Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 10/15 kr. 5-7
  • Nokware Anigye—Dɛn na Ɛde Ba?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware Anigye—Dɛn na Ɛde Ba?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Honhom Fam Yiyedi De Anigye Ba
  • Paw a Yetumi Paw Nea Yɛpɛ
  • Onyankopɔn Nyansa ne Osetie—Nea Ɛde Ba
  • Nokware Anigye Wɔ Yehowa A Wɔsom No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Anigye Ne Wɔn a Wɔsom “Anigye Nyankopɔn No”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Ɛhe na Wobetumi Anya Nokware Anigye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Wubetumi Anya Anigye a Edi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 10/15 kr. 5-7

Nokware Anigye—Dɛn na Ɛde Ba?

WƆBƆƆ nnipa sɛ wɔn ani nnye. Dɛn nti na yebetumi aka saa? Wiɛ, susuw onipa mfiase ho hwɛ.

Yehowa Nyankopɔn bɔɔ nnipa baanu a wodi kan no a na wobetumi anya anigye. Ɔde Adam ne Hawa koduaa paradise, anigye turo bi a wɔfrɛ no Eden mu. Ɔbɔadeɛ no maa wɔn asetram nneɛma a wohia nyinaa. Ná “nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi” wɔ turo no mu. (Genesis 2:9) Ná Adam ne Hawa wɔ akwahosan pa, ahoɔden, ne ahoɔfɛ—na wɔyɛ pɛ, na na wɔwɔ anigye ankasa.

Nanso, dɛn na na ɛma wɔn ani gye no? Ɛyɛ wɔn Paradise fie no, anaasɛ ebia wɔn nipaduam pɛyɛ? Saa akyɛde horow a efi Nyankopɔn hɔ yi ma wonyaa asetram anigye. Nanso, na wɔn anigye no nnyina nneɛma a aniwa hu a ɛtete saa no so. Na Eden turo no sen agoprama bi a ɛyɛ fɛ kɛkɛ. Na ɛyɛ kronkronbea, baabi a wɔsom Onyankopɔn. Ade a na ɛbɛma wɔanya anigye daa ne nya a na wobetumi ne Ɔbɔadeɛ no anya abusuabɔ a ɔdɔ wom na wɔakura mu. Sɛ wobenya anigye a, nea edi kan no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ honhom mufo.—Fa toto Mateo 5:3 ho.

Honhom Fam Yiyedi De Anigye Ba

Mfiase no na Adam ne Onyankopɔn wɔ honhom fam abusuabɔ. Ná ɛyɛ abusuabɔ a ɔdɔ wom te sɛ nea ɛwɔ ɔba ne agya ntam no. (Luka 3:38) Wɔ Eden turo mu no, na Adam ne Hawa wɔ tebea pa a ɛma wodii ɔpɛ a na wɔwɔ sɛ wɔbɛsom no no ho dwuma. Sɛ wofii wɔn pɛ mu de ɔdɔ yɛɛ osetie maa Yehowa a, anka wɔde nidi ne anuonyam a ɛsen mmoa de koraa bɛbrɛ Onyankopɔn. Anka wobetumi afi nyansa mu akamfo Onyankopɔn wɔ su ahorow a ɛyɛ anigye no ho, na anka wobetumi agyina ne tumidi no akyi. Anka wɔn nso betumi anya Yehowa hwɛ a ɔdɔ wom.

Abusuabɔ a ɛte saa yi a yɛn awofo a wodi kan ne Ɔbɔadeɛ no nyae, ɛne osetie a wɔyɛ maa ne mmara no ma wonyaa nokware anigye. (Luka 11:28) Ná wɔnhwɛ kwan sɛ Adam ne Hawa de mfe pii bɛsɔ nneɛma ahwɛ ansa na wɔahu ade a ɛde anigye ba. Na wɔwɔ anigye fi bere a wɔbɔɔ wɔn no. Asomdwoe a na wɔne Onyankopɔn wɔ ne wɔn ho ase a wɔbrɛ maa ne tumidi no ma wonyaa anigye.

Nanso, anigye a ɛte saa no baa awiei bere a wɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no. Adam ne Hawa nam wɔn atuatew so twaa wɔne Yehowa ntam honhom fam abusuabɔ no mu. Na wɔnna so nyɛ Onyankopɔn nnamfo bio. (Genesis 3:17-19) Ɛte sɛ nea efi da a Yehowa pam wɔn fii turo no mu no, ɔne wɔn anni nkitaho biara bio. Wɔhweree wɔn pɛyɛ, anidaso a wɔwɔ sɛ wɔbɛtra ase daa, ne wɔn turo no. (Genesis 3:23) Nanso nea ɛho hia titiriw no, esiane sɛ wɔhweree wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no nti, wɔhweree ade a na ɛma wonya anigye no.

Paw a Yetumi Paw Nea Yɛpɛ

Ansa na Adam ne Hawa rewu no, wɔde wɔn nipasu, wɔn ahonim, ne tumi a wotumi di honhom fam nneɛma akyi no maa wɔn mma. Wɔammrɛ nnipa abusua ase amma wɔne mmoa ammɛyɛ pɛ. Wobetumi apata aka yɛn abɔ Ɔbɔadeɛ no ho. (2 Korintofo 5:18) Sɛ́ abɔde a wonim nyansa no, nnipa da so ara wɔ tumi sɛ wɔpaw sɛ wobetie Onyankopɔn anaasɛ wɔrentie no. Wɔdaa eyi adi wɔ mfehaha pii akyi bere a Yehowa maa Israel man a na wɔahyehyɛ no foforo no hokwan a wɔde bɛpaw nkwa anaa owu no. Onyankopɔn nam ne kasamafo Mose so kae sɛ: “Ɛnnɛ mede nkwa ne papa ɛne owu ne bɔne masi w’anim.”—Deuteronomium 30:15-18.

Ɛnnɛ mpo, wɔ mfitiase Paradise no yera akyi mfe mpempem pii no, yɛn nnipa da so ara tumi paw nea ɛfata. Yɛwɔ ahonim a ɛyɛ adwuma, ne tumi titiriw a yetumi de yɛ osetie ma Onyankopɔn mmara. Bible ka “emu nipa” ne “mu-nipa” ho asɛm. (2 Korintofo 4:16; Romafo 7:22) Nsɛm yi fa tumi bi a ɛwɔ yɛn nyinaa mu, a ɛma yetumi da Onyankopɔn nipasu adi, nya n’adwene na yɛayɛ honhom mufo ho.

Ɛdefa yɛn abrabɔ ne yɛn ahonim ho no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Amanaman mufo a wonni mmara no de wɔn awosu yɛ mmara no mu nneɛma a, eyinom a wonni mmara no yɛ mmara ma wɔn ho. Wɔde eyi kyerɛ sɛ wɔakyerɛw mmara adwuma no wɔn komam, na wɔn ahonim nso di wɔn adanse, na wɔn nsusuwii toto wɔn ho ano, anaasɛ nso eyiyi wɔn ho ano.”—Romafo 2:14, 15.

Onyankopɔn Nyansa ne Osetie—Nea Ɛde Ba

Nanso obi betumi abisa sɛ, ‘Sɛ yɛn nyinaa wɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn, ma enti, yebetumi anya nokware anigye a, dɛn nti na awerɛhow abu so saa?’ Nea enti ne sɛ, sɛ yebetumi anya anigye a, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara nyin wɔ honhom fam. Ɛwom sɛ mfiase no, wɔbɔɔ onipa wɔ Onyankopɔn suban so de, nanso watwe ne ho afi ne Bɔfo no ho. (Efesofo 4:17, 18) Enti, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara fa akwan pɔtee bi so ne Onyankopɔn nya honhom fam abusuabɔ na okura mu. Abusuabɔ a ɛte saa remma kɛkɛ.

Yesu kaa nnyinasosɛm abien a ɛho hia na ama obi atumi anyin honhom fam. Biako ne sɛ obenya Onyankopɔn ho nimdeɛ, na foforo ne sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama n’apɛdeyɛ. (Yohane 17:3) Bere a Yesu refa Onyankopɔn Asɛm aka no, ɔkae sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.” (Mateo 4:4) Yesu kae bere foforo nso sɛ: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.” (Yohane 4:34) Ɛho nhia sɛ yɛde mfe du du pii sɔ akwan a yɛbɛfa so anya anigye hwɛ. Ɛnyɛ osuahu na ɛde anigye ba. Mmom no, Onyankopɔn nyansa ne osetie a yɛyɛ ma yɛn Bɔfo no nkutoo na ebetumi ama yɛanya nokware anigye wɔ asetra mu.—Dwom 19:7, 8; Ɔsɛnkafo 12:13.

Ɛda adi sɛ, ɛnyɛ ade a yɛn nsa ntumi nka anigye a Onyankopɔn nyansa a yɛde bɛyɛ adwuma ne Onyankopɔn anim dom a yebenya de ba no. (Asomafo no Nnwuma 17:26, 27) Obiara betumi anya Yehowa ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ. Esiane sɛ wɔayɛ Bible ɔpepepem pii wɔ kasa horow pii mu nti, ɛne nhoma a wɔakyekyɛ no kɛse sen biara. Bible betumi aboa wo ma woabɛyɛ Onyankopɔn adamfo, na woanya nokware anigye, efisɛ Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ “anigye ne ɔman a Yehowa ne wɔn Nyankopɔn.”—Dwom 144:15, NW.

[Kratafa 6 adaka]

Akwan a wubetumi afa so anya anigye

1. Kyerɛ honhom fam nneɛma ho anisɔ na da no adi. Yesu kae sɛ: “[Anigye, “NW”] ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so!”—Luka 11:28.

2. Hu sɛ Onyankopɔn anim dom ho hia pii sen ahonyade anaa afɛfɛde. Paulo kyerɛwee sɛ: “Nso onyamesom pa a ɔpene wɔ mu yɛ adenya kɛse mmom. . . . Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.”—1 Timoteo 6:6-8.

3. Bɔ mmɔden nya ahonim a wɔde Bible atete no na fa di dwuma.—Romafo 2:14, 15.

4. Si wo bo sɛ wobɛyɛ osetie ama Yehowa Nyankopɔn, na wonam saayɛ so ayɛ ne nkurɔfo no mu biako. Dawid kyerɛwee sɛ: “Anigye ne ɔman a Yehowa ne wɔn Nyankopɔn!”—Dwom 144:15, NW.

[Kratafa 7 mfonini]

“Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn.”—Mateo 5:3, “NW”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena