Montwɛn Yehowa
1. Dɛn ne ɔmantam nhyiam no asɛmti, na dɛn nti na ɛyɛ ne bere mu de?
1 Yesaia kyerɛwee sɛ: ‘Yehowa yɛ atemmu Nyankopɔn, na nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.’ (Yes. 30:18b) Bible kyerɛwtohɔ pii ka Nyankopɔn atemmu a ɔde baa n’atamfo so ne gye a ogyee n’asomfo anokwafo nkwa no ho asɛm. Asuade bɛn na kyerɛwtohɔ a ɛte saa no ma Yehowa asomfo nya nnɛ? Dɛn na yebetumi ayɛ nnɛ de asiesie yɛn ho ama ‘Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu no’? (Yoel 2:31, 32) “Yɛn Nkwagye Abɛn!” Ɔmantam Nhyiam a ɛreba no bɛkanyan yɛn ma yɛadwennwen saa nsɛmmisa no ho de ahwehwɛ yɛn ho mu. Ɛbɛboa yɛn ma yɛatwɛn Yehowa.
2. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ yɛn ɔmantam nhyiam no ho anisɔ?
2 So woayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma woanya nnansa nhyiam no nyinaa mu kyɛfa? Sɛ nhwɛso no, woasrɛ kwan afi w’adwumawura hɔ? Mmu w’ani ngu so sɛ ɔkwan biara so no sɛ edu so a, wubenya kwan akɔ. Bɔ asɛm no ho mpae ansa na wode akɔto w’adwumawura no anim. (Neh. 2:4, 5) Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ mmɔtohɔ wɔ kar a yɛde bɛkɔ, baabi a yɛbɛda ne nsɛm afoforo a ɛho hia ho nhyehyɛe ho. Nhyehyɛe pa a ɛte saa a yɛbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa nsiesie yiye. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ hu sɛ wɔbɛboa wɔn a wohia mmoa na ama wɔatumi akɔ nhyiam no bi, ne titiriw wɔn a wɔn mfe akɔ anim wɔ asafo no mu no.—Gal. 6:10.
3. Su bɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo da no adi wɔ beae a wɔyɛ nhyiam no?
3 Suban Pa Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam: Sɛ yehyiam pii wɔ nhyiam ase a, yɛn suban pa di nnipa a wɔte beae a yɛreyɛ nhyiam no adanse. Dɛn na eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ? Sɛ yɛwɔ mmeae bi te sɛ ahɔhogyebea, mmeae a wodidi, ne mmeae afoforo a, ɛsɛ sɛ Kristofo su te sɛ abodwokyɛre, odwo, ahosodi ne ntease a yɛda no adi no ma nnipa a yɛne wɔn bɔ no ani gye. (Gal. 5:22, 23; Filip. 4:5) Esiane sɛ ɔdɔ ‘nyɛ ade a ɛnsɛ, ɛnhwehwɛ nea n’ankasa hia, na ne bo nhaw no’ nti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa da su a ɛte saa adi. Sɛ ɛba mpo sɛ yehyia nsɛnnennen anaa nneɛma nkɔ yiye a, ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ biribiara de hyɛ Onyankopɔn anuonyam.’—1 Kor. 10:31; 13:5.
4. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔada suban pa a ɛbɛma wɔahyɛ Yehowa anuonyam adi?
4 Bere a wowiee nhyiam bi no, obi a ɔhwɛ ahɔhogyebea bi so ani gyee yɛn mmofra no suban ne wɔn ahosiesie ho ma ɔkae sɛ onyae a anka “bere nyinaa Yehowa Adansefo na wɔba n’ahɔhogyebea hɔ.” Anigyesɛm bɛn ara ni! Eyi kyerɛ sɛ awofo a mowɔ yɛn mu no de ntetee pa ma mo mma na mohwɛ wɔn so yiye. Ɛrenyɛ papa sɛ awofo begyaw wɔn mma nkutoo wɔ ahɔhogyebea dan mu. Ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani kũ mmofra no ho bere nyinaa. (Mmeb. 29:15) Ɛmmra sɛ wɔde wɔn suban pa no beyi Yehowa ayɛ na ama ne koma atɔ ne yam!—Mmeb. 27:11.
5. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie ahyɛ Yehowa anuonyam?
5 Ntade a Ɛfata ne Ahosiesie: Sɛ yɛn mu biara kwati ntade ne ahosiesie a aba so, nanso ɛmfata a, ebetumi ama wɔaka nhyiam no ho asɛm pa. Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma ɛfata bere a yɛrekɔ nhyiam no ase anaa yɛresan aba fie, yɛreboa ma wɔasiesie nhyiambea hɔ ne bere a yɛwɔ nhyiam no ase no. Sɛ́ Nyankopɔn asomfo no, ade a ehia yɛn paa ne sɛ yɛbɛtew Yehowa din ho na ɛnyɛ sɛ yɛbɛyɛ nea yɛpɛ a ɛbɛma yɛn ho adwo yɛn. Eyi nti ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a yɛrentumi nhyɛ nkɔ asafo nhyiam ahorow ase te sɛ ebia trɔsa a anuanom mmea bɛhyɛ. Saa ara na ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ ntade a ɛkyekyere wɔn ho, ɛyɛ tiaa anaa wɔapae ho kɔ soro dodo ma enti sɛ wɔtra ase a na wɔn ho gu hɔ. Ɛyɛ mmusua ti asɛde sɛ wɔhwɛ ma wɔn mmusua de fɛre ne adwenemtew siesie wɔn ho bere nyinaa.—1 Tim. 2:9.
6. Dɛn nti na sɛ yenni nhyiam ase a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ma yɛn ntadehyɛ fata?
6 Ɛho hia nso sɛ yɛma yɛn ahosiesie fata bere a yɛkɔ mmeae bi te sɛ ahɔhogyebea, sotɔɔ ne adidibea no. Sɛ yɛpɔn nhyiam no na sɛ yɛrekodidi wɔ abɔnten a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hyɛ yɛn nhyiam ntade no. Nhyiam baagye a yɛbɛbɔ no bɛma yɛanya hokwan adi adanse bɔnnɔ so.—2 Kor. 6:3, 4.
7. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa ma nhyiam no ayɛ anigye na biribiara akɔ so wɔano wɔano? (Hwɛ “Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ.”)
7 Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “[Yehowa, NW] twɛn ansa na wadom mo, na ɛno nti na ɔma ne ho so ansa na wahu mo mmɔbɔ.” (Yes. 30:18a) Ɛsɛ sɛ anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa mmɔborohunu ne n’adɔe no ka yɛn ma yɛde yɛn suban ne yɛn ahosiesie yi no ayɛ wɔ yɛn nhyiam ahorow ase. Ɛmmra sɛ “Yɛn Nkwagye Abɛn!” Ɔmantam Nhyiam no bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam na aboa yɛn ma yɛatwɛn no!
[Kratafa 6 adaka]
Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ
◼ Dwumadi Mmere: Wobefi dwumadi no ase anɔpa 9:30 nnansa no nyinaa. Aka simma kakraa bi ma wɔafi dwumadi no ase no, guamtrani no bɛkɔ akɔtra asɛnka agua no so bere a wɔrebɔ Ahenni dwom no. Edu saa bere no a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa pɛ baabi tra na ama wɔafi nhyiam no ase ɔkwan a ɛfata so. Fida yɛbɛpɔn dwumadi no anwummere 5:15, Memeneda yɛbɛpɔn anwummere 5:05, na Kwasida nso yɛapɔn anwummere 4:10.
◼ Baabi a Wɔde Kar Besisi: Sɛ obi nyare anaa tebea a egye ntɛmpɛ nsɔree a, ɛyɛ papa bere nyinaa sɛ yɛbɛtra baabi a yebetumi atie dwumadi no sen sɛ yɛbɛtra kar mu a ɛrenyɛ den sɛ nneɛma bɛtwetwe yɛn adwene anaa yɛbɛda. Atiefo no mu a yɛbɛtra na yɛatie ɔkasa ahorow no a biribiara ntwetwe yɛn adwene no yɛ ɔkwan a yebetumi afa so akyerɛ anisɔ ama honhom fam nsiesie pa a Yehowa ayɛ ama yɛn no.
◼ Akongua a Wɔpɛ To Hɔ Ma Obi: Wɔn a wo ne wɔn faa kar biako anaa wo ne wɔn te fie no nkutoo na wubetumi agyaw kwan ato hɔ ama wɔn.
◼ Awia Aduan: Yɛsrɛ sɛ fa aduan a wubedi no awia ne nsu a wobɛnom bra sen sɛ edu awia ahomegye bere no a wubefi nhyiam no ase akɔtɔ aduan, nsu anaa nnɔkɔnnɔkɔwade. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa aduan gu ade ketewa a wubetumi de ahyɛ akongua ase mu bra. Wɔmma kwan sɛ obi de ade kɛse a wɔde nnipa pii aduan gu mu, ade a etumi bɔ a wɔde nneɛma gu mu, ne mmosa biara bɛba baabi a yɛreyɛ nhyiam no.
◼ Nhoma Horow a Wobeyi no Adi: Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ ‘yɛnyɛ biribiara ɔdɔ mu.’ (1 Kor. 16:14) Sɛ woyi nhoma bi adi wɔ nhyiam no ase a, ɔdɔ ne afoforo ho a yebesusuw no remma yentu mmirika mpiapia afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi kan wɔ santen mu akogye nhoma no bi. Sɛ yɛntoo dwom a etwa to no mmɔɔ mpae nwiei a, ɛnsɛ sɛ obiara sɔre fi n’akongua so kɔto santen. Sɛ wɔbɔ mpae a yɛde pɔn nhyiam no wie a, ɛsɛ sɛ obiara tɔ ne bo ase nantew kɔ beae a wogye nhoma no. Abotare a ɛte saa a yɛbɛda no adi no kyerɛ sɛ yɛn ho akokwaw sɛ Kristofo, na ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no da adi.—John 13:35.
◼ Ntoboa: Ɔmantam nhyiam ho ka dɔɔso paa. Yebetumi akyerɛ ho anisɔ denam yɛn pɛ mu a yebefi ayi ntoboa de aboa wiase nyinaa adwuma no wɔ Ahenni Asa so anaa wɔ nhyiam no ase so. Kyɛk a wɔde yi sika biara a wɔde beyi ntoboa wɔ nhyiam no ase no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw so sɛ wontua mma “Watch Tower Convention.”
◼ Akwanhyia ne Tebea a Egye Ntɛmpɛ: Sɛ yare bi a emu yɛ den kyere obi wɔ nhyiambea hɔ a, yɛsrɛ wo, frɛ obi a ogye ahɔho a ɔbɛn wo, na ɔno nso bɛfrɛ Adugyebea Adwumayɛbea no ntɛm ara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔboa ayarefo no bi bɛba abɛhwɛ tebea no de ho mmoa ama.
◼ Dwumadi a Wɔkyere Gu Kasɛt Anaa Video So: Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔkyere dwumadi gu kasɛt anaa video so no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛbɛhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase no adwene na ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden ne akasam nhama no nso.
◼ Mfonini a Wotwa: Sɛ wutwa mfonini a, ɛnsɛ sɛ wode mfoninitwa afiri a ɛpa gya di dwuma bere a nhyiam no rekɔ so no. Ebinom twitwa wɔn a wɔba nhyiam no mfonini na akyiri yi wɔagye ho sika. Esiane sɛ yɛmpɛ sɛ yedi gua biara wɔ baabi a yehyiam som Onyankopɔn no nti, yɛrentwitwa mfonini nnye ho sika. Saa ara nso na yɛremfrɛ wɔn a wotwa mfonini gye ho sika no mma wommetwa anuanom mfonini wɔ nhyiam no ase mfa mpɛ sika.—w84-E 7/1 kr. 25; afei hwɛ Nhyehyɛe nhoma no kratafa 142, nkyekyɛm 3.
◼ Mfiri a Wɔde Gye Nsɛm ne Telefon a Wokura Kyin: Sɛ wode redi dwuma a, ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ ɛrentwetwe afoforo adwene.
◼ Mmusua a Wɔbɛbom Atra Faako: Ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma tra faako bere a dwumadi no rekɔ so no sen sɛ wɔbɛma wɔn mma nkumaa ne wɔn a wonnya nnii mfe aduonu no ne mmabun afoforo bɛbom atra baabi. Ɛsɛ sɛ awofo a wɔn ani ku wɔn mma ho no hwɛ hu sɛ wɔn mma no retie asɛm bere a dwumadi no rekɔ so no, na wɔreyɛ kyerɛwtohɔ.
◼ Follow-Up Nkratasin: Sɛ yɛreyɛ nhyiam a, ɛsɛ sɛ yɛde Please Follow Up (S-43) kratasin ma wɔn a yedi wɔn adanse bɔnnɔ so a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no ma wohu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo de follow-up kratasin no biako anaa abien hyɛ wɔn ho ba nhyiam no ase. Mo nsa betumi aka kratasin no bi nso wɔ “Book Room.” Wubetumi de kratasin a woahyehyɛ awie no ama “Book Room” Adwumayɛbea no anaa wubetumi de ama w’asafo mu kyerɛwfo bere a woasan akɔ w’asafo mu no.—Hwɛ March 2005 Yɛn Ahenni Som, kr. 4.
◼ Ahɔhodan Ahorow: (1) Sɛ woda baabi a wubetua ho ka a, yɛsrɛ sɛ mma nnipa pii ntra wo dan mu mmoro dodow a wɔma kwan no so. (2) Sɛ wokɔsoɛɛ obi fie a, di wo ho ni na yɛ w’ade pɛpɛɛpɛ a wunwiinwii fa kyerɛ sɛ wudwen afoforo ho. (3) Ɛnsɛ sɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔnyɛ abusua biako mufo da dan koro mu. (4) Nnoa aduan wɔ beae a wɔmma kwan. (5) Nea ɛbɛyɛ na wɔahu sɛ yebu bra pa no, ɛnsɛ sɛ obiara guare petee mu. Baabi a ɛho behia no, wobetumi de kɛtɛ anaa ntama ayɛ aguaree. (6) Sɛ́ Kristofo no, ɛnsɛ sɛ yɛfa nneɛma afoforo a wɔde hokwan ama ahɔho sɛ wɔmfa bi bere a wɔwɔ ahɔhodan mu hɔ no ma ɛtra so. (7) Da honhom aba no adi bere a wo ne ahɔhodan mu adwumayɛfo anaa abusua a wo ne wɔn bɛtra redi nsɛm no.