Krataa A Efi Sodikuw No Hɔ
Hwɛ hokwan ara a yɛanya! Sɛ́ Yehowa Adansefo no, ɛnyɛ hu nko na yɛahu Yehowa, nokware Nyankopɔn teasefo koro pɛ, amansan Bɔfo no, na mmom, ne din da yɛn so na yɛsom no nso. Hwɛ nhyira kɛse ara a ɛno betumi ayɛ!—Yes. 43:12; Heb. 8:11.
Yɛwɔ nkwagye ho anidaso ne ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka Ahenni ho asɛmpa no sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo nso betumi asom Yehowa na wɔanya anidaso a yɛwɔ no bi. (Mat. 24:14; Rom. 10:13, 14; 1 Tes. 5:8) Yɛwɔ anigye nso sɛ yɛyɛ wiase nyinaa asomfo nuayɛ no mufo a yɛdodɔ yɛn ho na yɛboa yɛn ho yɛn ho. Hwɛ nhyira ara a eyi nyinaa yɛ!
Bible no frɛ yi fata sɛ: “Momfa anigye nsom [Yehowa, NW] . . . Momfa aseda nhyɛn n’aponkɛse mu, na momfa ayeyi mmra n’abangua so. Monna no ase, munhyira ne din. Na [Yehowa, NW] ye, n’adɔe wɔ hɔ daa, na ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.” (Dw. 100:2-5) Yehowa a yɛde anigye bɛsom no no hwehwɛ sɛ yɛne no benya abusuabɔ a emu yɛ den. Ɔma yenya hokwan a ɛbɛma yɛne no anya abusuabɔ a ɛte saa, na ɛyɛ hokwan sɛ yɛde bedi dwuma. Sɛ yɛne Yehowa nya abusuabɔ a ɛte saa a, yehu sɛ wayɛ krado bere nyinaa sɛ ɔbɛboa yɛn na wahyɛ yɛn den wɔ ahohia da mu. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɔbɛma yɛn honhom fam ahoɔden ne akwankyerɛ a ehia ma yɛde agyina nsɛnnennen a yehyia wɔ nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri no mu no mu. Ɛmfa ho nhyɛso biara a yehyia no, yɛn ani gye wɔ yɛn som adwuma mu, na yɛda Yehowa ase da biara da efisɛ sɛnea N’asɛm se no, ‘odwen yɛn ho.’—1 Pet. 5:7.
Afe a etwaam no, Yehowa hyiraa yɛn kɛse. Wɔ “Onyankopɔn Asɛm Yɛfo” Ɔmantam Nhyiam ase no, yɛn ani gyei sɛ na yɛka afoforo mpempem pii a wɔn gyidi som bo te sɛ yɛn de no a wɔboom too dwom didii wɔ Yehowa honhom fam pon so no ho. Wɔ Asafo Nhoma Adesua ase no, yɛn ani gyei sɛ yenyaa osuahu a ɛhyɛ gyidi den sɛ yɛboom suaa Tie Daniel Nkɔmhyɛ! nhoma no. Afei nso, hwɛ anigye ara a na ɛyɛ sɛ yenyaa nhoma foforo a wɔato din Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa! no Po I no. ‘Yɛn kuruwa ayɛ ma abu so.’—Dw. 23:5.
Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yehu sɛ yɛn honhom fam anuanom mmarima ne mmea ɔpepem pii de biakoyɛ resom Yehowa! Hwɛ nkuranhyɛ a ɛyɛ sɛ yɛkenkan nkɔanim foforo a yenyae wɔ asɛnka adwuma mu ho asɛm no! Yɛn ani gye nnipa ɔpepem pii a wɔkɔɔ yɛn Awurade wu Nkaedi no bi—na wɔyɛɛ saa ɛmfa ho wiase tebea ahorow—no ho. Sɛ yɛhwɛ wiase nyinaa adwuma no a, ɛda adi sɛ “otwa adwuma no so.” (Luka 10:2) Afe a etwaam no, anyɛ yiye koraa no, Bible asuafo 5,555 na wɔde nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne dapɛn biara. Ɛmfa ho sɛ otwa adwuma no sõ wɔ wiase no mmeae bi sen afoforo no, yɛn nyinaa ani gye nea Yehowa reyɛ no ho. Yehu ne nhyira kɛse a wahwie agu mmɔden kɛse a n’asomfo rebɔ so no.
Ahenni Asa foforo a wosisi nso yɛ biribi foforo a ɛsɛ sɛ yedi ho ahurusi! Ɛyɛ yɛn anigye kɛse sɛ yehu sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea fi koma nyinaa mu reboa saa adwuma yi wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu no. Wɔasisi Ahenni Asa ɔhaha pii dedaw denam Akuw a Wɔhwɛ Sisi Ahenni Asa a wɔahyɛ da ama wɔn ntetee no mmoa so. Saa anuanom yi fi asafo biako mu kɔ foforo mu wɔ wɔn ankasa man mu kodi anim wɔ Ahenni Asa si mu. Esiane sɛ ehia sɛ wosisi Ahenni Asa mpempem pii bio nti, yɛn adesrɛ ne sɛ anuanom pii betu wɔn ho ama aboa adwuma titiriw yi wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii no mu. Sɛ wote ɔman a ɛte saa mu a, so wubetumi atu wo ho ama? Hwɛ sɛnea yɛn nuanom mmarima ne mmea ani sɔ sɛ wobenya wɔn ankasa Ahenni Asa a wobehyiam wɔ hɔ no! Na hwɛ aseda ara a wɔde ma sɛ anuanom fi wɔn pɛ mu yi sika boa dwumadi yi wɔ wiase nyinaa!
Asɛnnibea nkonimdi ahorow no ma yɛn ani gye. Nanso, wɔ mmeae pii no, nnipa bi bɔ mmɔden sɛ wɔbɛka Yehowa som no ahyɛ. Bere a yegyina tebea a ɛtete saa ano no, yɛwɔ awerɛhyem sɛ sɛ ɛba sɛ yehia mmoa a, atamfo no dodow anaasɛ sɛnea ɛte sɛ nea wobetumi ahaw n’asomfo no nyɛ Yehowa den. (2 Be. 14:11) Yɛde anigye kamfo mo anuanom nyinaa sɛ mokɔ so gyina pintinn wɔ nokware som mu.
Monkɔ so nhyɛ mo gyidi den denam Yehowa a mode mo ho bɛto no so koraa ma wakyerɛ mo kwan no so bere a mudi mo Kristofo asɛyɛde ahorow ho dwuma no. (Mmeb. 3:5, 6) Ɛnsɛ sɛ biribiara ma yɛn abam bu, ɛmfa ho ɔhaw biara a wɔbɛma kwan ma ɔtamfo no de aba yɛn so no. Kae nkuranhyɛ a Elisa de maa ne somfo a na ne ho yeraw no no: “Nsuro, na wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho no.” (2 Ahe. 6:15-17) Ɛnnɛ, Yehowa soro asafo no ayɛ krado sɛ wɔbɛbɔ ɔsom kronn ho ban sɛnea wɔyɛe wɔ Elisa nna no mu no. Yɛde ahotoso hwɛ daakye kwan. Tumi nyinaa wɔ Yehowa. Amanaman no ntumi nnyina n’anim. Ɔde ne Ba no asi agua so na ɔde tumi nyinaa ahyɛ ne nsa. “Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.”—Dw. 2:1-6, 12.
Monkae sɛ yɛdwene mo nyinaa mo ho paa. Yefi komam bɔ mpae sɛ ‘mubegyina hɔ pɛ na moanya Onyankopɔn apɛde nyinaa mu ahotoso a emu yɛ den.’—Kol. 4:12.
Mo nuanom,
Yehowa Adansefo Sodikuw