Teokrase Nsɛmmansɛmma
◼ Afrika Atɔe fam aman a ɛne Benin, Cameroon, Côte d’Ivoire, Ghana, Liberia, ne Nigeria nyinaa nyaa adawurubɔfo nkɔanim foforo wɔ February mu.
◼ Aguanfo pii resan akɔ Liberia, na honhom mu kɔm ankasa wɔ saa asase no so. Wɔn adawurubɔfo 2,286 no buu ofie Bible adesua ahorow 6,277 ho akontaa wɔ February mu.
◼ Macao nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛboro afe a etwaam no de so ɔha biara mu 16, bere a adawurubɔfo 135 buu akontaa wɔ February mu no.
◼ Wɔ South Pacific no, Fiji, Solomon Islands, ne Tahiti nyinaa bɔɔ adawurubɔfo dodow foforo ho amanneɛ wɔ February mu.
◼ Madagascar supɔw no nyaa adawurubɔfo foforo 9,484, a na ɛboro afe a etwaam no de so ɔha biara mu 14. Wobuu ofie Bible adesua ahorow bɛboro 20,000 ho akontaa nso wɔ February mu.