Ahenni Asa Si Nkɔso Ho Amanneɛbɔ
Asafo pii mufo pɛ sɛ wohu baabi a Ahenni Asa Nhyehyɛe foforo no adu. August a etwaam no, wohyiraa Ahenni Asa abien so maa Yehowa wɔ Accra ha. Dwumadi no rekɔ so yiye wɔ Accra na wɔretɔ nsase ne adan pii na ama wɔatumi asisi Ahenni Asa foforo. Anuanom mmarima baanan na wɔwɔ dwumadibea foforo a ɛwɔ Betel yi, na wɔn adwuma ankasa ne sɛ wɔbɛkyerɛ baabi a ɛfata sɛ wosi Ahenni Asa, wɔbɛtɔ asase, de asase biara a asafo ahorow no wɔ no ahyɛ mmara ase na ama wɔatumi asi.
Sɛ yɛhwɛ sɛnea anuanom a wonni Accra no hia mmoa kɛse no a, nneɛma pii wɔ hɔ ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma nnidiso nnidiso ntɛmntɛm. Bere a Ahenni Asa Dwumadibea no reyɛ nhyehyɛe de adi eyinom ho dwuma no, yɛpɛ sɛ yɛka kyerɛ anuanom sɛ wonnya abotare. (Heb. 6:12; Yak. 5:7) Ɛho abehia kɛse wɔ Ghana ha sɛ yebenya mmeae pa asom Yehowa. Yehia mo mpaebɔ daa na ama adwuma yi akɔ so ntɛmntɛm. Afei nso, yɛn ani sɔ mo sika ne mo ahoɔden a mode boa dwumadi foforo yi kɛse.—Kol. 3:23.