1999 Yehowa Adansefo “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam
1 Bere a na Israelfo no wɔ sare so no, Yehowa maa Mose ahyɛde sɛ ɔnyɛ dwetɛ ntorobɛnto abien. Sɛ wɔbɔ ntorobɛnto abien no nyinaa a, na ɛsɛ sɛ Israel asafo no nyinaa behyiam wɔ ahyiae ntamadan no ano. (Num. 10:1-4) Ɛnnɛ, sɛ yɛte nkaebɔ ahorow te sɛ toronbɛnto a wɔrehyɛn sɛ yemmehyiam wɔ yɛn afe afe ɔmantam nhyiam horow ase a, so ɛnyɛ yɛn anigye? Sɛ yɛkɔ ɔmantam nhyiam a, yɛnam Yehowa Asɛm ne n’ananmusifo a wɔapaw wɔn so nya n’afotu ne akwankyerɛ. Eyi boa yɛn ma yɛkɔ so yɛ pintinn wɔ Onyankopɔn som mu. Sɛ yehu sɛ yɛn mfɛfo asomfo anokwafo mpempem—ne ɔpedudu mpo—de ɔdɔ ne asomdwoe ahyiam a, so yenni ahurusi? Akyinnye biara nni ho saa!—Dw. 122:1, 7, 8.
2 Wɔ December 1998 ne January 1999 no, wɔyɛɛ “Onyankopɔn Asetra Kwan” Ɔmantam Nhyiam mmiako mmiako 31 wɔ mmeae 17 wɔ Ghana nyinaa. Ná anuanom mmarima ne mmea 62 a wofi Ghana ka nhyiamfo mpempem a wofi wiase aman pii mu kɔɔ amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ Pontiac, Michigan, U.S.A. wɔ June 1998 mu no ho. Nnipa 60 foforo kɔɔ amanaman ntam nhyiam no bi wɔ Abidjan, Côte d’Ivoire, December a etwaam no. Kasa a egu ahorow a na wɔka no ansiw ɔdɔ a wɔbɛda no adi wɔ nhyiam no ase no kwan. Anuanom a wogyee nhyiamfo no nyaa fekubɔ a ɛyɛ anigye no bi kaa ho. Asɛmpatrɛwfo ne akwampaefo atitiriw a wɔsom wɔ aman afoforo so san baa Ghana na wɔde hokwan no kɔɔ nhyiam no bi. Nhyiam no a wɔbaa bi no hyɛɛ obiara nkuran honhom fam. Sɛ yehyiam ma yɛn 1999 ɔmantam nhyiam no a, yebenya hokwan foforo anya yɛn onuayɛ a ɛsom bo no mu anigye na yɛada Yehowa ase wɔ biakoyɛ a ɔde ama yɛn no ho.
3 Akwankyerɛ a Ɛbɛma Woanya Dabere: Yɛde “Room Request” nkratasin remena asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ nhyiam no so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wo a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ “Room Request” kratasin no bi na fa ma asafo mu ɔkyerɛwfo ma ɔnhwɛ mu sɛ biribiara ayɛ pɛpɛɛpɛ, na afei fa mena faako a wobɛkɔ nhyiam no. ƐNSƐ sɛ wode “Room Request” nkratasin ne nhyiam ho nsɛm foforo mena baa dwumadibea no wɔ Accra.
4 Yebenya dabere no bi wɔ ankorankoro afie mu. Wɔde adan yi bɛma wɔ nhyiam bere no mu NKUTOO. Ɛsɛ sɛ wɔn a wonya saa dabere no hwɛ hu sɛ wɔne wɔn mma de obu bɛyɛ ade wɔ wɔn fiewura no fie hɔ, na ɛnsɛ sɛ wotu wɔn fiewura no nneɛma pansam hɔ anaa wɔsɛe no, anaasɛ wɔkɔ fie no afã bi a wonni hokwan sɛ wɔkɔ hɔ. Sɛ afiewuranom hyia ɔhaw a ɛtete saa a, ɛsɛ sɛ wɔma dabere sohwɛfo no aso te no ntɛm ara wɔ nhyiam no ase, na n’ani begye ho sɛ ɔbɛboa.
5 Wɔ amantam nhyiam ahorow bi a yɛayɛ dedaw ase no, nhyiamfo bi amfa wɔn “Room Request” nkratasin ankɔ ansa na wɔredu kurow a wɔreyɛ nhyiam wom no mu. Eyi yɛɛ ɔhaw kɛse maa nhyiam so ahwɛfo no, efisɛ na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ dabere ma nhyiamfo a wɔte saa no bere a na aka akyiri koraa. Nhyehyɛe a ɛka akyiri saa no ho ka tumi yɛ kɛse. Nanso, nea ɛyɛ awerɛhow no, sɛ wɔka kyerɛ nhyiamfo bi sɛ wontua dabere no ho ka no bi a, wɔnyɛ. Eyi de ɔhaw ahorow ba. Enti, ɛsɛ sɛ nhyiamfo biara a wɔpɛ sɛ nhyiam so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wɔn no hyehyɛ “Room Request” nkratasin no na wodi kan de mena nhyiam so ahwɛfo no bere tenten ansa na nhyiam no adu so. Afe a etwaam no, ntoaso sukuu bi gyee nhyiamfo a wɔkɔdaa hɔ no sika kɛse. Enti ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yebetua sika wɔ dabere no ho, sɛ́ ɛyɛ sukuufo dabere anaa ankorankoro afie mu no.
6 Boa a Yɛbɛboa no Kyerɛ Osetie a Yɛyɛ Ma Asafo Ti no Akwankyerɛ: Ɛsɛ sɛ saa asɛm yi yɛ yɛn ahiasɛm atitiriw no mu biako. Hebrifo 13:17 ka sɛ: “Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso bi mma mo.” Nnanu anaa nnansa pɛ na wɔhwehwɛ sɛ yɛboa wɔ eyi mu afe biara. Sɛ ɛsono nea yɛn ani gye ho mpo a, yɛn nhwɛso pa a yɛn nuanom hu no kanyan ɔdɔ, biakoyɛ, ne honhom a ɛhyɛ nkuran wɔ wɔn mu.—Hwɛ 1 Korintofo 16:16; Filipifo 2:1-4.
7 Wɔn a Wɔwɔ Ahiade Soronko a Wɔbɛboa Wɔn: Yɛsrɛ sɛ momfa mo ani nto fam mmoa wɔn a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wonni ahoɔden, bere nyinaa asomfo, anaa afoforo a wɔwɔ mo asafo no mu a ebia wobehia mmoa na ama wɔatumi akɔ nhyiam no. Abusuafo, mpanyimfo no, ne asafo no mufo foforo a wonim wɔn a wɔwɔ ahiade soronko no nsɛm tebea no betumi afi ɔdɔ mu ayɛ nhyehyɛe a ɛho hia.—Fa toto 1 Timoteo 5:4 ho.
8 Wɔyɛ nsiesiei yi ma adawurubɔfo a wɔwɔ gyinabea pa, a wɔn a wɔn mma yi su pa adi ka ho, a Asafo Ɔsom Boayikuw no apene wɔn so no nkutoo. Ansa na wobɛhyehyɛ “Room Request” kratasin no, kenkan nsɛm a ɛwɔ kratasin no ase no yiye. Ɛsɛ sɛ wɔde abisade yi kɔma Dabere Dwumadibea no ntɛm ara. Yɛsrɛ sɛ fa nhyiam address a ɛwɔ krataa yi kratafa 6 no di dwuma.
9 Nokwarem no, sɛ asafo no mufo antumi ammoa adawurubɔfo a wɔwɔ ahiade soronko no a, Dabere Dwumadibea no bɛbɔ mmɔden ama wɔn dabere a ɛfata. Saa adawurubɔfo yi betumi aka wɔn tebea no ho asɛm akyerɛ asafo mu ɔkyerɛwfo no, ma ɔne Asafo Ɔsom Boayikuw no mufo a aka no aka ho asɛm ahwɛ sɛ ebia asafo no betumi aboa saafo yi ma wɔadi wɔn ankasa dabere ho dwuma anaa. Sɛ asafo no ntumi mmoa wɔn a, onii a ɔrehwehwɛ dabere no bɛhyehyɛ “Room Request” kratasin no na wasan de akɔma ɔkyerɛwfo no ma wahwɛ mu sɛ wahyehyɛ awie ma biribiara ayɛ pɛpɛɛpɛ, na wahwɛ nsɛm tebea a ɛma onii no fata hokwan a ɛte saa no. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no kyerɛw krataa KYERƐKYERƐ onii no nsɛm tebea no mu FEFEEFE. Ɛsɛ sɛ wodi kan yɛ eyinom nyinaa to hɔ bere tenten ansa na nhyiam no adu so. Bere a ɔsom boayikuw no ahwɛ mu awie no, afei ɔkyerɛwfo no de kratasin no bɛmena Dabere Dwumadibea no. Wɔbɛka dabere no ho asɛm akyerɛ onii a ɔrebisa no tẽẽ.
10 Ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no muni anaa ɔpanyin foforo boa wɔn a wɔwɔ ahiade soronko no ma wokobisa baabi a wɔbɛda no ho asɛm fi Dabere Dwumadibea hɔ ntɛm ara bere a wɔakodu nhyiam no ase no.
11 Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ: Adansefo abusua bi kyerɛw kɔmaa ahɔhodan bi a wɔtraa mu sohwɛfo sɛ: “Mo ahɔhodan no ne ahɔhodan a ɛsen biara a yɛn abusua no atra mu pɛn. Wosiesiee adan no mu kama, na wɔmaa yɛn nneɛma a yehia nyinaa. Nnawɔtwe awiei no yɛɛ yɛn dɛ paa esiane sɛ obiara a ɔwɔ mo ahɔhodan no mu boae nti. Yɛpɛ sɛ yɛda mo ase sɛ moanya Ɔwɛn Aban Asafo no Nhyiam nhyehyɛe no mu kyɛfa denam bo a yebetumi atua a mugyee no so.” Wo nso w’ani sɔ nhyehyɛe pii a wɔayɛ ama wo no? Ɛyɛ Asafo ti anigye sɛ wɔbɛma mo dabere a ɛfata a ɛho ka nyɛ kɛse wɔ nhyiam bere no, na ama yɛn nyinaa atumi de yɛn adwene asi honhom fam mfaso a ɛwɔ nhyiam no ne emu dwumadi mu no so.
12 Nhyiam Foforo a Wobɛkɔ: Wɔakyerɛ sɛ asafo biara nkɔ nhyiam a ɛbɛn wɔn pɛɛ. Sɛ wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ nhyiam abien wɔ kasa koro mu wɔ kurow bi mu a, ebia anuanom bi bɛpɛ sɛ wɔkɔ abien no nyinaa bi. Ɛwom sɛ akyinnye biara nni ho sɛ eyi bɛma wɔanya hokwan ahyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran kɛse de, nanso ɛde ɔhaw ahorow ba wɔ nneɛma a wɔde yɛ nhyiam no ho, ma enti ɛmma atirimpɔw nti a wɔma nnipa a wɔbɛba nhyiam no dodow yɛ nea ɛsɛ no nyɛ hɔ. Enti yɛsrɛ anuanom a wɔwɔ nkurow akɛse mu sɛ wɔnkɔ nhyiam a yɛakyerɛ sɛ wɔnkɔ wɔ saa kurow no mu nkutoo. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan kɔ nhyiam foforo wɔ kurow foforo mu a, yenni ho asɛm biara. Wɔma anuanom a wɔpaw wɔn sɛ wɔnyɛ nhyiam no ho adwuma bi a egye ntɛmpɛ a ɛno nti dwumadi no afã bi pa wɔn ti so no kwan sɛ wobetumi asan akɔ nhyiam foforo wɔ kurow koro no ara mu. Afei nso, sɛ kasa a anuanom binom nte anaa esiane sɛ wɔn nhyiam bere no ne Bolgatanga nhyiam no hyia nti, wɔbɛpɛ sɛ wɔkɔ nhyiam a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ wɔ kurow no mu a, hokwan wɔ hɔ.
13 Wɔ nkuraase asafo ahorow bi fam no, ebia nsɛm bi te sɛ kasa, ɔkwan no tenten ne lɔre ho asɛm bɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no wɔ kurow foforo mu, a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no. Asafo ahorow a wɔwɔ saa tebea yi mu no wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wosi gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam foforo a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no di kan bɔ wɔn mansin sohwɛfo amanneɛ bere tenten na wanyɛ nhyehyɛe sɛ ɔrebɛsra wɔn wɔ dapɛn a wɔbɛkɔ nhyiam no mu. Sɛ́ ebia asafo no kɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ anaa wɔkɔ foforo no, ɛsɛ sɛ anuanom a wɔhwɛ akwantu nhyehyɛe so no hwɛ hu sɛ kar biara a wɔbɛyɛ ho nhyehyɛe no wɔ ahoɔden na asɛm nni ho.
14 Bolgatanga Nhyiam: Yɛbɛyɛ “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam no bi wɔ Bolgatanga fi January 7 kosi 9, 2000, wɔ Twi ne Frafra kasa mu. Yɛhyɛ anuanom a wɔwɔ ɔman yi anafo a wobetumi akɔ nhyiam no bi nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ saa. Ebia Asafo ti no bɛyɛ lɔre ho nhyehyɛe soronko ama akwantu no afe yi. Yɛhyɛ wɔn a wɔbɛyɛ nhyehyɛe akɔ no nkuran sɛ wonni afie afie ne bɔnnɔ so adanse bere a wɔwɔ Bolgatanga no. Yɛhyɛ wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa nkuran sɛ womfi ase nsiesie wɔn ho mma nhyiam no.
15 Adwuma a Edi Nhyiam Anim: Yɛn ani asɔ sɛnea moboaa adwuma yi wɔ bere a atwam no yiye. Sɛnea yɛyɛ daa no, yɛbɛbɔ apata, ahwehwɛ dabere ne nea ɛkeka ho. Yɛwɔ ahotoso sɛ nhyiam kurow no ne asafo ahorow a ɛbemmɛn no mufo nyinaa bɛyɛ nhyehyɛe akɔyɛ adwuma a ɛho hia yi bi akosi ase wɔ dapɛn awiei ne dapɛn no mu. Sɛ anuanom pii bɛyɛ nhyehyɛe adu hɔ da koro anaa nnanu atoto biribiara ansa na nhyiam no mu biara afi ase a, anka eyi bɛyɛ mmoa kɛse. Esiane sɛ ntoboa na yɛde yɛ nhyiam ahorow ho biribiara nti, sɛ yɛkɔyɛ adwuma a edi nhyiam anim a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nhyiam no so ahwɛfo bɛma yɛn aduan kwa. Wɔn a wotu wɔn ho ma yɛ adwuma nso mmoa ho hia kɛse bere a nhyiam no rekɔ so no, enti wo ne w’abusua nyɛ nhyehyɛe sɛ mubenya eyi mu kyɛfa wɔ nhyiam a mobɛkɔ no ase.
16 Aduan Ho Nhyehyɛe: Kae sɛ wode biribi befi fie abedi wɔ awia ahomegye bere no mu. Saayɛ so no, obiara betumi de n’adwene asi honhom fam dwumadi no so kɛse. Baabiara a yɛbɛtra adidi wɔ ahomegye bere no mu no, momma yɛnhwɛ sɛ yɛrensɛe nkongua no so anaasɛ yɛremfa nwura mpete hɔ.
17 Nhyiam Baagye ne Nea Wɔde Hyem: Yɛhyɛ asafo biara nkuran sɛ wɔmfa “Literature Order Form” (S-14) nkra “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam no lapɛl baagye ne rɔba a wɔde hyem no bi. Yɛsrɛ sɛ monhwɛ nhyehyɛ kratasin a wɔde kra no pɛpɛɛpɛ, na momfa biako mmrɛ Asafo ti no NTƐM ARA na ama wɔadi mo nhyiam ho ahiade no ho dwuma bere pa mu. Monkae sɛ wɔremfa lapɛl baagye ne nea wɔde hyem no bi mma nhyiam no ase.
18 Nnwom: Nnwom a edidi so yi na wɔde ama sɛ yɛnto wɔ dwumadi no mu, na yɛbɛto no sɛnea edidi so yi: 91, 180, 191, 111, 174, 53, 113, 59, 13, 177, 3, 129, 155, 19, 72, 187, 181, ne 15. Nea ɛne afotu a ɛwɔ Efesofo 5:19 hyia no, wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛnto nnwom no bi bere a wɔde afiri bɔ wɔ nhyiam no ase no.
19 Dwumadi a Wɔkyere Gu Kasɛt So: Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyere dwumadi no gu kasɛt so na wɔn ankasa de adi dwuma no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase na ɛntwetwe wɔn adwene so. Ne titiriw no, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden ne akasam nhama no. Yɛn ani sɔ mo mmoa wɔ eyi mu no kɛse.
20 Awiei: Ɛhyɛ nkuran sɛ yɛbɛte ayeyi a wɔde ama Yehowa din esiane su pa a yɛn nuanom mmarima ne mmea ada no adi wɔ nhyiam horow ase nti no. Ahɔhodan dwumayɛni bi kae sɛ: “Mo nkurɔfo a wɔbaa nhyiam no ne nnipa a wɔn ho twa sen biara a yɛanya wɔ ha.” Ɔfoforo nso kae sɛ: “Yɛn ani gye ho sɛ yebegya dabere ama mo nkurɔfo no. Wɔn nyinaa bu ade, na sɛ wubisa wɔn biribi a, ntɛm ara na wɔde akyerɛ. Na wɔne nnipa a wɔne wɔn yɛ adwuma a ɛyɛ dɛ paa.” Adididan bi panyin kae sɛ: “Yɛn ani gye ho sɛ yebenya nnipa bi wɔ kurom ha a yebetumi de wɔn ahoahoa yɛn ho.” Adididan no tew wɔn bo so ɔha mu nkyem 10 maa nhyiamfo a na wɔbɔ baagye no nyinaa! Na ahɔhodan panyin bi kae sɛ: “Yɛn ani agye ho sɛ mo nkurɔfo no aba yɛn ahɔhodan yi mu.” Saa nsɛm yi yɛ adanse pa a efi nkurɔfo a wɔwɔ akyi no hɔ. Din pa a yɛagye no hyɛ Yehowa anuonyam, na ɛma n’ani gye yɛn ho.—1 Tes. 4:12; 1 Pet. 2:12.
21 Yɛhyɛ wo nkuran sɛ yɛ wo nhyehyɛe saa bere yi na woatumi akɔ 1999 “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam a ɛyɛ nnansa no nyinaa. Yɛn ani da so sɛ yɛne mo betie wɔn a wɔde biakoyɛ som Nyankopɔn no honhom fam “ayeyi ne aseda nnwom.” (Dw. 42:4) Ɛmmra sɛ Yehowa behyira nhyehyɛe a yɛreyɛ na ama yɛanya honhom fam nkɔso pii no nyinaa so!
[Kratafa 3 adaka]
Dwumadi Mmere
Fida ne Memeneda
Anɔpa 9:30 – anwummere 5:00
Kwasida
Anɔpa 9:30 – anwummere 4:00