Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase February 28
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 28
Dwom 5 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
cf ti 18 ¶10-18 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Ester 1-5 (Simma 10)
Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu (Simma 20)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ.
10 min: Ka Nsɛm a Ɛhyɛ Nkuran. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 202 so. Ma wɔmfa nyansahyɛ a ɛwɔ nkyekyɛm a etwa to no nyɛ nhoma a yɛde bɛma wɔ ɔsram a edi hɔ no ho ɔyɛkyerɛ.
10 min: Nya Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa no so Mfaso. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina nnianim nsɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2011 de no so. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsusuw kyerɛw nsɛm no ho da biara. Ma atiefo nka bere a wɔayi asi hɔ a wɔde kenkan kyerɛwsɛm no, ne mfaso a wɔanya afi so no ho asɛm. Munsusuw afe 2011 afe asɛm no ho tiawa. Mommɔ “Yɛrensusuw Daa Asɛm no Ho Bio wɔ Asɛnka Nhyiam Ase” no ho nkɔmmɔ.
10 min: Siesie Wo Ho sɛ Wode Nsɛmma Nhoma Bɛma wɔ March Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa simma biako anaa abien kyerɛ nsɛm bi a ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu. Afei paw emu nsɛm abien anaa abiɛsa na ma atiefo nkyerɛ nsɛm a wobebisa ne kyerɛw nsɛm a wɔbɛkenkan bere a wɔde rema no. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma no mu biara bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 33 ne Mpaebɔ