Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Sɛ obi kyerɛ anigye wɔ sankɔhwɛ mu a, wubetumi ama wakra nsɛmma nhoma a wɔkra no afe fã no bi. Fa Nimdeɛ nhoma anaa Ahwehwɛde nhomawa no ma fa fi ofie Bible adesua ase. June: Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Fa w’adwene si ofie Bible adesua asefi so. July: Yebetumi de nhomawa a edidi so a ekura nkratafa 32 yi mu biara ama: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye Wɔ Asase so Daa!, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So?, Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu. Sɛ ɛho behia a, wubetumi de Amansan Nhoma, Our Problems—Who Will Help Us Solve Them?, Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa? ne Will There Ever Be a World Without War? nhomawa no ama.
◼ Dwumadi 3 ne 4 a ɛwɔ “Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 2001” mu no gyina Reasoning nhoma no nkratafa ne nkyekyem ahorow bi a wɔakyerɛ so. Monhwɛ sɛ mobɛpaw nkyekyem ahorow a wɔakyerɛ wɔ nhoma no mu no nkutoo.
◼ Ɛho hia sɛ Asafo ti no nya asafo mu aguamtrafo ne akyerɛwfo nyinaa address ne wɔn telefon nɔma a wɔwɔ no seesei no. Sɛ nsakrae biara ba a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hyehyɛ Presiding Overseer/Secretary Change of Address (S-29) kratasin no na ɔde mena Asafo ti no ntɛm ara. Nea ɛka eyi ho ne nkyerɛwde anaa nɔma a wɔkyerɛw hyɛ address anaa telefon nɔma biara anim no.
◼ Efi July 30, 2001 dapɛn no so no, yebesua Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa 1 no wɔ Asafo Nhoma Adesua ase.
◼ Sɛ woreyɛ nhyehyɛe atu kwan akɔ ɔman foforo so bere biara na wopɛ sɛ wokɔ asafo nhyiam, ɔmansin nhyiam, anaa ɔmantam nhyiam, na wopɛ sɛ wuhu bere ne mmea a wɔyɛ nhyiam horow yi a, wubetumi akyerɛw baa dwumadibea a ɛhwɛ ɔman no dwumadi so no akobisa ho nsɛm. Baa dwumadibea ahorow no address wɔ Yearbook foforo biara akyi.
◼ Nnipa dodow 166,102 na wɔbaa “Onyankopɔn Asɛm Yɛfo” Ɔmantam Nhyiam a yɛyɛɛ no ɔman yi mu no nyinaa no, na 2,869 na wɔbɔɔ wɔn asu. Mum 52 na wɔkɔɔ nhyiam a wɔde mum kasa yɛe wɔ Takoradi ne Koforidua no bi, na wɔn mu baanu na wɔbɔɔ wɔn asu.
◼ Wɔmfa Asafo ti no telefon nɔma a ɛne 712459 no nni dwuma bio sɛ nea wɔnam so ne obi kasa. Yɛsrɛ sɛ mommfa saa nɔma no mmfrɛ. Mubetumi de nɔma a edidi so yi adi dwuma: 712456/7/8 ne 7010110.
◼ Ɔwɛn-Aban a ɛwɔ Portuguese kasa mu a wɔde agu kasɛt so no befi ase wɔ April 1, 2001, de no so.