Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/01 kr. 4
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—2001
Yɛn Ahenni Som—2001
km 8/01 kr. 4

Asɛmmisa Afã

◼ Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nhoma dodow a ɛfata wɔ Ahenni Asa so?

Yɛn nhoma ahorow—a nhomawa, nsɛmma nhoma, ne nkratawa ka ho—kura nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de a egyina Onyankopɔn Asɛm so. Ɛboa ma afoforo hu Ahenni ho nokware no ne wiase foforo no mu nhyira horow no. Nhoma a yɛde di dwuma nyansam no aboa ma yɛadu nnipa pii komam, na ahyɛ wɔn nkuran ma wɔagye nokware no atom. (Adi. 9:10) Ɔsom adwuma sohwɛfo no ne nsɛmma nhoma ne nhoma so ahwɛfo no yɛ adwuma bom, na wɔhwɛ hu sɛ nhoma ne nsɛmma nhoma dodow a ɛfata wɔ hɔ ɔsram biara.—August 1992 Yɛn Ahenni Som, Asɛmmisa Afã.

Ɛdenam nsɛmma nhoma a adawurubɔfo ne akwampaefo ankorankoro bisa so no, asafo biara bɛkra Nyan! ne Ɔwɛn-Aban dodow a ɛfata. Sɛ asafo no dɔ, na ɛho behia sɛ wɔkra bi ka ho a, wɔbɛhyehyɛ kratasin foforo de amena Asafo ti no ntɛm ara.

Anuanom a wɔhwɛ nhomakra so no bɛhwɛ nhoma a yɛde bɛyɛ ɔsatu no ne “Monthly Movement of Literature” kratasin no so no de ahyehyɛ “Literature Request” Kratasin no. Adawurubɔfo de nhoma a wɔpɛ sɛ wɔkra no bɛma nhoma sohwɛfo no ma ɔde aka nea asafo no bɛkra ho.

Baabi a asafo abien anaa nea ɛboro saa kɔ Ahenni Asa koro so no, wɔn mu biako na ɔbɛhwɛ nhomakra so. Wɔbɛpaw onua a ɔfata sɛ nhoma sohwɛfo. Onua a ɔhwɛ nhomakra so no ne ne boafo no ne asafo ahorow a wohyiam wɔ Ahenni Asa no so no mu ɔsom adwuma so ahwɛfo ne nhoma so ahwɛfo no bɛbom akra nhoma no.

Ɔsram biara awiei no, asafo ahorow no mu nhoma so ahwɛfo no de nneɛma a wɔn asafo no hia a ɛwɔ “Literature Request” (S-14) kratasin a wɔde wɔn nsa ahyɛ ase so no bɛkɔ akɔma onua a ɔhwɛ nhomakra so no ntɛm ara. Wɔde asafo ahorow yi abisade nyinaa bɛbom de afa asafo a ɛhwɛ nhomakra so no so de akɔma baa dwumadibea no ansa na ɔsram a edi hɔ no da a ɛto so asia atwam. Onua a ɔhwɛ nhomakra so no bɛkan nhoma a wɔn nsa ka fi baa dwumadibea ɔsram biara no ntɛm na ɔde agu hɔ. Pɛnkoro ɔsram biara no ɔbɛkan nhoma dodow a ɛwɔ hɔ no na amma wɔankra nea esua anaa nea ɛboro so. Asafo a ɛhwɛ nhomakra so no na ebedi nhomakra ho nkrataakyerɛw nyinaa ho dwuma.

Ɛsɛ sɛ wɔde nneɛma a ankorankoro hyɛɛ da krae ne nneɛma ahorow a ɛwɔ kasa foforo mu no ma asafo a ɛyɛ ne de no ntɛm ara ma ɔde ma saa nkurɔfo no. Ɛnsɛ sɛ asafo foforo fa saa nneɛma no. Sɛ ɛkɔba sɛ nneɛma a wɔn nsa kae no annu dodow a wɔkrae no a, nhoma sohwɛfo no bɛhwɛ ahu sɛ asafo ahorow no akyɛ no pɛpɛɛpɛ.—Fil. 2:4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena