Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 10/15 kr. 8-12
  • Ɔfã a Ɛto So Abiɛsa—Sɛnea Ɛyɛe a Yɛn Nsa Kaa Bible No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã a Ɛto So Abiɛsa—Sɛnea Ɛyɛe a Yɛn Nsa Kaa Bible No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpatrɛwfo ne Bible Fekuw Ahorow
  • Nsɛm Asekyerɛfo Bi Sɔhwɛ Ahorow
  • Bible Ho Ntawntawdi Sɔre
  • Nneɛma a Wohu Boa Ma Bible Nkyerɛwee no Di Mũ
  • Ɔwɛn Aban Asafo ne Bible No
  • Nkyerɛase Biako Wɔ Kasa Pii Mu
  • Asɛmpa Ma Aman Nyinaa
  • Nhoma A “Ɛka” Kasa Horow
    Amansan Nhoma
  • Wɔn a Wɔn Ani Gye Onyankopɔn Asɛm Ho Adu Botae Titiriw Bi Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nnipa Ɔpepem Pii Akyerɛ New World Translation Ho Anigye Wɔ Wiase Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Yehowa, Onyankopɔn a Ɔne Nnipa Kasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 10/15 kr. 8-12

Ɔfã a Ɛto So Abiɛsa—Sɛnea Ɛyɛe a Yɛn Nsa Kaa Bible No

BURMA, 1824—Ɔhene no adwumayɛfo no akɔhwehwɛ Adoniram ne Ann Judson nneɛma mu wɔ wɔn asɛmpatrɛwfo fie hɔ, afa biribiara a wosusuw sɛ ɛsom bo. Nanso wɔn nsa anka apɛgyade a ɛsom bo no—Bible nkyerɛwee bi a wɔakyerɛ ase a na Ann de asie fam wɔ fie hɔ no. Wɔabɔ Adoniram, asekyerɛfo no, sobo sɛ ɔkwansrafo de no ato nkɔnsɔnkɔnsɔn mu wɔ afiase a ntontom ayɛ hɔ ma bi mu. Afei ɔhyew resɛe nkyerɛwee no. Wɔbɛyɛ dɛn atumi abɔ ho ban? Ann de hyɛ sumii denden bi mu pam ano de kɔma ne kunu wɔ afiase. Wɔkora sumii no so, na emu nsɛm no bɛyɛ Burmafo Bible a edi kan no fã.

Bible no afa nsɛm a ɛtete saa pii mu wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. Wɔ nsɛm a yɛadi kan atintim mu no, yɛkaa Bible no asekyerɛ ne ne kyekyɛ fi bere a wowiei kosi 1600 mfiase mu no ho asɛm. Dɛn na aba Bible no so fi saa bere no besi nnɛ? So na obiara nsa betumi aka bi? Dwuma bɛn na Ɔwɛn Aban Asafo no adi?

Asɛmpatrɛwfo ne Bible Fekuw Ahorow

Wɔ nsase pii so no, 1600 ne 1700 mfe no mu na Bible akenkan nyaa nkɔanim kɛse. Wɔkenkan Bible no kɛse saa bere yi wɔ England titiriw. Nokwarem no, ɛkame ayɛ sɛ Bible mu nsɛm ne nkyerɛkyerɛ nyaa obiara nsusuwii so nkɛntɛnso wɔ ɔman no mu, efi ɔhene no so kosi abarimaa a ɔfɛtɛw asase so. Nanso nkɛntɛnso a Bible no nyae no kɔɔ akyiri sen saa. Saa bere no, na England wɔ tumi wɔ po so aguadi mu, na ɛwɔ atubra aman, na na Englandfo bi de Bible no ka wɔn ho tutu akwan. Eyi too fapem maa Bible ho ɔsatu a ɛkɔ akyiri.

Ɛrekɔ 1700 mfe no awiei no, Bible no kanyan ebinom wɔ England ma wosusuw nnipa a wɔwɔ Britania Ahemman no nsase a atew ne ho so no honhom fam ahiade ho. Nanso, na ɛnyɛ obiara na wosusuw ne ho. Ná asɔrefo pii gye nkrabea ho nkyerɛkyerɛ no di, ma enti na wosusuw sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa bi rennya nkwa. Bere a William Carey a na ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo no maa ɔkasa bi a ɛka koma de taa n’asɛmpatrɛw adwuma a na ɔrekɔyɛ wɔ India no akyi no, obi fi animtiaabu mu teɛɛm guu ne so sɛ: “Aberante, tra ase; sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔsakra abosonsomfo a, ɛnyɛ wo na wobɛboa No ma wasakra wɔn!” Nanso, Carey foroo po so hyɛn kɔɔ India wɔ 1793 mu. Anwonwasɛm ne sɛ, awiei koraa no, ɔkyerɛɛ Bible mũ no nyinaa anaa n’afã bi ase kɔɔ Indiafo kasa 35 mu.

Asɛmpatrɛwfo no hui sɛ adwinnade titiriw a wohia ne Bible no a wobenya bi wɔ ɔmanfo no kasa mu. Nanso, na hena na ɔde Bible bɛma? Anigyesɛm ne sɛ, Walesni abeawa bi a na wadi mfe 16, Mary Jones, maa wonyaa fekuw bi a ɛbɛkyekyɛ Bible wɔ wiase nyinaa a na wonnim. Wɔ 1800 mu no, Mary nantew kilomita 40, a na ɔnhyɛ mpaboa sɛ ɔrekɔtɔ Bible a ɛwɔ Wales kasa mu afi ɔsɔfo bi hɔ. Ná ɔde mfe asia asie sika, na bere a Mary hui sɛ wɔatɔn Bible no nyinaa no, osui, na n’abam bui. Eyi kaa ɔsɔfo no yiye ma ɔde n’ankasa Bible mu biako maa Mary.

Ɛno akyi no, ɔsɔfo no susuw afoforo pii a na wohia Bible no ho, na ɔne ne nnamfo a wɔwɔ London no susuw asɛm no ho. Nea efi mu bae ne Britania ne Amannɔne Bible Fekuw a wɔtee no 1804 mu no. Ná wokura botae tiawa: Sɛ́ wɔbɛma nkurɔfo anya Bible a wobetumi akenkan wɔ wɔn ankasa kasa mu, a wɔatintim “a nsɛm biara nni ano.” Ɛdenam ano hɔ nsɛm a woyiyii so no, wɔn a wɔde Fekuw no sii hɔ no nyaa anidaso sɛ wɔbɛkwati nkyerɛkyerɛ ho ntawntawdi. Nanso, mpɛn pii na Bible Fekuw no mu paapaee wɔ Apocrypha, nsu mu asubɔ, ne Baasakoro nkyerɛkyerɛ ho.

Anigye a wonyae mfiase no trɛwee ntɛmntɛm, na ebeduu 1813 no, na wɔatew fekuw ahorow a wokura botae koro wɔ Germany, Netherlands, Denmark, ne Russia. Bere kɔɔ so no, wɔtetee Bible fekuw ahorow wɔ aman foforo so kaa ho. Bere a Bible fekuw ahorow a wodi kan no de wɔn botae resisi hɔ no, na wosusuw sɛ kasa atitiriw no mu kakraa bi pɛ na wiase mu nnipa dodow no ara ka. Wɔansusuw ho da sɛ mpempem pii wɔ hɔ! Ná nsɛm asekyerɛfo kakraa bi pɛ na wonim Hebri ne Hela kasa a wobetumi akyerɛ ase tẽẽ akɔ kasa a afoforo ka mu. Enti, bere a Britania ne Amannɔne Bible Fekuw no hwɛ ma wɔyɛɛ nkyerɛase ahorow no, na nsɛm asekyerɛfo no taa de wɔn dwumadi no gyina King James Version a na ɛwɔ Engiresi kasa mu no so.

Nsɛm Asekyerɛfo Bi Sɔhwɛ Ahorow

Bible no fã kɛse no ara fa nsɛm ne mfatoho ahorow a egyina da biara da asetra mu suahu ahorow so no ho. Eyi ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkyerɛ ase sen sɛ anka wɔbɛkyerɛw no wɔ nyansapɛ kwan so a wonnim dekode a wɔreka ho asɛm. Nanso, yenim sɛ, ɛtɔ da bi a, na asɛmpatrɛwfo no dwumadi a edi kan no de sakasakayɛ anaasɛ asekyerɛ bi a ɛyɛ serew ma. Sɛ nhwɛso no, nkyerɛase bi maa nkurɔfo a wɔwɔ India beae bi nyaa adwene sɛ Onyankopɔn yɛ bruu. Ná asɛmfua a wɔde di dwuma ma “ɔsoro” wɔ asɛm “ɔsoro Agya” mu no kyerɛ “ewim kɔla a obi benya”—ɔsoro a aniwa tua yi!

Ɛdefa nsɛm asekyerɛfo bi akwanside ho no, Adoniram Judson kyerɛwee wɔ 1819 mu sɛ: ‘Sɛ yesua kasa bi a nnipa a wɔwɔ asase no fã foforo ka, nnipa a ɔkwan a wɔfa so kasa yɛ foforo koraa, na nkyerɛwde ne nsɛmfua a wɔde di dwuma ne kasa biara a yɛate pɛn nhyia koraa; sɛ yenni nsɛm asekyerɛ nhoma anaa nkyerɛkyerɛmufo biara a ɔbɛma yɛate kasa no ase kakra ansa na yɛatumi de akyerɛkyerɛ sɛ ɛhɔni a—ɛno yɛ adwumaden!’ Na nsɛm asekyerɛfo te sɛ Judson adwuma na ɛmaa Bible no dɔɔso pii.—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 12 no.

Ann Judson boaa ne kunu wɔ adwumaden a ɛne sɛ ɔbɛkyerɛ Bible no ase no mu. Nanso ɛnyɛ nhomanim mu sɔhwɛ nkutoo na Owura ne Owurayere Judson hyiae. Bere a ɔhene adwumayɛfo no twee Adoniram kɔtoo afiase no, na Ann yem. Akokoduru mu no, ɔde asram 21 srɛɛ mpanyimfo atirimɔdenfo no sɛ wonyi ne kunu. Saa sɔhwɛ a emu yɛ den yi ne yare sɛee n’akwahosan. Woyii Adoniram akyi bere tiaa bi no, atiridii kum ne yere kokodurufo Ann ne wɔn babea ketewa no. Ɛhaw Adoniram yiye. Nanso, ɔde ne ho too Onyankopɔn so ma ɔmaa no ahoɔden, na ɔkɔɔ so yɛɛ ne nkyerɛase no, wiee Burma kasa mu Bible no wɔ 1835 mu. Bere kɔɔ so no, ntawntawdi foforo sɔree wɔ Bible no ho.

Bible Ho Ntawntawdi Sɔre

Wɔ 1800 mfe no mu no, asetra ne amammuisɛm mu ntawntawdi kɛse sɔree, na ɛtɔ mmere bi a, na Bible no titiriw na wɔde ntua ba so. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ ɔhempɔn no ne Russia Ortodɔks Asɔre no na wɔde sika fii Russia Bible Fekuw no ase de, nanso bere bi akyi no, woguu Fekuw no barae. (Ná saa Fekuw no asɔretiafo ahyew Bible mpempem pii afe a na atwam no dedaw.) Afei Ortodɔks asɔfo no hwehwɛe sɛ wɔde nea na tete Kristofo no de anigye afi ase—Bible a wɔkyekyɛe wɔ baabiara no—ba awiei. Afeha a ɛto so 19 mu Ortodɔks akannifo no kyerɛe sɛ Bible no de Asɔre ne Ɔman no tumidi reto asiane mu. Anwonwasɛm ne sɛ, amammui kuw a wɔdan ɔman ani a na wɔde asi hɔ no ammebu Bible no sɛ biribi a ɛyɛ asiane ma tumidi, na mmom, sɛ́ Asɔre ne Ɔman no adwinnade a wɔde bɛma nnipa dodow no ara abrɛ wɔn ho ase. Ná afãnu no nyinaa de ɔtaa aba Bible no so!

Wɔ mfe a edii hɔ no mu nso no, wɔnam “nyansapɛ” so de ntua kɛse baa Bible no so. Wɔ 1831 mu no, Charles Darwin nam po so akwantu a ɔde yɛɛ nhwehwɛmu so kɔfaa adannandi nkyerɛkyerɛ bae. Wɔ 1848 mu no, Marx ne Engels de Kɔmunist Mpaemuka a ɛkaa Kristosom ho asɛm sɛ ahyehyɛde a ɛde nhyɛso ba no too gua. Afei nso wɔ saa bere yi mu no, akasatiafo bisaa nokware a Kyerɛwnsɛm no ne abakɔsɛm mu nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm yɛ no ho asɛm—a Yesu ankasa mpo ka ho! Nanso mmadwemma bi huu nkyerɛkyerɛ a ɛmaa nkurɔfo poo Onyankopɔn ne Bible no ho mfomso, na wɔhwehwɛɛ nhomasua akwan a wɔbɛfa so asi nokware a Bible no yɛ so dua. Ná wɔn mu biako ne Konstantin von Tischendorf, Germanni a na ɔwɔ kasa ho nimdeɛ no.

Nneɛma a Wohu Boa Ma Bible Nkyerɛwee no Di Mũ

Tischendorf tuu kwan faa Mediterranea Supɔw so kɔhwehwɛɛ tete Bible nkyerɛwee no, a na ɔwɔ anidaso sɛ ɔbɛma mfitiase Bible nkyerɛwee no ayɛ nea adwenem nnaayɛ biara nni ho. Wɔ 1859 mu, afe koro no a Darwin tintim The Origin of Species mu no, Tischendorf huu nea na wonim sɛ ɛyɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a akyɛ sen biara a edi mũ no wɔ nkokorafie bi mu wɔ Bepɔw Sinai ase. Wɔfrɛ no Codex Sinaiticus, na akyinnye biara nni ho sɛ wotintim no bɛyɛ mfe 50 ansa na Jerome rewie Latin Vulgate no. Ɛwom sɛ na wɔda so ara redi anobaabae wɔ fata a ɛfata sɛ Tischendorf koyii nsaano nkyerɛwee no fii nkokorafie hɔ ho de, nanso otintimii, na ɔnam so maa nhomanimfo nsa kaa bi.a

Esiane sɛ na Sinaiticus ka mfitiase kasa mu nsaano nkyerɛwee a akyɛ sen biara no ho nti, ɛnyɛ sɛ ɛdaa no adi sɛ na wɔnyɛɛ nsakrae biara wɔ Hela Kyerɛwnsɛm no mu nko, na mmom ɛboaa nhomanimfo ma wohuu mfomso a aba akyiri yi nsaano nkyerɛwee no mu nso. Sɛ nhwɛso no, adwene a wɔtwe si Yesu so wɔ 1 Timoteo 3:16 wɔ Sinaiticus mu no kenkan sɛ: “Woyii no adi ɔhonam mu.” Nsaano nkyerɛwee a na ɛwɔ hɔ saa bere no mu dodow no ara de abodin “Onyankopɔn” a wɔatwa no tiaa, a wɔnam nsakrae ketewa bi a wɔyɛe wɔ Hela asɛmfua ma “no” mu so na ɛyɛɛ saa no sii “no” ananmu. Nanso, wɔyɛɛ Sinaiticus no mfe pii ansa na wɔreyɛ Hela nsaano nkyerɛwee a ɛkenkan “Onyankopɔn” no. Enti, ɛdaa no adi sɛ wɔadi mfomso akyiri yi wɔ kyerɛwsɛm no mu, a ɛda adi sɛ wɔde foaa Baasakoro nkyerɛkyerɛ no so.

Efi Tischendorf bere so no, wɔahu nsaano nkyerɛwee pii. Ɛnnɛ, Hebri Kyerɛwnsɛm no nsaano nkyerɛwee a wɔahu no dodow bɛyɛ 6,000, na Hela Kyerɛwnsɛm no de, ɛbɛboro 13,000. Eyinom a wɔayɛ mu nhwehwɛmu, de atoto nea ɛwɔ hɔ dedaw no ho no ama wɔanya mfitiase kasa mu kyerɛwsɛm a wobetumi de ho ato so ankasa. Sɛnea nhomanimfo F. F. Bruce ka no no: “Akenkan mu nsonsonoe . . . mma wonnya abakɔsɛm mu nokwasɛm anaa Kristofo gyidi ne nneyɛe ho asɛntitiriw bi.” Bere a wɔkɔ so kyerɛ Bible no ase kɔ kasa pii mu no, ɔkwan bɛn so na nimdeɛ bebrebe yi so betumi aba nkurɔfo mfaso?

Ɔwɛn Aban Asafo ne Bible No

Wɔ 1881 mu no, Bible akyerɛkyerɛfo ne asuafo kuw ketewa bi a wɔyɛ nsi tee nea akyiri yi ɛbɛyɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no. Mfiase no, wɔkyekyɛɛ Bible a Bible fekuw afoforo atintim, a na Tischendorf Hela Kyerɛwnsɛm no ka ho. Nanso, ebeduu 1890 no, na wɔn ankasa retintim Bible no, na wɔhwɛ ma wotintim Bible ahorow pii. Wɔ 1926 mu no, Asafo ti no fii ase tintim Bible wɔ n’ankasa nhoma tintimbea. Nanso ɛbɛdaa adi kɛse sɛ Bible nkyerɛase foforo ho hia. So na wobetumi de nimdeɛ a wɔnam abɔrehude ne nhomasua so anya wɔ afeha a atwam mu no aba Bible a obiara betumi akenkan ate ase bi mu? Esiane saa botae yi nti, Asafo ti no fekuw ahorow no fii ase tintim Kyerɛwnsɛm no nkyerɛase foforo wɔ 1946 mu.

Nkyerɛase Biako Wɔ Kasa Pii Mu

Wɔtee nkyerɛase boayikuw bi a Kristofo a wɔasra wɔn a wɔn ho akokwaw na wɔwom ma wɔyɛɛ New World Translation of the Holy Scriptures no wɔ Engiresi kasa mu. Wotintimii wɔ po ahorow asia mu, na woyii no adi fi 1950 besii 1960 mu, na Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no na wodii kan yii no adi. Efi 1963 no, wɔakyerɛ ase kɔ kasa foforo 27 mu, na wogu so reyɛ pii ho adwuma. Botae a wɔwɔ ma kasa afoforo no te sɛ Engiresi kasa no ara. Nea edi kan no, na ɛsɛ sɛ nkyerɛase no di mũ, nea ɛbɛn mfitiase nkyerɛwee no ɔkwan biara so. Ɛnsɛ sɛ wokyinkyim asekyerɛ no ma ɛne nkyerɛkyerɛ pɔtee bi hyia. Nea ɛto so abien no, ɛsɛ sɛ emu nsɛm no hyia, na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ asɛmfua titiriw biara ase wɔ ɔkwan koro so sɛnea nsɛm a ɛka ho no ma kwan ma ɛfata. Saa kwan no a wɔfa so no boa akenkanfo ma wohu sɛnea Bible akyerɛwfo de nsɛmfua pɔtee dii dwuma. Nea ɛto so abiɛsa no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ nsɛmfua ase sɛnea ɛkyerɛ ankasa sɛnea wobetumi, na amma ntease no anyera. Nsɛmfua a wɔkyerɛ ase sɛnea ɛkyerɛ ankasa no ma ɔkenkanfo nya kwan hu sɛnea na mfitiase kasa no som bo ne adwene a na ɛwɔ akyi no. Na nea ɛto so anan no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw ma mpapahwekwa nyinaa kenkan te ase.

Engiresi kasa mu New World Translation no a wɔakyerɛ nsɛmfua ase sɛnea ɛkyerɛ ankasa wom no boa ma wɔkyerɛ ase kɔ kasa afoforo mu. Esiane saa atirimpɔw yi nti, Asafo ti no nkyerɛase akuw no de kɔmputa na ɛyɛ adwuma seesei, na ama wɔn dwumadi kɔ ntɛmntɛm na ayɛ nea edi mũ. Saa nhyehyɛe yi boa ma nsɛm asekyerɛfo boaboa wɔn man mu kasa mu nsɛmfua a ɛne asɛmfua titiriw biara hyia ano. Ɛboa wɔn nso ma wohu sɛnea wɔakyerɛ Hebri ne Hela asɛmfua biara ase kɔ Engiresi kasa mu wɔ Bible mu.

Mfaso pii wɔ so sɛ wɔbɛkyerɛ nsɛm ase afi Engiresi kasa mu akɔ kasa ahorow mu sen sɛ wɔbɛkyerɛ ase tẽẽ afi Hebri ne Hela kasa mu. Sɛ bere a wɔde kyerɛ ase a ɛso tew no da nkyɛn a, ɛma wotumi de nsɛm a wɔde di dwuma wɔ kasa ahorow nyinaa mu tumi nya ntease koro kɛse. Dɛn ntia? Efisɛ ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wɔbɛkyerɛ biribi ase pɛpɛɛpɛ afi ɛnnɛyi kasa bi mu akɔ foforo mu sen sɛ wɔbɛkyerɛ ase afi tete kasa bi mu akɔ ɛnnɛyi kasa ahorow mu. Anyɛ hwee koraa no, nsɛm asekyerɛfo betumi ne wɔn a wɔka ɛnnɛyi kasa ahorow wɔ aman horow mu adi nkitaho, nanso wɔrentumi nyɛ saa wɔ kasa a na wɔka no mfe mpempem a atwam no mu.

Asɛmpa Ma Aman Nyinaa

Yebetumi akyerɛw pii afa mmarima ne mmea a wɔyɛ nsi a wɔaboa ma Bible no ayɛ nhoma a nnipa pii nsa aka bi sen biara wɔ asase so no ho. Wɔ mfehaha pii a abɛsen kɔ mu no, anyɛ yiye koraa no, Bible mũ ne ne fã bi ɔpepepem anan na wɔatintim wɔ kasa ahorow bɛboro mpem abien a wiase nnipa dodow mu bɛboro ɔha mu 90 ka no mu!

Bible no kaa Onyankopɔn Ahenni ho dawuru a wɔbɛbɔ wɔ wiase nyinaa wɔ yɛn bere yi mu ho asɛm siei. Esiane eyi nti, Yehowa Nyankopɔn ankasa de ne ho agye mu pefee ma ɛkame ayɛ sɛ obiara wɔ Bible no bi seesei. (Mateo 13:47, 48; 24:14) Bible asekyerɛfo ne tintimfo akokodurufo a wɔtraa ase tete mmere mu no de wɔn biribiara too asiane mu maa yenyaa Onyankopɔn Asɛm—honhom fam hann fibea koro pɛ wɔ wiase a aduru sum wɔ abrabɔ fam yi mu. Ɛmmra sɛ wɔn nhwɛso no bɛkanyan wo ma woakenkan saa Asɛm no, wode atra ase, na woanya gyidi koro no a wonyae no bi. Yiw, fa Bible a wotumi de ho to so a wowɔ no di dwuma kosi ase da biara!—Yesaia 40:6-8.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ asɛmti “Rescuing the Codex Sinaiticus” (Codex Sinaiticus a Woyi Pue) a ɛwɔ October 15, 1988, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu no.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 12]

Nkɔso A Ɛba Wɔ Bible Nkyerɛase Mu

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Kasa Dodow

1 Yudafo fi ase kyerɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase kɔ Hela kasa mu bɛyɛ 280 A.Y.B. mu

12 Jerome wie Latin Vulgate no bɛyɛ 400 Y.B. mu

35 Gutenberg wie Bible a wodii kan tintimii no bɛyɛ 1455 mu

81 Wɔtee Britania ne Amannɔne Bible Fekuw no 1804

Kasa Dodow A Wobu Akontaa Sɛ Wotintim No Afe Biara

522

1900

600

700

800

900

1,049

1950

1,100

1,200

1,300

1,471

1970

2,123

1996

2,200

2,300

2,400

[Asɛm Fibea]

Fibea: Christianity Today, United Bible Society

[Asɛm Fibea wɔ kratafa 9]

Mountain High Maps® Copyright © 1995 Digital Wisdom, Inc.

[Kratafa 8 mfonini]

Wɔkyekyeree Judson twee no kɔe

[Asɛm Fibea]

Efi nhoma Judson the Hero of Burma, a Jesse Page yɛe no mu

[Kratafa 10 mfonini ahorow]

Tischendorf koyii nsaano nkyerɛwee a ɛsom bo bi fii nkokorafie a ɛwɔ Bepɔw Sinai ase yi mu

[Asɛm Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena