Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Barbados nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo 1,783 wɔ May mu, nea ɛto so abiɛsa wɔ ɔsom afe yi mu.
◆ Haiti de adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo 6,427 na ebuu akontaa nyaa nkɔanim ɔha biara mu nkyem 14. Wonyaa nkɔanim a ɛsen biara foforo nso wɔ nnɔnhwerew ne sankɔhwɛ nso mu.
◆ Lesotho nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 1,270 wɔ May mu, afe a etwaam no de so nkɔanim ɔha biara mu nkyem 18. Wonyaa Bible adesua dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo 2,223. Nnipa 4,979 na wɔbaa Nkaedi no ase.
◆ Mexico traa adawurubɔfo 300,000 wɔ May mu, bere a 300,316 buu akontaa no. Eyi yɛ afe a etwaam no nkyekyem no so nkɔanim ɔha biara mu nkyem 14.5. Wonyaa ofie Bible adesua dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo 464,378.