anaa awia dwumadi biara ase a, ɛsɛ sɛ yetwa nkɔmmɔbɔ biara so ntɛm ara na yɛpɛ baabi tra ma yefi dwumadi no ase.
3. (a) Ɔkwan bɛn so na sɛ yɛyɛ aso tie dwumadi no a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ obu ma yɛn som? (b) Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ bere a nhyiam no rekɔ so no?
3 Aso a yɛbɛyɛ atie dwumadi no yiye nso hyɛ yɛn soro Agya no anuonyam. Bere a nsɛm ho amanneɛbɔfo bi kɔɔ ɔmantam nhyiam bi ase no, ɔkyerɛwee sɛ ɔmanfo ani begye “suban pa a wɔn a wɔbaa nhyiam no daa no adi no ho efisɛ wɔyɛɛ komm tiee asɛm a wɔkae no na wɔkyerɛe sɛ Onyankopɔn asɛm ho hia wɔn.” Ɔsan kaa “mmofra pii a . . . , wɔdaa suban pa adi ma ɛyɛɛ nwonwa anaa mpo na wɔn ani abere rehwehwɛ kyerɛwsɛm wɔ Bible mu” no ho asɛm. Sɛ dwumadi no rekɔ so a, ɛnyɛ saa bere no na ɛsɛ sɛ yɛbɔ nkɔmmɔ hunu, yemiamia telefon so de to nkra, yedidi, anaa yedi akɔneaba wɔ nhyiam no ase. Ɛsɛ sɛ mmerante ne mmabaa ne wɔn awofo bom tra sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn awofo bɛboa wɔn ma wɔanya dwumadi no so mfaso. (Deut. 31:12; Mmeb. 29:15) Saa a yɛbɛyɛ no kyerɛ sɛ yebu afoforo na yɛn ani sɔ honhom fam aduan a wɔasiesie ama yɛn no.
4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛnea ɛfata de kɔ nhyiam no?
4 Ahosiesie a Ɛfata: Yɛn mu pii kyerɛɛ anisɔ wɔ nsɛm a wɔka de kaakae yɛn wɔ afe a etwaam ɔmantam nhyiam ɔkasa a asɛmti no ne “Da Obu ne Nidi Adi Sɛ Kristoni Bere Nyinaa” no ho. Esii so dua sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo bɔ mmɔden da nidi adi sɛ Kristofo wɔ wɔn ahosiesie ne wɔn ntadehyɛ mu. Afe yi nso ɛsɛ sɛ yesusuw asɛm yi ho anibere so. Ntade a yɛhyɛ ma afoforo hu nea ɛwɔ yɛn komam. (Mat. 6:21) Yɛn ahosiesie da sɛnea yɛte nka wɔ Yehowa ho ne hokwan a yɛanya sɛ yɛyɛ n’Adansefo no adi. Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho bere nyinaa sɛ nnipa a “wɔkyerɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn.”—1 Tim. 2:9, 10.
5. Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn ho ma afata bere a yɛregye yɛn ahome wɔ kurow a yɛreyɛ nhyiam wom no mu?
5 So bere a yɛrekɔ nhyiam no nkutoo na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma ɛfata? Kae sɛ bere a yɛwɔ kurow a yɛreyɛ nhyiam wom mu no, nnipa pii behu sɛ yɛbobɔ yɛn nhyiam baagye. Ɛsɛ sɛ yɛn ahosiesie ma yɛda nsow wɔ nnipa a wɔaka no ho. Enti sɛ yɛregye yɛn ahome te sɛ bere a yɛapɔn nhyiam na yɛrekodidi mpo a, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ asomfo a nea enti a yɛwɔ kurow no mu no ne sɛ yɛrekɔ Kristofo nhyiam ma enti ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ ntade bi te sɛ jeans, nika anaa T-shirt. Hwɛ adanse ara eyi bɛyɛ ama kurow no mufo! Sɛ yɛn ahosiesie ma wohu sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo a, ɛma Yehowa ani gye.
6. Sɛ yɛda nidi adi sɛ Kristofo a, mfaso bɛn na efi mu ba?
6 Mfaso a Efi Mu Ba: Nidi a yɛbɛda no adi sɛ Kristofo wɔ yɛn nhyiam ase no ma yenya hokwan di adanse bɔnnɔ so na ɛma nkurɔfo nya yɛn ho adwempa. Wɔ nhyiam bi akyi no, owura bi kae sɛ: “Yenhuu nnipa a wɔwɔ suban pa sɛ nkurɔfo yi da. Mo na moreyɛ nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ.” Nidi a yɛda no adi no kyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn ho yɛn ho na ɛhyɛ Yehowa anuonyam. (1 Pet. 2:12) Ɛkyerɛ sɛ yesuro Onyankopɔn na yɛn ani sɔ hokwan a yɛanya sɛ yɛn Agya no rekyerɛkyerɛ yɛn no. (Heb. 12:28) Momma yɛmmɔ mmɔden nna nidi adi bere a yɛrehwɛ kwan sɛ yɛbɛkɔ “Munni Kristo Akyi!” Ɔmantam Nhyiam no.