Teokrase Nsɛmmansɛmma
◼ Wɔ wiase nyinaa no, baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ nsupɔw ahorow so bɔɔ adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛda nsow ho amanneɛ wɔ January mu. Eyinom mu bi ne Dominican Republic, Haiti, Martinique, Mauritius, Philippines, Taiwan, ne Trinidad.
◼ Nkɔanim a Seychelles nyae no sen afe a etwaam no de so ɔha mu 18, na wɔ St. Maarten no, na nkɔanim no yɛ ɔha mu 16.
◼ Wɔ Hong Kong no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, adawurubɔfo no de nnɔnhwerew 12.7 na ɛyɛɛ asɛnka adwuma.
◼ Wɔ Taiwan no, wowiee Ahenni Asa a edi kan a wosii no ntɛm no wɔ February mu.