Bɔhyɛ Asase no So Asuade Ahorow a Mfaso Wɔ So
NOKWAREM no, na Bɔhyɛ Asase a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no da nsow. Yehu asase so nneɛma pii wɔ saa beae ketewa yi. Mmepɔw a nsukyenee wɔ atifi wɔ kusuu fam; amantam a ɛhɔ yɛ hyew no wɔ kesee fam. Mfusase, sare a nnua nni so, ne mmepɔw a nhwiren fifi wɔ so na ɛyɛ mmoa adidibea.
Mmepɔw a egu ahorow, wim tebea, ne dɔte no ma nnua akɛse, nnua nketewa, ne afifide ahorow foforo yɛ yiye—a ebi ne nea enyin wɔ alpine amantam a ɛhɔ yɛ nwini, afoforo a enyin wɔ sare a ɛso yɛ hyew, ne afoforo nso a enyin wɔ asasetaw anaa mmepɔw so no. Afifide ho nimdefo bi bu akontaa sɛ wobetumi ahu afifide ahorow ahorow bɛyɛ 2,600 wɔ saa beae no! Israelfo a wodii kan kɔhwɛɛ hɔ no huu adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ etumi sow aba. Wɔde bobe kasiaw a na ɛsõ araa ma na ɛsɛ sɛ mmarima baanu wura no dua fi bon bi mu bae! Wɔtoo bon no din Eskol, a ase ne “bobe kasiaw” ma ɛfatae.a—Numeri 13:21-24.
Nanso afei ma yɛnhwɛ asasesin soronko yi so nneɛma no bi yiye, titiriw wɔ kesee fam.
Sefela
Bɔhyɛ Asase no atɔe fam mpoano na Mediterranea Po no da. Sefela da asase no mfinimfini bɛyɛ kilomita 40. Asɛmfua “Sefela” kyerɛ “Asasetaw,” nanso yɛbɛka paa a, saa beae yi yɛ mmepɔwmmepɔw, na sɛ wɔde toto Yuda apuei fam mmepɔw no ho nkutoo a na wobetumi aka ho asɛm sɛ asasetaw.
Hwɛ asase mfonini a ɛka ho no na hyɛ abusuabɔ a Sefela ne nsasesin a atwa ho ahyia no wɔ no nsow. Apuei fam na Yuda mmepɔw no wɔ; Filistia mpoano asasetaw no da atɔe fam. Enti, na Sefela yɛ adantam, ɔhye a ɛtew Onyankopɔn nkurɔfo fii wɔn tete atamfo ho wɔ Bible mmere mu. Ná ɛsɛ sɛ asraafo dɔm biara a wofi atɔe fam rebɛtow ahyɛ wɔn so no fa Sefela ansa na wɔatumi ato ahyɛ Yerusalem, Israel ahenkurow, no so.
Asɛm a ɛte saa no bi sii wɔ afeha a ɛto so akron A.Y.B. mu. Bible bɔ amanneɛ sɛ, Siria hene Hasael “foro bae ne Gat [a na akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ Sefela hye so] bɛkoe, na ɔfae; na Hasael de n’ani kyerɛe sɛ ɔreforo aba Yerusalem.” Ɔhene Yoas bɔɔ mmɔden maa Hasael gyaee, na ɔde asɔrefie ne ahemfie hɔ nneɛma bi maa no. Nanso, saa kyerɛwtohɔ yi kyerɛkyerɛ mu sɛ na Sefela yɛ beae titiriw a ɛbɔ Yerusalem ho ban.—2 Ahene 12:17, 18.
Yebetumi anya asuade a mfaso wɔ so afi eyi mu. Ná Hasael pɛ sɛ ɔfa Yerusalem, nanso na ɛsɛ sɛ odi kan fa Sefela. Saa ara na Satan Ɔbonsam ‘rehwehwɛ’ Onyankopɔn asomfo “amene,” nanso mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ ɔfa adantam a ɛhɔ yɛ den—Bible nnyinasosɛm ahorow te sɛ nea ɛfa fekubɔne ne honam fam ade dodowpɛ ho a wotie—no mu. (1 Petro 5:8; 1 Korintofo 15:33; 1 Timoteo 6:10) Mpɛn pii no, Bible nnyinasosɛm a obi mfa nni dwuma no ne ade a edi kan a ɛma ɔyɛ bɔne a anibere wom. Enti ma saa adantam no mu nyɛ den. Di Bible nnyinasosɛm akyi nnɛ, na woremmu Onyankopɔn mmara so ɔkyena.
Yuda Man a Ɛyɛ Mmepɔwmmepɔw No
Yuda man mmepɔwmmepɔw no da Safela asase no mfinimfini paa. Eyi yɛ beae a mmepɔw wɔ na ɛsow aba pa, ngodua aba mu ngo, ne bobesã. Esiane sɛ na Yuda da bepɔw so nti, na ɛyɛ guankɔbea a ɛso nni. Enti, Ɔhene Yotam too “aban a ɛyɛ den” wɔ hɔ. Wɔ ahokyere mmere mu no, na nkurɔfo tumi guan kɔ saa beae yi de nya wɔn ti didi mu.—2 Beresosɛm 27:4.
Ná Yerusalem a wɔsan frɛ no Sion no yɛ Yuda man a ɛyɛ mmepɔwmmepɔw no fã titiriw. Na ɛte sɛ nea Yerusalem yɛ baabi a ahobammɔ wɔ, efisɛ na abon a emu dɔ atwa n’afã abiɛsa ho ahyia, na sɛnea afeha a edi kan abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ no, na afasu abiɛsa a ɛyɛ den bɔ kusuu fam ho ban. Nanso guankɔbea kurow hia nea ɛboro ɔfasu ne akode na n’ahobammɔ atra hɔ. Ɛsɛ sɛ enya nsu nso. Eyi ho hia bere a nkahyem bi aba no, efisɛ sɛ wɔannya nsu a, ɛbɛhyɛ emu nnipa a wɔaka wɔn ahyem no ma wɔde wɔn ho ama wɔn atamfo no ntɛm.
Ná Yerusalem nya nsu fi Siloam Tare no mu. Nanso, wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu, bere a na Ɔhene Hesekia rehwɛ kwan sɛ Asiriafo bɛka wɔn ahyem no, osii ɔfasu bi de bɔɔ Siloam Tare no ho ban baa kurow no mu. Ɔsan maa nsuwansuwa a ɛwɔ kurow no abɔnten no twae, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛyɛ den ama Asiriafo a wɔrebɛka wɔn ahyem no sɛ wobenya nsu. (2 Beresosɛm 32:2-5; Yesaia 22:11) Ɛnyɛ ɛno ara ne no. Hesekia faa ɔkwan foforo so danee nsu ani baa Yerusalem pɛɛ!
Wɔ nea wɔfrɛ no tete bere mu mfiridwuma ho nimdeɛ a edi mũ mu no, Hesekia tuu sukã bi fi Gihon asuti kɔɔ Siloam Tare no mu.b Ná saa sukã yi a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ne kɛse yɛ mita 1.8 no tenten yɛ mita 533. Wo de susuw ho hwɛ—sukã a ne tenten bɛyɛ kilomita fã, a wotwa faa abotan mu! Ɛnnɛ, bɛyɛ mfe 2,700 akyi no, wɔn a wɔkɔsra Yerusalem no betumi anantew mfiridwuma a egyee ahokokwaw, a wɔtaa frɛ no Hesekia suka, no mu.—2 Ahene 20:20; 2 Beresosɛm 32:30.
Yebetumi anya asuade a mfaso wɔ so afi mmɔden a Hesekia bɔ de bɔɔ Yerusalem nsu ho ban na ɔmaa ɛdɔɔso no mu. Yehowa ne “nkwa nsuti.” (Yeremia 2:13) Ne nsusuwii a ɛwɔ Bible mu no gye nkwa. Ɛno nti na kokoam Bible adesua ho hia no. Nanso wo nsa renka hokwan a wɔde sua ade, ne nimdeɛ a efi mu ba no kwa. Ɛsɛ sɛ ‘wututu suka,’ te sɛ nhyehyɛe a adagyew nnim a wobɛyɛ da biara da na ama woanya bere de ayɛ saa no. (Mmebusɛm 2:1-5; Efesofo 5:15, 16) Sɛ wufi ase a, di wo nhyehyɛe no so, na wo kokoam adesua ho nhia wo kɛse. Hwɛ yiye na woamma obi anaa biribi amma nsu a ɛsom bo yi ammɔ wo.—Filipifo 1:9, 10.
Sare So
Yuda mmepɔw no apuei fam na Yuda Sare, a wɔsan frɛ no Jeshimon, a ase ne “Anhweatam” no da. (1 Samuel 23:19, NW ase hɔ asɛm) Nkyene Po a ɛda asase a ɛnsow aba yi so mu na abotan a mmɔnka deda mu ne abosam hwirenhwiren wɔ. Bere a Yuda Sare sian bɛyɛ mita 1,200, wɔ kilomita 24 pɛ mu no, osuframa a ɛbɔ fi atɔe fam no ntumi mmɔ mfa hɔ, ma enti nsu kakraa bi na ɛtɔ wɔ hɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi ne sare a na wogyae Asasel ɔpapo no ma ɔkɔ wɔ Mpata Da no. Ɛha nso na Dawid guan fii Saul nsam kɔe. Ɛha na Yesu dii mmuada nna 40 na Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe wɔ ɛno akyi no.—Leviticus 16:21, 22; Dwom 63, atifi hɔ asɛm; Mateo 4:1-11.
Yuda Sare no kusuu fam atɔe no bɛyɛ kilomita 160 na Paran Sare no da. Ɛha na na Israelfo ntamadan a wosisii wɔ wɔn mfe 40 kwan a wotu fi Misraim kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so no mu pii wɔ. (Numeri 33:1-49) Mose kyerɛw ‘sare kɛse a ɛso yɛ hu a awɔ a wɔhyehye, ne nkekantwɛre wɔ so, ne nkyerekyerewa a nsu nni hɔ’ ho asɛm. (Deuteronomium 8:15) Ná ɛyɛ nwonwa sɛ Israelfo ɔpepem pii betumi anya wɔn ti adidi mu! Nanso, Yehowa wowaw wɔn.
Ɛmmra sɛ eyi bɛyɛ nkaede sɛ Yehowa betumi awowaw yɛn nso, wɔ wiase a ɛnsow aba wɔ honhom fam yi mpo mu. Yiw, yɛn nso yɛnantew awɔ ne nkekantwɛre mu, sɛ ɛnte saa ankasa mpo a. Ebia ɛsɛ sɛ yɛne nnipa a ɛrenyɛ den mma wɔn sɛ wɔbɛka awudisɛm a ebetumi asɛe yɛn nsusuwii ntɛm akyerɛ yɛn di nkitaho bere nyinaa. (Efesofo 5:3, 4; 1 Timoteo 6:20) Ɛsɛ sɛ yɛkamfo wɔn a wɔbɔ mmɔden som Onyankopɔn wɔ saa akwanside yi nyinaa akyi no. Wɔn nokwaredi no yɛ adanse a emu yɛ den sɛ Yehowa rewowaw wɔn ampa.
Karmel Mmepɔw No
Edin Karmel no kyerɛ “Turo.” Bobe nturo, ngodua nturo, ne nnuaba, na ɛwɔ asasebere a ɛwɔ kusuu fam, na ne tenten bɛyɛ kilomita 50, no so. Werɛ remfi asase teaa a ɛyɛ mmepɔw yi anuonyam ne n’ahoɔfɛ da. Yesaia 35:2 ka ‘Karmel ahoɔfɛ’ ho asɛm sɛ Israel asase a wɔsan ma ɛbaa ne dedaw mu no anuonyam ho sɛnkyerɛnne.
Nsɛm a ɛda nsow pii sisii wɔ Karmel. Ɛha na Elia twaa Baal adiyifo no mpoa, na ‘Yehowa de ogya hyew wɔn’ de kyerɛɛ Ne kɛseyɛ no. Afei nso, ɛyɛ Karmel atifi na Elia twee adwene sii omununkum ketewa bi a ɛtɔɔ osu kɛse, na ɛde ɔpɛ a na ɛwɔ Israel baa awiei no so no. (1 Ahene 18:17-46) Ná Elisa a odii Elia ade no wɔ Bepɔw Karmel so bere a ɔbea bi a ɔwɔ Sunem bɛhwehwɛɛ ne mmoa ma Elisa nyanee ne ba a wawu akyiri yi no.—2 Ahene 4:8, 20, 25-37.
Nturo, ngodua, ne bobe da so ara wɔ Karmel mmepɔw no so. Sɛ edu otwabere mu a, nhwiren a ɛyɛ fɛ fifi saa asase a esian yi so. Salomo ka kyerɛɛ Sulamit ababaa no sɛ, “wo ti si wo so sɛ Karmel,” a ebia na ɔreka ne ti nhwi fɛ a ɛyɛ anaa sɛnea na ti a esi ne kɔn so yɛ fɛ no ho asɛm.—Nnwom mu Dwom 7:5.
Sɛnea na Karmel yɛ fɛ no kae yɛn honhom fam ahoɔfɛ a Yehowa de ama ne nnɛyi asomfo ahyehyɛde no. (Yesaia 35:1, 2) Ampa, Yehowa Adansefo te honhom fam paradise mu, na wogye nkate a Ɔhene Dawid a ɔkyerɛw nea edi so yi daa no adi no tom: “Me hye hama akɔfa nea eye ama me, yiw, apɛgyade no yɛ me fɛ.”—Dwom 16:6.
Ɛyɛ nokware sɛ ɔhaw a emu yɛ den pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn honhom fam man a ɛwɔ hɔ nnɛ no hyia, sɛnea tete Israelfo no mpo kɔɔ so hyiaa ɔsɔretia fii Onyankopɔn atamfo hɔ no. Nanso, nokware Kristofo werɛ mfi nhyira a Yehowa de ama wɔn—a Bible mu nokware hann a ɛkɔ so hyerɛn, wiase nyinaa nuayɛ, ne kwan a wɔbɛfa so anya daa nkwa wɔ paradise asase so ka ho—no da.—Mmebusɛm 4:18; Yohane 3:16; 13:35.
“Te Sɛ Awurade Turo”
Ná tete Bɔhyɛ Asase no yɛ fɛ. Wɔkaa ho asɛm sɛ “nufusu ne wo sen wɔ so.” (Genesis 13:10; Exodus 3:8) Mose frɛɛ no ‘asase pa, asase a ɛso wɔ nsubɔnten ne nsuaniwa ne atare a efifi abon ne mmepɔw mu sen, asase a awi ne atoko ne bobe ne borɔdɔma ne ateaa wɔ so, asase a ɛso wɔ ngodua ne ɛwo, asase a worenni so aduan nã, na biribiara renhia wo wɔ so, asase a n’abo yɛ dade, na wubetu kɔbere afi ne mmepɔw mu.’—Deuteronomium 8:7-9.
Sɛ Yehowa tumi de asase a ɛsow aba saa, kurow a ɛyɛ fɛ, maa ne tete nkurɔfo no a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ obetumi de paradise a anuonyam wom a ɛtrɛw kɔ asase nyinaa so—mmepɔw, abon, nsubɔnten, ne atare ka ho—ama ne nnɛyi asomfo anokwafo. Yiw, na tete Bɔhyɛ Asase no ne ɛso nneɛma a egu ahorow nyinaa yɛ honhom fam paradise a N’adansefo wom nnɛ ne daakye wiase foforo Paradise no nsusuwso ara kwa. Ɛhɔ na bɔhyɛ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Dwom 37:29 no bɛbam: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” Sɛ Yehowa de saa Paradise fie no ma adesamma asoɔmmerɛfo a, hwɛ anigye a ɛbɛyɛ sɛ wɔbɛhwɛ “n’adan” nyinaa mu, na wɔayɛ saa daapem nso!
[Ase hɔ nsɛm]
a Ná bobe kasiaw biako a efi saa asase yi so mu duru yɛ kilogram 12, na na foforo boro kilogram 20.
b Ná Gihon asuti no da Yerusalem apuei fam ɔhye no akyi pɛɛ. Ná ɛda ɔbotan bi mu; enti ɛda adi sɛ na Asiriafo no nnim sɛ ɛwɔ hɔ.
[Asase mfonini wɔ kratafa 4]
GALILEA
Bepɔw Karmel
Galilea Po
SEFELA
SAMARIA
Yuda Mmepɔw
Nkyene Po
[Asɛm Fibea]
NASA mfonini
[Asase mfonini wɔ kratafa 4]
Ná Sefela yɛ ɔhye a ɛda Onyankopɔn nkurɔfo ne wɔn atamfo ntam
MI 0 5 10
KM 0 8 16
Filistia Asasetaw So
Sefela
Yuda Man a Ɛyɛ Mmepɔwmmepɔw
Yuda Sare
Rift Valley
Nkyene Po
Ammon ne Moab Asase
[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 5]
Hesekia Sukã: ne tenten yɛ mita 533, na wotwa faa abotan mu
Tyropoeon Bon
Siloam
DAWID KUROW
Kidron Bon
Gihon
[Kratafa 6 mfonini ahorow]
Yuda Sare so na Dawid guan fii Saul anim kɔhwehwɛɛ ahobammɔ. Akyiri yi, Ɔbonsam sɔɔ Yesu hwɛe wɔ ha
[Asɛm Fibea]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.
[Kratafa 7 mfonini ahorow]
Bepɔw Karmel, baabi a Elia brɛɛ Baal asɔfo ase
[Asɛm Fibea]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.
[Kratafa 8 mfonini ahorow]
“Awurade wo Nyankopɔn de wo rekɔ asase pa so, asase a ɛso wɔ nsubɔnten ne nsuaniwa ne atare a efifi abon ne mmepɔw mu sen.”—Deuteronomium 8:7