Monyɛ Kronkron Abrabɔ Nyinaa Mu
1. Dɛn nti na ehia sɛ yɛyɛ kronkron wɔ abrabɔ nyinaa mu?
1 Sɛ́ Yehowa Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no nkoa no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ kronkron wɔ abrabɔ nyinaa mu. (1Pet. 1:15, 16) Eyi kyerɛ sɛ yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yebekura Yehowa gyinapɛn ahorow mu wɔ yɛn asetra nyinaa mu. Afe yi ɔmantam nhyiam no bɛma yɛanya hokwan soronko de ada abrabɔ kronkron adi.
2. Yɛbɛyɛ dɛn ada suban pa adi wɔ ahɔhodan mu?
2 Wɔ Ahɔhodan Mu: Ɔpanyin bi a ɔhwɛ ahɔhodan a nhyiamfo kɔdaa hɔ afe a etwaam no kae sɛ: Yehowa Adansefo yɛ nnipa pa a ɛsɛ sɛ yɛde ha ma wɔn. . . . Mone nnipa a yɛhwehwɛ wɔ ha.” Nkaesɛm a edidi so yi a yebedi so no bɛboa yɛn ma yɛakora din pa a yɛwɔ no so: (1) Mma nnipa pii ntra wo dan mu mmoro sɛnea ɛsɛ. (2) Sɛ ɛsɛ sɛ wutwa ɔdan ho nhyehyɛe mu a, bɔ adwumayɛfo no amanneɛ ntɛm ara. (3) Sɛ wonyɛɛ krado sɛ wode afiri a wɔde nneɛma gu so pia no bedi dwuma a, nnye mmɔ so. (4) Nnoa aduan wɔ beae a wɔmma kwan. (5) Gyaw akyɛde bi ma ofisiesiefo no da biara. (6) Mfa anɔpaduan, kɔfe ne nneɛma afoforo a wɔde hokwan ama ahɔho sɛ wɔmfa bi bere a wɔwɔ ahɔhodan mu hɔ no bi mpue anaa nsɛe no. (7) Da honhom aba no adi bere a wo ne ahɔhodan mu adwumayɛfo redi nsɛm no, titiriw bere a afoforo reba na ebinom rekɔ a wonni adagyew koraa no.—Ga. 5:22, 23.
3. Ɔkwan bɛn so na suban a mmofra bɛda no adi no bɛka afoforo koma?
3 Sɛ yɛda suban pa adi a, yebetumi adi adanse kɛse. Afe a etwaam no, abarimaa bi a ɔyɛ Ɔdansefo fi obu mu srɛɛ ahɔhodan mu dwumayɛni bi krataa ne pɛn a ɔde bɛkyerɛw ade ama obi, na akyiri yi ɔdaa awuraa no ase. Eyi kaa awuraa no koma, na abofra no tee sɛ ɔreka sɛ: “Wontaa nhu mmofra a wobu ade sɛɛ bio.” Nanso ɛtɔ mmere bi a, wohu mmofra binom a wɔn awofo agyaw wɔn sɛ wɔreboro nsu, wodi agoru wɔ afiri a wɔde foforo abansoro no mu, kasa gyegyeegye na wotu mmirika wɔ abrannaa so. Ɛnsɛ sɛ awofo ma wɔn mma kwan ma wɔyɛ nea wɔpɛ, na mmom ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn na wɔma wɔn ani kũ wɔn ho na ama wɔde wɔn abrabɔ ayi Yehowa ayɛ.—Mmeb. 29:15.
4. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yɛdwene afoforo ho bere a yɛwɔ adidibea redidi no?
4 Wɔ Adidibea: Adidibea hwɛfo a ɔwɔ adidibea bi a ɛbɛn beae a wɔyɛ nhyiam no kae sɛ: “Adansefo no da nsow. Wobu afoforo.” Suban pa a yɛbɛda no adi no mma yɛrenkasa gyegyeegye anaa yɛrenserew mfa ntuatua afoforo a wɔredidi no aso. Ɛsɛ sɛ yɛkae nso sɛ wɔ mmeae pii no, wɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛkyɛ wɔn a wɔyɛ nneɛma boa yɛn no biribi kakra. Sɛ yɛredidi anaa yɛrenom a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribiara de hyɛ Onyankopɔn anuonyam.—1 Kor.10:31.
5. Su pa a yɛbɛda no adi wɔ nhyiam ase no bi ne nea ɛwɔ he?
5 Wɔ Nhyiam no Ase: Ɛsɛ sɛ yɛbɔ bra pa wɔ nhyiambea hɔ. Yɛsrɛ sɛ muntie wɔn a wogye ahɔho no akwankyerɛ, wɔ faako a wɔde kar sisi ne nhyiam no ase nso. (Heb. 13:17) Ɛsɛ sɛ mmusua bom tra faako sen sɛ wɔbɛma wɔn mma ne wɔn atipɛnfo bɛbom akɔtra. Ɛnsɛ sɛ obiara de ne nsa ka anyinam ahoɔden ne akasam nhama no wɔ ɔkwan biara so. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde afiri kyere dwumadi gu kasɛt so no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw afoforo so. Sɛ wopɛ sɛ wutwa mfonini a, mfa afiri a ɛpa gya nni dwuma bere a nhyiam no rekɔ so no. Ɛnsɛ sɛ wɔsɔ telefon a wokura kyini sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenyɛ dede ntwetwe afoforo adwene. Sɛ wuhu sɛ asiane bi asi wɔ nhyiambea hɔ a, yɛsrɛ sɛ ma wɔn a wogye ahɔho no anaa wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ Adugyebea no aso nte. Nnuruyɛfo a wɔfata wɔ nhyiam no ase.
6. Ɔkwan bɛn so na nea yɛyɛ wɔ nhyiam ase no hyɛ Onyankopɔn anuonyam?
6 Yɛn su ma yɛda nsow fi afoforo ho na ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam. (1 Pet. 2:12) Afoforo bɛhwɛ Yehowa Adansefo suban wɔ nhyiam no ase. Ne saa nti, fa yɛ wo botae sɛ wobɛyɛ kronkron wɔ abrabɔ nyinaa mu.
[Kratafa 5 adaka]
Da Abrabɔ Kronkron Adi
◼ Di ahɔhodan mu mmara nyinaa so
◼ Ma w’ani nkũ mmofra ho yiye
◼ Susuw afoforo ho