Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/01 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase February 12
  • Dapɛn a Efi Ase February 19
  • Dapɛn a Efi Ase February 26
  • Dapɛn a Efi Ase March 5
Yɛn Ahenni Som—2001
km 2/01 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase February 12

Dwom 6

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Yebesusuw The Bible—Mankind’s Oldest Modern Book video no ho wɔ dapɛn a efi ase February 26 Ɔsom Nhyiam no ase. Nea yebesusuw ho no begyina nsɛmmisa a ɛwɔ saa kratafa yi wɔ Yɛn Ahenni Som yi mu so.

15 min: “Yɛn Nneyɛe Pa a Yɛde Hyɛ Yehowa Anuonyam.”a Fa nsɛm a ɛwɔ Proclaimers nhoma no kratafa 187, nkyekyem 2-3 no nso ka ho.

20 min: “Sɛnea Yebetumi Aboa Nkurɔfo Ama Wɔate Asɛm no Ase.” Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo ne ɔkwampaefo anaa ɔdawurubɔfo a ɔyɛ nsi susuw asɛm no ne nsɛntitiriw a ɛwɔ May 15, 1998, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 21-3, ho. Munsusuw adaka a ɛwɔ kratafa 23 a emu asɛm ne “Wo Suani Komam a Wubedu” no ho. Bere a moaka atorosom nkyerɛkyerɛ a nyamesomfo a wɔwɔ mo mpɔtam hɔ gye di ho asɛm awie no, munsusuw sɛnea mubegyina Bible no so akyerɛkyerɛ asɛm no mu akyerɛ obi ho.

Dwom 208 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase February 19

Dwom 221

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

10 min: Asafo mu ahiade.

10 min: “Dwen Onyankopɔn Anwonwade Ho.”b Twe adwene si nhoma foforo no mu nhwɛso kakraa bi a ɛboa ma yenya Yesaia nkɔmhyɛ no ho anisɔ so.

17 min: “Ma Wonhu Yehowa Din ne Ne Nneyɛe.”c Ɔpanyin bi kyerɛ nhyehyɛe soronko a mo asafo no reyɛ na ama moayɛ pii wɔ March ne April mu, a nea ɛka ho ne mmɔden a asafo no rebɔ de ahyɛ anuanom pii nkuran ma wɔabɛyɛ akwampae aboafo no. Ma wɔn a wɔyɛɛ akwampae aboafo April a etwaam no nkyerɛ sɛnea ɛmaa wonyaa anigye. Si sɛnea yɛbɛboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw nanso wɔfata ma wɔasan ayɛ ɔsom adwuma no, ne sɛnea yɛbɛboa mmofra ne Bible asuafo afoforo ma wɔafata sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu no so dua.—Hwɛ Yɛn Ahenni Som a ɛbaa November 2000 no Asɛmmisa Afã no.

Dwom 27 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase February 26

Dwom 48

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn February asɛnka akontaabu mmra.

12 min: Sɛnea Yɛde Nimdeɛ Nhoma no Bɛma Ho Nyansahyɛ. So woasusuw sɛnea wode Nimdeɛ nhoma no bɛma wɔ March mu ho nyansahyɛ bi ho? Sɛ wohwɛ Yɛn Ahenni Som ahorow a atwam no nkratafa a etwa to no a, wubehu asɛm a wobɛka bere a wokɔ obi nkyɛn nea edi kan, ne mpɛn pii no, sɛnea wobɛyɛ sankɔhwɛ bere foforo. Munsusuw nsɛm a wɔka kyerɛ yi abien anaa abiɛsa ho. (March, June, November 1996; June 1997; March 1998) Monyɛ nyansahyɛ a ɛwɔ November 1996 Yɛn Ahenni Som mu no mu abien ho ɔyɛkyerɛ mfa nkyerɛ sɛnea yebetumi afi Bible adesua ase amonom hɔ ara. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnyere ne ho mfi Bible adesua foforo ase.

25 min: “Anisɔ a Yebenya Ama The Bible—Mankind’s Oldest Modern Book Video No.” Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina nsɛmmisa a ɛwɔ saa kratafa no so. Ma ɛnna adi sɛ esiane sɛ wɔakyerɛ New World Translation no nyinaa anaa ne fã bi ase kɔ kasa 37 mu na wɔakyekyɛ bɛboro ɔpepem 100 nti, ɛyɛ Bible a wɔakyekyɛ sen biara no mu biako. Wɔ April mu no, yebesusuw video yi fã a ɛtɔ so abiɛsa a ɛne The Bible—Its Power in Your Life, no ho.

Dwom 64 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase March 5

Dwom 81

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

18 min: “Yehowa Hyɛ Yɛn Den.”d Ma atiefo nkyerɛ sɛnea wɔte kyerɛw nsɛm ahorow no ase.

22 min: “Telefon So Adansedi a Etu Mpɔn.”e Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Fa nkuranhyɛ a ɛwɔ December 15, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 23, nkyekyem 17 no ka ho. Ma anuanom kakra nka osuahu ntiatia a ɛkyerɛ sɛnea wotumi yɛɛ asɛnka a ɛte saa wɔ mo asasesin no mu nkyerɛ.

Dwom 108 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena