“Monyɛ Mo Ade Nyinaa Ɔdɔ Mu”
1 “Mo nkurɔfo no asetra yɛ dɛ ankasa; wɔn ani abue na wobu ade paa.” Saa asɛm no yɛ nea boayikuw bi a ɛwɔ United States kurow bi mu, a edi nhyiamfo ne ahɔho ho dwuma no kae. Nsɛm a ɛte saa a wɔka fa su a yɛda no adi wɔ baguam ho no ma yɛn ani gye. Eyi kyerɛ sɛ yɛn nyinaa ‘reyɛ yɛn ade ɔdɔ mu.’ (1 Kor. 16:14) Bere koro no ara no, ahiasɛm bi wɔ hɔ a sɛ yɛanni ho dwuma a, ɛbɛsɛe din pa a Onyankopɔn nkurɔfo wɔ no.
2 Dabere: Wɔ nhyiam kurow biara mu no, yɛwɔ Dabere Dwumadibea a ɛboa ma yenya dabere a ne bo wɔ fam na ama obiara atumi akɔ nhyiam no bi. Yɛn nuanom de bere ne mmɔdenbɔ kɛse na ɛyɛ saa nhyehyɛe no ma yɛn. Ahɔhodan mu mpanyimfo bi agye pene sɛ wɔbɛtew bo no so esiane sɛ Dabere Dwumadibea no ama wɔn awerɛhyem sɛ nhyiamfo no betie ahɔhodan mu adwumayɛfo no nti.
3 So woayɛ baabi a wobɛda ho nhyehyɛe awie? Sɛ wobɛkɔ akɔtra ahɔhodan mu a, so wɔapene wo so na woatua ɛho sika bi ama wɔn a wɔhwɛ nhyiam no so no? Ebesi saa bere yi de, ɛsɛ sɛ asafo mu kyerɛwfo no de “Room Request” kratasin biara a Asafo Ɔsom Boayikuw no de wɔn nsa ahyɛ ase no amena nhyiam no address a ɛfata no dedaw. Sɛ ahiade titiriw bi nti na wɔama wo dan na sɛ wopɛ sɛ wutwa nhyehyɛe no mu a, yɛsrɛ sɛ ka kyerɛ hɔnom Dabere Dwumadibea no ntɛm ara na ama wɔde dan no ama onipa foforo. Wubetumi ahu address no wɔ krataa a ɛhyɛ June 2000 Yɛn Ahenni Som mu no kratafa 6.
4 Sɛ wuhia nhyiam bi ho nsɛm bi a, fa address a wɔde ama wɔ krataa a ɛhyɛ June 2000 Yɛn Ahenni Som mu no mu di dwuma. Yɛsrɛ sɛ mfrɛ Asafo ti no anaa nhyiam so ahwɛfo no wɔ telefon so na nkyerɛw wɔn.
5 Nnipa Nyinaa a Yɛbɛyɛ Wɔn Yiye: Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn yɔnko nnipa no na ɛkanyan yɛn ma yɛda suban pa adi. (Mat. 22:37-39; Yak. 3:13) Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnnɔ nnipa nyinaa na yensusuw wɔn ho. (Gal. 6:10) Ɛsɛ sɛ yɛda su a ɛte saa adi wɔ baabiara a yɛbɛtra no. Biako a yɛne wɔn nyɛ no sɛe din pa a yɛwɔ no, ɛsɛe nhyehyɛe a yɛyɛ na ama yɛanya dabere a ɛho ka wɔ fam no, na ɛmma anuanom nnya yɛn ho adwempa. Sɛ ahɔhodan anaa sukuu bi ka sɛ ɔrennye bo a ɛba fam bio a, ɛka afoforo a wɔrekɔ nhyiam wɔ saa kurow no mu no kɛse, titiriw sɛ wontumi ntua bo a ɛwɔ soro a.
6 Sɛ wogye dan bi a edi mu to hɔ ma wo na sɛ awiei koraa no woannye a, ɛbɛkyerɛ sɛ woama abɔ onua foforo a anka ɔpɛ sɛ ogye no. Eyi bɛhwehwɛ sɛ otu kwan kɔ baabi foforo anaasɛ ogye dan bi a n’ani nnye ho. So ɛno kyerɛ ɔdɔ ne susuw a yesusuw wɔn ho? Hwɛ ye a eye sɛ yɛbɛyɛ afoforo yiye denam wɔn ho a yebesusuw kɛse na yensusuw yɛn nkutoo yɛn de ho no so!—Mat. 7:12; Yoh. 13:34, 35.
7 Aduan Ho Nhyehyɛe: Yɛrekae mo sɛ, obiara mmɔ mmɔden mfa n’ankasa aduan ne ne nsu mmra nhyiam no ase da biara. Saa ara na ɛsɛ sɛ mokae anigyefo a wɔka mo ho no ma wɔyɛ wɔn ankasa aduan ho nhyehyɛe.
8 Yɛde anigye hwɛ kwan sɛ yɛbɛkɔ “Onyankopɔn Asɛm Yɛfo” Ɔmantam Nhyiam no. So woayɛ w’ahoboa nyinaa, a dabere ne akwantu ho nhyehyɛe nso ka ho? Ɛmmra sɛ su a yɛbɛda no adi wɔ baabi a yɛbɛtra ne nhyiam kurow no mu no bɛda nokware a yɛahu no ne ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn Bɔfo no adi bere nyinaa.