Yɛrensusuw Daa Asɛm no Ho Bio wɔ Asɛnka Nhyiam Ase
Mmere bi a atwam no, sɛ na daa asɛm no fa asɛnka ho a, na yetumi de bere kakra susuw ho wɔ asɛnka nhyiam ase. Wɔreyɛ nsakrae wɔ eyi mu. Ɛnsɛ sɛ yegyina Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa nhomawa no so yɛ asɛnka nhyiam bio. Sɛnea yɛyɛ no dedaw no, wɔn a wɔhwɛ asɛnka so no betumi de Bible, Yɛn Ahenni Som, Ɔsom Sukuu ne Reasoning nhoma no ne nsɛm afoforo a ɛfa asɛnka ho no adi dwuma. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛhwɛ so no siesie wɔn ho sɛ wɔbɛka nsɛm a ɛbɛboa wɔn a wɔrekɔ asɛnka saa da no. Ɛsɛ sɛ asɛnka nhyiam di simma 10 kosi 15 sɛnea na yɛyɛ no ara, na sɛ ɛyɛ da a moapɔn asafo nhyiam a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ tiaa sen saa.