Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/01 kr. 5-6
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
  • Yɛn Ahenni Som—2001
Yɛn Ahenni Som—2001
km 4/01 kr. 5-6

Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

January 1 kosi April 23, 2001 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu de yɛ. Bua nsɛmmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.

[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsɛmmisa biara. Afa horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsɛmmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma ahorow no remma afa ahorow a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]

Bua nsɛm a edidi so yi mu biara sɛ Ampa anaa Atoro:

1. Ɛwom sɛ ɛnsɛ sɛ timmɔbɔ ma yebu yɛn ani gu bɔne a anibere wom so de, nanso yebetumi asua Yosef nhwɛso no ada mmɔborohunu adi na yɛde obi a wafom yɛn nanso wanu ne ho bɔne afiri no. (Gen. 42:21; 45:4, 5) [w99-TW 1/1 kr. 31 nky. 2-3]

2. Sɛ anato a 1 Beresosɛm de ma no da nkyɛn a, nea ɛka ara ne nsɛm a Samuel nhoma ne Ahene nhoma no aka dedaw no. [si-E kr. 75 nky. 1]

3. Bible no ka “antikristo” biako pɛ a ɔbɛba daakye ho asɛm. [rs-E kr. 32]

4. Yesu daa n’ahobrɛase adi denam dwumadi soronko a ɛne sɛ na obefi soro aba asase so abɛyɛ onipa a ɔba fam sen abɔfo a ogye toom no so. (Fil. 2:5-8; Heb. 2:7) [w99-TW 2/1 kr. 6 nky. 3]

5. Tetefo nneɛma a wɔatutu fam ahu si so dua sɛ Sisak tuu Yuda so sa na ɔforo kɔfaa “[Yehowa, NW] fi akorade ne ɔhene fi akorade” no. (2 Be. 12:9) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88-E 2/1 kr. 26 nky. 4.]

6. Na afeha a edi kan Kristofo no mmɔ nkokoaa asu. [rs-E kr. 55]

7. Ɛnsɛ sɛ obi som Onyankopɔn na ɔhwɛ kwan sɛ obenya akatua. [w99-TW 4/15 kr. 16 nky. 1]

8. Bere a na Dawid reka Yehowa “nneyɛe” ho asɛm sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Dwom 103:2 no, na ɔreka Yehowa abɔde a aniwa tua ho asɛm. [w99-TW 5/15 kr. 21 nky. 5-6]

9. Asɔrefi a Salomo sii ne nea Serubabel ne Herode sii, ne ntamadan a Mose sii, no nyinaa gyina hɔ ma ade koro. [si-E kr. 87 nky. 16]

10. Na anato a ɛwɔ 1 Beresosɛm no so nni mfaso biara mma tete Kristofo no. [si-E kr. 78 nky. 23]

Bua nsɛmmisa a edidi so yi:

11. Dɛn nti na Yehowa de atemmu a emu yɛ duru baa Ahab fie so? (1 Ahe. 16:31; 2 Ahe. 9:7, 26) [si-E kr. 74 nky. 34]

12. Sɛnea Mateo 24:45-51 kyerɛ no, dɛn na ɛma ebinom bɛdan awaefo? [rs-E kr. 35]

13. Mmɔdenbɔ ho asuade a anibere wom bɛn na yebetumi asua afi Yuda hene Usia asɛm no mu? (2 Be. 26:15-21) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w99-TW 12/1 kr. 26 nky. 1-2.]

14. Sɛ anka Yesu bɛdan no amanne no, asuade a tumi wom bɛn na ɔde mae bere a ɔhohoroo n’asuafo no nan ase no? (Yoh. 13:4, 5) [w99-TW 3/1 kr. 31 nky. 1]

15. Dɛn nti na na asɛm a ɛwɔ 1 Beresosɛm 14:8-17 no ho hia Yesaia bere sofo, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛho hia Kristoman mufo nnɛ? (Yes. 28:21) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w91-TW 6/1 kr. 21 nky. 2-3.]

16. Baalsom ho ade bɛn na ɛmaa Israelfo pii ani gyee ho? [w99-TW 4/1 kr. 29 nky. 3-6]

17. Asuade bɛn na yebetumi anya afi mmɔden a Hesekia bɔ de bɔɔ Yerusalem nsu ho ban na ɔmaa ɛdɔɔso no mu? (2 Be. 32:3, 4) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w96-TW 8/15 kr. 6 nky. 1-2.]

18. Ɔkwan bɛn so na Yosia nhwɛso no tumi hyɛ mmofra nkuran nnɛ ma wɔsom Nyankopɔn na wɔtwe wɔn ho fi atoro som ho? (2 Be. 34:3, 8, 33) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90-E 8/1 kr. 5 nky. 2.]

19. So na Yudafo a wɔkaa Babilon no nyinaa nyɛ nokwaredifo, na mfaso bɛn na yebetumi anya afi eyi mu? (Esra 1:3-6) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w86-E 1/15 kr. 8 nky. 4, 7.]

20. Sɛnea 2 Beresosɛm 5:13, 14 kyerɛ no, adanse bɛn na na ɛkyerɛ sɛ Yehowa retie ayeyi nnwom a na ne nkurɔfo reto no na n’ani gyee ho? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w94-TW 5/1 kr. 10 nky. 7.]

Fa asɛmfua anaa nsɛm a ehia na ama nsɛm a edidi so yi mu biara adi mũ ma:

21. Sɛ Kristoni bi de afotu rema ne nua a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ hu sɛ ɔde nea ɔreka no begyina Onyankopɔn ․․․․․․․․ , so, na ɛnyɛ nnipa ․․․․․․․․ ne ․․․․․․․․ so. (Kol. 2:8) [w99-TW 1/15 kr. 22 nky. 1]

22. Obiara ntumi nka sɛ ․․․․․․․․ bere a wɔreko ․․․․․․․․ no. (Mat. 12:30; 2 Tes. 1:8) [rs-E kr. 48]

23. Sɛnea nsɔe tumi ma afifide tɔ ape no, saa ara na ․․․․․․․․ a yenni so ne ․․․․․․․․ nnaadaa betumi asiw yɛn honhom fam nkɔso kwan. (Mat. 13:19, 22) [w99-TW 3/15 kr. 22 nky. 5]

24. Sɛnea Paulo kae wɔ 1 Korintofo 15:29 no, ‘asu a wɔbɔ obi ma owu’ no kyerɛ sɛ wɔbɔ no asu denam asetra kwan ․․․․․․․․ mu so na ․․․․․․․․ no kɔ honhom asetra mu te sɛ Kristo de no. [rs-E kr. 57]

25. Nea ɛbɛyɛ na Kristoni bi anni nkogu te sɛ Salomo no, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ n’ade ․․․․․․․․ anaasɛ ɔma ne koma yɛ ․․․․․․․․ wɔ ne som mu, mmom ɛsɛ sɛ ‘ɔdɔ Nyankopɔn ne koma nyinaa mu’ sɛnea ․․․․․․․․ kae no. (Mat. 22:37; 1 Be. 28:9) [Dapɛn Biara Bible akenkan; hwɛ w86-E 6/1 kr. 19 nky. 17-18.]

Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi biara mu:

26. Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ 2 Ahene 17:5, 6 no kyerɛ sɛnea (Tiglat-Pileser; Salmaneser V; Esar-Hadon) ko faa Israel atifi fam mmusuakuw du ahemman no, na ɔkaa Samaria hyɛɛ mu mfe abiɛsa na awiei koraa no Asiria fae wɔ (740; 607; 537) A.Y.B. no. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88-E 2/15 kr. 27 nky. 1.]

27. Sɛnea 2 Ahene ti 25 ka Yerusalem ho asɛm wɔ Babilon dommum akyi no nti, ɛreyɛ ayɛ sɛ nea (Daniel; Hesekiel; Yeremia) na ɔkyerɛw nhoma no, na ɔkyerɛw wiei afe (580; 537; 455) A.Y.B. mu. (2 Ahe. 25:27) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ si-E kr. 64 nky. 3.]

28. Sɛnea Exodus 4:11 kyerɛ no, Yehowa Nyankopɔn na ‘ɔma obi yɛ mum, ɔsotifo, ɔdehufo ne ofuraefo’ na ɛkyerɛ sɛ ɔno na (ɛsɛ sɛ yɛde wɔn a wɔadi dɛm nyinaa ho asodi to no so; ɔde ɔsom hokwan ma obiara; ɔma kwan ma nnipa di dɛm). [w99-TW 5/1 kr. 28 nky. 2]

29. Mfe 70 a wɔkaa ho asɛm wɔ 2 Beresosɛm 36:17-23 no baa awiei wɔ (537; 607; 677) A.Y.B. mu. [si-E kr. 84 nky. 35]

30. Awodadi abien pɛ a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no (ka awodadi ho asɛmpa; nka awodadi ho asɛmpa; mma yenhu awodadi ho nsɛm pii). (Gen. 40:20-22; Mat. 14:6-10) [rs-E kr. 68]

Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ ase hɔ nsɛm a ɛne no hyia no anim:

Ex. 21:22, 23; Mmeb. 25:11; Rom. 12:2; 2 Pet. 3:15, 16; Adi. 16:13, 14

31. Ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu bɔ mmɔden kɛse na ama yɛasakra yɛn nsusuwii na yɛde Onyankopɔn ho nokware no ahyɛ yɛn adwene mu. [w99-TW 4/1 kr. 22 nky. 2]

32. Sɛ wode afotu rema a, ɛho hia sɛ wopaw nsɛm a ɛfata. [w99-TW1/15 kr. 23 nky. 1]

33. Yehowa aka sɛ obebu obiara a ɔma akokoaa bi di dɛm no atɛn. [rs-E kr. 25]

34. Satan Ɔbonsam regyigye amanaman no ma wɔakɔko atia Onyankopɔn. [rs-E kr. 48]

35. Kyerɛwnsɛm no a yebekyinkyim no ma ɛne yɛn nsusuwii ahyia no betumi de ɔhaw kɛse aba. [ [rs-E kr. 65]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena