2000 “Onyankopɔn Asɛm Yɛfo” Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam
1 “Mɛda wo ase, gua kɛse mu, meyi wo ayɛ, ɔman dodow mu.” (Dw. 35:18) Susuw anigye ara a anka Dawid benya nnɛ bere a ohu sɛ nnipa mpempem pii de anigye hyiam na wɔkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn asɛm wɔ yɛn nhyiam ahorow ase no ho hwɛ! So na woka nnipa 166,358 a wɔkɔɔ “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam no bi no ho? Wɔ December 1999 ne January 2000 mu no, wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam ahorow 40 wɔ mmeae 17 wɔ Ghana. Yɛn mantam nhyiam a yɛbɛyɛ wɔ 2000 mu no bɛma yɛanya hokwan foforo ne yɛn mfɛfo a woyi Yehowa ayɛ a ‘honhom fam nneɛma ho hia’ wɔn na wɔde anigye ne ahopere ‘tie nea honhom no ka kyerɛ asafo no’ ahyiam.—Mat. 5:3; Adi. 2:29.
2 Akwankyerɛ a Ɛbɛma Woanya Dabere: Yɛde “Room Request” nkratasin remena asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ nhyiam no so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wo a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ “Room Request” kratasin no bi na fa ma mo asafo no mu ɔkyerɛwfo no ma ɔnhwɛ mu sɛ biribiara ayɛ pɛpɛɛpɛ, na afei fa mena faako a wobɛkɔ nhyiam no. ƐNSƐ sɛ wode “Room Request” nkratasin ne nhyiam ho nsɛm foforo mena baa dwumadibea no wɔ Accra.
3 Yebenya dabere no bi wɔ ankorankoro afie mu. Wɔde adan yi bɛma wɔ nhyiam bere no mu NKUTOO. Ɛsɛ sɛ wɔn a wonya saa dabere no hwɛ hu sɛ wɔne wɔn mma de obu bɛyɛ ade wɔ wɔn fiewura no fie hɔ, na ɛnsɛ sɛ wotu fiewura no nneɛma pansam anaa wɔsɛe no, anaasɛ wɔkɔ fie no fã bi a wonni hokwan sɛ wɔkɔ hɔ. Sɛ afiewuranom hyia ɔhaw a ɛtete saa a, ɛsɛ sɛ wɔma dabere sohwɛfo no aso te no ntɛm ara wɔ nhyiam no ase, na n’ani begye ho sɛ ɔbɛboa.
4 Wɔ amantam nhyiam ahorow bi a yɛayɛ dedaw ase no, nhyiamfo bi amfa wɔn “Room Request” nkratasin ankɔ ansa na wɔredu nhyiam kurow no mu. Eyi yɛɛ ɔhaw kɛse maa nhyiam so ahwɛfo no, efisɛ na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ dabere ma nhyiamfo a wɔte saa no bere a na aka akyiri koraa. Nhyehyɛe a ɛka akyiri saa no ho ka tumi yɛ kɛse. Eyi de nsɛnnennen ba. Enti, ɛsɛ sɛ nhyiamfo biara a wɔpɛ sɛ nhyiam so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wɔn no hyehyɛ “Room Request” nkratasin no na wodi kan de mena nhyiam so ahwɛfo no bere tenten ansa na nhyiam no adu so. Ntoaso sukuu ahorow a wɔma nhyiamfo kɔda hɔ no bi gye nhyiamfo a wɔkɔda hɔ no sika kɛse seesei. Enti ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yebetua sika wɔ dabere no ho, sɛ́ ɛyɛ sukuufo dabere anaa ankorankoro afie no.
5 Boa a Yɛbɛboa no Kyerɛ Osetie a Yɛyɛ Ma Asafo Ti no Akwankyerɛ: Ɛsɛ sɛ saa asɛm yi yɛ yɛn ahiasɛm atitiriw no mu biako. Hebrifo 13:17 ka sɛ: “Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso bi mma mo.” Nnanu anaa nnansa pɛ na wɔhwehwɛ sɛ yɛboa wɔ eyi mu afe biara. Sɛ ɛsono nea yɛn ani gye ho mpo a, yɛn nhwɛso pa a yɛn nuanom hu no kanyan ɔdɔ, biakoyɛ, ne honhom a ɛhyɛ nkuran wɔ wɔn mu. (Hwɛ 1 Korintofo 16:16; Filipifo 2:1-4.) Saa akwankyerɛ yi a yebedi so no ma yenya hokwan a yɛde bɛkyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn Kristofo anuanom na yɛkwati “ahopɛ” honhom a abu so wɔ wiase nnɛ no.—1 Kor. 10:24.
6 Wɔn a Wɔwɔ Ahiade Soronko a Wɔbɛboa Wɔn: Abusuafo, mpanyimfo, ne asafo no mufo foforo a wonim wɔn a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wonni ahoɔden, bere nyinaa asomfo, anaa afoforo a wɔwɔ mo asafo no mu a ebia wobehia mmoa no betumi afi ɔdɔ mu aboa saafo yi na ama wɔatumi akɔ nhyiam no. (Fa toto 1 Timoteo 5:4 ho.) Wɔyɛ nsiesiei yi ma adawurubɔfo a wɔwɔ gyinabea pa, a wɔn a wɔn mma yi su pa adi ka ho, a Asafo Ɔsom Boayikuw no apene wɔn so no nkutoo. Ansa na wobɛhyehyɛ “Room Request” kratasin no, kenkan nsɛm a ɛwɔ kratasin no ase no yiye. Ɛsɛ sɛ wɔde abisade yi kɔma Dabere Dwumadibea no ntɛm ara, na ɛsɛ sɛ wɔde nhyiam address a ɛwɔ krataa yi kratafa 6 no di dwuma.
7 Nokwarem no, sɛ asafo no mufo antumi ammoa adawurubɔfo a wɔwɔ ahiade soronko no a, Dabere Dwumadibea no bɛbɔ mmɔden ama wɔn dabere a ɛfata. Saa adawurubɔfo yi betumi aka wɔn tebea no ho asɛm akyerɛ asafo mu ɔkyerɛwfo no, ma ɔne Asafo Ɔsom Boayikuw no mufo a aka no aka ho asɛm ahwɛ sɛ ebia asafo no betumi aboa wɔn ma wɔadi wɔn ankasa dabere ho dwuma anaa. Sɛ asafo no ntumi mmoa wɔn a, onii a ɔrehwehwɛ dabere no bɛhyehyɛ “Room Request” kratasin no na wasan de akɔma ɔkyerɛwfo no ma wahwɛ mu sɛ wahyehyɛ awie ma biribiara ayɛ pɛpɛɛpɛ, na wahwɛ nsɛm tebea a ɛma onii no fata hokwan a ɛte saa no. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no kyerɛw krataa KYERƐKYERƐ onii no nsɛm tebea no mu FEFEEFE. Ɛsɛ sɛ wodi kan yɛ eyinom nyinaa to hɔ bere tenten ansa na nhyiam no adu so. Bere a ɔsom boayikuw no ahwɛ mu awie no, afei ɔkyerɛwfo no de kratasin no bɛmena Dabere Dwumadibea no. Wɔbɛka dabere no ho asɛm akyerɛ onii a ɔrebisa no tẽẽ.
8 Ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no muni anaa ɔpanyin foforo boa wɔn a wɔwɔ ahiade soronko no ma wokobisa baabi a wɔbɛda no ho asɛm fi Dabere Dwumadibea hɔ ntɛm ara bere a wɔakodu nhyiam no ase no.
9 Nhyiam Foforo a Wobɛkɔ: Wɔakyerɛ sɛ asafo biara nkɔ nhyiam a ɛbɛn wɔn pɛɛ. Sɛ wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ nhyiam abien wɔ kasa koro mu wɔ kurow bi mu a, ebia anuanom bi bɛpɛ sɛ wɔkɔ abien no nyinaa bi. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi bɛma wɔanya hokwan ahyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran kɛse de, nanso ɛde ɔhaw ahorow ba wɔ nneɛma a wɔde yɛ nhyiam no ho, ma enti ɛmma atirimpɔw nti a wɔma nnipa a wɔbɛba nhyiam no dodow yɛ nea ɛsɛ no nyɛ hɔ. Enti yɛsrɛ anuanom a wɔwɔ nkurow akɛse mu sɛ wɔnkɔ nhyiam a yɛakyerɛ sɛ wɔnkɔ wɔ saa kurow no mu nkutoo. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan kɔ nhyiam foforo wɔ kurow foforo mu a, yenni ho asɛm biara. Wɔma anuanom a wɔpaw wɔn sɛ wɔnyɛ nhyiam no ho adwuma bi a egye ntɛmpɛ a ɛno nti dwumadi no afã bi pa wɔn ti so no kwan sɛ wobetumi asan akɔ nhyiam foforo wɔ kurow koro no ara mu. Afei nso, sɛ kasa a anuanom binom nte nti, wɔbɛpɛ sɛ wɔkɔ nhyiam a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ wɔ kurow no mu a, hokwan wɔ hɔ.
10 Wɔ nkuraase asafo ahorow bi fam no, ebia nsɛm bi te sɛ kasa, ɔkwan no tenten ne lɔre ho asɛm bɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no wɔ kurow foforo mu, a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no. Asafo ahorow a wɔwɔ saa tebea yi mu no wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wosi gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam foforo a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no di kan bɔ wɔn mansin sohwɛfo amanneɛ bere tenten na wanyɛ nhyehyɛe sɛ ɔrebɛsra wɔn wɔ dapɛn a wɔbɛkɔ nhyiam no mu. Sɛ́ ebia asafo no kɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ anaa wɔkɔ foforo no, ɛsɛ sɛ anuanom a wɔhwɛ akwantu nhyehyɛe so no hwɛ hu sɛ kar biara a wɔbɛyɛ ho nhyehyɛe no wɔ ahoɔden na asɛm nni ho.
11 Bolgatanga Nhyiam: Yɛbɛyɛ “Onyankopɔn Asɛm Yɛfo” Ɔmantam Nhyiam no bi wɔ Bolgatanga fi January 5 kosi 7, 2001, wɔ Twi ne Frafra kasa mu. Yɛhyɛ anuanom a wɔwɔ ɔman yi anafo a wobetumi akɔ nhyiam no bi nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ saa. Ebia Asafo ti no bɛyɛ lɔre ho nhyehyɛe soronko ama akwantu no afe yi nso. Yɛhyɛ wɔn a wɔbɛyɛ nhyehyɛe akɔ no nkuran sɛ wonni afie afie ne bɔnnɔ so adanse bere a wɔwɔ Bolgatanga no. Yɛhyɛ wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa nkuran sɛ womfi ase nsiesie wɔn ho mma nhyiam no.
12 Yɛ Nhyehyɛe Kɔ Nnansa no Nyinaa: So Satan rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛtwetwe wo na amma woamfa w’adwene ansi honhom fam nneɛma so? Awerɛhosɛm ne sɛ, anuanom mmarima ne mmea pii ne wɔn mmusua ma honhom fam aduan titiriw yi bi pa wɔn ti so. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam Fida nhyiam no a wɔnkɔ so.
13 Ebetumi aba sɛ anuanom bi twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛkɔ wɔn adwumawuranom hɔ akɔsrɛ kwan a wɔde bɛkɔ nhyiam no. So saa na ɛte wɔ wo fam? Dɛn nti na womfa asɛm no nto Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu na wunnya akokoduru a wode bɛkyerɛkyerɛ tebea no mu akyerɛ w’adwumawura no? Kae sɛ biribi pa bi fii saayɛ mu ba maa Nehemia a na ɔwɔ tebea a ɛte saa ara mu no. (Neh. 2:1-6) Nya gyidi sɛ yɛn soro Agya no wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛboa wo, na hu sɛ sɛ wode Ahenni nneɛma di kan a, ɔbɛma woanya asetram ahiade a aka no.—Mat. 6:32b, 33.
14 Adwuma a Edi Nhyiam Anim: Yɛn ani asɔ sɛnea moboaa adwuma yi wɔ bere a atwam no yiye. Sɛnea yɛyɛ daa no, yɛbɛbɔ apata, ahwehwɛ dabere ne nea ɛkeka ho. Yɛwɔ ahotoso sɛ asafo ahorow a ɛwɔ kurow a wɔreyɛ nhyiam no wom mu ne asafo ahorow a ɛbemmɛn no mufo nyinaa bɛyɛ nhyehyɛe de wɔn ho ahyɛ adwuma a ɛho hia yi mu kɛse wɔ dapɛn awiei ne dapɛn no mu. Sɛ anuanom pii bɛyɛ nhyehyɛe adu hɔ da koro anaa nnanu atoto biribiara ansa na nhyiam no mu biara afi ase a, anka eyi bɛyɛ mmoa kɛse. Esiane sɛ ntoboa na yɛde yɛ nhyiam ahorow ho biribiara nti, sɛ yɛkɔyɛ adwuma a edi nhyiam anim a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nhyiam no so ahwɛfo bɛma yɛn aduan kwa. Wɔn a wotu wɔn ho ma yɛ adwuma nso mmoa ho hia kɛse bere a nhyiam no rekɔ so no, enti wo ne w’abusua nyɛ nhyehyɛe sɛ mubenya eyi mu kyɛfa wɔ nhyiam a mobɛkɔ no ase.
15 Aduan Ho Nhyehyɛe: Kae sɛ wɔrenyɛ aduan ho nhyehyɛe koraa wɔ nhyiam ahorow no ase. Saa ara nso na wɔrenyɛ nsu a wɔbɛnom ho nhyehyɛe. Enti, fa nea wubedi wɔ awia ahomegye bere no mu fi fie kɔ. Obiara nam saa a ɔbɛyɛ so betumi de n’adwene asi honhom fam dwumadi no so kɛse. Baabiara a yɛbɛtra adidi wɔ ahomegye bere no mu no, momma yɛnhwɛ sɛ yɛrensɛe nkongua no so anaasɛ yɛremfa nwura mpete hɔ.
16 Nhyiam Baagye ne Nea Wɔde Hyem: Efi September rekɔ no, Asafo ti no ankasa de ɔmantam nhyiam lapɛl baagye a ɛwɔ Engiresi kasa mu no bɛka nhoma a wɔde kɔma asafo ahorow no ho. Ɛho renhia sɛ mobɛkra eyi. Wɔbɛhwɛ sɛnea asafo biara kɛse te, na wɔde baagye dodow a efi 25 rekɔ amena. Sɛ asafo no hia baagye foforo a, ɛsɛ sɛ wobisa eyi wɔ “Literature Request Form” (S-14) no so. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ Asafo ti no ankasa remfa rɔba a wɔde baagye no hyem no mmena. Ɛho behia sɛ mode “Literature Request Form” (S-14) no kra bi ma asafo no muni biara a ohia bi no. Monkae sɛ wɔremfa lapɛl baagye ne nea wɔde hyem no bi mma nhyiam no ase.
17 Dwumadi a Wɔkyere Gu Kasɛt So: Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyere dwumadi gu kasɛt so na wɔn ankasa de adi dwuma no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase na ɛntwetwe wɔn adwene so. Ne titiriw no, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden ne akasam nhama no. Yɛn ani sɔ mmoa a moyɛ wɔ eyi mu no kɛse.
18 Ɔkwan Bɛn so na Yɛn Nhyiam Ahorow no Ka Wo? Onuawa bi a ofi United States apuei fam kyerɛwee sɛ: “Meda mo ase pii wɔ 1999 ɔmantam nhyiam no ho. Anuanom a pɛnkoro pɛ na mihu wɔn afe biara no a me ne wɔn nyaa fekubɔ no maa m’ani gyei yiye. Mibehuu nokware no, na mewɔ me mpanyin afe so, na na meyem, na meda so ara de anigye kae bere a me Bible kyerɛkyerɛfo de me kɔɔ nhyiam bere a edi kan no. Bere a memaa me ti so hwɛɛ wim wɔ agumadibea hɔ na yɛtoo Ahenni dwom a ti asɛm ne ‘Anuanom Mpempem Bebree’ no, misui. Mibisaa me ho sɛ, ‘Sɛ saa nnipa a wodi mu a wɔatwa me ho ahyia yi nyinaa wɔ hɔ de a, ɛyɛɛ dɛn na Yehowa tumi pɛɛ m’asɛm?’ Saa da no na misii gyinae sɛ mɛsom Yehowa koraa.” Akomatɔyam nsɛm bɛn ara ni! Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ anigye sɛ wo ne Yehowa nkurɔfo a wɔn ho tew benya fekubɔ, anaa ɛnte saa?
19 Wɔ nna a edi akyiri yi fã a etwa to yi mu no, yɛn afe afe ɔmantam nhyiam no yɛ nea ɛho hia sen bere biara. Ɛyɛ nsiesiei a Yehowa ayɛ na ama asi yɛn yiye, akari pɛ wɔ honhom fam. Enti, fa yɛ wo botae sɛ wobɛkɔ nnansa a wɔde bɛyɛ saa afe yi “Onyankopɔn Asɛm Yɛfo” Ɔmantam Nhyiam no nyinaa. Wobɛyɛ dɛn atumi adu wo botae no ho? Di kan srɛ bere a wode bɛkɔ nhyiam no nyinaa fi w’adwumawura hɔ. Sɛ wo sika sua a, fi ase mprempren sie sika a wode bɛkɔ. Srɛ Yehowa ma ɔmmoa wo na di akwanside biara so. Bere a woyɛ saa no, wubetumi ahwɛ kwan sɛ wo ne wo nuanom mmarima ne mmea benya fekubɔ a ɛyɛ anigye na ahomeka wom, na woate daa nkwa nsɛm afi yɛn soro Agya, Yehowa, a ɔwɔ dɔ no hɔ.—Fa toto Yohane 6:68 ho.
Dwumadi Mmere
[Kratafa 3 adaka]
Fida ne Memeneda
Anɔpa 9:30 – anwummere 5:00
Kwasida
Anɔpa 9:30 – anwummere 4:00