Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/00 kr. 5
  • Tie Onyankopɔn Nsɛm Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tie Onyankopɔn Nsɛm Yiye
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Muntie na Mo Nimdeɛ Nnɔɔso’
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Tie na Sua
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • 1985 “Mudi Mu Kurafo” Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Bra 1990 “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam No
    Yɛn Ahenni Som—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 11/00 kr. 5

Tie Onyankopɔn Nsɛm Yiye

1 Ɛnyɛ nea nnipa ka nyinaa na ehia sɛ yetie. Nanso, sɛ Onyankopɔn kasa a, ɛsɛ sɛ yetie no ɔkwan biara so. (Deut. 28:1, 2) Anigyesɛm ne sɛ, wɔde honhom kaa mmarima bi ma wɔkyerɛw “Nyankopɔn nsɛm” na yɛanya so mfaso. (Rom. 3:2) Ɔmantam nhyiam a yɛrebɛyɛ yi bɛma yɛanya hokwan a ɛfata de atie nsɛm a ɛte saa bere a akasafo no kenkan na wɔkyerɛkyerɛ mu no. Wobɛyɛ dɛn atumi atie asɛm no yiye?

2 Du Hɔ Ntɛm Anɔpa Biara: Hwɛ anigye ara a Israelfo no nyae bere a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonkohyia Yehowa wɔ Bepɔw Sinai so nkotie ne Mmara no! (Ex. 19:10, 11, 16-19) Saa ara na sɛ wopɛ sɛ wutie Yehowa nkyerɛkyerɛ a wɔde ma wɔ ɔmantam nhyiam ase no a, wobɛyɛ nhyehyɛe akɔ ntɛm da biara. Sɛ yɛaka akyi na afei na yɛrepɛ baabi atra ma enti yɛretwetwe afoforo adwene a, ɛremma yentumi ntie dwumadi no nyinaa. Dwumadi no befi ase anɔpa 9:30 da biara.

3 Wɔn a wɔba ntɛm no bi mpo ntra ase bere a wɔrebefi dwumadi no ase no. Dɛn ntia? Wɔtwɛn kosi sɛ oguamtrani no bɛkyerɛ nnwom a yɛde bebue nhyiam no ansa na wɔagyae nkɔmmɔ a wɔne wɔn nnamfo rebɔ no anantew akɔpɛ baabi atra. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ oguamtrani no tra ase simma bi ansa na yɛato nnwom a yɛde befi ase no; saa bere yi nyinaa na wɔafi ase rebɔ Ahenni dwom dedaw. Eyi kyerɛ sɛ bere aso sɛ yɛpɛ baabi tra! Afei bere a wɔakyerɛ dwom a yɛde befi ase no, yebetumi ato bi de ayi Yehowa ayɛ.

4 Mommom Ntie sɛ Abusua: Bere a wɔkenkanee Onyankopɔn nsɛm kyerɛɛ Israelfo a na wɔahyiam no, na ɛsɛ sɛ mmusua ne “mmofra” no nyinaa tie. (Deut. 31:12) Wɔ yɛn nhyiam ase no, ɛnsɛ sɛ ‘yegyae mmofra no ma wɔnantenantew.’ (Mmeb. 29:15) Awofo, monyɛ nhyehyɛe ne mo abusua ntra mmom—a wɔn a wɔredu wɔn mpanyin afe so nso ka ho. Awofo binom twɛn kosi sɛ yɛrebɛto dwom a wɔde fi ase no ansa na wɔama wɔn mma akɔ tiafi anaa wɔakɔdwensɔ. Nanso, eyi remma mmofra nhu sɛnea nnwonto ne mpaebɔ ho hia paa wɔ yɛn som mu no. Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ yɛbɛma yɛn mma akɔ tiafi anaa wɔakɔdwensɔ ansa na wɔafi dwumadi no biara ase!

5 Sɛ yɛda ntɛm anadwo biara na sɛ yɛannidi pii awia no a, ɛbɛma yɛatumi atie asɛm no yiye. Tie asɛm a ɔkasafo no reka no yiye. Mma w’adwene nnkyinkyin. Bue wo Bible no bere a ɔrekenkan kyerɛw nsɛm bi no. Kyerɛkyerɛw nsɛm ntiantiaa to hɔ. Bere a wɔrema ɔkasa bi no, susuw nea ɔkasafo no aka ho, na hwɛ sɛnea wode asɛm a waka no bedi dwuma. Sɛ yɛpɔn kɔ fie a, munsusuw dwumadi no ho sɛ abusua. Nsɛm bɛn na mo mu biara ani gyee ho paa? Ɔkwan bɛn so na mo abusua no betumi de adi dwuma yiye?

6 Kyerɛ Obu Ma Onyankopɔn Asɛm: Nhyiam ahorow no ma yenya hokwan a ɛfata ne yɛn nnamfo bɔ nkɔmmɔ nya fekubɔ a ɛma denhyɛ. Sɛ yɛkɔ nhyiam no ase ntɛm a, yebenya bere a ɛfata abɔ nkɔmmɔ ansa na dwumadi no afi ase. Nanso, ebinom bɔ nkɔmmɔ bere a dwumadi no gu so no na wodi mfomso ka sɛ esiane sɛ asa no so nti, ɛnsɛe hwee. Sɛ nhyiam a yɛkɔ no yɛ kɛse mpo a, ɛyɛ bere a yɛde kotie asɛm te sɛ nea yɛyɛ wɔ Ahenni Asa so no ara. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn telefon, mfiri a wɔde kyere kasa, ne nea wɔde twa mfonini twetwe nkurɔfo adwene bere a dwumadi no rekɔ so no.

7 Mose ‘annidi na wannom nsu’ bere a na ɔrekogye Mmara no afi Yehowa hɔ no. (Ex. 34:28) Saa ara nso na ɛremfata sɛ yebedidi anom bere a dwumadi no rekɔ so no. Twɛn kosi sɛ ‘bere bɛso’ ansa, gye sɛ ebia wowɔ yare bi a emu yɛ den.—Ɔsɛnk. 3:1.

8 Wɔ nhyiam binom ase no, anuanom pii ne mmofra mpo bɔ kyenku wɔ abrannaa so bere a nhyiam no gu so no. Wɔahyɛ no nsow sɛ mmofra nantenantew bere a dwumadi no rekɔ so no, na wɔde nnade a ano mfeamfeaa sesaw nwura. Ɛwom sɛ adwene a ɛwɔ akyi no ye de, nanso so eyi ma mmofra no nya dwumadi no mu mfaso? Momma yɛnkae sɛ mmofra a wonnii mfe 16 no betumi atu wɔn ho ama ayɛ adwuma bere a ɔwofo bi anaa obi foforo a obetumi ahwɛ wɔn so ka wɔn ho no. Ɛno mpo no, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ adwuma a ɛte saa no bere a dwumadi no rekɔ so no! Wɔbɛma wɔn a wogye ahɔho no kwan ma wɔama saafo no akɔtra nhyiam no ase. Sɛ anuanom a wɔatu wɔn ho ama reyɛ adwuma wɔ nhyiam no ase no wie wɔn dwumadi no ara pɛ a, ɛsɛ sɛ wɔne atiefo no bom tra ase. Sɛ wɔanka sɛ wɔn a wɔatu wɔn ho ama reyɛ adwuma no nyɛ biribi pɔtee bi a, ɛsɛ sɛ wɔtra ase tie ɔkasa ahorow no. Ɛnsɛ sɛ wɔnantew kɔ dwumadibea ahorow bi kɔsra afoforo bere a ɔkasa no rekɔ so no.

9 Ɛnsɛ sɛ ‘yɛsen yɛn aso’ bere a yɛretie Onyankopɔn Asɛm no. (Heb. 5:11) Enti, momma yennya ɔpɛ sɛ yebetie Yehowa nsɛm a wɔrekyerɛkyerɛ mu wɔ ɔmantam nhyiam a yɛrebɛkɔ ase no yiye mfa nkyerɛ obu kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena