Teokrase Nsɛmmansɛmma
Argentina: Wonyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo 98,601 wɔ February mu. Wɔbɔɔ asuafo afoforo 507 asu wɔ saa ɔsram no ara mu.
Benin: Wɔbɔɔ adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 2,967 ho amanneɛ wɔ February mu. Bere a wɔde totoo afe biako a atwam no mu dwumadi ho no, na adawurubɔfo no dodow akɔ anim ɔha biara mu nkyem 13.8, nnɔnhwerew yɛ ɔha biara mu nkyem 6.1, nsɛmma nhoma a wɔde ma yɛ ɔha biara mu nkyem 40.6, na Bible adesua yɛ ɔha biara mu nkyem 25.1.
Ireland: Wonyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛto so 59 wɔ February mu bere a adawurubɔfo 4,093 buu akontaa no. Ofie Bible adesua dodow nkɔanim foforo 2,682 a wɔreyɛ no kyerɛ sɛ wobetumi anya nkɔanim daakye.
Zaire: Wɔ sika fam ahokyere ne amammui mu basabasayɛ a ɛrekɔ so wɔ ɔman yi mu nyinaa akyi no, anuanom no bɔɔ adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 71,098 ho amanneɛ wɔ February mu. Ná ɛyɛ afe a etwaam no nkyekyem so nkɔanim ɔha biara mu nkyem 9. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, asafo mu ɔdawurubɔfo biara de nnɔnhwerew 16.8 kɔɔ asɛnka. Mprempren Zaire wɔ daa akwampaefo bɛboro 6,000.