Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma September: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Sɛ obi kyerɛ ho anigye bere a woakɔyɛ sankɔhwɛ no a, wubetumi ama wakra bi. November: Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Sɛ nkurɔfo wɔ eyi bi dedaw a, wubetumi de Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ anaa nhoma foforo biara a akyɛ ama wɔn. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Anaasɛ wubetumi de Me Nhoma a Ɛka Bible mu Nsɛm, The Bible—God’s Word or Man’s?, anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So ama.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu September 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ moyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ bere a mode sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ ama awie no.
◼ Yɛrekae mpanyimfo no sɛ wonni obiara a wɔatu no anaa watwe ne ho a ebia ɔpɛ sɛ wɔsan gye no ho akwankyerɛ a wɔde ama wɔ April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 21-3 no akyi.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo no mufo de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔkra anaasɛ wɔresan akra no nyinaa fa wɔn asafo so de mena.
◼ Asafo ti no nni nhoma ahorow a adawurubɔfo mmiako mmiako kra ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe na ama wɔde nhoma a wɔkra ho nkaebɔ ama ɔsram biara ansa na wɔde krataa a asafo no de kra nhoma no amena baa dwumadibea ɔsram biara, sɛnea ɛbɛyɛ na obiara a ɔpɛ sɛ ne nsa ka n’ankasa nhoma no atumi aka ho asɛm akyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma ahorow so no. Yɛsrɛ mo sɛ momma nhoma ahorow a wɔkra ma ankorankoro no ho asɛm ntra mo adwenem.
◼ Nhoma a Ebi Aba Bio:
New World Translation (Reference Bible-Rbi8)—Engiresi
Monto Ayeyi Nnwom Mma Yehowa (Ne Kɛse)—Engiresi
Watchtower Library (1999)—Engiresi
◼ Kasɛt a Ebi Aba Bio:
Kingdom Melodies—2—Engiresi