Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
MONHYƐ NO NSOW: Wɔ asram a yɛbɛyɛ ɔmantam nhyiam mu no, asafo ahorow no betumi ayɛ nsakrae biara a ehia na ama wɔatumi akɔ bi. Mubetumi ayɛ nsakrae wɔ Ɔsom Nhyiam a mobɛyɛ wɔ dapɛn abien anaa anan wɔ nhyiam no akyi no mu na moatumi de simma 30 atĩ nhyiam no nsɛntitiriw mu. Ɛsɛ sɛ mudi kan de da biara da mu nsɛntitiriw no ntĩmu a wɔasiesie no yiye no ho dwumadi ma anuanom mmarima baanu anaa baasa. Ɛsɛ sɛ nsɛm a wɔbɛka no kyerɛ sɛnea nea yesuae wɔ nhyiam no ase no fa asafo ne asɛnka adwuma no ho. Wobetumi aka osuahu biako anaa abien a ɛyɛ ntiantiaa ho asɛm. Sɛ obiara siesie ne ho yiye a, ɛbɛma Ɔsom Nhyiam yi ayɛ anigye ne nea mfaso wɔ so.
Dapɛn a Efi Ase November 13
Dwom 4
8 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Ka dapɛn no mu asɛnka nhyehyɛe a moayɛ ho asɛm.
10 min: Asɛmmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin ma.
10 min: “So Wokyerɛ Akronkronne Ho Anisɔ?” Ɔkasa a ɔpanyin ma. Kyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkɔ nnansa ɔmantam nhyiam no nyinaa.
17 min: “Ahenni Asɛm a Ɛto So 36 Ho Anigye a Yɛbɛma Wɔakɔ So Anya.” Nsɛmmisa ne mmuae a wɔde besusuw nkyekyem 1-5 ho. Kyerɛ nhyehyɛe a mo asafo no ayɛ na ama moayɛ asasesin no fã a monkɔɔ mu no mu adwuma no. Kyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi de nkyekyem 7 ne 8 ayɛ sankɔhwɛ mu, na monyɛ emu biara ho ɔyɛkyerɛ. Kyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛsan kɔ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no nkyɛn na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ Bible adesua no. Munsusuw nkyekyem 9 ne kyerɛw nsɛm a wɔamfa emu nsɛm amma mu no ho.
Dwom 63 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 20
Dwom 111
7 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
10 min: “Monyɛ Mo Ade Nyinaa Ɔdɔ Mu.” Nsɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnyɛ osetie mma nhyiam no Dabere Dwumadibea no.
13 min: “Tie Onyankopɔn Nsɛm Yiye.” Nsɛmmisa ne mmuae. Kyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ obiara tra ase, yɛ aso ma dwumadi no, na ontuatua obiara aso, bere a nhyiam no afi ase no.
15 min: “Mommɔ Bra Pa a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam.” Ɔpanyin bi ne n’abusua susuw asɛm no ho. Wɔkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔayɛ wɔn ade wɔano wɔano, ada suban pa, ahotew, ne abrabɔ pa adi wɔ baguam ne nhyiam ase.
Dwom 203 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 27
Dwom 141
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn November asɛnka akontaabu mmra. Nhoma a yɛde bɛma December ne Nimdeɛ nhoma ne New World Translation. Kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa Adansefo abɔ mmɔden kɛse atintim Bible wɔ kasa pii mu no mu.—Hwɛ October 15, 1997, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 11-12.
20 min: “Kɔ So Ka Asɛm No!” Ɔkasa ne nsɛm a wobisa afoforo. Yehowa ahyehyɛde no mufo binom ayɛ asɛnka adwuma no wɔ wɔn asetra nyinaa mu. Esiane sɛ wɔde adwempa na ayɛ saa nti, wɔanya anigye wɔ ne yɛ mu. (Hwɛ Nimdeɛ nhoma no, kratafa 179, nkyekyem 20, ne May 1, 1992, Ɔwɛn-Aban, kratafa 21-2, nkyekyem 14-15.) Ma ɔdawurubɔfo bi a ɔde bere tenten asom nka nea ɛyɛe a otumi yɛ asɛnka adwuma no daa ho asɛm.
15 min: Mɛyɛ Dɛn Atumi Atew TV Hwɛ So? Ɔpanyin bi ne aberante bi a ɔpɛ TV hwɛ bɔ nkɔmmɔ. Mfiase no, aberante no ka sɛ asiane biara nnim. Ɔka sɛ ɔde gyigye n’ani kɛkɛ na ennya nkɛntɛnso bɔne biara wɔ no so. Ɔpanyin no ka nsɛntitiriw a ɛwɔ Young People Ask nhoma no ti 36 ho asɛm. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ TV hwɛ pii no sɛe bere a yɛde yɛ kokoam adesua, kɔ asɛnka, anaa yɛde di asafo ahiade ho dwuma no. Aberante no ani gye afotu no ho na ɔka sɛ ɔbɛyɛ nsakrae wɔ bere a ɔde hwɛ TV no mu na ama wanya honhom fam nkɔso.
Dwom 175 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 4
Dwom 153
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: Fa Reasoning Nhoma no di dwuma yiye. Nsɛmmisa ne mmuae a wɔde susuw nkratafa 7-8 ho. Kyerɛ sɛnea nhoma yi betumi aboa yɛn ma yɛayɛ asɛnka adwuma no yiye. Kyerɛ sɛnea yebetumi de nhoma no adi adanse wɔ telefon so. Kyerɛ sɛnea yebetumi anya nsɛmmisa bi ho mmuae a ɛfata. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsua nhoma no yiye, na wɔmfa nhyɛ wɔn bag mu nkɔ asɛnka daa.
10 min: Osuahu a Yenyae Wɔ Ahenni Asɛm a Ɛto So 36 no Kyekyɛ Mu. Ka nea moatumi ayɛ wɔ mo asasesin no mu ho asɛm. So mo asafo no muni bi kɔɔ asɛnka da a edi kan no? Ka nsɛm a ɛyɛ anigye a afiewuranom kae ho asɛm. So adawurubɔfo bi tumi fii Bible adesua ase? Sɛ ɛte saa a, ma wɔnkyerɛ nea ɛyɛe a wotumi yɛe anaa wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ. Kae obiara ma ɔnkanyan anigye a nkurɔfo anya dedaw no.
15 min: “Asɛm a Wɔka Wɔ Bere a Ɛfata Mu.” Atiefo nkɔmmɔbɔ ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Nnipa pii bu wɔn ho abomfiaa bere a wɔpɛ sɛ wofi nkɔmmɔbɔ ase, na wodi mfomso ka sɛ wohia nimdeɛ soronko bi ansa na wɔatumi ne afoforo abɔ nkɔmmɔ. Kyerɛ sɛnea yɛn nyinaa, a adawurubɔfo afoforo ne mmofra nso ka ho, betumi abɔ mmɔden kɛse de afi nkɔmmɔbɔ ase. Kyerɛ sɛnea yɛde asɛm a wɔka kyerɛ no ho nyansahyɛ bedi dwuma, na si sɛnea ne yɛ nyɛ den so dua, na ma adawurubɔfo baanu anaa baasa nyɛ ho ɔyɛkyerɛ. Twe adwene si March 1998 Yɛn Ahenni Som, kratafa 8 so fa kyerɛ sɛnea yebenya nsɛm foforo aka. Hyɛ obiara nkuran ma onya adwempa na ama ɔde anigye ayɛ ne som adwuma no.
Dwom 218 ne mpaebɔ a wɔde wie.