Ghana Betel Ntrɛwmu No Nkɔso Ho Amanneɛbɔ
Dɛn na yetumi yɛe wɔ August mu? Osu antɔ pii wɔ Accra mpɔtam ha enti yetumi too Ahenni Asa ne Ahɔhogyebea foforo, ne adan foforo abiɛsa a yɛbɛtra mu no fapem wiei. Eyi yɛ adwuma kɛse ankasa. Adansifo a wɔn ani nhaw adwuma no tumi tuu fam mita ahinasa 1,500, de nnade kilomita 16 guu amoa a wɔatu no mu kyekyeree ansa na wɔde kɔnkrit mita ahinasa 1,500 regu so sɛnea ɛbɛyɛ a ebenya ahoɔden.
Nea yɛaka no da nkyɛn a, yɛafi ase resiesie asase a ɛda baabi a yɛbɛsɔne nsufĩ so ne agoprama ho no so. Yɛafi ase nso reyɛ akwan a ɛkɔ adan foforo no mu no ho adwuma ama ebiara abɔ ebi mu. Sɛ Yehowa boa a, yebegu adan a yɛbɛtra mu no fam kɔnkrit wɔ September mu. Yɛda mo ase bio ne mo mpaebɔ.