1996 “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam
1 Akyinnye biara nni ho sɛ afe yi ɔmantam nhyiam no bɛboa yɛn ma yɛakɔ so akura Onyankopɔn asomdwoe mu, na ɛbɛkyerɛkyerɛ dwuma a yebedi de aboa afoforo ma wɔanya asomdwoe a ɛte saa mu. Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ June 1996 Yɛn Ahenni Som mu no, asɛmti no ne “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo.” So woayɛ wo nhyehyɛe ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a worenhwere dwumadi no mu biara?
2 Nnansa Dwumadi: Yenim sɛ mo ani begye afe yi ɔmantam nhyiam no ho yiye na mobɛsan akɔ fie a moanya ahoɔden foforo. (2 Be. 7:10) Yebenya nnansa dwumadi bio afe yi. So woayɛ nhyehyɛe ahorow dedaw a ɛbɛma woanya kwan wɔ adwumam na ama woatumi akɔ ne nyinaa bi? Wɔbɛyɛ nhyiam ahorow a ebedi kan no mu bi ansa na sukuufo ama kwan wɔ December mu. Sɛ wowɔ mmofra a wɔkɔ sukuu a, so wufi obu mu abɔ wɔn akyerɛkyerɛfo amanneɛ sɛ esiane wɔn som ntetee titiriw yi nti wɔremma sukuu Fida?
3 June 1996 Yɛn Ahenni Som no kyerɛɛ nna ne mmeae a wɔbɛyɛ ɔmantam nhyiam 28 wɔ Ghana baa dwumadibea no asasesin mu no nyinaa. Ebesi saa bere yi no mo nyinaa ahyɛ nea ɛfa mo asafo ho no nsow. Wɔbɛyɛ nhyiam no bi wɔ Dangme, Engiresi, Ewe, Fanti, Frafra, Ga, Nzema, ne Twi mu.
4 Dwumadi no befi ase anɔpa 9:30 nnansa no nyinaa, na aba awiei Kwasida anwummere bɛyɛ 4:00.
5 Wɔbɛsew Wo? Bere a August 15, 1993 Ɔwɛn-Aban no faa Mmebusɛm 27:17 kaa asɛm sɛ, “Dade sew dade ano,” wiei no, ɛkae sɛ: “Yɛte sɛ nnwinnade a ehia sɛ wɔsew no daa. Esiane sɛ ɔdɔ a yɛbɛkyerɛ ama Yehowa ne gyinae ahorow a yegyina yɛn gyidi so si hwehwɛ sɛ yɛda nsow fi wiase no ho nti, ɛsɛ sɛ yɛn nneyɛe yɛ soronko fi nnipa dodow no ara de ho sɛnea yɛbɛka no no.” Yɛbɛyɛ dɛn de saa afotu yi adi dwuma?
6 Yɛyɛ soronko wɔ wiase no ho na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ saa. Sɛ yɛbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kura mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ eyi no mu bere nyinaa. (Tito 2:14) Ɛno nti na Ɔwɛn-Aban mu asɛm a yɛafa aka wɔ atifi hɔ no kɔɔ so kae sɛ: “Bere a yɛne afoforo a wɔdɔ Yehowa bɔ no, yɛsew yɛn ho yɛn ho—yɛtwetwe yɛn ho yɛn ho kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.” Ɔmantam nhyiam yɛ nsiesiei ahorow a Yehowa de boa yɛn ma yɛyɛ nnam honhom fam no mu biako. Yentumi nhwere dwumadi no fã biara.
7 Onyansafo Betie: Asɛm tie yɛ adeyɛ a ɛsɛ sɛ wosua. Wɔaka sɛ onipa a n’adwenem da hɔ kae nsɛm a wate mu fã pɛ—ɛmfa ho sɛnea osusuw sɛ ɔwɛn n’aso tiei no. Esiane sɛ yɛte mmere a nneɛma pii twetwe adwene mu nti, ɛtɔ mmere bi a ebetumi ayɛ den sɛ yɛde yɛn adwene besi biribi so akyɛ. So yebetumi ama bere tenten a yetumi de yɛn adwene si biribi so no anya nkɔanim, titiriw bere a yɛte atiefo a wɔdɔɔso mu retie obi a ɔrekasa no? Sɛ wɔka sɛ bɔ da biara dwumadi no mua bere a woafi nhyiam aba fie no a, anka wubetumi ayɛ saa? Ɔkwan bɛn so na yɛn nyinaa betumi atu mpɔn wɔ asɛm tie mu, na yɛayɛ aso atie ɔmantam nhyiam no dwumadi no fã biara?
8 Ɛho anigye kɛse a yebenya ho hia, efisɛ sɛ ɛno nni hɔ a Onyankopɔn akyɛde a ɛne kae a wotumi kae ade no rentumi nyɛ adwuma yiye. Sɛ́ nhwɛso no, dodow a obi kyerɛ anigye kɛse wɔ asɛm bi ho no, dodow no ara na ɛyɛ mmerɛw ma no sɛ ɔbɛkae ɔkasa anaa dwumadi no fa bi mu nsɛntitiriw no. Nanso, ne kɛse no ara gyina aso a yɛbɛyɛ ama nneɛma a yɛanya hokwan retie wɔ ɔmantam nhyiam ahorow ase no so. Anigye kɛse a yebenya wɔ nhyiam no dwumadi no ho ne aso a yɛbɛyɛ ama ne fã biara no fa yɛn mprempren honhom fam tebea ne yɛn daakye anidaso ho. Wɔkyerɛkyerɛ yɛn Yehowa akwan wɔ nhyiam horow ase, na wɔma yɛn akwankyerɛ ahorow a yɛde bɛyɛ nkwagye adwuma no. (1 Tim. 4:16) Fa no sɛ woyɛ po so hyɛn bi a ahum rewosow no wɔ po so. Yehowa bɔhyɛ ahorow yɛ anidaso ho sɛkyɛ a etim hɔ. Sɛ obi anwɛn n’aso wɔ Kristofo dwumadi ase na ɔma n’adwene kyinkyin a, obetumi ahwere afotusɛm ne akwankyerɛ ahorow a ɛho hia a ebetumi abɔ ne ho ban a ongu asu honhom mu no.—Heb. 2:1; 6:19.
9 Wɔ wiase no afã pii no, yɛn nuanom bɔ mmɔden kɛse wɔ honam fam na ama wɔatumi akɔ asafo nhyiam ahorow. Ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛnea wɔyɛ aso tie asɛm wɔ nhyiam horow ase. Nanso, wɔ mmeae bi no, ankorankoro bi nam akɔneaba a wodi wɔ nhyiam ase bere a dwumadi no rekɔ so no so twetwe afoforo adwene. Afoforo nso ka akyi. Wɔ nhyiam ahorow bi a wɔayɛ dedaw ase no, na ɛyɛ den sɛ wobɛte dwumadi no wɔ simma kakra a edi kan no mu esiane sɛ na nnipa pii nenam abranaa so ne atiefo atrae no akyi nti. Mpɛn pii no, eyinom nyɛ anuanom a wɔreyɛ nnwuma ahorow anaa ɛnanom a wɔredi wɔn mma nkumaa ahiade ho dwuma no. Nkurɔfo a wɔredi nkɔmmɔ kɛkɛ na wɔyɛ dede no mu fã kɛse no ara. Afe yi, Dwumadibea a Egye Ahɔho no bedi ɔhaw yi ho dwuma kɛse, na yɛwɔ anidaso sɛ, obiara bɛtra ase bere a oguamtrani no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ saa no. Yɛn ani bɛsɔ mmɔden a mobɛbɔ wɔ eyi ho no kɛse.
10 Nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi ayɛ aso atie nhyiam no dwumadi yiye, na yɛatumi akae nea wɔbɛka no pii? Ɛfata sɛ yeti nea yɛaka no mfe a atwam no mu: (a) Fa w’adwene si ade titiriw nti a worekɔ kurow a wɔreyɛ nhyiam wom no mu no so. Ɛnyɛ ahomegye nti, na mmom sɛ worekotie na woasua. (Deut. 31:12) Bɔ mmɔden sɛ wobɛhome sɛnea ɛsɛ anadwo biara. Sɛ woba nhyiam no ase bere a woabrɛ kɛse a, ɛbɛyɛ den sɛ wubetumi de w’adwene asi biribi so. (b) Nya bere pii a ɛbɛma wode wo kar asi baabi na woatra ase ansa na dwumadi no afi ase. Mpɛn pii no, ahopere a wode bɛkɔ akɔtra ase bere a bere aso no ma wohwere ɔkasa a wɔde fi ase no bi. (d) Yɛ nsɛntitiriw no ho kyerɛwtohɔ ntiatiaa. Nsɛm pii a wobɛkyerɛkyerɛw no remma wuntumi ntie asɛm no yiye. Sɛ worekyerɛw a, hwɛ hu sɛ wonhwere nsɛm foforo esiane sɛ wode w’adwene asi nea worekyerɛw no so nti. (e) Sɛ wɔda nhyiam no fã bi adi a, fa anigye hwɛ kwan. Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na metumi asua afi ɔfã yi mu a ɛbɛma anisɔ ne ɔdɔ a mewɔ ma Yehowa ayɛ kɛse? Ɔkwan bɛn so na asɛm no bɛboa me ma matumi ayi nipasu foforo no adi kɛse? Ɔkwan bɛn so na eyi bɛboa me ma manya nkɔso wɔ me som adwuma mu?’
11 Abrabɔ a Ɛkamfo Yɛn Som Adwuma No: Paulo hyɛɛ Tito nkuran sɛ ɔnna ne ho adi sɛ “nnwuma pa ho nhwɛso.” Sɛ Tito de nkyerɛkyerɛ pa ma a, na obetumi aboa afoforo ma ‘wɔakamfo yɛn Agyenkwa Onyankopɔn wɔ ade nyinaa mu.’ (Tito 2:7, 10, NW) Afe biara, wofi ɔdɔ mu ma yɛn nkaebɔ a ɛfa nea enti a abrabɔ pa ho hia kɛse wɔ bere a yɛrekɔ nhyiam ne bere a yɛreba, ne bere a yɛwɔ ahɔhodan ne adidibea ahorow ne nhyiam ase ankasa ho. Afe a etwaam no, yɛtee nsɛm a ɛka koma a yɛpɛ sɛ yɛka kyerɛ mo.
12 Ahɔhodan so panyin bi kae sɛ: “Yɛn ani gye bere nyinaa sɛ yɛbɛma Adansefo no dabere efisɛ wɔwɔ boasetɔ, biakoyɛ su, na wɔhwɛ wɔn mma yiye.” Ahɔhodan mu dwumayɛni bi kae sɛ ɛma n’adwuma “yɛ mmerɛw kɛse bere a Adansefo rebegye ahɔhodan ne bere a wɔrefi mu no, efisɛ, ɛmfa ho sɛ ɛsɛ sɛ wɔto santen twɛn no, wɔda obu, boasetɔ, ne ntease adi bere nyinaa.” Ɔbea bi a ɔwɔ New England wɔ United States ani gyee Adansefo mmofra a na ɔne wɔn te ahɔhodan koro mu no abrabɔ ho araa ma obisaa yɛn ahyehyɛde no ho nhoma bi.
13 Nanso, ɛho hia sɛ yɛbɔ mmɔden wɔ nneɛma bi mu. Yɛpɛ sɛ yɛka nneɛma bi a wɔakyerɛw akɔma Asafo ti ho asɛm kyerɛ mo. Amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ ehia sɛ awofo bɔ mmɔden ma wɔn ani kɔ wɔn mma ho wɔ mmeae a wɔma wɔn dabere no. Wɔahu sɛ mmofra retu mmirika na wɔreyɛ dede pii anadwo dasum ne anɔpatutuutu, ma enti wɔsɛe afoforo nna. Ehia sɛ yɛtete yɛn mma ma wɔte ase sɛ ɛnyɛ bere pɔtee bi nko na wɔda Kristofo abrabɔ adi. Ɛmma awiei bere a yɛafi nhyiambea no. Ɛsɛ sɛ ɛkɔ so nnɔnhwerew 24 da biara. Ɛsɛ sɛ yɛn abrabɔ wɔ mmeae a yɛda, adidibea, ne mmɔnten so yɛ nea nidi wom te sɛ bere a yɛne yɛn nuanom te nhyiam ase na Yehowa rekyerɛkyerɛ yɛn no.—Yes. 54:13; 1 Pet. 2:12.
14 Yɛpɛ sɛ yefi ɔdɔ mu kae mo wɔ ade a mobɛkyɛ nso ho. Akyɛde ahorow so na adidibea ahwɛfo mmarima ne mmea, ahɔhodan mu mmaawa ne adwumayɛfo a woso ahɔho mu, ne afoforo a wɔyɛ nnwuma a ɛtete saa no nam nya wɔn asetrade.—Hwɛ June 22, 1986, Engiresi Nyan!, nkratafa 24-7.
15 Ɛwom sɛ yɛagyae aduanma ho nhyehyɛe a ɛkɔ akyiri wɔ yɛn nhyiam horow ase de, nanso yɛda so ara bɔ ka pii wɔ nhyiambea a yɛfɛm, baabi a yɛde kar sisi, ne nneɛma foforo ho dwumadi ho. Ntoboa ahorow a yefi yɛn pɛ mu yi no na yɛde di eyinom ho dwuma. Onuawa bi a ɔwɔ mma a wɔadu mpanyin afe so baa nhyiam a na ne ho sika sua. Nanso, ɔne ne mma no yii ntoboa kakra de boae. Nea obi bɛyɛ wɔ eyi ho gyinaesi yɛ ankorankoro asɛm, nanso yenim sɛ mo ani sɔ nkaebɔ a ɛtete saa no.—Aso. 20:35; 2 Kor. 9:7.
16 Wɔde Yɛn Ahosiesie Hu Yɛn: Sɛnea yesiesie yɛn ho no ka yɛn ho nsɛm pii na ɛkyerɛ sɛnea yɛte nka ma afoforo. Nneɛma a aba so, ntade basabasa a wɔhyɛ wɔ sukuu mu anaa adwumam atwa mmofra a wɔadu mpanyin afe so dodow no ara ne mpanyimfo pii ho ahyia. Afe biara akwan a wɔfa so pam ntade bɛyɛ nea ɛtra so, nea ɛyɛ ahodwiriw mpo. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛn atipɛnfo a wɔyɛ wiasefo no betumi anya yɛn so nkɛntɛnso ntɛm ma yɛasiesie yɛn ho te sɛ wɔn. Ntade pii wɔ hɔ a ɛmfata sɛ yɛhyɛ wɔ mmeae horow a yehyiam som no. Krataa bi a yɛn nsa kae bere a wowiee amantam nhyiam horow no biako akyi kyerɛɛ dwumadi no ho anisɔ, nanso ɛde kaa ho sɛ: “Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ na mmabaa pii hyehyɛ ntade ntiatiaa, ntade soro a ɛma wɔn kokom gu hɔ, ne ntade a wɔapaapae ho atenten.” Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ yɛn nyinaa pɛ sɛ yebesiesie yɛn ho wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ Kristofo asomfo wɔ nhyiam ase ne bere a yɛapɔn na yɛrebɔ fekuw no. Ɛyɛ papa sɛ yesusuw ɔsomafo Paulo afotu a ɔde maa Kristofo sɛ wɔnhyɛ ‘ntade a ɛsɛ, mfa ahobrɛase ne adwenemtew nkeka wɔn ho’ no ho bere nyinaa.—1 Tim. 2:9.
17 Hena na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ atade a “ɛsɛ,” a ɛkyerɛ ahobrɛase? Ahobrɛase a obi wɔ no kyerɛ sɛ onii no nyɛ “anuɔden anaa anisoɔhyeɛ.” Nsɛm asekyerɛ nhoma nso kyerɛ ahobrɛase ase sɛ “nea ɛba fam.” Asafo ti no anaa mpanyimfo no renyɛ ntadehyɛ ne ahosiesie ho mmara ahorow. Sɛ saa mpo a, so ɛnsɛ sɛ Kristoni bi hu ntade a ɛnkyerɛ ahobrɛase anaa nea ɛnsɛ pefee? (Fa toto Filipifo 1:10 ho.) Ɛnsɛ sɛ yɛn ahosiesie ne ntadehyɛ twetwe afoforo adwene sɛnea ɛnsɛ. Ɛsɛ sɛ yɛn ho yɛ fɛ wɔ nipaduam, ɛnyɛ wiase de anaa nea ɛhaw adwene. Sɛ́ asɛmpa no ho asomfo no, yɛn ntadehyɛ ne ahosiesie a yɛbɛma ayɛ nea ɛsɛ bere a yɛwɔ kurow a wɔreyɛ ɔmantam nhyiam wom mu no de nidi brɛ Yehowa, na ɛka ahyehyɛde no ho asɛmpa. Enti, awofo bɛyɛ nhwɛso na afei wɔahwɛ ahu sɛ wɔn mma asiesie wɔn ho sɛnea ɛsɛ ama nhyiam no. Mpanyimfo no bɛyɛ nhwɛso pa, na sɛ ɛho hia a wofi ayamye mu de afotu ama ntɛm ara.
18 Dabere: Afe biara, wɔbɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛma yɛanya dabere a wɔatew ne bo so na amma obiara ho ankyere no sika fam. Yɛadi kan afa ahɔhodan mu adwumayɛfo a wɔkae sɛ wɔn ani gyei esiane anuanom boasetɔ, obu, ne biakoyɛ a wɔdaa no adi nti no nsɛm aka. Yɛsrɛ sɛ monkɔ so nna Kristofo su ahorow yi adi bere a mo ne ahɔhodan ne sukuu mu adwumayɛfo redi no. Ebia na akwantu no ama yɛabrɛ, na santen a wɔato retwɛn dabere no ware, nanso ɛnyɛ ade a wɔrenhu yɛn boasetɔ no. Ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ adawurubɔfo ne wɔn Bible asuafo besusuw krataa a ɛhyɛ June 1996 Yɛn Ahenni Som mu nsɛm a ɛfa dabere ho no ho. Afei nso, ɛnsɛ sɛ wɔnoa aduan wɔ ahɔhodan mu adan mu gye sɛ wɔwɔ gyaade a wɔde yɛ saa.
19 Mfoninitwa Mfiri, ne Mfiri a Wɔde Kyere Dwumadi No: Hokwan wɔ hɔ sɛ yɛde mfoninitwa mfiri ne mfiri foforo a wɔde kyere dwumadi bedi dwuma, sɛ yesusuw afoforo a wɔwɔ hɔ no ho a. Sɛ yɛnantenantew hɔ twitwa mfonini bere a dwumadi no rekɔ so a, ɛnyɛ afoforo a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobetie no adwene nko na yɛbɛtwetwe, na mmom yɛn ankasa bɛhwere dwumadi no bi. Mpɛn pii no, yenya mfaso kɛse wɔ aso a yɛyɛ tie akasafo no ne nsɛm ntiatiaa a yɛkyerɛkyerɛw no mu. Ebia na yɛrekyere dwumadi no akɔma onua anaa onuawa bi a waka dan mu; nanso, sɛ yɛn ankasa na yɛde bedi dwuma a, yebehu sɛ bere a yɛde nnɔnhwerew pii akyere dwumadi no akyi no, sɛ yɛkɔ fie a yɛrennya bere mfa ntie nea yɛkyeree no mu dodow no ara. Ɛnsɛ sɛ wɔde afiri biara a wɔde kyere dwumadi no sa anyinam ahoɔden nkanea anaa akasam nhama so, na saa ara na ɛnsɛ sɛ wɔde siw kwan, anaa afoforo anim.
20 Baabi a Yɛbɛtra: Yɛkɔ so hu mpɔntu wɔ nkongua a wogyaw to hɔ no mu. Afe a etwaam no, mo mu dodow no ara dii akwankyerɛ yi akyi: WƆN A WUBETUMI AGYAW KWAN ATO HƆ AMA WƆN NE W’ABUSUAFO ANKASA NE OBI A EBIA ƆKA WO HO WƆ WO KAR MU NKUTOO. Ebia wuhui sɛ na ɛnhaw adwene kɛse efisɛ na nnipa pii redi saa akwankyerɛ ahorow a emu da hɔ yi so. Nea ehia titiriw mpo no, na ɛso a wubedi no sɔ Yehowa ne “akoa nokwafo” a ɔma honhom fam aduan no ani.—Mat. 24:45.
21 Yɛn nuanom a wɔwɔ akwahosan ho ahiade soronko no redɔɔso. Ebinom tra mmubuafo nkongua mu na ɛba nhyiam, na ehia sɛ wɔn abusuafo hwɛ wɔn. Afoforo reko yare ahorow a ne sa gye bere tenten te sɛ komayare. Yɛn ani gye sɛ yehu saa anuanom mmarima ne mmea a yɛdɔ wɔn yi wɔ nhyiam ase, a wɔasi wɔn bo sɛ wɔrenhwere honhom fam nnuan no mu biara. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, ebinom tumi yare wɔ nhyiam ase a wonni abusuafo anaa asafo mufo a wɔbɛboa wɔn. Ɛsɛ sɛ abusuafo titiriw na wɔhwɛ wɔn a wɔn yare no sa gye bere tenten no. Nhyiam ase Adugyebea no ntumi nhwɛ wɔn a wɔn yare no sa gye bere tenten no. Sɛ wo busuani bi hia ɔhwɛ soronko a, yɛsrɛ wo, hwɛ hu sɛ sɛ tebea bi a egye ntɛmpɛ sɔre a worennyaw ɔno nkutoo hɔ. Afei nso, wɔrenyɛ adan soronko ho nhyehyɛe mma wɔn a wɔn tebea mma wontumi ntra baabi a wɔtra wɔ nhyiam no ase no. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo hu wɔn asafo muni biara a ɔwɔ akwahosan ho ahiade soronko no, na wɔhwɛ hu sɛ wɔadi kan ayɛ wɔn hwɛ ho nhyehyɛe dedaw.
22 Nhyiam Ase Aduan a Wubehia: Wɔaka mfaso horow a ɛwɔ yɛn ankasa aduan a yɛde bɛba no ho nsɛm a ɛfata pii. Onua bi kyerɛw sɛ: “Mitumi hu honhom fam mfaso kɛse wɔ eyi mu pefee. Yebetumi de saa bere ne ahoɔden no adi honhom fam nneɛma ho dwuma seesei. Mentee ho asɛmmɔne bi.” Onuawa bi kyerɛwee sɛ: “Anuanom adɔfo, monam nhwɛso so hyɛ yɛn Kristofo ankorankoro nkuran sɛ yɛnhwehwɛ yɛn ho mu nhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ama yɛn asetra ayɛ mmerɛw na yɛn teokrase dwumadi anya nkɔanim.” Ɔhwɛfo kwantuni bi kyerɛw kan aduanma ho nsiesiei no ho asɛm sɛ: “Nhyehyɛe dedaw no maa anuanom pii hweree nhyiam dwumadi no nyinaa.” Ɔpanyin bi kyerɛw aduan a anuanom de ba no ho asɛm sɛ: “Na wɔwɔ nea wohia ankasa, na na ɛho nhia sɛ wɔto santen kogye.” Nea etwa to no, onuawa foforo kyerɛwee sɛ: “Na asomdwoe ne kommyɛ ne anigye bi wɔ hɔ bere a yɛapɔn nhyiam no fã bi no.” Yiw, obiara betumi de n’aduan a ɛbɛso no awia no nyinaa aba. Pii kae sɛ wonyaa bere pii kɔsraa wɔn nnamfo.
23 Wɔrenyɛ aduanma ho nhyehyɛe a ɛkɔ akyiri afe yi nso. Wubetumi de simma kakra asusuw krataa a ɛhyɛ November 1995 Yɛn Ahenni Som no mu no nkyekyem 26 no ho, ahu nnuan a ahoɔden wom a wobetumi de akɔ nhyiam ase ho nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so. Yɛsrɛ sɛ kae sɛ woremfa abobɔde anaa mmosa mma nhyiam no ase. Sɛ ntoa a wɔde nsu gu mu ho behia a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea wotumi de hyɛ akongua ase. Monkae sɛ mubenya bere a ɛdɔɔso wɔ awia ahomegye bere no mu a mode bedidi anom nea mode ba no. Yɛrennidi wɔ nhyiam no ase bere a dwumadi ahorow no rekɔ so no te sɛ nea yɛyɛ wɔ Ahenni Asa ahorow so bere nyinaa no. Yɛnam saayɛ so kyerɛ obu wɔ nhyehyɛe a wɔayɛ ama ɔsom ne honhom fam aduan a wɔde rema yɛn no ho.
24 Ɛrenkyɛ na wɔafi “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam a edi kan no ase. Woawie w’ahosiesie a wode bɛkɔ no, na afei, woayɛ krado sɛ wobɛkɔ akonya nnansa nhyiam a ɛyɛ anigye ne honhom fam nneɛma pa no mu kyɛfa? Yefi komam bɔ mpae sɛ Yehowa nhyira mmɔden a mobɔ sɛ mobɛkɔ afe yi ɔmantam nhyiam no so.
[Kratafa 6 adaka]
Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ Ahorow
Asubɔ: Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrebɛbɔ wɔn asu no tra beae a wɔde ama wɔn no ansa na wɔafi dwumadi no ase Memeneda anɔpa. Wɔahu sɛ ebinom hyɛ ntade a ɛmfata a egu adeyɛ no ho fi̇̃. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔyɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛbɔ asu no de asuguare atade a ɛfata ne mpopaho ba. Asafo mu mpanyimfo a wɔne wɔn a wɔrebɛbɔ asu susuw Yɛn Som nhoma no mu nsɛmmisa ho no bɛhwɛ ahu sɛ wɔn mu biara te saa nsɛm yi ase. Bere a ɔkasafo no ama asubɔ kasa no abɔ mpae awie no, dwumadi no guamtrani de akwankyerɛ tiawa bɛma wɔn a wɔrebɛbɔ wɔn asu no na afei wɔama wɔato dwom. Sɛ wɔto nkyekyem a etwa to no wie a, wɔn a wogye ahɔho no bɛkyerɛ wɔn a wɔrebɛbɔ wɔn asu no kwan akɔ faako a wɔbɛbɔ wɔn asu no. Esiane sɛ asubɔ a obi de yɛ n’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne no yɛ n’ankasa ne Yehowa ntam kokoam asɛm nti, nhyehyɛe biara nni hɔ mma nea wose ɛyɛ ahokafo asubɔ a wɔn a wɔrebɛbɔ wɔn asu baanu anaa nea ɛboro saa bam wɔn ho anaa wosuso wɔn nsam bere a wɔrebɔ wɔn asu no. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo, titiriw ahwɛfo aguamtrafo, hwɛ hu sɛ wɔaka wɔn asafo no mufo a wɔrebɛbɔ wɔn asu no ho asɛm akyerɛ Asubɔ Dwumadibea no ansa na nhyiam no Memeneda anɔpa adu.
Baagye: Yɛsrɛ sɛ bɔ wo 1996 baagye no wɔ nhyiam no ase ne bere a worekɔ nhyiambea hɔ ne bere a worefi hɔ no. Eyi taa ma yetumi di adanse yiye bere a yɛretu kwan no. Ɛsɛ sɛ mo nsa ka baagye no ne nea wɔde hyem no denam mo asafo no so, efisɛ morennya bi wɔ nhyiam no ase. Ntwɛn mma aka nna kakraa bi ma nhyiam no adu so no ansa na woabisa wo ne w’abusua baagye. Kae sɛ wode wo “Advance Medical Directive/Release” kratasin a entwaam no bɛhyɛ wo ho. Ɛsɛ sɛ Betel abusua no mufo ne akwampaefo fa wɔn agyiraehyɛde nkratasin no.
Dabere: Yɛsrɛ obiara a Dabere Dwumadibea no ma no dan sɛ ɔmmoa wɔn. Tra baabi a wɔde ama wo no. Eyi ma wɔkwati nkyereso ne ɔhaw wɔ dabere afoforo a wobu no sɛ ɛhɔ ye kɛse no. Bɔ mmɔden sɛ wubedu hɔ ntɛm na ama wɔakyerɛ wo dabere wɔ bere a ɛfata mu. Kyerɛ wo fiewura no ahɔhoyɛ su ho anisɔ na kae sɛ wobɛma w’abrabɔ adi adanse. (1 Pet. 2:12; 1 Kor. 4:9b; Kol. 3:15) Ma wo dabere hɔ ntew fɛfɛɛfɛ. Sɛnea yɛaka dedaw no, Asafo ti no ani sɔ nhyiamfo a wosusuw nsɛm ho yiye yi ntoboa wɔ sika fam de boa nhyiam no wɔ wɔn dabere ho no, ɛwom mpo sɛ wɔka sɛ wonnye hwee wɔ dabere ho de. Sɛ ɛsɛ sɛ wutwa nhyehyɛe bi a wonam ahiade soronko nhyehyɛe no so yɛe mu a, ɛsɛ sɛ woma ofiewura no ne nhyiam no Dabere Dwumadibea no nyinaa te no ntɛm na ama wɔatumi de ɔdan no ama onipa foforo.
Akwampaefo a Wohia Mmoa a Yɛbɛboa Wɔn: Esiane sɛ wɔrenyɛ aduanma ho nhyehyɛe a ɛkɔ akyiri nti, wɔrenyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔama akwampaefo aduan tekit kwa. Sɛnea wɔyɛe wɔ afe a atwam no, wɔhyɛ ankorankoro, mmusua ne asafo ahorow nkuran sɛ wɔmmoa akwampaefo a wohia mmoa wɔ lɔre ne aduan fam no. Bere a ɔkwampaefo pɔtee bi wɔ w’adwenem no, so wubetumi afa awiaduan a emu nyɛ duru a ɛyɛ nnuaba anaa paanoo a akade hyehyem aka w’ankasa awiaduan ho? Sɛnea ɛbɛyɛ na wommɔ ka foforo ankasa no, so wubetumi ama ɔkwampaefo bi atra wo kar mu? Nneɛma nketenkete foforo wɔ hɔ a wubetumi asusuw ho na wonam so atumi ama akwampaefo a wohia mmoa ne afoforo “nsuonwini kuruwa ma”?—Fa toto Mateo 10:42 ho.
Adwuma a Wotu Ho Ma Yɛ: Bere a wɔrenyɛ aduanma ho nhyehyɛe a ɛkɔ akyiri biara no, ebia nnipa pii a kan no na wɔyɛ adwuma wɔ saa dwumadibea no behu sɛ wobetumi atu wɔn ho ama ayɛ adwuma wɔ baabi foforo. So wubetumi de bere asi hɔ wɔ nhyiam no ase de aboa dwumadibea ahorow no biako? Yɛn nuanom a yɛbɛsom wɔn nnɔnhwerew kakraa bi mpo no, betumi aboa yiye na yɛanya abotɔyam a ɛfata. Sɛ wubetumi aboa a, yɛsrɛ sɛ kohu Adwuma a Wotu Ho Ma Yɛ Dwumadibea no wɔ nhyiam no ase. Mmofra a wonnii mfe 16 betumi aboa yiye denam adwuma a wɔbɛyɛ wɔ wɔn wofo anaa ɔpanyin foforo a obetumi ahwɛ wɔn ase so.
Kɔkɔbɔ: Ma w’ani nna hɔ wɔ ɔhaw ahorow a ebetumi aba ho, na ama woatumi akwati nsɛnnennen a ɛho nhia. Mpɛn pii no, akorɔmfo ne nnipabɔnefo foforo bɛpɛ sɛ wodi akwantufo amim. Hwɛ hu sɛ wode safe ato wo kar mu bere nyinaa, na nnyaw biribi a obi behu na ama wabue akɔfa biribi wom. Akorɔmfo ne atotobotomfo de wɔn adwene si nhyiam akɛse so. Ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ wubegyaw biribi a ɛsom bo ato w’akongua so. Wuntumi nhu sɛ obiara a ɔwɔ hɔ no yɛ Kristoni. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wosɔ afoforo hwɛ? Yɛn nsa aka amanneɛbɔ sɛ nnipa bi a wonni asafo no mu bɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa mmofra afi nhyiam no ase. MA W’ANI NKƆ WO MMA SO BERE NYINAA.
Wɔtaa yi ɔbrasɛe ne nguamansɛm wɔ Television ne video a ɛwɔ ahɔhodan pii mu so. Ma w’ani nna hɔ wɔ saa afiri yi ho, na mma mmofra nkutoo nnhwɛ television wɔ dan no mu a obiara nhwɛ wɔn so.