Yehowa Adansefo 1997 “Onyankopɔn Asɛm mu Gyidi” Ɔmantam Nhyiam
1 “Wo fi dakorodi ye sen nna apem [wɔ baabi foforo, NW ].” (Dw. 84:10) Bere a odwontofo no somee wɔ Yehowa asɔrefi no, otumi tee nka sɛ ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no wɔ hɔ. Sɛ ɔman no hyia di afe afe afahyɛ ahorow no na nokware asomfo bɛhyɛ Yerusalem ma a, na Israelfo no nya fekubɔ a ɛyɛ anigye bere a wohyiam wɔ asɔrefi no adiwo no. Na ɛkae wɔn biako a na wɔyɛ sɛ ɔman a wɔn nkutoo ne asase so nnipa a Yehowa ahyira wɔn na wɔwɔ n’anim dom. Afe biara yenya hokwan ne yɛn nuanom mmarima ne mmea mpempem pii nya biakoyɛ ne anigye mu kyɛfa saa ara. Wɔ yɛn bere yi mu no, afe afe ɔmantam nhyiam horow yɛ akwan a Yehowa nam so ka ne nkurɔfo bom ma wonya ɔkyerɛkyerɛ ne fekubɔ mu biako.
2 Ná hwɛ a wɔbɛhwɛ Yehowa nkurɔfo bebree a wɔte Yerusalem ne hɔ mpɔtam bere a na afahyɛ ahorow no rekɔ so no gye nhyehyɛe. Ɛda adi sɛ na nhyehyɛe pa ne asomdwoe a wɔbɛma atra hɔ no hwehwɛ sɛ wɔde akwankyerɛ ma wɔ dabere, nhyiam mmere, ne nhyehyɛe foforo ho. Esiane sɛ na nneɛma yi fa Israelfo no nokware som ho nti, na wɔde anigye di akwankyerɛ ahorow yi akyi.—Dw. 42:4; 122:1.
3 Anuanom ɔhaha pii de nnɔnhwerew mpempem bebree bɛyɛ nhyiam dwumadibea ahorow ho nhyehyɛe, ahyia sukuu ne ahɔhodan mu adwumayɛfo ne wɔn atoto nneɛma, ne nea ɛkeka ho. Saa anuanom yi ne Asafo ti no Nhyiam Dwumadibea bom yɛ adwuma de hwɛ nhyiam no yɛ ho nnwuma pii so. Ebia yɛn ankasa nhu bere, mmɔden, ne sika pii a yɛde yɛ yɛn afe afe ɔmantam nhyiam horow no, nanso ɛda adi sɛ yɛn nyinaa ani sɔ yɛn nuanom anokwafo yi mu biara ahofama honhom, anaa ɛnte saa?
4 Bere a yegu so resiesie yɛn ho ama yɛn 1997 “Onyankopɔn Asɛm mu Gyidi” Ɔmantam Nhyiam no, yɛwɔ nsɛm bi a ehia sɛ mohyɛ no nsow na mususuw ho anibere so. Saa a mobɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ mo ani sɔ nhyehyɛe a wɔayɛ ama mo no nyinaa. Ɛwom sɛ yɛaka nneɛma yi bi ho asɛm pɛn de, nanso ɛho hia sɛ yɛn mu biara hu asɛyɛde a ɔwɔ wɔ Yehowa anim sɛ ɔboa yɛn nhyiam nhyehyɛe no.
5 Akwankyerɛ a Ɛbɛma Woanya Dabere: Yɛde Adammisa nkratasin remena asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ nhyiam no so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wo a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ Adammisa kratasin no bi na fa ma asafo no kyerɛwfo ma ɔnhwɛ mu sɛ biribiara ayɛ pɛpɛɛpɛ a, na afei fa mena faako a wobɛkɔ nhyiam no. ƐNSƐ sɛ wɔde Adammisa nkratasin ne nhyiam ho nsɛm foforo mena baa dwumadibea no wɔ Accra.
6 Yebenya dabere no bi wɔ ankorankoro afie mu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde saa dabere yi ma wɔn no kae sɛ ɛnyɛ papa sɛ wobesusuw sɛ esiane sɛ afiewuranom no wɔ ahɔhoyɛ su nti wɔbɛma wɔatra hɔ aboro nna a wɔakyerɛ wɔ Adammisa kratasin no so no. Wɔde adan yi ama wɔ nhyiam bere no mu NKUTOO. Ɛsɛ sɛ wɔn a wonya saa dabere no hwɛ hu sɛ wɔne wɔn mma de obu bɛyɛ ade wɔ wɔn fiewura no fie hɔ, na ɛnsɛ sɛ wotu wɔn fiewura no nneɛma pansam hɔ anaa wɔsɛe no, anaasɛ wɔkɔ ofie no afã bi a wonni hokwan sɛ wɔkɔ no. Sɛ afiewuranom hyia ɔhaw a ɛtete saa a, ɛsɛ sɛ wɔma dabere sohwɛfo no aso te no ntɛm ara wɔ nhyiam no ase, na n’ani begye ho sɛ ɔbɛboa.
7 Mmoa a Yɛbɛyɛ Kyerɛ Osetie a Yɛyɛ Ma Asafo Ti no Akwankyerɛ: Ɛsɛ sɛ saa asɛm yi yɛ yɛn ahiasɛm atitiriw no mu biako. Hebrifo 13:17 ka sɛ: “Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso bi mma mo.” Bere a yɛn nuanom yɛ nhyehyɛe pii ma yɛn mantam nhyiam no, yɛpɛ sɛ wɔte nka sɛ yɛtaa wɔn akyi koraa. Esiane sɛ nnanu anaa nnansa na wɔhwehwɛ sɛ yɛboa wɔ eyi mu afe biara nti, eyi yɛ ɔkwampa a yɛbɛfa so aboa wɔn wɔ wɔn adwuma no mu. Yɛn nhwɛso pa a yɛn nuanom ne wiase no hu no hyɛ ɔdɔ, biakoyɛ, ne mmoa a wɔyɛ ma afoforo ho nkuran.—Fil. 2:1-4.
8 Ahiade Soronko: Wɔayɛ nsiesiei yi ama adawurubɔfo a wɔwɔ gyinabea pa a wɔn a wɔn mma nyɛ basabasa ka ho, na Asafo Ɔsom Boayikuw no pene wɔn so nkutoo. Wɔn a wɔwɔ ahiade soronko no yɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea, na yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn.
9 Wɔn a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wonni ahoɔden, bere nyinaa asomfo, anaa afoforo behia mmoa na ama wɔatumi akɔ nhyiam no. Abusuafo, mpanyimfo, ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu a wonim wɔn nsɛm tebea soronko no betumi afi ɔdɔ mu ayɛ nhyehyɛe a ɛho hia, na wɔannan abusua no ne asafo no asɛyɛde anto nhyiam no so ahwɛfo so. (Fa toto 1 Timoteo 5:4 ho.) Adawurubɔfo betumi aboa denam saafo no a wɔde wɔn bɛka wɔn ho, anaasɛ wobedi wɔn ahiade ahorow ho dwuma wɔ akwan foforo a ɛfata so no so.—Yak. 2:15-17; 1 Yoh. 3:17, 18.
10 Nokwarem no, sɛ adawurubɔfo a wɔwɔ ahiade soronko no asafo mufo ntumi mmoa wɔn a, Dabere Dwumadibea no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn dabere a ɛfata. Saa adawurubɔfo yi betumi ne asafo no kyerɛwfo no aka wɔn tebea no ho asɛm. Ɛsɛ sɛ Asafo no kyerɛwfo no ne Asafo Ɔsom Boayikuw no mufo a aka no ka ho asɛm hwɛ sɛ ebia asafo no betumi aboa saafo yi ma wɔadi wɔn ankasa dabere no ho dwuma anaa. Sɛ asafo no ntumi mmoa wɔn a, onii a ɔrehwehwɛ dabere no bɛhyehyɛ Adammisa kratasin no na wasan de akɔma ɔkyerɛwfo no ma wahwɛ mu sɛ wahyehyɛ awie ma biribiara ayɛ pɛpɛɛpɛ a, na wahwɛ nsɛm tebea a ɛma onii no fata hokwan a ɛte saa no. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no kyerɛw krataa de NKYERƐKYERƐMU FEFEEFE ma wɔ nsɛm tebea no ho. Ɛsɛ sɛ wodi kan yɛ eyinom nyinaa to hɔ bere tenten ansa na nhyiam no bere adu. Bere a ɔsom boayikuw no ahwɛ mu awie no, afei ɔkyerɛwfo no de kratasin no bɛmena Dabere Dwumadibea no. Wɔbɛka dabere no ho asɛm akyerɛ onii a ɔrebisa no tee.
11 Ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no muni anaa ɔpanyin foforo boa wɔn a wɔwɔ ahiade soronko ma wokobisa baabi a wɔbɛda no ho asɛm fi Dabere Dwumadibea hɔ ntɛm ara bere a wɔakodu nhyiam no ase no.
12 Nhyiam Foforo a Wobɛkɔ: Wɔakyerɛ sɛ asafo biara nkɔ nhyiam a ɛbɛn wɔn pɛɛ. Asafo ti no gyina asafo dodow a wɔkyerɛ sɛ wɔnkɔ nhyiam bi no dodow so hwɛ nnipa dodow a wɔbɛkɔ sɛnea ɛbɛyɛ na wɔayɛ nkongua, dabere, nhoma a ɛdɔɔso ne nea ɛkeka ho, ho nhyehyɛe. Wɔaka baabi a wɔakyerɛ sɛ obiara nkɔ no ho nsɛm pii wɔ krataa yi kratafa 6. Nanso, sɛ ntease pa bi nti wobɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ mo asafo nkɔ na wubehia dabere a, ɛsɛ sɛ wohyehyɛ Adammisa kratasin na woma ɔkyerɛwfo no de fa nhyiam a ɛfata no address so. Sɛ nhyiam a wɔbɛyɛ wɔ saa kurow no mu no boro biako a, hwɛ hu sɛ woakyerɛ bere a wɔde bɛyɛ nhyiam a wobɛkɔ bi no.
13 Sɛ wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ nhyiam abien wɔ kasa koro mu wɔ kurow bi mu a, ebia anuanom bi bɛpɛ sɛ wɔkɔ abien no nyinaa. Ɛwom sɛ akyinnye biara nni ho sɛ eyi bɛma wɔanya hokwan ahyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran kɛse de, nanso ɛde ɔhaw ahorow ba wɔ nneɛma a wɔde yɛ nhyiam no ho, ma enti ɛmma atirimpɔw nti a wɔma nnipa a wɔbɛba nhyiam no dodow yɛ nea ɛsɛ na ama adwuma a edi nhyiam no anim ne akyi no so atew no nyɛ hɔ. Enti yɛsrɛ anuanom a wɔwɔ nkurow akɛse mu sɛ wɔnkɔ nhyiam a yɛakyerɛ sɛ wɔnkɔ wɔ saa kurow no mu nkutoo. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan kɔ nhyiam foforo wɔ kurow foforo mu a, ɛrenhaw yɛn. Wɔma kwan sɛ anuanom a wɔpaw wɔn sɛ wɔnyɛ nhyiam no ho adwuma bi a egye ntɛmpɛ, a ɛno nti dwumadi no afã bi pa wɔn ti so no betumi asan akɔ nhyiam foforo wɔ kurow koro no ara mu. Afei nso, sɛ kasa a anuanom binom nte anaa esiane sɛ wɔn nhyiam bere no ara na wɔbɛyɛ Bolgatanga nhyiam no nti, wɔbɛpɛ sɛ wɔkɔ nhyiam a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ wɔ kurow no mu a, hokwan wɔ hɔ.
14 Wɔ nkuraase asafo ahorow bi fam no, ebia nsɛm bi te sɛ kasa, ɔkwan no tenten ne lɔre ho asɛm bɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no wɔ kurow foforo mu, a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no. Asafo ahorow a wɔwɔ saa tebea yi mu no wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wosi gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam foforo a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no di kan bɔ wɔn mansin sohwɛfo amanneɛ bere tenten na wanyɛ nhyehyɛe sɛ ɔrebɛsra wɔn wɔ dapɛn a wɔbɛkɔ nhyiam no mu. Sɛ́ ebia asafo no kɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ anaa wɔkɔ foforo no, ɛsɛ sɛ anuanom a wɔhwɛ akwantu nhyehyɛe so no hwɛ hu sɛ kar biara a wɔbɛyɛ ho nhyehyɛe no wɔ ahoɔden na ɛyɛ nea asɛm nni ho.
15 Bolgatanga Nhyiam: Yɛbɛyɛ “Onyankopɔn Asɛm mu Gyidi” Ɔmantam Nhyiam ahorow no nea etwa to no biako wɔ Bolgatanga fi January 9-11, 1998. Sɛnea wɔyɛ daa no, kasa horow a wɔbɛka ne Twi ne Frafra. Yɛhyɛ anuanom a wɔwɔ ɔman no anafo a wobetumi akɔ nhyiam no bi nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ saa. Asafo ti no reyɛ lɔre ho nhyehyɛe soronko ama akwantu no afe yi. Yɛhyɛ wɔn a wɔbɛyɛ nhyehyɛe akɔ no nkuran sɛ wonni afie afie ne bɔnnɔ so adanse bere a wɔwɔ Bolgatanga no. Yɛhyɛ wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa nkuran sɛ womfi ase nsiesie wɔn ho mma nhyiam no.
16 Adwuma a Edi Nhyiam Anim: Yɛn ani asɔ sɛnea moboaa adwuma yi wɔ bere a atwam no yiye. Sɛnea yɛyɛ daa no, yɛbɛbɔ apata, ahwehwɛ dabere ne nea ɛkeka ho. Yɛwɔ ahotoso sɛ nhyiam kurow no ne asafo ahorow a ɛbemmɛn no mufo nyinaa bɛyɛ nhyehyɛe akɔyɛ adwuma a ɛho hia yi bi akosi ase wɔ dapɛn awiei ne dapɛn no mu. Afe a etwaam no, amanneɛbɔ a yɛn nsa kae kyerɛ sɛ anuanom pii yɛɛ nhyehyɛe pa kɔboaa adwuma a edi nhyiam anim no. Yɛkamfo mo nyinaa wɔ nhwɛso pa yi ho. Sɛ anuanom pii bɛyɛ nhyehyɛe adu hɔ da koro anaa nnanu ansa na nhyiam no mu biara afi ase a, anka eyi bɛyɛ mmoa kɛse. Wɔn a wotu wɔn ho ma yɛ adwuma nso mmoa ho hia kɛse bere a nhyiam no rekɔ so no, enti wo ne w’abusua nyɛ nhyehyɛe sɛ mubenya eyi mu kyɛfa wɔ nhyiam a mobɛkɔ no ase.
17 Aduan Ho Dwumadi: Kae sɛ wode biribi befi fie abedi wɔ awia ahomegye bere no mu. Saayɛ so no, obiara betumi de n’adwene asi honhom fam dwumadi no so kɛse. Baabiara a yɛbɛtra adidi wɔ ahomegye bere no mu no, momma yɛnhwɛ sɛ yɛnsɛe nkongua no so anaasɛ yɛmfa nwura mpete hɔ.
18 Nhyiam Baagye ne Nea Wɔde Hyem: Yɛhyɛ asafo biara nyansa sɛ wɔmfa “Literature Order Form” (S-14) nkra “Onyankopɔn Asɛm mu Gyidi” Ɔmantam Nhyiam horow no baagye ne rɔba a wɔde hyem no bi. Afe a etwaam no, asafo ahorow bi ankra no ntɛm koraa na ebi nso ankra bi koraa, ma enti na anuanom bi nni baagye. Yɛsrɛ sɛ monhwɛ nhu sɛ mobɛhyehyɛ kratasin a wɔde kra no pɛpɛɛpɛ na mode biako abrɛ Asafo ti no NTƐM ARA na ama wɔadi mo nhyiam no ho ahiade ho dwuma bere pa mu. Ɛsɛ sɛ mokae sɛ wɔremfa lapɛl baagye ne nea wɔde hyem no bi mma nhyiam horow no ase.
19 Nnwom: Nnwom a edidi so yi na wɔde ama sɛ yɛbɛto wɔ dwumadi no mu, na yɛbɛto no sɛnea edidi so yi: 155, 46, 138, 183, 43, 180, 156, 130, 13, 98, 164, 160, 195, 144, 77, 4, 191, ne 10. Nea ɛne afotu a ɛwɔ Efesofo 5:19 hyia no, wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛnto nnwom no bi bere a wɔde afiri bɔ wɔ nhyiam no ase no.
20 Dwumadi a Wɔkyere Gu Kasɛt Anaa Video So: Asafo ti no renyɛ nsiesie a ɛbɛma wɔakyere dwumadi no anaa drama no agu kasɛt so. Ɛsɛ sɛ ankorankoro a wɔkyere dwumadi no gu kasɛt so na wɔn ankasa de adi dwuma no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase na ɛntwetwe wɔn adwene so. Ne titiriw no, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden ne akasam nhama no. Yɛn ani sɔ mmoa a moyɛ wɔ eyi mu no kɛse.
21 Awiei: Nkrataa a afe biara Asafo ti no nsa ka wɔ ɔmantam nhyiam horow akyi no di adanse kɛse sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea ani sɔ nhyehyɛe a wɔyɛ ma wɔn no. Yɛn nyinaa hu pefee sɛ Yehowa taa afe afe nhyiam ho nhyehyɛe no akyi. Esiane sɛ anuanom a wotutu akwan kɔ amantam nhyiam no mu pii hia dabere nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bedi saa ahiade yi ho dwuma sɛnea ɛfata. Esiane sɛ saa nneɛma yi fa yɛn nokware som ho nti, ɛsɛ sɛ yɛde anigye di akwankyerɛ ahorow a wɔde ama no akyi. Sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ yɛyɛ nkurɔfo a ‘yedi ade ketewaa mu nokware’ a, ɛbɛma yɛanya nhyira akɛse a ɛwɔ hɔ ma wɔn a Yehowa dɔ wɔn no.—Luka 16:10.
22 Yesaia 33:20 ka sɛ: “Hwɛ Sion, yɛn afahyɛ kurow no.” Yɛn adwene nko na yebetumi de abu nnipadɔm a na wɔde anigye kɔ Yerusalem, na wofi wɔn pɛ mu gyee Yehowa ahyɛde a ɛka sɛ ‘wɔn ani nnye ara’ no so no. (Deut. 16:15) Yɛn afe afe ɔmantam nhyiam no ma yenya hokwan kɛse gye ɔsoro akwankyerɛ, na yɛsan nya yɛn nuanom mmarima ne mmea fekubɔ a ɔdɔ wom. Ɛmmra sɛ Yehowa behyira wo mmɔdenbɔ so bere a wusiesie wo ho sɛ wobɛkɔ 1997 “Onyankopɔn Asɛm mu Gyidi” ɔmantam nhyiam ahorow no!
[Kratafa 5 adaka]
Dwumadi Mmere
Fida ne Memeneda
Anɔpa 9:30 -Anwummere 4:50
Kwasida
Anɔpa 9:30-Anwummere 3:50