Yehowa Adansefo 1998 “Onyankopɔn Asetra Kwan” Ɔmantam Nhyiam
1 Afe biara Yehowa asomfo a wɔwɔ asase so nnɛ nyinaa de anigye hwɛ kwan sɛ wɔne wɔn nuanom behyiam wɔ ɔmantam nhyiam akɛse ase. Wɔ eyi mu no, wɔda honhom a Yehowa asomfo anokwafo a wɔtraa ase tete Israel, a wɔde anigye too nnwom a ɛwɔ Dwom 122 bere a na wɔnam kwan so rekɔsom Yehowa wɔ Yerusalem no daa no adi, no adi. Saa dwom no nkyekyem 1 kenkan sɛ: “M’ani gyei sɛ wosee me sɛ: Ma yɛnkɔ [Yehowa, NW] fi.” Yehu nsɛm a efi honhom mu a ɛwɔ Yesaia 2:2, 3 no mmamu ho adanse kɛse nso wɔ mmere a ɛte saa mu.
2 Afe yi yɛwɔ biribi soronko nti a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye, efisɛ nhyiamfo mpempem pii a wofi wiase amanaman nyinaa mu bɛkɔ nhyiam akɛse a wɔrenyɛ wɔ Ghana no bi, na wɔbɛma yɛate aman horow so nsɛm. Asɛmpatrɛwfo a wɔrekɔsra wɔn mmusua ne wɔn nnamfo no bɛkɔ nhyiam no bi ase. Enti, wɔbɛka sɛnea Ahenni ho asɛmpaka adwuma no renya nkɔso wɔ nsase foforo so ne osuahu ahorow akyerɛ wɔ nhyiam no mu biara dwumadi mu.
3 Efi 1978 no, eyi ne nea edi kan a Sodikuw no ama yɛanya hokwan sɛ nhyiamfo kakra befi ha akɔ amanaman ntam nhyiam ahorow no bi. Ehia sɛ obiara kyerɛ obu wɔ hokwan kakra a yɛanya yi ho na ama nhyiam no nyinaa akɔ so pɛpɛɛpɛ. Yɛbɛte aman horow so nsɛm wɔ ɔmantam nhyiam ahorow no nyinaa ase wɔ dwumadi no afã bi ne amanneɛbɔ ahorow mu, na yebenya bi afi asɛmpatrɛwfo a ebia wɔbɛba nhyiam no ase nso hɔ.
4 Bere a yegu so resiesie yɛn ho ama 1998 “Onyankopɔn Asetra Kwan” Ɔmantam Nhyiam no, yɛpɛ sɛ yɛka nneɛma bi a yɛpɛ sɛ mutie no yiye ho asɛm. Mmoa a mobɛyɛ ne ayamye su a mobɛda no adi koraa no bɛkyerɛ anisɔ ankasa a mowɔ ma nhyehyɛe a yɛayɛ ama mo no nyinaa.
5 Akwankyerɛ a Ɛbɛma Woanya Dabere: Yɛde “Room Request” nkratasin remena asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ nhyiam no so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wo a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ “Room Request” kratasin no bi na fa ma asafo mu ɔkyerɛwfo ma ɔnhwɛ mu sɛ biribiara ayɛ pɛpɛɛpɛ, na afei fa mena faako a wobɛkɔ nhyiam no. ƐNSƐ sɛ wode “Room Request” nkratasin ne nhyiam ho nsɛm foforo mena baa dwumadibea no wɔ Accra.
6 Yebenya dabere no bi wɔ ankorankoro afie mu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde saa dabere yi ma wɔn no kae sɛ ɛnyɛ papa sɛ wobesusuw sɛ esiane sɛ afiewuranom no wɔ ahɔhoyɛ su nti wɔbɛma wɔatra hɔ aboro nna a wɔakyerɛ wɔ “Room Request” kratasin no so no. Wɔde adan yi ama wɔ nhyiam bere no mu NKUTOO. Ɛsɛ sɛ wɔn a wonya saa dabere no hwɛ hu sɛ wɔne wɔn mma de obu bɛyɛ ade wɔ wɔn fiewura no fie hɔ, na ɛnsɛ sɛ wotu wɔn fiewura no nneɛma pansam hɔ anaa wɔsɛe no, anaasɛ wɔkɔ ofie no afã bi a wonni hokwan sɛ wɔkɔ hɔ no. Sɛ afiewuranom hyia ɔhaw a ɛtete saa a, ɛsɛ sɛ wɔma dabere sohwɛfo no aso te no ntɛm ara wɔ nhyiam no ase, na n’ani begye ho sɛ ɔbɛboa.
7 Wɔ amantam nhyiam ahorow a yɛayɛ wɔ ɔmantifi ne ɔman yi afã foforo ase no, nhyiamfo bi amfa wɔn “Room Request” nkratasin ankɔ ansa na wɔredu kurow a wɔreyɛ nhyiam wom no mu. Eyi yɛɛ ɔhaw kɛse maa nhyiam so ahwɛfo no, efisɛ na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ dabere ma nhyiamfo a wɔte saa no bere a na aka akyiri koraa. Nhyehyɛe a ɛka akyiri saa no ho ka tumi yɛ kɛse. Nanso, nea ɛyɛ awerɛhow no, sɛ wɔka kyerɛ nhyiamfo bi sɛ wontua dabere no ho ka no bi a, wɔnyɛ. Eyi de ɔhaw ahorow ba. Enti, ɛsɛ sɛ nhyiamfo biara a wɔpɛ sɛ nhyiam so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wɔn no hyehyɛ “Room Request” nkratasin no na wodi kan de mena nhyiam so ahwɛfo no bere tenten ansa na nhyiam no adu so. Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho nso sɛ yebetua sika kakra wɔ dabere no ho, sɛ́ ɛyɛ sukuufo dabere anaa ankorankoro afie mu no.
8 Mmoa a Yɛbɛyɛ Kyerɛ Osetie a Yɛyɛ Ma Asafo Ti no Akwankyerɛ: Ɛsɛ sɛ saa asɛm yi yɛ yɛn ahiasɛm atitiriw no mu biako. Hebrifo 13:17 ka sɛ: “Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso bi mma mo.” Nnanu anaa nnansa pɛ na wɔhwehwɛ sɛ yɛboa wɔ eyi mu afe biara. Sɛ ɛsono nea yɛn ani gye ho mpo a, yɛn nhwɛso pa a yɛn nuanom hu no kanyan ɔdɔ, biakoyɛ, ne honhom a ɛhyɛ nkuran wɔ wɔn mu.—Hwɛ 1 Korintofo 16:16; Filipifo 2:1-4.
9 Ahiade Soronko: Ebia wɔn a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wonni ahoɔden, bere nyinaa asomfo, anaa afoforo behia mmoa na ama wɔatumi akɔ nhyiam no. Abusuafo, mpanyimfo, ne asafo no mufo afoforo a wonim wɔn a wɔwɔ ahiade soronko no nsɛm tebea no betumi afi ɔdɔ mu ayɛ nhyehyɛe a ɛho hia, na wɔannan abusua ne asafo no asɛyɛde anto nhyiam so ahwɛfo no so.—Fa toto 1 Timoteo 5:4 ho.
10 Wɔyɛ nsiesiei yi ma adawurubɔfo a wɔwɔ gyinabea pa, a wɔn a wɔwɔ mma a woyi su pa adi ka ho, a Asafo Ɔsom Boayikuw no apene wɔn so no nkutoo. Ansa na wobɛhyehyɛ “Room Request” kratasin no, kenkan nsɛm a ɛwɔ kratasin no ase no yiye. Ɛsɛ sɛ wɔde abisade yi kɔma Dabere Dwumadibea no ntɛm ara. Yɛsrɛ sɛ fa nhyiam address a ɛwɔ krataa yi kratafa 6 no di dwuma.
11 Nokwarem no, sɛ asafo no mufo antumi ammoa adawurubɔfo a wɔwɔ ahiade soronko no a, Dabere Dwumadibea no bɛbɔ mmɔden ama wɔn dabere a ɛfata. Saa adawurubɔfo yi betumi aka wɔn tebea no ho asɛm akyerɛ asafo mu ɔkyerɛwfo no. Ɛsɛ sɛ Asafo mu ɔkyerɛwfo no ne Asafo Ɔsom Boayikuw no mufo a aka no ka ho asɛm hwɛ sɛ ebia asafo no betumi aboa saafo yi ma wɔadi wɔn ankasa dabere ho dwuma anaa. Sɛ asafo no ntumi mmoa wɔn a, onii a ɔrehwehwɛ dabere no bɛhyehyɛ “Room Request” kratasin no na wasan de akɔma ɔkyerɛwfo no ma wahwɛ mu sɛ wahyehyɛ awie ma biribiara ayɛ pɛpɛɛpɛ, na wahwɛ nsɛm tebea a ɛma onii no fata hokwan a ɛte saa no. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no kyerɛw krataa KYERƐKYERƐ wɔn nsɛm tebea no mu FEFEEFE. Ɛsɛ sɛ wodi kan yɛ eyinom nyinaa to hɔ bere tenten ansa na nhyiam no adu so. Bere a ɔsom boayikuw no ahwɛ mu awie no, afei ɔkyerɛwfo no de kratasin no bɛmena Dabere Dwumadibea no. Wɔbɛka dabere no ho asɛm akyerɛ onii a ɔrebisa no tẽẽ.
12 Ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no muni anaa ɔpanyin foforo boa wɔn a wɔwɔ ahiade soronko no ma wokobisa baabi a wɔbɛda no ho asɛm fi Dabere Dwumadibea hɔ ntɛm ara bere a wɔakodu nhyiam no ase no.
13 Nhyiam Foforo a Wobɛkɔ: Wɔakyerɛ sɛ asafo biara nkɔ nhyiam a ɛbɛn wɔn pɛɛ. Asafo ti no gyina adawurubɔfo dodow a wɔkyerɛ sɛ wɔnkɔ nhyiam biara no dodow so na ɛyɛ nkongua, dabere, nhoma dodow a ɛfata ne nea ɛkeka ho no ho nhyehyɛe. Sɛ woyɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkɔ nhyiam foforo a, ebia wubehia dabere ne nneɛma afoforo ho nsɛm. Wɔaka baabi a wɔakyerɛ sɛ obiara nkɔ no wɔ krataa yi kratafa 6. Nanso, sɛ ntease pa bi nti wobɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ mo asafo nkɔ na wubehia dabere a, ɛsɛ sɛ wohyehyɛ “Room Request” kratasin no na woma ɔkyerɛwfo no de fa nhyiam a ɛfata no address so mena. Sɛ nhyiam a wɔbɛyɛ wɔ saa kurow no mu no boro biako a, hwɛ hu sɛ woakyerɛ bere a wɔde bɛyɛ nhyiam a wobɛkɔ bi no.
14 Sɛ wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ nhyiam abien wɔ kasa koro mu wɔ kurow bi mu a, ebia anuanom bi bɛpɛ sɛ wɔkɔ abien no nyinaa bi. Ɛwom sɛ akyinnye biara nni ho sɛ eyi bɛma wɔanya hokwan ahyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran kɛse de, nanso ɛde ɔhaw ahorow ba wɔ nneɛma a wɔde yɛ nhyiam no ho, ma enti ɛmma atirimpɔw nti a wɔma nnipa a wɔbɛba nhyiam no dodow yɛ nea ɛsɛ na ama adwuma a edi nhyiam no anim ne akyi no so atew no nyɛ hɔ. Enti yɛsrɛ anuanom a wɔwɔ nkurow akɛse mu sɛ wɔnkɔ nhyiam a yɛakyerɛ sɛ wɔnkɔ wɔ saa kurow no mu nkutoo. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan kɔ nhyiam foforo wɔ kurow foforo mu a, ɛrenhaw yɛn. Wɔma anuanom a wɔpaw wɔn sɛ wɔnyɛ nhyiam no ho adwuma bi a egye ntɛmpɛ a ɛno nti dwumadi no afã bi pa wɔn ti so no kwan sɛ wobetumi asan akɔ nhyiam foforo wɔ kurow koro no ara mu. Afei nso, sɛ kasa a anuanom binom nte anaa esiane sɛ wɔn nhyiam bere no ara na wɔbɛyɛ Tamale nhyiam no nti, wɔbɛpɛ sɛ wɔkɔ nhyiam a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ wɔ kurow no mu a, hokwan wɔ hɔ.
15 Wɔ nkuraase asafo ahorow bi fam no, ebia nsɛm bi te sɛ kasa, ɔkwan no tenten ne lɔre ho asɛm bɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no wɔ kurow foforo mu, a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no. Asafo ahorow a wɔwɔ saa tebea yi mu no wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wosi gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam foforo a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no di kan bɔ wɔn mansin sohwɛfo amanneɛ bere tenten na wanyɛ nhyehyɛe sɛ ɔrebɛsra wɔn wɔ dapɛn a wɔbɛkɔ nhyiam no mu. Sɛ́ ebia asafo no kɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ anaa wɔkɔ foforo no, ɛsɛ sɛ anuanom a wɔhwɛ akwantu nhyehyɛe so no hwɛ hu sɛ kar biara a wɔbɛyɛ ho nhyehyɛe no wɔ ahoɔden na ɛyɛ nea asɛm nni ho.
16 Tamale Nhyiam: Yɛbɛyɛ “Onyankopɔn Asetra Kwan” Ɔmantam Nhyiam ahorow no mu nea etwa to no biako wɔ Tamale fi January 8-10, 1999. Sɛnea wɔyɛ daa no, kasa horow a wɔbɛka ne Twi ne Frafra. Yɛhyɛ anuanom a wɔwɔ ɔman yi anafo a wobetumi akɔ nhyiam no bi nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ saa. Ebia Asafo ti no bɛyɛ lɔre ho nhyehyɛe soronko ama akwantu no afe yi. Yɛhyɛ wɔn a wɔbɛyɛ nhyehyɛe akɔ no nkuran sɛ wonni afie afie ne bɔnnɔ so adanse bere a wɔwɔ Tamale no. Yɛhyɛ wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa nkuran sɛ womfi ase nsiesie wɔn ho mma nhyiam no.
17 Adwuma a Edi Nhyiam Anim: Yɛn ani asɔ sɛnea moboaa adwuma yi wɔ bere a atwam no yiye. Sɛnea yɛyɛ daa no, yɛbɛbɔ apata, ahwehwɛ dabere ne nea ɛkeka ho. Yɛwɔ ahotoso sɛ nhyiam kurow no ne asafo ahorow a ɛbemmɛn no mufo nyinaa bɛyɛ nhyehyɛe akɔyɛ adwuma a ɛho hia yi bi akosi ase wɔ dapɛn awiei ne dapɛn no mu. Afe a etwaam no, amanneɛbɔ a yɛn nsa kae kyerɛ sɛ anuanom pii yɛɛ nhyehyɛe pa kɔboaa adwuma a edi nhyiam anim no. Yɛkamfo mo nyinaa wɔ nhwɛso pa yi ho. Sɛ anuanom pii bɛyɛ nhyehyɛe adu hɔ da koro anaa nnanu atoto biribiara ansa na nhyiam no mu biara afi ase a, anka eyi bɛyɛ mmoa kɛse. Esiane sɛ ntoboa na yɛde yɛ nhyiam ahorow ho biribiara nti, sɛ yɛkɔyɛ adwuma a edi nhyiam anim a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nhyiam no so ahwɛfo bɛma yɛn aduan kwa. Wɔn a wotu wɔn ho ma yɛ adwuma nso mmoa ho hia kɛse bere a nhyiam no rekɔ so no, enti wo ne w’abusua nyɛ nhyehyɛe sɛ mubenya eyi mu kyɛfa wɔ nhyiam a mobɛkɔ no ase.
18 Aduan Ho Nhyehyɛe: Kae sɛ wode biribi befi fie abedi wɔ awia ahomegye bere no mu. Saayɛ so no, obiara betumi de n’adwene asi honhom fam dwumadi no so kɛse. Baabiara a yɛbɛtra adidi wɔ ahomegye bere no mu no, momma yɛnhwɛ sɛ yɛrensɛe nkongua no so anaasɛ yɛremfa nwura mpete hɔ.
19 Nhyiam Baagye ne Nea Wɔde Hyem: Yɛhyɛ asafo biara nkuran sɛ wɔmfa “Literature Order Form” (S-14) nkra “Onyankopɔn Asetra Kwan” Ɔmantam Nhyiam horow no lapɛl baagye ne rɔba a wɔde hyem no bi. Yɛsrɛ sɛ monhwɛ nhyehyɛ kratasin a wɔde kra no pɛpɛɛpɛ, na momfa biako mmrɛ Asafo ti no NTƐM ARA na ama wɔadi mo nhyiam ho ahiade no ho dwuma bere pa mu. Monkae sɛ wɔremfa lapɛl baagye ne nea wɔde hyem no bi mma nhyiam horow no ase.
20 Nnwom: Nnwom a edidi so yi na wɔde ama sɛ yɛbɛto wɔ dwumadi no mu, na yɛbɛto no sɛnea edidi so yi: 174, 151, 105, 89, 164, 43, 91, 211, 202, 177, 191, 79, 155, 19, 10, 85, 109, ne 42. Nea ɛne afotu a ɛwɔ Efesofo 5:19 hyia no, wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛnto nnwom no bi bere a wɔde afiri bɔ wɔ nhyiam no ase no.
21 Dwumadi a Wɔkyere Gu Kasɛt Anaa Video So: Asafo ti no renyɛ nsiesie a ɛbɛma wɔakyere dwumadi no anaa drama no agu kasɛt so. Ɛsɛ sɛ ankorankoro a wɔkyere dwumadi no gu kasɛt so na wɔn ankasa de adi dwuma no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase na ɛntwetwe wɔn adwene so. Ne titiriw no, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden ne akasam nhama no. Yɛn ani sɔ mmoa a moyɛ wɔ eyi mu no kɛse.
22 Awiei: Nsɛm a nkurɔfo ka wɔ mmeae ahorow kyerɛ sɛ mo, anuanom mmarima ne mmea, fata nkamfo wɔ su pa ahorow a moda no adi ho. Ahɔhodan bi mu mpanyimfo kae sɛ Yehowa Adansefo ne “nnipakuw a yɛasom wɔn a wɔn ho yɛ anika na wɔda su pa adi sen biara.” Ɔfoforo kae sɛ: “Metee nka sɛ ɛsɛ sɛ migyina ahɔhodan mu adwumayɛfo no ananmu da mo ase. Ɛsɛ sɛ yɛkamfo mo nhyiamfo no sɛ wɔyɛ nnipakuw a yɛde anigye asom wɔn a wɔn ho yɛ anika, biakoyɛ wɔ wɔn mu, na wobu ade sen biara no mu biako.” Bere a wɔyɛɛ ɔman yi mu nhyiam ahorow no mu biako wiei, na anuanom a wɔyɛɛ nhyiam no ho nhyehyɛe kɔɔ sukuu bi mu sɛ wɔrekɔda mpanyimfo a wɔde sukuu no asase ne adan mae no ase no, sukuu no kyerɛkyerɛfo panyin no susuw kyerɛɛ boayikuw a wɔhwɛ sukuu no so sɛ esiane sɛnea anuanom hwɛɛ sukuu no asase ne ɛhɔ nneɛma so yiye nti, ɛsɛ sɛ wɔde hɔ ma Yehowa Adansefo bere biara a wɔpɛ sɛ wobedi dwuma wɔ hɔ no. Sukuu hɔ adwumayɛfo ne sukuu boayikuw no mufo nyinaa bɔɔ wɔn nsam anigye so de kyerɛe sɛ wɔpene nsusuwii no so. Ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛte amanneɛbɔ a ɛte sɛ eyinom, ɛnte saa? Akyinnye biara nni ho sɛ anuanom mmarima ne mmea nneyɛe a ɛma nkurɔfo keka nsɛm a ɛte sɛ eyinom no ma Yehowa koma ani gye.
23 Yɛn nyinaa nim sɛ Yehowa taa afe afe ɔmantam nhyiam ho nhyehyɛe ahorow a yɛyɛ no akyi. Bere a anuanom a wobetu kwan akɔ ɔmantam nhyiam ahorow no pii behia dabere no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bedi saa ahiade yi ho dwuma nso. “Ade ketewaa mu nokware” a yebedi no betumi ama yɛn nsa aka nhyira pii a Yehowa de bɛma wɔn a ɔdɔ wɔn no bi.—Luka 16:10.
[Adaka a ɛwɔ kratafa 5]
Dwumadi Mmere
[Adaka a ɛwɔ kratafa 5]
Fida ne Memeneda
Anɔpa 9:30 - Anwummere 5:00
Kwasida
Anɔpa 9:30 - Anwummere 4:00