Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/01 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2001
Yɛn Ahenni Som—2001
km 11/01 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

MONHYƐ NO NSOW: Yɛn Ahenni Som no bɛyɛ Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe ama dapɛn biara wɔ asram a yɛbɛyɛ ɔmantam nhyiam no mu. Asafo ahorow no betumi ayɛ nsakrae horow a ehia na ama wɔatumi akɔ “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” Ɔmantam Nhyiam no bi. Momfa Ɔsom Nhyiam a mobɛyɛ ansa na moakɔ ɔmantam nhyiam no mu simma 15 ntĩ afotu a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ ɔsram yi Ahenni Som mu a ebetumi afata mo hɔnom tebea no mu. Wɔ February ɔsram mu no, wɔbɛyɛ Ɔsom Nhyiam nhyehyɛe biako de atĩ ɔmantam nhyiam no nsɛntitiriw mu. Yɛn nyinaa betumi akyerɛkyerɛw nneɛma bi a mfaso wɔ so wɔ nhyiam no ase, a nea ɛka ho ne nsɛm a yɛpɛ sɛ yɛde di dwuma wɔ yɛn ankasa asetram ne asɛnka mu no, de asiesie yɛn ho ama nkɔmmɔbɔ no. Afei yebetumi ayɛ ahoboa akyerɛkyerɛ sɛnea yɛde saa nyansahyɛ ahorow no adi dwuma fi bere a yɛkɔɔ nhyiam no mu. Ɛbɛyɛ denhyɛ kɛse sɛ yɛbɛte sɛnea yenyaa nkyerɛkyerɛ pa a yɛn nsa kae no so mfaso.

◼ Nhoma a yɛde bɛma November: Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Sɛ nkurɔfo wɔ eyi bi dedaw a, yebetumi de Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ anaa nhoma foforo biara a akyɛ ama wɔn. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Anaasɛ yebetumi de Me Nhoma a Ɛka Bible mu Nsɛm, The Bible—God’s Word or Man’s?, anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So ama. January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1987 reba a mo asafo no wɔ bi no. Asafo ahorow nso a wɔwɔ Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ no bi betumi de ama. February: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation?, Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!, anaasɛ nhoma dedaw biara a ekura nkratafa 192 a mo asafo no wɔ bi.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu December 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ moyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ bere a mode sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ ama awie no.

◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no fi ase de krataa a wɔde bɛkra wɔn nhoma ahorow November mu no kra 2002 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no. Yebenya Yearbook no wɔ Engiresi kasa mu. Yearbook no bɛkɔ so apue wɔ krataa a nneɛma a wɔde brɛ mo din wɔ so no so sɛ “Pending” kosi sɛ yɛn nsa bɛka de amena mo. Yearbook no yɛ nhoma a wɔkra ma wɔn a wobisa nkutoo.

◼ Seesei wotintim Nyan! asram abiɛsa biara wɔ Kirghiz kasa mu.

◼ Seesei Japan kasa mu Nyan! wɔ kasɛt so.

◼ Seesei wotintim Ɔwɛn-Aban a ne nkyerɛwee yɛ akɛseakɛse wɔ China kasa a Ne Sua Nyɛ Den (Pinyin) ne Swahili mu.

◼ Nhoma Foforo a Ebi Asan Aba Bio:

“Hwɛ!” Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo—Twi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena