Suban Pa—Onyankopɔn Nkurɔfo Su
1 Suban pa ho yɛ na nnɛ. Dɛn ntia? Nkurɔfo nni adagyew araa ma ɛyɛ den sɛ wɔbɛka nsɛm a ɛkyerɛ nidi, te sɛ “Mepa wo kyɛw,” “Meda wo ase,” anaa “Mesrɛ wo,” mpo. Onyankopɔn Asɛm kaa suban a ɛbɛsɛe wɔ nna a edi akyiri mu no ho asɛm siei bere a ɛkaa sɛ nnipa bɛyɛ ‘ahopɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, bonniayɛfo, wɔn a wonni dɔ, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔmpɛ papa, ne anuɔdenfo’ no. (2 Tim. 3:1-4) Su a ɛtete saa nyinaa nyɛ suban pa. Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo no, ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ yiye na wɔannya wiase su a ɛne sɛ wommu afoforo no bi.
2 Dɛn Ne Suban? Suban pa kyerɛ sɛ obi behu sɛnea afoforo te nka bere nyinaa na ɔne wɔn atra asomdwoe mu. Nneɛma a ɛkyerɛ suban pa no bi ne afoforo ho a wosusuw, nidi, ayamye, obu, ne anifere a wɔda no adi. Sɛ obi dɔ Onyankopɔn ne ne fipamfo a, ɛbɛma wada saa su yi adi. (Luka 10:27) Ɛmma yɛnhwere hwee, na mmom, mfaso wɔ so ankasa na ɛboa ma yɛne afoforo nya nkitahodi pa.
3 Yesu Kristo yɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ. Ɔde Mmara Pa no dii dwuma bere nyinaa: “Sɛnea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Luka 6:31) So yɛn ani nnye sɛnea Yesu susuw n’asuafo ho na ɔne wɔn dii ɔdɔ mu no ho? (Mat. 11:28-30) Ɛnyɛ mmara bi a wɔahyehyɛ wɔ ɔpɔw nhoma bi mu na ɛmaa ɔdaa suban pa adi. Koma pa ne ayamye mu na ofi yɛɛ saa. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua ne nhwɛso pa no.
4 Bere bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo da suban pa adi? So ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa wɔ mmere titiriw bi nkutoo mu, bere a wodwen sɛ saa a wɔbɛyɛ no bɛma afoforo aka wɔn ho asɛm pa no? Wɔda suban pa adi bere a wɔpɛ sɛ wonya afoforo anim dom nkutoo? Dabi! Ɛsɛ sɛ yɛda suban pa adi bere nyinaa. Akwan titiriw bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa bere a yehyiam sɛ asafo no?
5 Wɔ Ahenni Asa So: Ahenni Asa so yɛ beae a yɛsom. Yehowa Nyankopɔn na ɔto nsa frɛ yɛn kɔ hɔ. Ne saa nti, yɛyɛ ahɔho. (Dw. 15:1) So yɛyɛ ahɔho a wɔyɛ nhwɛso pa bere a yɛkɔ Ahenni Asa so no? So yɛhwɛ yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie yiye? Nokwarem no, yɛbɛpɛ sɛ yɛkwati ahosiesie a ɛmfata anaa ɛkɔ akyiri. Sɛ́ yɛrekɔ ɔmantam nhyiam anaa dapɛn biara asafo nhyiam no, wonim Yehowa nkurɔfo sɛ nnipa a wɔda su pa adi na wɔfɛre Nyankopɔn. (1 Tim. 2:9, 10) Yɛnam saayɛ so susuw yɛn Fiewura a ɔwɔ soro no ne ahɔho afoforo a wato nsa afrɛ wɔn no ho di wɔn ni.
6 Ɔkwan foforo a yɛfa so da suban pa adi wɔ nhyiam ahorow ho ne sɛ yebedu hɔ bere ano. Nokwarem no, ɛnyɛ bere nyinaa na eyi yɛ da fam. Ebia ebinom te akyirikyiri anaasɛ wɔwɔ mmusua kɛse a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ma wɔyɛ ahoboa. Nanso wɔahyɛ no nsow sɛ, wɔ asafo ahorow bi mu no, adawurubɔfo bɛyɛ ɔha mu 25 taa du hɔ bere a wɔato dwom na wɔabɔ mpaebɔ awie no. Eyi yɛ aniberesɛm! Eye sɛ yɛbɛkae sɛ nea ɛka suban pa ho ne sɛ yebehu afoforo nkate. Yehowa, yɛn Fiewura yamyefo no, asiesie honhom fam apontow yi na aboa yɛn. Yɛda yɛn anisɔ adi susuw ne nkate ho denam du a yedu hɔ ntɛm no so. Bio nso, nhyiam ase a yennu ntɛm no twetwe afoforo adwene na ɛkyerɛ obu a yenni mma wɔn a wɔwɔ hɔ dedaw no.
7 Sɛ yehyiam a, yɛhyɛ afoforofo a wɔaba hɔ no nsow? Akwaaba a yɛbɛma wɔn no kyerɛ sɛ yɛreda suban pa adi. (Mat. 5:47; Rom. 15:7) Kyia a yebekyia wɔn fɛw so na yɛaserew akyerɛ wɔn no yɛ ade ketewaa bi de, nanso ɛka ho bi na wohu yɛn sɛ nokware Kristofo. (Yoh. 13:35) Bere a ɔbarima bi baa Ahenni Asa so nea edi kan no, ɔkae sɛ: “Mihyiaa nnipa a wɔwɔ dɔ ankasa, a minnim wɔn koraa; da koro pɛ a mihuu wɔn no sen nnipa dodow a mahyia wɔn wɔ asɔre a wɔwoo me too mu no. Na ɛda adi sɛ mahu nokware no.” Nea efi mu bae ne sɛ, ɔsesaa n’asetra, na asram ason akyi no, wɔbɔɔ no asu. Yiw, suban pa betumi anya nkurɔfo so nkɛntɛnso kɛse!
8 Sɛ yɛda suban pa adi kyerɛ wɔn a yennim wɔn a, so ɛnsɛ sɛ yɛda no adi ‘kyerɛ wɔn a wɔyɛ gyidi fifo no titiriw’? (Gal. 6:10) Nnyinasosɛm yi yɛ nokware: “Di akwakoraa anim ni.” (Lev. 19:32) Ɛnsɛ sɛ yebu ani gu eyinom so wɔ yɛn nhyiam ahorow ase.
9 Asɛm no a Yebetie no Yiye: Wɔ asafo nhyiam ahorow ase no, Onyankopɔn asomfo Kristofo ka nsɛm a ɛhyɛ yɛn den wɔ honhom fam. (Rom. 1:11) Sɛ yɛda, yɛwe kyingam de yɛ dede, yɛne obi a ɔte bɛn yɛn di nkɔmmɔ bere nyinaa, di adwensɔe akɔneaba, kenkan biribi a ɛmfa adesua no ho, anaasɛ yɛyɛ nneɛma foforo bere a nhyiam no rekɔ so no a, ɛnkyerɛ suban pa. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ nhwɛso wɔ eyi mu. Suban pa bɛka Kristofo ma wɔakyerɛ obu a ɛfata ama ɔkasafo no ne n’asɛm a egyina Bible so no denam wɔn adwene nyinaa a wɔde besi nea ɔreka so no so.
10 Bio nso, sɛ yɛwɔ obu ma ɔkasafo ne atiefo no a, yɛbɛhwɛ sɛ yɛremfa mfiri a wɔde kyere kasa ne telefon a yetumi de hyɛ yɛn ho ntwetwe afoforo adwene wɔ yɛn nhyiam ahorow ase.
11 Suban Pa ne Mmofra: Ɛsɛ sɛ awofo yɛ krado bere nyinaa sɛ wɔbɛhwɛ sɛnea wɔn mma yɛ wɔn ade. Sɛ abofra bi fi ase su anaasɛ ɔyɛ dede bere a nhyiam no rekɔ so na sɛ eyi rehaw afoforo a, eye sɛ ɔwofo no de abofra no bepue ntɛm ara akodwudwo no. Ɛtɔ mmere bi a, eyi yɛ nna fam, nanso kae sɛ, eyi kyerɛ sɛ wudwen afoforo nkate ho. Awofo a wɔwɔ mmofra nkumaa a ɛda adi sɛ wɔbɛtaa asɔresɔre no paw sɛ wɔbɛtra akyiri na sɛ ɛkɔba sɛ wɔresɔre de wɔn apue a, wɔanhaw adwene kɛse. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ nhyiamfo no nyinaa susuw mmusua ho denam akyi hɔ nkongua no a sɛ ɛbɛyɛ yiye a wobegyaw ama wɔn no so.
12 Ɛsɛ sɛ awofo ma wɔn ani ku wɔn mma suban ho wɔ nhyiam no mfiase ne n’awiei. Ɛnsɛ sɛ mmofra tu mmirika wɔ dan mu hɔ, efisɛ eyi betumi de akwanhyia aba. Ahenni Asa no akyi a wobetu mmirika afa no betumi ayɛ asiane nso, titiriw bere a sum aduru no. Dede a yɛbɛyɛ wɔ abɔnten no betumi ahaw mpɔtam hɔfo no na eyi renka yɛn som ho asɛmpa. Awofo a wɔbɔ mmɔden kɛse hwɛ wɔn mma yiye wɔ Ahenni Asa so ne akyi no fata nkamfo efisɛ eyi ma ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛtra abom.—Dw. 133:1.
13 Wɔ Nhoma Adesua Ase: Yɛn ani sɔ ahɔhoyɛ su a yɛn nuanom a yɛyɛ nhyiam wɔ wɔn afie da no adi no. Sɛ yɛkɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ yɛda obu adi susuw wɔn agyapade ho. Ɛsɛ sɛ yɛporoporow yɛn nan ase yiye ansa na yɛawura dan no mu na amma yɛansɛe fam hɔ anaa kapɛt no so. Ɛsɛ sɛ awofo hwɛ wɔn mma yiye, na wɔhwɛ ma wɔtra baabi a wɔyɛ adesua no nkutoo. Bere a ebia adesuakuw no sua na saa adesua no nte sɛ nhyiam afoforo a aka no, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ ɔkwan a ɛmfata so wɔ afoforo afie. Ɛsɛ sɛ abofra bi wofo ka ne ho bere a ɔpɛ sɛ ɔkɔ adwensɔe no. Bio nso, esiane sɛ nhoma adesua yɛ asafo nhyiam nti, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛnea yɛyɛ bere a yɛrekɔ Ahenni Asa so no.
14 Suban Pa Ho Hia: Suban pa a Kristofo bɛda no adi no nka yɛn som adwuma no ho asɛmpa nko, na mmom ɛma yɛne afoforo nya abusuabɔ pa nso. (2 Kor. 6:3, 4, 6) Sɛ́ anigye Nyankopɔn asomfo no, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛtew yɛn anim, ate afoforo ase, na yɛayɛ nneɛma nketenkete a ɛkyerɛ ayamye na ɛde anigye brɛ afoforo no. Suban pa a ɛte saa no besiesie yɛn asetra sɛ nnipa a wɔsom Nyankopɔn.