Asɛmmisa Afã
◼ Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛka wɔ asɛnka nhyiam ase?
Asɛnka nhyiam atirimpɔw ne sɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛasusuw adwuma a yɛbɛyɛ wɔ ɛno akyi—ɔsom adwuma—no ho. Enti, ɛsɛ sɛ nea ɔhwɛ so no siesie ne ho yiye sɛ ɔbɛka biribi pɔtee a ɛhyɛ nkuran a wobetumi de adi dwuma ho asɛm. Sɛ daa asɛm no fa asɛnka adwuma no ho tẽẽ a, yebetumi akenkan na yɛasusuw ho tiawa. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛma nhyiam no fa adwuma a yɛbɛyɛ no ho titiriw, na ɛboa obiara a ɔrekɔyɛ adansedi adwuma no bi no ma osiesie ne ho yiye na ama watumi ayɛ ne som adwuma no yiye saa da no.—2 Tim. 4:5.
Yebetumi asusuw Yɛn Ahenni Som no mu nsɛm a yebetumi de adi dwuma no ho na ama obiara ahu nhoma a yɛde rema ne sɛnea wɔde ma no. Sɛ ɛyɛ Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ Da a, yebetumi ayɛ “Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma no Ho” afã hɔ asɛm bi ho ɔyɛkyerɛ. Ɛdefa ɔsatu afoforo ho no, yebetumi atwe adwene asi Reasoning nhoma no mu nnianim asɛm biako anaa abien a ɛfata asasesin no so. Yebetumi asusuw ɔsom adwuma no fã bi ho anaasɛ yɛayɛ ho ɔyɛkyerɛ, te sɛ sɛnea yɛde Bible bedi dwuma wɔ ɔpon ano, sɛnea yebedi wɔn a wosiw nkɔmmɔbɔ ano ho dwuma, sɛnea yɛbɛka Bible adesua ho asɛm akyerɛ, anaasɛ sɛnea yɛbɛsan akɔ wɔn a wɔkyerɛ anigye no nkyɛn.
Ɛnsɛ sɛ asɛnka nhyiam a adawurubɔfo ne asasesin no kyekyɛ ne mpaebɔ ka ho no di boro simma 10 kosi 15. Sɛ wowie a, ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ hɔ tumi hu onipa a ɔne no bɛyɛ adwuma ne baabi a wɔbɛyɛ adwuma, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ asasesin no mu ntɛm ara. Esiane sɛ nhyiam no yɛ tiawa nti, ɛho hia sɛ obiara du hɔ bere ano. Sɛ yɛyɛ asɛnka nhyiam no bere a yɛapɔn asafo nhyiam bi, te sɛ Ɔwɛn-Aban Adesua a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ tiawa. Enhia sɛ yesusuw daa asɛm no ho, efisɛ yɛabɔ Kyerɛwnsɛm no mu nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye dedaw.
Ɛsɛ sɛ wodi kan paw anuanom mmarima a wɔfata ma wɔhwɛ asɛnka nhyiam no mu biara so. Sɛ obiara nni hɔ a obedi anim da pɔtee bi a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no paw anuanom mmea a wɔabɔ asu a wobetumi ahwɛ so bere a ɛho ahia no. Obetumi ama kuw no asusuw daa asɛm no anaa asɛnka adwuma no ho nsɛntitiriw foforo ho bere a ɔte hɔ, na ɛsɛ sɛ ɔma ne nsɛm yɛ tiawa. Ɔbɛkata ne ti.
Asɛnka nhyiam yɛ hokwan a eye paa a wɔde hyɛ yɛn nkuran siesie yɛn ma yɛyɛ ɔsom adwuma no. Dodow a nea ɔhwɛ so no siesie ne ho yiye no, dodow no ara na obiara nya so mfaso kɛse.