Ghana Betel Ntrɛwmu no Nkɔso Ho Amanneɛbɔ
Yɛafi ase retutu beae a yebesisi adan a yɛbɛtra mu no. Ɛnkyɛ koraa yɛbɛyɛ ɔkwan kɛse a wɔfa mu ba Betel no foforo sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde benkum so de no nkutoo bedi dwuma daakye. Yɛretutu apata (summer hut) a ahɔho tra ase gye wɔn ahome no akosi no beae foforo. Yɛreyɛ awie ɔdan a yɛbɛsɔn nsu so wom no. So yɛn mu biara asi ne bo sɛ obeyi ntoboa de aboa Asafo ti no wiase nyinaa adwuma no? Ɛmmra sɛ yɛn mu biara de nea ɔwɔ bɛhyɛ Yehowa anuonyam.