‘Muntie na Mo Nimdeɛ Nnɔɔso’
1 Mmebusɛm nhoma no ka sɛ nyansa teɛm sɛ: “Muntie, na merebɛka nsɛm a emu da hɔ, na m’anom bue de nsɛm a ɛteɛ ba; afotu ne nyansahu wɔ me, . . . muntie me, na nhyira ne wɔn a wodi m’akwan so. Nea ohu me no hu nkwa, na onya [Yehowa, NW] hɔ anisɔ.” (Mmeb. 8:6, 14, 32, 35) Saa nsɛm no ka nkyerɛkyerɛ a yebenya wɔ “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” Ɔmantam Nhyiam ase no ho asɛm fann.
2 Yɛahu anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no ahiade na yɛasiesie nhyiam no wɔ ɔkwan a ebetumi adi ahiade no ho dwuma so. Sɛ yɛde honhom fam akwankyerɛ ne nyansahyɛ a ɛfata a wɔde bɛma no di dwuma a, ɛbɛboa ma yɛn ani agye, ɛbɛma yɛne Yehowa anya abusuabɔ pa, na ɛbɛma yɛakɔ so anantew nkwa kwan no so. Nokwarem no, yɛwɔ ntease pa nti a ɛsɛ sɛ ‘yetie na yɛn nimdeɛ dɔɔso.’—Mmeb. 1:5.
3 Ansa na Nhyiam Dwumadi no Befi Ase: Sɛ yebetumi anya nea wɔbɛka no so mfaso kɛse a, ɛsɛ sɛ yɛtra ase na yesiesie yɛn adwene ma dwumadi a wɔrebefi ase no. Eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔanowɔano. Nea ɛho hia kɛse ne sɛ yebefi yɛn biribiara ase ntɛm. Ɛsɛ sɛ yɛda ntɛm anadwo. Ɛsɛ sɛ yɛsɔre ntɛm na yɛma yɛn abusua no mufo nya bere de siesie wɔn ho na wodidi. Ɛsɛ sɛ yedu nhyiam no ase ntɛm na ama yɛatumi anya baabi atra ayɛ nneɛma a ɛho hia ansa na dwumadi no afi ase. Dwumadi no befi ase anɔpa 9:30 da biara.
4 Esiane sɛ atirimpɔw ankasa a yɛde hyiam ne sɛ yɛbɛkamfo Yehowa ‘wɔ asafo ahyiae mu’ nti, ɛsɛ sɛ yefi dwumadi biara ase wɔ ɔkwan a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam so. (Dw. 26:12) Ne saa nti, yɛhyɛ obiara nkuran sɛ ɔntra ase ansa na wɔaka sɛ yɛnto dwom a yɛde fi ase no. Eyi ne nea Kyerɛwnsɛm no ka no hyia sɛ: ‘Monyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔanowɔano.’ (1 Kor. 14:40) Dɛn na ɛno kyerɛ ma yɛn mu biara? Sɛ wuhu sɛ oguamtrani no abɛtra ase wɔ asɛnka agua no so bere a wogu so rebɔ nnwom no ara pɛ a, ɛsɛ sɛ wotra ase. Eyi bɛma woatumi afi komam ato dwom a wɔde bebue dwumadi biara ano no bi na woafa so ayi Yehowa ayɛ.—Dw. 149:1.
5 Bere a Dwumadi no Rekɔ So No: Esra ‘siesiee ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa mmara na wadi so.’ (Esra 7:10) Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn koma de atie nkyerɛkyerɛ a efi Yehowa hɔ no? Bere a worehwɛ nsɛmti wɔ dwumadi a wɔatintim no so no, bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na Yehowa nam dwumadi yi so reka akyerɛ me? Ɔkwan bɛn so na metumi de emu nsɛm no adi dwuma ma me ne m’abusua anya so mfaso?’ (Yes. 30:21; Efe. 5:17) Kɔ so bisa saa nsɛm no wɔ nhyiam no nyinaa mu. Kyerɛkyerɛw nsɛm a wopɛ sɛ wode bedi dwuma gu hɔ. Sɛ yɛpɔn da biara a, gye bere susuw nea wotee no ho. Eyi betumi ama woakaakae nsɛm no na wode adi dwuma.
6 Yɛn adwene a yɛde besi asɛm bi so nnɔnhwerew pii no nna fam. Dɛn na ebetumi aboa yɛn na yɛamfa yɛn adwene ankɔ nneɛma foforo so? Susuw tumi a aniwa wɔ no ho yiye. Mpɛn pii no, nea yɛn aniwa hu no na ɛtwetwe yɛn adwene. (Mat. 6:22) Enti, bɔ mmɔden sɛ wuntwa w’ani bere a woate dede anaa biribiara a etwam no. Ma w’ani nkɔ ɔkasafo no so. Bue wo Bible no bere a ɔrekenkan kyerɛwsɛm bi no, na nto wo Bible no mu bere a ɔrekyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm no mu no.
7 Ɔdɔ a yɛwɔ sɛ Kristofo no remma yɛnyɛ biribi mfa nhaw afoforo bere a ɔkasa bi rekɔ so no. (1 Kor. 13:5) Eyi yɛ ‘bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ komm’ na yetie asɛm no. (Ɔsɛnk. 3:7) Enti, kwati sɛ wobɛkasakasa anaa wobɛnantenantew. Ma ɛntra w’adwenem sɛ worenkɔ agyananbea ne adwensɔe basabasa. Sɛ ɛnyɛ yare bi a ɛhaw wo a, nnidi anaasɛ nnom biribiara kosi sɛ adidibere bɛso. Ɛnsɛ sɛ wɔde telefon, mfiri a wɔde kyere kasa, ne nea wɔde twa mfonini no di dwuma ma ɛtwetwe nkurɔfo adwene. Ɛsɛ sɛ awofo ma wɔn abusua mufo nyinaa—mmerante ne mmabaa nso ka ho—tra faako na ama wɔatumi ahwɛ wɔn so yiye.—Mmeb. 29:15.
8 Afe a etwaam no, ɔpanyin bi a wakɔ nhyiam mfe pii no kae sɛ: “Mihuu ade biako bi a ɛda nsow koraa wɔ nhyiam yi ho. Ɛkame ayɛ sɛ na obiara, a mmofra nso ka ho, rekyerɛkyerɛw nneɛma gu hɔ. M’ani gyei sɛ mihuu saa. Wɔde Bible no dii dwuma yiye bere a akasafo no kae sɛ wommue ti ne nkyekyem ahorow bi no.” Yɛn ani sɔ ɔkwan a ɛte saa a wɔfa so tie asɛm no. Ɛmfa mfaso mmrɛ yɛn ne wɔn a yɛne wɔn kɔ nhyiam no nko, na mmom nea ɛsen ne nyinaa no, ɛhyɛ yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini, Yehowa Nyankopɔn, anuonyam.—Yes. 30:20.