1995 “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam
1 Nneɛma a ɛma yenya anigye ahe na yɛwɔ? Ebia yɛn mu kakraa bi na abɔ mmɔden sɛ yɛbɛkan ne nyinaa. Ɛmfa ho sɛ yɛte basabasayɛ wiase a yentumi nhu nea ɛbɛba mu mu no, yɛwɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye. Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ June 1995 Yɛn Ahenni Som mu no, “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye” ne 1995 ɔmantam nhyiam horow no asɛmti a ɛhyɛ nkuran.
2 Yeyi Yehowa ayɛ efisɛ ɔno na wakyerɛ yɛn nokware no. (Yes. 54:13; Yoh. 8:32) Yɛn nso yɛde anigye ka nokware no kyerɛ wɔn a wɔhwehwɛ ahotɔ ne anigye nyinaa. (Hes. 9:4; Aso. 20:35) Yɛn Kristofo nuayɛ no nso ma yɛn ani gye. Honhom fam abusua a ɔdɔ wom ma yenya akomatɔyam ne anigye. Eyinom ne nneɛma a ɛma yenya anigye a ɛka yɛn ma yeyi Yehowa ayɛ no mu kakraa bi pɛ. Nhyiam no ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow no bɛtwe yɛn adwene asi Kyerɛwnsɛm mu ntease afoforo a ɛma yenya anigye wɔ nna a edi akyiri a ɔhaw wom yi mu no so.
3 Nnansa Ɔmantam Nhyiam: Wo ne w’adwumawura ayɛ nhyehyɛe na ama woanya bere akɔ nnansa a wɔde bɛyɛ nhyiam no nyinaa? Ɛsɛ sɛ mmofra a wɔkɔ sukuu a wɔbɛkɔ nhyiam no bi bere a wonnya mmaa kwan no awofo de obu ka kyerɛ akyerɛkyerɛfo no sɛ mmofra no remma sukuu Fida, na ama wɔanya wɔn som fã titiriw yi mu kyɛfa. Ɛhe na wɔbɛyɛ nhyiam a ɛbɛn wo paa no? June Yɛn Ahenni Som no kyerɛɛ nna ne mmeae a wɔbɛyɛ ɔmantam nhyiam 23 wɔ Ghana baa dwumadibea asasesin mu no nyinaa. Ebedu saa bere yi de mo asafo no kyerɛwfo aka ho nsɛm akyerɛ mo asafo no. Wɔbɛyɛ nhyiam no bi wɔ Engiresi, Ewe, Fanti, Frafra, Ga, Krobo ne Twi mu.
4 Dwumadi no befi ase Fida anɔpa 9:40, na aba awiei Kwasida anwummere bɛyɛ 3:50. Memeneda ne Kwasida no, dwumadi no befi ase anɔpa 9:30.
5 Wobɛkɔ Bi?: Wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ nnansa a wɔde bɛyɛ nhyiam no nyinaa. Dɛn nti na wɔka saa? Yehowa pɛ sɛ yɛkɔ ase. Ɛnnɛ wɔde ntua a emu yɛ den ba yɛn gyidi ne honhom fam akwahosan so. Bere a na Yudea Kristofo wɔ ahokyere kɛse mu no, Paulo de afotu mae sɛ ‘wonnnyae wɔn ho wɔn ho nhyiam.’ (Heb. 3:12, 13; 10:25) Ná Filipifo no te “awo ntoatoaso a wɔakɔntɔn na akyea” mu. Nanso, na ‘wɔhyerɛn sɛ akanea wɔ wiase.’ (Fil. 2:15, NW) Dɛn nti na na afeha a edi kan no mu Kristofo yi yɛ soronko? Efisɛ wɔde osetie dii honhom kronkron a ɛhyɛɛ wɔn sɛ wɔmmom nhyiam ‘ntwetwe wɔn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu’ no akwankyerɛ akyi.—Heb. 10:24.
6 Wiase no bɛdaadaa yɛn ma yɛayɛ nea ɛne eyi bɔ abira, na ama pɛ a yɛpɛ sɛ yɛne yɛn nuanom hyiam yi Yehowa ayɛ no abrɛ ase. Wɔka kyerɛ yɛn nyinaa sɛ yentie Yehowa honhom na yɛanya nnansa a wɔde bɛyɛ nhyiam no nyinaa mu anigye. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛne yɛn abusua nyinaa bɛkɔ? Ɛho hia sɛ yɛhyɛ ɔdɔ ne gyidi a yɛwɔ no den daa. Yehowa ama yɛn afe afe ɔmantam nhyiam a ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ eyi.
7 Fa Ademude Kɔ Fie: Wobɛyɛ dɛn atumi anya nhyiam no so mfaso a ɛsen biara? Mmuae tiawa a yɛde ma ne sɛ “fa adwene si dwumadi no so.” Eyi yɛ ade a ne yɛ yɛ den wɔ nnɛ wiase a nsɛm haw nnipa ntɛmntɛm na wɔde ahopere yɛ ade no mu. Ebia ɛbɛyɛ den ama mmofra ahoɔdenfo sɛ wɔde wɔn adwene besi dwumadi no so, nanso ɛyɛ ade a ne yɛ yɛ den ma yɛn nyinaa bere a yɛkɔ ɔmantam nhyiam no. Sɛ yedi kan yɛ nhyehyɛe a, yebehu sɛ ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ yɛde yɛn adwene besi dwumadi no so. Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn ne nhyiam no asɛmti?’ Dwennwene ho! ‘Dɛn nti na merekɔ, na dɛn na mɛyɛ wɔ nnansa no mu? Mede anwummere no begye m’ani, anaa mayɛ bere a ɛfata a mede bɛhome na masusuw nhyiam no mu nsɛntitiriw ho ho nhyehyɛe?’
8 February 1, 1984, Engiresi Ɔwɛn-Aban no mu asɛm a ɛne “Wudwennwen Nneɛma Ho Anaa W’adwene Kyinkyin Kɛkɛ?” no de sɛnea yebenya nhyiam so mfaso a ɛsen biara ho nyansahyɛ pii mae na afei ɛkae sɛ: “Ebia nea ehia sen biara ne sɛ obi bɛteɛ n’adwene so.” Sɛ ɔkasafo bi fi ase kasa a, yɛtaa tie, nanso ebia yɛma yɛn adwene “fi ase kyinkyin” bere a ɔkasa no adu baabi no. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati eyi?
9 Ɛho hia sɛ yeti nyansahyɛ ahorow a yɛde mae wɔ bere a atwam no mu efisɛ etu mpɔn. Bɔ mmɔden biara a wubetumi sɛ wobɛhome sɛnea ɛsɛ anadwo biara. Ɛnyɛ bere nyinaa na eyi yɛ mmerɛw efisɛ ebia wutuu kwan na ɛbae, na sɛ wote ahɔhodan mu a, ebia worenna ntɛm anaasɛ worenhome sɛnea wowɔ fie no. Mpɛn pii no nhyehyɛe pa bɛma woahome sɛnea ɛsɛ.
10 Ada adi sɛ nsɛm a wɔkyerɛkyerɛw to hɔ kɛkɛ no boa ma wɔde adwene si dwumadi no so. Nanso, sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛkyerɛkyerɛw nsɛm pii dodo a, ebia worente nsɛntitiriw no bi koraa. Nyansahyɛ a wɔde ma ne sɛ kyerɛkyerɛw nsɛm to hɔ a nea enti a woyɛ saa ne sɛ wobɛbɔ dwumadi no mua akyerɛ wo Bible suani anaa obi a waka dan mu. Ɛwom sɛ ebia na obi pɔtee nni w’adwenem de, nanso wubenya atirimpɔw nti a wokyerɛkyerɛw nsɛm no, na ebia wubenya hokwan aka dwumadi no mu nsɛntitiriw akyerɛ wɔ nhyiam no akyi bere a wudi w’abusuafo a wonnye nni adanse wɔ bɔnnɔ so no. Sɛ wokyerɛkyerɛw nsɛm to hɔ na woka nea wotee no kyerɛ obi a, wo werɛ remfi asɛm no ntɛm. Asɛm a wɔka kyerɛ no ma ɛka adwenem kɛse.
11 Ɛwom sɛ wɔnyɛ aduanma ho nhyehyɛe a ɛkɔ akyiri de, nanso yebetua sika kɛse wɔ beae a yɛbɛyɛ nhyiam no a yebegye no ho, a nea ɛtaa ka ho ne apatabɔ, nsu ne anyinam ahoɔden nkanea, ne ade. Yɛyɛ dɛn tua ɛka ahorow yi? Yɛnam ntoboa a yefi yɛn pɛ mu yi, sɛ ebia sika anaa check a yetua ma “Watchtower Convention” no so na ɛyɛ saa. Eyi ne Dwom 96:8 ne 2 Beresosɛm 31:12 hyia.
12 Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye De Wɔn Abrabɔ Pa Hyɛ Yehowa Anuonyam: Wɔ afe a etwaam no mu no, yɛtee nkuranhyɛ nsɛm a ɛfa yɛn abrabɔ ho fii ahɔhodan ne mmeae a yɛyɛɛ nhyiam no adwumayɛfo hɔ. Ahɔhodan so panyin bi kae sɛ: “Ɛyɛ anigye bere nyinaa sɛ yɛbɛma Adansefo dabere efisɛ wɔwɔ boasetɔ, wɔyɛ nea yɛpɛ, na wɔhwɛ wɔn mma yiye.” Ahɔhodan so panyin foforo kae sɛ ɛte sɛ nea Adansefo no wɔ anigye kɛse na wɔyɛ wɔn ade wɔano wɔano sen akuw foforo. Ɛwom mpo sɛ na yɛn nhyiam no ne nea ɛso sen biara a wɔyɛe wɔ mpɔtam hɔ de, nanso ɔkae sɛ: “Yɛante anwiinwii na yɛanhyia nsɛnnennen pii sɛ akuw a wosusua sen wɔn koraa no.”
13 Ahɔhodan mu dwumayɛni foforo kae sɛ nhyiam bi a wɔyɛe nnansa yi ansa na yɛreyɛ yɛn de no ma wɔsɛee nneɛma pii, na wowiawiaa nneɛma nso, ɛwom mpo sɛ na adwumayɛfo no nyinaa wɔ hɔ de. Nanso ɔtoaa so kaa yɛn nhyiam no ho asɛm sɛ: “Ɛnsɛ sɛ yɛhaw yɛn ho wɔ Adansefo no ho. . . . Sɛ wɔba ha a, nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛbɛma onipa biako anaa baanu a wosiesie nneɛma atra ha, kyerɛ sɛ, nea wɔbɛyɛ ara ne sɛ wobesiesie mfiri a ɛsɛe no.”
14 Yɛn yam a anka amanneɛbɔ a yɛtee no nyinaa te saa ara, nanso awerɛhosɛm ne sɛ ɛnte saa. Yɛn nsa aka amanneɛbɔ ahorow sɛ ɛsɛ sɛ anka nhyiamfo bi tumi siesie nhyiambea hɔ ne wɔn dabere ma ɛhɔnom tew yiye. Wɔamfa nkrataa asinasin ne rɔba a ice cream hyehyem no angu nkɛntɛn a wɔde sisii hɔ no mu, na ɛte sɛ nea ebinom anhu sɛ wɔn nneɛma a wɔhoroe ne wɔn nneɛma foforo a wɔde begugu baabiara kɛkɛ no betumi agu nhyiam no ho fĩ. Wɔ dabere bi no, wɔkasae denneennen, serew bɔɔ nkɔmmɔ kosii ɔdasum anaa anɔpatutuutu.
15 Ɔhaw foforo a akɔ so wɔ mfe a atwam no mu ne sɛ anuanom bebree nantenantew apata no akyi bɔ nkɔmmɔ bere a dwumadi no rekɔ so no. Na nhyiamfo no bi tra lɔre a wɔde asisi hɔ no mu ne dabere a ɛbemmɛn hɔ no bɔ nkɔmmɔ bere a nhyiam no rekɔ so no. Wɔ nhyiam biako ase wɔ afe a etwaam no mu no, wohuu krataa bi a Bible suani bi kyerɛwee wɔ ntoboa adaka no mu. Ɛkenkan sɛ: “Me ho nnwiriw me saa da bere a metee dede, adeyɛ, kasa, ne basabasayɛ a ɛrekɔ so wɔ abrannaa no so bere a wɔrema ɔkasa ahorow no . . . Minnya nyɛɛ Ɔdansefo, meyɛ obi a ɔresua ade ne Onyankopɔn suro ne obu ara kwa.” Nokwarem no, yɛn mu biara mpɛ sɛ ɔbɛma wɔanya adwene sɛ yenni Yehowa nsiesiei ahorow ho anisɔ.
16 Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho bere nyinaa sɛ: ‘Hena na migyina n’ananmu na dɛn nti na mereba nhyiam yi?’ Yɛn honhom mu yiyedi ne yɛn nyamesom pa da adi wɔ yɛn kasa, yɛn abrabɔ, ne honhom mu nsiesiei ho anisɔ mu. (Yak. 3:13; 1 Pet. 2:2, 3, 12) Wɔtaa hu sɛ anuanom a wɔagyina anohyeto ne bara a wɔbara ɔsom no ano mfe pii no tie dwumadi no yiye, na wɔda obu adi wɔ ɔmantam nhyiam ase, wɔnsɔresɔre, na wotie ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow no komm.
17 Wo Ntadehyɛ ne W’ahosiesie Ka Wo Ho Asɛm: Wɔkae yɛn wɔ 1 Samuel 16:7 sɛ “onipa hwɛ nea etua aniwa, na [Yehowa] de, ɔhwɛ komam.” Enti, nkurɔfo taa de yɛn ahosiesie kyerɛ nnipa ko a yɛyɛ. Wobue wɔn ani hwɛ yɛn ntadehyɛ ne ahosiesie yiye, titiriw bere a yɛrekɔ ɔmantam nhyiam bi akɔsom na wɔakyerɛkyerɛ yɛn Kristofo asetra no. Sɛ woyɛ abofra a wokɔ sukuu anaa wo honam fam adwuma ma wo ne nnipa a wɔpɛ wiasefo ntadehyɛ bɔ kɛse a, ebia ɛbɛyɛ asɛnnennen ama wo sɛ wubedi Kristofo gyinapɛn a ɛfa ntade a ɛfata ho no so.
18 Ntadehyɛ ne ahosiesie ho gyinapɛn gu ahorow wɔ wiase nyinaa. Wɔhwɛ kwan sɛ Kristofo bɛhyɛ ntade a ɛsɛ. Hena na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ eyi? Ɛsɛ sɛ awofo hwɛ hu sɛ wɔn mma rensiesie wɔn ho sɛ wiasefo mmofra wɔ sukuu. Wɔde akwankyerɛ pa ama na aboa yɛn ma yɛasi gyinae pa wɔ asɛm a ahwɛyiye na wɔde ka yi mu. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ kenkan July 8, 1987, Nyan! mu asɛm a ɛne “Dɛn Na Ntade Kyerɛ Ma Wo?” Dɛn na wohui wɔ yɛn nhyiam horow no bi ase wɔ afe a etwaam no mu?
19 Wɔ “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam horow no biako akyi no, yɛtee asɛm yi: “Afe yi, anuanom mmarima ne mmea maa wɔn ntadehyɛ, ahosiesie, ne abrabɔ yɛɛ papa wɔ nhyiam yi ase. . . . Nanso, nneɛma ne su horow bi wɔ hɔ a ɛho hia sɛ ɛkɔ so yɛ papa.” Wɔ nhyiam foforo akyi no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wohuu ntade a ɛmfata ankasa. Amanneɛbɔ no kae sɛ ebinom ntade haw afoforo. Ebinom a wonni asafo no mu nso huu ntade a ɛmfata no. Na ebinom ntade yɛ hanahana dodo, na ɛkyekyere wɔn papee nso.
20 Ná anuanom mmarima ne mmea dodow no ara hyehyɛ ntade a ɛsɛ na nidi wom bere a na wɔwɔ nhyiambea hɔ no. Nanso, akyiri yi a na anuanom mmarima ne mmea bi wɔ wɔn dabere ne adidibea no, na wɔhyehyɛ “soro ntade a enni nsa, ntade a wɔapam soro ne ase de no abom, nika ntiantiaa, ne . . . ntade a aba so a ɛmfata mma Onyankopɔn nkurɔfo.” Sɛ mpanyimfo no hu sɛ ebinom de ayɛ wɔn su sɛ wobesiesie wɔn ho saa wɔ ahomegye bere mu a, ɛbɛyɛ papa sɛ wofi ayamye mu de wɔn nan si fam de afotu ma wɔn sɛ saa ntade no mfata, titiriw sɛ́ wɔn a wɔkɔ Kristofo ɔmantam nhyiam no, ansa na wɔakɔ nhyiam no. Yɛsrɛ sɛ wo ne wo Bible asuafo a wɔbɛkɔ nhyiam no nsusuw abrabɔ ne ntadehyɛ ho akwankyerɛ a wɔde ama wɔ atifi hɔ no ho.
21 Dabere: Afe biara, wɔbɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛma dabere a wɔatew ne bo so na amma obiara ho ankyere no sika fam. Yɛsrɛ sɛ kae sɛ wubeyi boasetɔ ne ayamye adi bere a wo ne ahɔhodan ne sukuu mu adwumayɛfo redi no. Ebia na akwantu no ama yɛabrɛ, na santen a wɔato retwɛn dabere no ware, nanso wobehu wo boasetɔ no. Sɛ adawurubɔfo ne wɔn Bible asuafo susuw krataa a ɛhyɛ June 1995 Yɛn Ahenni Som mu nsɛm a ɛfa dabere ho no ho a, wobenya so mfaso kɛse. Ɛsɛ sɛ yɛkae hia a ɛho hia sɛ yɛkyɛ ade wɔ ɔkwan a ɛfata so wɔ ahɔhodan ne adidibea no.—June 22, 1986, Engiresi Nyan!
22 Mfoninitwa Mfiri ne Mfiri a Wɔde Kyere Dwumadi No: Ɛfata sɛ yebefi ayamye mu de nkaebɔ ama wɔ mfoninitwa mfiri ne mfiri a wɔde kyere dwumadi no ho. Yɛsrɛ sɛ kae sɛ sɛ woyɛ nhyehyɛe sɛ wode mfoninitwa mfiri, video, ne afiri biara a wɔde kyere dwumadi no bedi dwuma a, susuw afoforo a wɔatwa wo ho ahyia no ho. Ɛhɔnom a wobɛnantenantew bere a dwumadi no rekɔ so, anaa w’akongua so a wobɛtra akyere dwumadi no betumi atwetwe afoforo adwene. Ɛnsɛ sɛ wɔde afiri biara a wɔde kyere dwumadi no sa anyinam ahoɔden nkanea anaa akasam nhama no, na mfa afiri bi nsi kwan mu nso. Gyinae a ebia obi besi sɛ ɔde video anaa tape bɛkyere dwumadi no yɛ n’ankasa asɛm. Mfoninitwa ne dwumadi no a obi kyere gu afiri so no betumi ama ɔde anigye akae bere a akyiri yi ɔhwɛ no. Ɛsɛ sɛ wɔde saa mfiri no nyinaa di dwuma wɔ ahwɛyiye mu, wɔ ɔkwan a ɛntwetwe afoforo adwene so na ɛma wonya dwumadi no so mfaso a ɛkyɛn so. Sɛ wosan kɔ fie a, wubenya bere de atie dwumadi a wokyeree no? Ebia wubehu sɛ nsɛm a wobɛkyerɛkyerɛw nkutoo dɔɔso.
23 Baabi a Yɛbɛtra: Wɔ 1994 “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam no ase no, wuhuu nkɔso bi wɔ nkongua a wogyaw to hɔ ma afoforo no mu? Nkɔso bi aba, nanso ɛho hia ara sɛ yɛma nkaebɔ yi tra yɛn adwenem: WƆN A WUBETUMI AGYAW KWAN ATO HƆ AMA WƆN NE W’ABUSUAFO ANKASA NE OBI A EBIA ƆKA WO HO WƆ WO KAR MU NKUTOO.
24 Ɔmantam nhyiam biara yɛ nsiesiei ma wɔn a wɔn ahiade yɛ soronko, te sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne mmubuafo. Yɛsrɛ sɛ nkɔtra faako a wɔde ama saafo yi, sɛ wonyɛ wɔn mu bi a. Afei nso, yɛ krado sɛ wobɛboa wɔn a wɔn ahiade yɛ soronko no ma wɔanya akongua, sɛ wonni obi a ɔhwɛ wɔn a.
25 Aduan a Wubehia Wɔ Nhyiam no Ase ho Dwuma a Wubedi: Sɛnea wunim no, July 1995 Yɛn Ahenni Som no kae sɛ: “Efi 1995 ɔmantam nhyiam ne 1996 ɔmansin nhyiam ne da koro nhyiam titiriw so no, yɛrenyɛ aduanma ho nhyehyɛe a ɛkɔ akyiri bio. Wɔhyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa n’aduan ne n’anonne mmra.” Krataa a ɛhyem no kyerɛɛ nea enti a wɔayɛ nsakrae yi, na ɛde sɛnea obiara betumi adi aduan ne anonne a ohia wɔ nhyiam no ase ho dwuma ho nyansahyɛ mae. Ɛnyɛ sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ yɛn nyinaa bɛkenkan krataa no nko, na mmom yɛne yɛn Bible asuafo nso nsusuw ho bere a wosiesie wɔn ho akɔ nhyiam no. Ɛho hia sɛ yɛbɛka akyerɛ Bible asuafo sɛ obiara a ɔbɛkɔ bi no mfa n’ankasa aduan ne anonne mmra nhyiam no ase.
26 Nea ɛbɛyɛ na yɛasi nsɛntitiriw bi so dua kɛkɛ no, wobɛpɛ sɛ wokae nneɛma a wɔde nyansahyɛ mae sɛ fa bra awia ahomegye bere no: awia aduan a ɛho adwumayɛ nyɛ den, emu yɛ hare, na ɛma ahoɔden te sɛ nea nkurɔfo taa de kɔ wɔn honam fam adwuma, te sɛ bodobodo a wɔde akade bi ahyehyɛ mu, keeki, ne nnuaba. Anonne betumi ayɛ kɔfe, nsa dɔkɔdɔkɔ a ɛmmow, nnuaba mu nsu, toa mu nsu a egu nneɛma a ɛmmɔ anaa flask mu. Sɛ aduan ne anonne nnaka nketewa ho hia, na ɛbɛkɔ w’akongua ase a, wɔbɛma ho kwan. Nanso, ɛnsɛ sɛ wode aduan ne anonne nnaka akɛseakɛse, mmosa, anaa abobɔde a wɔde nneɛma gu mu ba nhyiam no ase. Ɛnsɛ sɛ yedidi anaa yɛnom nnɔkɔnnɔkɔwade bere a dwumadi no rekɔ so no. Saayɛ bɛkyerɛ sɛ yemmu honhom mu aduan a wɔde ma no.
27 Ahwɛyiye foforo ne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛnoa aduan wɔ ahɔhodan mu gye sɛ mukaase ketewaa bi wom a wɔde yɛ saa. Ɛbɛyɛ papa sɛ yebesusuw nokwasɛm a ɛne sɛ atirimpɔw nti a wɔde awia ahomegye bere no ma ne sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi aduan bi a emu yɛ hare na yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea anya teokrase fekubɔ. Sɛ́ Yehowa nkurɔfo no, yenim sɛ honhom mu aduan a yedi wɔ ɔmantam nhyiam horow ase no ho hia yiye, sɛ yɛde toto honam fam nneɛma ho a, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho nhyehyɛe ma ɛfata.
28 Yebefi “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam horow no mu nea edi kan ase December 15, 1995. Woasiesie wo ho awie, na woayɛ krado sɛ wubenya nnansa fekubɔ a ɛyɛ anigye ne honhom mu nnepa no bi? Yefi yɛn komam bɔ mpae sɛ Yehowa behyira wo mmɔdenbɔ so, na ama wo ne wo nuanom mmarima ne mmea akɔ afe yi nhyiam no bere a yɛde yɛn adwene si sɛnea yɛbɛyɛ Yehowa ayeyifo a wɔwɔ anigye no so.
[Kratafa 6 adaka]
Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ Ahorow
Asubɔ: Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrebɛbɔ wɔn asu tra beae a wɔde ama wɔn no ansa na wɔafi dwumadi no ase Memeneda anɔpa. Wɔahu sɛ ebinom hyɛ ntade a ɛmfata a egu adeyɛ no ho fĩ. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔyɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛbɔ asu no de asuguare atade a ɛfata ne mpopaho ba. Bere a ɔkasafo no ama asubɔ ɔkasa no abɔ mpae awie no, dwumadi no guamtrani de akwankyerɛ tiawa bɛma wɔn a wɔrebɛbɔ wɔn asu no na afei wɔama wɔato dwom. Sɛ wɔto nkyekyem a etwa to no wie a, wɔn a wogye ahɔho no bɛkyerɛ wɔn a wɔrebɛbɔ wɔn asu no kwan akɔ faako a wɔbɛbɔ wɔn asu no. Esiane sɛ asubɔ a obi de yɛ n’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne no yɛ n’ankasa ne Yehowa ntam kokoam asɛm nti, nhyehyɛe biara nni hɔ mma nea wose ɛyɛ ahokafo asubɔ a wɔn a wɔrebɛbɔ wɔn asu baanu anaa nea ɛboro saa bam wɔn ho anaa wososo wɔn nsam bere a wɔrebɔ wɔn asu no. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo, titiriw ahwɛfo aguamtrafo hwɛ hu sɛ wɔaka wɔn asafo no mufo a wɔrebɛbɔ wɔn asu no ho asɛm akyerɛ Asubɔ Dwumadibea no ansa na nhyiam no Memeneda anɔpa adu.
Baagye: Yɛsrɛ sɛ bɔ wo 1995 baagye no wɔ nhyiam no ase ne bere a worekɔ nhyiambea hɔ ne bere a worefi hɔ no. Eyi ma yetumi di adanse yiye bere a yɛretu kwan no. Ɛsɛ sɛ mo nsa ka baagye no ne nea wɔde hyem no denam mo asafo no so, efisɛ morennya bi wɔ nhyiam no ase. Kae sɛ wode wo “Advance Medical Directive/Release” kratasin a entwaam no bɛhyɛ wo ho. Ɛsɛ sɛ Betel abusua no mufo ne akwampaefo fa wɔn agyiraehyɛde nkratasin no.
Dabere: Yɛsrɛ obiara a Dabere Dwumadibea no ma no dan no sɛ ɔmmoa wɔn. Tra wo dabere hɔ. Eyi ma wɔkwati nkyereso ne ɔhaw wɔ dabere afoforo a wobu no sɛ ɛhɔ ye kɛse no. Bɔ mmɔden sɛ wubedu hɔ ntɛm na ama wɔakyerɛ wo dabere wɔ bere pa mu. Kyerɛ wo fiewura no ahɔhoyɛ su ho anisɔ na kae sɛ wobɛma w’abrabɔ adi adanse. (1 Pet. 2:12; 1 Kor. 4:9b; Kol. 3:15) Ma wo dabere hɔ ntew fɛfɛɛfɛ. Sɛnea yɛaka dedaw no, Asafo ti no ani sɔ nhyiamfo a woyi sika ntoboa de boa nhyiam no wɔ wɔn dabere ho, ɛwom mpo sɛ wɔka sɛ wonnye hwee wɔ dabere ho de.
Akwampaefo a Wohia Mmoa a Yɛbɛboa Wɔn: Esiane sɛ wɔrenyɛ aduanma ho nhyehyɛe a ɛkɔ akyiri nti, wɔrenyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔama akwampaefo aduan tekit kwa. Wɔhyɛ ankorankoro, mmusua ne asafo ahorow nkuran sɛ wɔmmoa akwampaefo a wohia mmoa wɔ lɔre ne aduan fam. Bere a ɔkwampaefo pɔtee bi wɔ w’adwenem no, wubetumi afa awia aduan a emu nyɛ duru a ɛyɛ nnuaba anaa bodobodo a akade hyehyem aka w’ankasa awia aduan ho? Wubetumi ama ɔkwampaefo bi atra wo kar mu a woremmɔ ka foforo ankasa? Nneɛma nketenkete foforo wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de ama akwampaefo a wohia mmoa ne afoforo anya “nsuonwini kuruwa ma” a wubetumi asusuw ho?—Fa toto Mateo 10:42 ho.
Adwuma a Wotu Ho Ma Yɛ: So wubetumi de bere bi asi hɔ wɔ nhyiam no ase de aboa dwumadibea no biako? Yɛn nuanom a yɛbɛsom wɔn nnɔnhwerew kakraa bi mpo no, betumi aboa yiye na yɛanya akomatɔyam a ɛfata. Sɛ wubetumi aboa a, yɛsrɛ sɛ kohu Adwuma a Wotu Ho Ma Yɛ Dwumadibea no wɔ nhyiam no ase. Mmofra a wonnii mfe 16 betumi aboa yiye denam adwuma a wɔbɛyɛ wɔ wɔn awofo biako anaa ɔpanyin foforo a otumi di asɛyɛde ho dwuma ase no so.
Kɔkɔbɔ: Sɛ yɛma yɛn ani da hɔ sɛ ɔhaw ahorow betumi aba a, yebetumi akwati nsɛnnennen a ɛho nhia. Mpɛn pii akorɔmfo ne nnipa abɔnefo foforo bɛpɛ sɛ wodi akwantufo amim. Hwɛ hu sɛ wode safe ato wo kar mu bere nyinaa, na nnyaw biribi a obi behu a ɛbɛma wabue abɛfa biribi wom. Nhyiam akɛse ase na akorɔmfo ne atotobotomfo tumi nya nkurɔfo wia wɔn. Ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ wubegyaw wo biribi a ɛsom bo ato w’akongua so. Wuntumi nhu sɛ obiara a ɔwɔ hɔ no yɛ Kristoni. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wosɔ afoforo hwɛ? Yɛn nsa aka amanneɛbɔ sɛ nnipa bi a wonni asafo no mu bɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa mmofra afi nhyiam no ase. MA W’ANI NKƆ WO MMA SO BERE NYINAA.
Wɔde amanneɛbɔ ama sɛ ahɔhodan bi ma wotumi hwɛ television so dwumadi ahorow a ɔbrasɛe anaa nguamansɛm mpo wom. Ma w’ani nna hɔ wɔ eyi ho, na mma mmofra nkutoo nnhwɛ television wɔ dan no mu a obiara nhwɛ wɔn so.