Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/00 kr. 3
  • So Wokyerɛ Akronkronne Ho Anisɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokyerɛ Akronkronne Ho Anisɔ?
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1983 “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • 1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • 1987 “Yehowa Mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Bra 1990 “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam No
    Yɛn Ahenni Som—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 11/00 kr. 3

So Wokyerɛ Akronkronne Ho Anisɔ?

1 Sɛ wobisa yɛn sɛ yɛn ani gye akronkronne ho a, akyinnye biara nni ho sɛ yebebua ntɛm ara sɛ, yiw! Onyankopɔn akronkronne a yɛkyerɛ ho anisɔ no bi ne dɛn?

2 Hwɛ sɛnea yɛn ani ku abusuabɔ a yɛne yɛn soro Agya no wɔ no ho kɛse! Ɔma yɛn awerɛhyem sɛ sɛ ‘yɛbɛn no a, ɔbɛbɛn yɛn.’ (Yak. 4:8) Sɛ ɛnyɛ Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no a, anka obiara ntumi nnya daa nkwa. (Yoh. 3:16) Yefi komam bɔ mpae daa de kyerɛ Onyankopɔn akyɛde a ɛsom bo yi ho anisɔ.

3 Yebu Onyankopɔn Asɛm, Kyerɛw Kronkron a wɔnam honhom so kyerɛwee no nso ade kronkron, sɛnea yebu Yehowa asase so ahyehyɛde no ara. Yɛnam Bible mu asɛm a yɛde bɔ yɛn bra, ɔdɔ a emu yɛ den a yenya ma yɛn nuanom, teokrase nhyehyɛe a yedi akyi pɛpɛɛpɛ, ne mpanyimfo no a yɛne wɔn yɛ biako, so kyerɛ anisɔ ma Yehowa nsiesiei yi.—1 Pet. 1:22.

4 Yɛnam akoa nokwafo ne ɔbadwemma no so nya honhom fam nnuan pii. Yebenya aduan a ɛte saa no bi afe yi wɔ “Onyankopɔn Asɛm Yɛfo” Ɔmantam Nhyiam no ase. Yebenya nkyerɛkyerɛ a edi mu ne abusuabɔ a ɛyɛ anigye a yehia paa no wɔ hɔ. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ akronkronne yi ho anisɔ kɛse?

5 Munnnyaw Yehowa Fie: Nehemia tuu wɔn a wɔyeree wɔn ho sii Yerusalem afasu no fo sɛ ‘wonnnyaw Onyankopɔn fie.’ (Neh. 10:39) Ɛnnɛ, Yehowa ‘fie’ no ne nhyehyɛe a wayɛ ma yɛde som no no. Ɔmantam nhyiam a yɛyɛ no ka saa nhyehyɛe no ho. Nea ɛbɛyɛ na yɛremmu yɛn ani ngu nhyehyɛe yi so no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ bi na yɛyɛ aso tie, de kyerɛ Yehowa sɛ yɛn ani sɔ ne nsiesiei no kɛse. (Heb. 10:24, 25) Nhyehyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ mprempren de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ ade kronkron yi?

6 Kɔ Nnansa no Nyinaa: Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ nhyehyɛe de kɔ nnansa a yɛde bɛyɛ nhyiam no nyinaa. So woresiesie wo ho na ama woatumi akɔ ntɛm daa, na woatra ase atie kosi bere a wɔbɛbɔ mpae a etwa to Kwasida no? Sɛ woyɛ saa a, wubenya nhyira pii. Ɛrenyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ yɛbɛkɔ nhyiam. Ehia sɛ wumia w’ani ansa na woatumi ayɛ nsakrae wɔ adwuma a woyɛ mu. Ɛnyɛ bere nyinaa na wubetumi anya sika de afa kar. Nanso, mma nsɛm a ɛtete saa no nnsiw nhyiam a wobɛkɔ no kwan.

7 Susuw Nhwɛso Fɛfɛ Yi Ho: Afe a etwaam no, anuanom bi a wofi Afrika man bi a basabasayɛ asi mu no mu hyiaa asraafo kuw bi bere a na wɔrekɔ ɔmantam nhyiam no. Wobisaa anuanom no sɛ: “Moyɛ nnipa bɛn, na ɛhe na morekɔ?” Anuanom no buae sɛ: “Yɛyɛ Yehowa Adansefo, na yɛrekɔ nhyiam.” Asraafo no mu biako kae sɛ: “Yehowa Adansefo de, munsuro hwee. Monkɔ nkɔyɛ mo nhyiam no, na ɔhaw biara rensi. Nanso, monkae sɛ mubehyia asraafo pii. Momfa kwan no mfinimfini bere nyinaa! Sɛ muhu sɛ nnipa bi abɔ kyenku a, monkɔ so mfa kwan no mfinimfini!” Wɔyɛɛ saa, na wokodui a hwee anyɛ wɔn. Anuanom yi nyaa nhyira efisɛ wɔkyerɛɛ akron kronne ho anisɔ.

8 Te sɛ yɛn nuanom a wɔwɔ Afrika afã bi no, yɛn nso yehyia nsɛnnennen. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi asuasua wɔn gyidi no na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ nhyiam no nyinaa. Sɛ ehia sɛ woyɛ nsakrae ahorow a, hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ, na hu sɛ obehyira mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛkɔ nhyiam no nyinaa so.

9 Nya Nhyira: Yɛn ani ku Onyankopɔn Asɛm ho, efisɛ yenim sɛ ɛno na ɛbɛma yɛanya nkwa. (1 Pet. 2:2) Sɛ yɛkɔ ɔmantam nhyiam no na yetie dwumadi no mu nsɛm nyinaa a, ɛbɛboa yɛn mu biara ma wanya Asɛm no mu gyidi a ɛyɛ den na watumi agyina Satan ntua ano. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛma Yehowa ne afoforo nyinaa ahu sɛ yɛn ani ku akronkronne ho na ‘yɛnyɛ wɔn a wɔtwe wɔn ho, na mmom wɔn a wɔwɔ gyidi a ɛkɔ ɔkra nkwagye mu.’—Heb. 10:39; 12:16; Mmeb. 27:11.

10 Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa Nyankopɔn bebue ɔsoro mfɛnsere na ama yɛanya nhyira a enni ano. (Mal. 3:10) Fa yɛ wo botae sɛ wobɛkɔ “Onyankopɔn Asɛm Yɛfo” Ɔmantam Nhyiam no fi Fida anɔpa a yebefi ase no akosi Kwasida anwummere na woagye mpae a wɔde bɛpɔn no so sɛ “Amen!” W’ani begye sɛ wokɔe!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena